Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Susuw Sɛnea ‘Ebewie’ no Ho

Susuw Sɛnea ‘Ebewie’ no Ho

Susuw Sɛnea ‘Ebewie’ no Ho

WƆ YƐN nkwa nna nyinaa mu no, yesisi gyinae ahorow. Akyinnye biara nni ho sɛ ansa na yebesi gyinae biara no, nyansa wom sɛ yɛbɔ mmɔden hu nea ebefi mu aba. Sɛ ebinom kae gyinae a wosisii a, na ɛyɛ wɔn sɛ wonsu. Ebia wo nso woaka sɛ, ‘Sɛ na minim a, anka mantu saa anammɔn yi koraa.’

Obi a onim akwantu yiye no pɛ sɛ ohu baabi a ɔkwan biara kosi. Ebia ɔbɛhwɛ asase mfonini mu anaa obebisa nkurɔfo a wonim mpɔtam hɔ yiye. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔremmu n’ani ngu akwankyerɛ pon a esisi kwan ho biara so. Nanso, wɔ abrabɔ mu no, wobɛyɛ dɛn ahu ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wofa so? Bere bi, Onyankopɔn nam Mose so kaa tete Israelfo no ho asɛm sɛ: “O sɛ wonim nyansa a! Anka wobedwen asɛm yi ho. Anka wobehu wɔn awiei.”—Deuteronomium 32:29, NW.

Afotu a Eye Sen Biara

Ɛho nhia sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ nea ‘ebewie’ yɛn wɔ abrabɔ mu no ho. Baabi a Onyankopɔn wɔ no ma ɔfata koraa sɛ otu adesamma fo wɔ ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so wɔ abrabɔ mu no ho. Wahu akwan horow a nkurɔfo afa so ne nea afi mu aba no nyinaa. Bible ka sɛ: “Onipa akwan da [Yehowa, NW] anim, na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.”—Mmebusɛm 5:21.

Yehowa dwen wɔn a wɔdɔ no no ho. Ɔnam n’Asɛm Bible so kyerɛ ɔkwan pa a wɔmfa so. Yɛkenkan sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” Enti ansa na wobɛyɛ biribiara no, nyansa wom sɛ wutie Yehowa afotu sɛnea tete Israel hene Dawid yɛe no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Ma minhu ɔkwan a memfa so.”—Dwom 32:8; 143:8.

Sɛ wofa ɔkwan a ɔkwantufo a ɔwɔ osuahu akyerɛ wo no so a, wubetumi anya ahotoso ne ahobammɔ. Wonnwennwen baabi a ɔkwan no bɛkɔ akosi ho. Dawid bisaa Yehowa akwankyerɛ na odii so. Ne saa nti, onyaa asomdwoe a wɔaka ho asɛm fɛfɛɛfɛ wɔ Dwom 23 a nnipa pii nim yiye no. Dawid kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] ne me hwɛfo, hwee renhia me. Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho. Odwudwo me kra, ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti. Nso menam esum kabii bon no mu a, minsuro bɔne bi.”—Dwom 23:1-4.

Ebewie Wɔn Dɛn?

Odwontofo bi, sɛ́ ɛyɛ Asaf anaa n’aseni bi na ɔreka n’abrabɔ mu nsɛm no, kae sɛ, ‘anka ne nan reyɛ aman’ afi Onyankopɔn som ho. Dɛn na na asi? Ná wahu sɛnea abɔnefo di yiye ne ‘asomdwoe a wɔwɔ no.’ Wɔ ne fam no, na ɛte sɛ nea “wɔte hɔ dwoodwoo daa.” Nea enye koraa ne sɛ, na odwontofo no ntumi nhu sɛ ebia nyansa wɔ ɔkwantrenee a wafa so no mu.—Dwom 73:2, 3, 6, 12, 13, NW.

Afei, odwontofo no kɔɔ Yehowa asɔrefi kɔbɔɔ mpae susuw nea ɛbɛba abɔnefo so no ho. Ɔkae sɛ: “Ná mepɛ sɛ mihu sɛnea ebewie wɔn daakye.” Odwennwen nea na ɛbɛto wɔn a n’ani bere wɔn no ho. Ná ebewie wɔn dɛn? Ohui sɛ, saa nkurɔfo no gyina “nea ɛhɔ yɛ toro” na ‘wɔbɛhwehwe ase asɛe pasaa!’ Na ɔkwan a na odwontofo no nam so no nso ɛ? Ɔkae sɛ: “Awiei koraa [Yehowa de] me bɛkɔ anuonyam mu.”—Dwom 73:17-19, 24, NW.

Bere a odwontofo no dwennwen nea ɛtoo wɔn a wɔfaa ɔkwantiaa so nyaa wɔn ho no ho no, ohui sɛ ɔnam ɔkwan pa so. Ɔkae sɛ: “Na me de, Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me.” Bere biara a yɛbɛbɛn Yehowa Nyankopɔn no, yenya so mfaso pii.—Dwom 73:28.

“Hu Baabi a Worekɔ”

Yebetumi ahyia tebea a ɛte saa nnɛ. Ebia wubenya adwuma bi a sika wom, wɔbɛbɔ wo aba so wɔ adwumam, anaasɛ wɔbɛka sɛ fa wo ho hyɛ adwuma bi a ɛbɛma woanya sika bum mu. Nokwarem no, sɛ worefi adwuma biara ase a, asiane wom. Ɛno mpo no, so wunhu sɛ mfaso wɔ so sɛ wudi kan susuw nea ebia ɛbɛkɔ ‘akowie’ no ho? Dɛn na ebetumi afi mu aba? So ɛho behia sɛ wufi fie kɔda baabi, a ebetumi ama wo ne wo hokafo nyinaa ateetee? So ɛbɛma wo ne wɔn a wɔn bra asɛe abom ayɛ adwuma anaa wo ne wɔn ahyia wɔ ahɔhodan ne mmeae afoforo? Sɛ wususuw nea ebetumi afi mu aba no ho yiye a, ɛbɛboa ma woasi gyinae pa. Tie Salomo afotu yi: “Hu baabi a worekɔ.”—Mmebusɛm 4:26, Contemporary English Version.

Ɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa susuw afotu a ɛte saa ho, ne titiriw mmabun. Aberante bi kogyee video bi a na onim sɛ ɛso mfonini kanyan nna ho akɔnnɔ hwɛe. Ɔhwɛɛ video no wiei no, akyiri yi ɔkae sɛ ɛkanyan n’akɔnnɔ araa ma ɔkɔɔ tuutuuni bi a onim no wɔ mpɔtam hɔ nkyɛn ne no kobuu brabɔne. Akyiri yi, ne werɛ howee paa, n’ahonim haw no, na na osuro sɛ obenya yare. Nea esii no te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no ara pɛ: “Odii n’akyi prɛko sɛ nantwi a wɔrekokum no.” Sɛ osusuw nea ɛbɛkɔ ‘akowie’ no ho a, anka amma saa!—Mmebusɛm 7:22, 23.

Di Akwankyerɛ Pon no Akyi

Nnipa dodow no ara begye atom sɛ, nyansa nnim sɛ yebebu yɛn ani agu akwankyerɛ pon a esisi kwan ho no so. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa binom fam no, sɛ wɔma wɔn akwankyerɛ na sɛ wɔn ani nnye ho a, wɔmfa. Susuw nea ɛtoo Israelfo binom wɔ Yeremia bere so no ho hwɛ. Ná ɛsɛ sɛ ɔman no si gyinae, enti Yehowa Nyankopɔn tuu wɔn fo sɛ: “Mummisa tete atempɔn no, nea ɔkwan pa no wɔ, na momfa so.” Nanso ɔman no pirim wɔn koma kae sɛ, “yɛremfa so.” (Yeremia 6:16) Wɔn atuatew no ‘kowiee’ dɛn? Wɔ afe 607 ansa na wɔrewo Yesu no, Babilonfo sɛee Yerusalem pasaa na wɔfaa emufo kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.

Sɛ yebu yɛn ani gu akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma yɛn no so a, ɛrensi yɛn yiye da. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

Onyankopɔn ma yɛn kɔkɔbɔ ahorow a mfaso wɔ so. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ: “Nkɔ abɔnefo kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so.” (Mmebusɛm 4:14) Wɔka akwan a ɛnsɛ sɛ yɛfa so ho asɛm wɔ Mmebusɛm 5:3, 4 sɛ: “Ɔbea nanani ano kyĩ ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo; na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene, ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu.” Wɔ ebinom fam no, ebia brabɔne a wɔne tuutuufo anaa afoforo bɛbɔ no bɛma wɔn ani agye. Nanso sɛ wobu wɔn ani gu Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa abrabɔ pa ho no so a, ebetumi adi wɔn awu.

Ansa na wubetu anammɔn a ɛte saa no, bisa wo ho sɛ, ‘Eyi bewie me dɛn?’ Sɛ wugye bere kakra susuw sɛnea ‘ebewie’ no ho a, ɛbɛma woakwati ɔhaw a ebetumi afi nneyɛe a ɛte saa mu aba no. AIDS ne nna mu nyarewa afoforo, nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan, nyinsɛn a wɔsɛe no, obi abusua a ɛsɛe, ne obi ahonim a ɛhaw no no nyinaa yɛ ɔhaw ahorow a wɔn a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn akwankyerɛ so nnɛ no hyia. Ɔsomafo Paulo kaa sɛnea ebewie wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu no ho asɛm pefee. ‘Wɔrennya Onyankopɔn ahenni.’—1 Korintofo 6:9, 10.

‘Eyi Ne Kwan No’

Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ yebehu nea ebefi yɛn nneyɛe mu aba. Enti hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase sɛ ofi ɔdɔ mu dwen yɛn ho na ɔma yɛn akwankyerɛ pa! Yehowa aka sɛ: ‘Eyi ne kwan no, monnantew so.’ (Yesaia 30:21) Ebewie yɛn a Yehowa ma yɛn akwankyerɛ no dɛn? Ɛwom sɛ ɔkwan no yɛ hihiaa na ɛso fa yɛ den de, nanso Yesu kae sɛ ɛkɔ daa nkwa mu.—Mateo 7:14.

Fa bere kakra susuw w’abrabɔ ho hwɛ. So ɛyɛ papa? Ebewie wo dɛn? Bɔ mpae hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ. Hwɛ akwankyerɛ nhoma, Bible no mu. Ebia wubehu sɛ ehia sɛ wohwehwɛ mmoa fi obi a ɔwɔ osuahu a ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi Onyankopɔn akwankyerɛ so hɔ. Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae a, yɛ saa ntɛm.

Mpɛn pii no, sɛ ɔkwantuni bi hu akwankyerɛ pon a ɛkyerɛ sɛ ɔnyerae a, ɛma ne koma tɔ ne yam. Sɛ wohwɛ w’abrabɔ mu na wuhu sɛ wonam ɔkwantrenee so a, kɔ so yɛ saa. Mmere papa paa da w’anim.—2 Petro 3:13.

Ɔkwan biara wɔ baabi a ɛkɔ. Ɛhe na ɔkwan a wonam so no de wo bɛkɔ akowie? Mfaso biara remma so sɛ wubegyina faako aka sɛ, “Oo, sɛ mihui a, anka!” Enti ansa na wubetu anammɔn biara no, bisa wo ho sɛ, “‘Ebewie’ me dɛn?”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]

‘Ebewie’ Wo Dɛn?

Mmabun taa hyia sɔhwɛ ahorow, na afoforo taa hyɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ nneɛma a ɛte sɛ nea obiara yɛ bi no mu. Tebea no bi na edidi so yi.

Obi di wo ho fɛw ka sɛ, woyɛ ohufo nti na wonnom sigaret.

Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔpɛ w’asɛm hyɛ wo nkuran sɛ kɔtoa wo nhomasua so wɔ sukuupɔn mu.

Wɔato nsa afrɛ wo wɔ apontow bi a wunim sɛ wɔde nsa anaa ebia nnubɔne bɛkɔ ase.

Obi ka kyerɛ wo sɛ, “Dɛn nti na womfa wo ho nsɛm ngu Intanɛt so?”

W’adamfo bi to nsa frɛ wo sɛ bɛhwɛ sini a basabasayɛ anaa ɔbrasɛe wom.

Sɛ wuhyia tebea a ɛte sɛɛ yi mu biara a, dɛn na wobɛyɛ? So wobɛpene so kɛkɛ, anaa wobɛtɔ wo bo ase asusuw nea ɛbɛkɔ ‘akowie’ no ho? Ɛbɛyɛ papa sɛ wubebisa wo ho sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew? So obi bɛfa nsramma so, na ne nan renhyew?”—Mmebusɛm 6:27, 28.