Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Mo Aware Nkɔ So Nyɛ “Hama A Ɛbɔ Ho Abiɛsa”

Momma Mo Aware Nkɔ So Nyɛ “Hama A Ɛbɔ Ho Abiɛsa”

Momma Mo Aware Nkɔ So Nyɛ “Hama A Ɛbɔ Ho Abiɛsa”

“Hama a ɛbɔ ho abiɛsa no rentew ntɛm so.”—ƆSƐNK. 4:12.

1. Hena na ɔkaa nnipa baanu a wodii kan bɔɔ wɔn no boom sɛ awarefo?

BERE a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ afifide ne mmoa wiei no, ɔbɔɔ onipa a odi kan a ɔne Adam. Akyiri yi, Onyankopɔn maa Adam daa nnahɔɔ, na ɔde Adam mfe mparow yɛɛ ɔboafo a ɔyɛ pɛ maa no. Bere a Adam huu ɔbea no pɛ na ɔkae sɛ: “Me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni.” (Gen. 1:27; 2:18, 21-23) Yehowa hui sɛ ɔbea a odi kan a ɔbɔɔ no no fata, na ɔkaa nnipa baanu a wodii kan bɔɔ wɔn no boom sɛ awarefo, na ohyiraa wɔn.—Gen. 1:28; 2:24.

2. Ɔkwan bɛn so na Satan sɛee Adam ne Hawa ntam?

2 Awerɛhosɛm ne sɛ, ankyɛ na asɛm baa aware a Onyankopɔn hyehyɛe no ho. Ɔkwan bɛn so? Honhommɔne bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan no daadaa Hawa ma odii dua biako pɛ a na wɔabara awarefo no sɛ ɛnsɛ sɛ wodi n’aba no bi no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Adam kɔkaa ne yere ho ma wɔtew Onyankopɔn nniso a ɛfata ne n’akwankyerɛ a ɛyɛ papa no so atua. (Gen. 3:1-7) Bere a Yehowa bisaa awarefo no nea na wɔayɛ no ho asɛm no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ na ɔhaw aba wɔn aware no mu dedaw. Adam piaa asɛm no too ne yere so sɛ: “Ɔbea a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii.”—Gen. 3:11-13.

3. Adwene a ɛmfata bɛn na Yudafo binom nyae?

3 Efi saa bere no, Satan afa anifere kwan ahorow so asɛe awarefo pii ntam. Sɛ nhwɛso no, ɔde nyamesom akannifo dii dwuma mmere bi maa nkurɔfo nyaa aware ho adwene a ennyina Kyerɛwnsɛm so. Yudafo akannifo binom ammu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow aniberesɛm, na wɔmaa okununom gyinaa nneɛma nketenkete te sɛ nkyene a etwa aduan mu so gyaee wɔn yerenom. Nanso, Yesu kae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”—Mat. 19:9.

4. Ɔkwan bɛn so na asɛm aba aware ho nnɛ?

4 Satan da so ara rebɔ mmɔden paa sɛ ɔbɛsɛe aware. Mmarima ne mmarima a wɔware, ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo a wɔte hɔ te sɛ awarefo, ne awaregyae basabasa a ɛrekɔ so no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Satan resɛe aware. (Monkenkan Hebrifo 13:4.) Sɛ́ Kristofo no, dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛannya aware ho adwene a ɛmfata yi bi? Ma yensusuw su ahorow a ɛma aware sɔ na ɛyɛ anigye no bi ho nhwɛ.

Monkɔ so Mma Yehowa Ntra Mo Aware Mu

5. Sɛ wɔde asɛm a ɛne “hama a ɛbɔ ho abiɛsa no” ka aware ho asɛm a, ɛkyerɛ dɛn?

5 Sɛ aware bɛkɔ so yiye a, ɛsɛ sɛ awarefo no ma Yehowa tra wɔn ntam. Yehowa Asɛm ka sɛ: “Hama a ɛbɔ ho abiɛsa no rentew ntɛm so.” (Ɔsɛnk. 4:12) Asɛm a ɛne “hama a ɛbɔ ho abiɛsa no” yɛ kasakoa. Sɛ wɔde saa kasakoa yi ka aware ho asɛm a, ɛkyerɛ sɛ okunu ne ɔyere ne nhama abien a edi kan no, na Yehowa Nyankopɔn ne hama a ɔhyɛ mfinimfini a ɛkabom ma ɛyɛ hama abiɛsa no. Sɛ awarefo ne Onyankopɔn yɛ biako a, ɛma wonya ahoɔden de gyina nsɛnnennen ano, na ɛno ne ade titiriw a ɛma wonya anigye wɔ wɔn aware mu.

6, 7. (a) Dɛn na Kristofo betumi ayɛ de ama Onyankopɔn atra wɔn aware mu? (b) Dɛn na onuawa bi ani gye ho wɔ ne kunu ho?

6 Nanso, dɛn na awarefo betumi ayɛ de ama wɔn aware ayɛ te sɛ hama a ɛbɔ ho abiɛsa? Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.” (Dw. 40:8) Saa ara na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no kanyan yɛn ma yɛde yɛn koma nyinaa som no. Enti, ɛsɛ sɛ awarefo baanu no nyinaa ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den, na wɔde anigye yɛ n’apɛde. Ɛsɛ sɛ awarefo bɔ mmɔden nso boa wɔn ahokafo ma ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no mu yɛ den.—Mmeb. 27:17.

7 Sɛ Onyankopɔn mmara wɔ yɛn komam ampa a, ɛbɛma yɛada su ahorow te sɛ gyidi, anidaso, ne ɔdɔ adi, na ɛbɛboa ma yɛn aware asɔ. (1 Kor. 13:13) Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Sandra a waware mfe 50 kae sɛ: “Ade a m’ani gye ho paa wɔ me kunu ho ne akwankyerɛ ne afotu a egyina Bible so a ɔde ma me ne sɛnea ɔdɔ Yehowa sen me no.” Okununom, so wobetumi aka nsɛm a ɛte saa afa mo ho?

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ awarefo yɛ na ama wɔanya “akatua pa” wɔ wɔn aware mu?

8 Awarefo, so abusuabɔ a mo ne Yehowa wɔ ne Ahenni adwuma no ne ade a ɛho hia mo sen biara wɔ mo asetra mu? Bio nso, so wubu wo hokafo sɛ obi a wo ne no resom Yehowa ankasa? (Gen. 2:24) Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Baanu ye sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn.” (Ɔsɛnk. 4:9) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nyinaa yere wɔn ho ansa na wɔanya aware a Onyankopɔn nhyira wɔ so a ɔdɔ wom a ɛtra hɔ daa sɛ “akatua pa.”

9. (a) Asɛyɛde ahorow bɛn na okununom wɔ? (b) Sɛnea Kolosefo 3:19 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okunu ne ne yere di?

9 Nea ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ aware bi mu ne mmɔden a okunu ne ɔyere no nyinaa bɔ sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ no. Okununom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw sɛ wɔma wɔn fiefo nsa ka wɔn honam fam ne honhom fam ahiade. (1 Tim. 5:8) Wɔhyɛ wɔn nkuran nso sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn yerenom bo atɔ wɔn yam. Yɛkenkan wɔ Kolosefo 3:19 sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.” Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ, ‘abufuw denneennen’ no kyerɛ “nsɛm a ɛyɛ yaw a wɔka kyerɛ wɔn, anaa akuturuku a wɔbobɔ wɔn, ne ɔdɔ a wɔnna no adi nkyerɛ wɔn, dwen a wonnwen wɔn ho, wɔn ahiade a wɔmfa mma wɔn, wɔn ho ban a wɔmmɔ, ne boa a wɔmmoa wɔn.” Ɛda adi pefee sɛ, ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ su a ɛte saa bɛkɔ so wɔ Kristofo fie. Okunu a odi ne tiyɛ ho dwuma wɔ ɔdɔ mu no ma ɛyɛ mmerɛw ma ne yere sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama no.

10. Su bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo da no adi?

10 Ɛsɛ sɛ ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ Yehowa tra wɔn aware mu no nso yɛ nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom te sɛ nea wɔreyɛ ama Awurade, efisɛ okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no.” (Efe. 5:22, 23) Satan daadaa Hawa, na odii atoro ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn ho a obenya anigye a enni awiei. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnnɛ yehu ahofadi a awarefo pii repɛ wɔ aware mu no. Nanso, mmea a wosuro Onyankopɔn ani gye ho sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ wɔn kununom a wɔwɔ ɔdɔ no ase. Ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi sɛ, Yehowa bɔɔ Hawa sɛ ɔnyɛ “ɔhokafo” mma ne kunu, na na Onyankopɔn bu saa gyinabea no sɛ ɛyɛ nea nidi wom. (Gen. 2:18, NW) Ɔyere a ɔyɛ Kristoni a ofi ne pɛ mu yɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no no yɛ ne kunu “abotiri” ampa.—Mmeb. 12:4.

11. Dɛn na onua bi kae sɛ aboa no wɔ n’aware mu?

11 Ade foforo a ɛboa ma Onyankopɔn kɔ so tra aware bi mu ne sɛ awarefo no bɛbom asua Onyankopɔn Asɛm. Onua bi a wɔfrɛ no Gerald a waware mfe 55 a n’ani gye wɔ n’aware mu no ka sɛ: “Ade a ɛho hia paa a ɛma aware sɔ ne sɛ awarefo no bɛbom akenkan Bible no na wɔasua.” Ɔde kaa ho sɛ, “Sɛ awarefo bom yɛ nneɛma, titiriw, nea ɛfa Onyankopɔn som ho a, ɛma wɔyɛ biako, na wɔbɛn Yehowa kɛse.” Sɛ abusua no bom sua Bible a, ɛboa ma Yehowa gyinapɛn tra wɔn adwenem yiye, ɛma abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ no mu yɛ den, na ɛma wonya nkɔso bere nyinaa.

12, 13. (a) Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ awarefo bom bɔ mpae? (b) Ɔsom adwuma foforo bɛn na Kristofo yɛ a ɛma wɔn aware sɔ?

12 Awarefo a wɔwɔ anigye wɔ wɔn aware mu bom bɔ mpae nso. Sɛ okunu bi ‘yi ne yam’ bisa nneɛma pɔtee bi a ɛfa wɔn asetra ho wɔ mpaebɔ mu a, ɛma wɔn aware no sɔ. (Dw. 62:8) Sɛ nhwɛso no, hwɛ sɛnea ɛrenyɛ den koraa sɛ wubegyae akasakasa biara a ɛwɔ wo ne wo hokafo ntam no mu bere a moabom asrɛ ade nyinaa so Tumfo no sɛ ɔmma mo akwankyerɛ no! (Mat. 6:14, 15) Nea ɛne mpae a wɔabɔ no hyia no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ awarefo no mu biara besi gyinae sɛ ɔbɛboa ne yɔnko na ‘wɔakɔ so anya wɔn ho abotare na wɔde afiri wɔn ho korakora.’ (Kol. 3:13) Kae sɛ, sɛ yɛbɔ mpae a, na yɛrekyerɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so. Ɔhene Dawid kae sɛ: “Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan.” (Dw. 145:15) Sɛ yɛnam mpaebɔ so hwɛ Onyankopɔn kwan a, ɛremma yennwennwen pii efisɛ yenim sɛ ‘odwen yɛn ho.’—1 Pet. 5:7.

13 Ade foforo a ɛma Yehowa kɔ so tra aware bi mu ne sɛ awarefo no bɛkɔ asafo nhyiam na wɔabom ayɛ asɛnka adwuma no. Awarefo sua sɛnea wɔbɛko atia Satan “nnɛɛdɛe” a ɔde paapae mmusua mu no wɔ yɛn nhyiam ahorow ase. (Efe. 6:11) Na okunu ne ɔyere a wɔbom yɛ asɛnka adwuma daa no sua sɛ ‘wobetintim, na wɔrenhinhim.’—1 Kor. 15:58.

Bere a Morehyia Nsɛnnennen

14. Nneɛma bɛn na ebetumi ama awarefo ahyia nsɛnnennen?

14 Nokwarem no, ebia wunim nyansahyɛ ahorow a wɔde ama no dedaw, nanso dɛn nti na wo ne wo hokafo mfi mo komam nsusuw ho? Monhwɛ sɛ ebia ɛho hia sɛ moyɛ nsakrae na ama moatumi de nyansahyɛ ahorow yi bi ayɛ adwuma yiye wɔ mo aware no mu. Nanso, Bible ka sɛ, wɔn a Onyankopɔn wɔ wɔn aware mu mpo no “ho behiahia wɔn ɔhonam mu.” (1 Kor. 7:28) Esiane nnipa sintɔ, wiase bɔne yi nkɛntɛnso, ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe nti, Onyankopɔn asomfo anokwafo mpo betumi ahyia nsɛnnennen wɔ wɔn aware mu. (2 Kor. 2:11) Nanso, Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen a ɛte saa no ano. Yiw, yebetumi agyina ano. Ɔbarima nokwafo Hiob nyɛmmoa, n’asomfo ne ne mma wuwui. Nanso, Bible ka sɛ: “Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, na wammu asɛm a enni aso amma Onyankopɔn.”—Hiob 1:13-22.

15. Ɔkwan bɛn so na ahoyeraw betumi ama yɛayɛ yɛn ade, na awarefo bɛyɛ dɛn atumi agyina nneyɛe a ɛte saa no ano yiye?

15 Nanso, Hiob yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!” (Hiob 2:9) Nokwarem no, sɛ yehyia amanehunu anaa nsɛnnennen foforo a, ɛma yɛn adwene tumi tu fra, na ebetumi ama yɛayɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a nyansa nnim so. Onyansafo no kae sɛ: “Nhyɛso tumi ma onyansafo yɛ n’ade sɛ ɔbɔdamfo.” (Ɔsɛnk. 7:7, NW) Sɛ ahokyere anaa “nhyɛso” a wo hokafo wom nti ɔde abufuw ka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ wo a, bɔ mmɔden yɛ komm. Sɛ woka bi kyerɛ no a, ebetumi ama mo baanu anaa obiako akeka nsɛm bi a ɛbɛsɛe asɛm no koraa. (Monkenkan Dwom 37:8.) Enti, bu w’ani gu nsɛm “hatuhatu” biara a ebia ahoyeraw anaa abasamtu bɛma wo hokafo aka akyerɛ wo no so.—Hiob 6:3, NW.

16. (a) Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 7:1-5 no fa aware ho dɛn? (b) Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ awarefo yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so?

16 Ɛnsɛ sɛ awarefo hwehwɛ nneɛma pii a wɔn ahokafo ntumi nyɛ fi wɔn hɔ. Ebia, ɔwarefo bi betumi ahu subammɔne bi wɔ ne hokafo no ho, na wanya adwene bi sɛ, ‘Metumi ama no asesa.’ Sɛ woda ɔdɔ adi na wunya wo hokafo no ho abotare a, ebia ebetumi aboa no ma wasesa nkakrankakra. Nanso, mma wo werɛ mfi sɛ Yesu de obi a ɔka afoforo mfomso nketenkete ho asɛm no toto obi a ohu “ntɛtɛw” a ɛda ne nua aniwa so nanso onhu “mpuran” a ɛda n’ankasa aniwa so no ho. Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Mummmu atɛn.” (Monkenkan Mateo 7:1-5.) Eyi nkyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ awarefo ka mfomso ahorow a anibere wom ho asɛm. Robert a waware bɛyɛ mfe 40 no kae sɛ: “Nea ebetumi ama awarefo atumi asesa wɔn suban ne sɛ wobefi wɔn komam aka nneɛma bi a ɛhaw wɔn no ho asɛm pefee, na afei wɔafi wɔn pɛ mu agye nneɛma bi a wɔn ahokafo no ahu wɔ wɔn ho no atom.” Enti, ɛsɛ sɛ moda ntease adi. Sɛ́ anka wobɛma wo bo afuw wo hokafo no esiane su ahorow bi a onni nti no, sua sɛ wobɛma w’ani agye su pa ahorow a ɔwɔ seesei no ho, na kyerɛ ho anisɔ.—Ɔsɛnk. 9:9.

17, 18. Sɛ yehyia ɔhaw ahorow a, ɛhe na yebetumi ahwehwɛ mmoa?

17 Sɛ nsakrae ba awarefo asetram a, wobetumi ahyia sɔhwɛ ahorow. Sɛ awarefo no wo mma a, wotumi hyia nsɛnnennen. Yare a emu yɛ den betumi abɔ wɔn ba anaa awarefo no mu biako. Ebia, ɛho behia sɛ wogye bere hwɛ wɔn awofo a wɔanyinyin no. Wɔn mma a wɔayɛ mpanyin no betumi atu kwan akɔ akyirikyiri. Hokwan ne asɛyɛde ahorow ho dwuma a wobedi wɔ Onyankopɔn som mu no betumi de nsakrae foforo aba wɔn asetram. Nsakrae ahorow yi nyinaa betumi de nsɛnnennen ne dadwen aba wɔn aware no mu.

18 Sɛ wuhyia ɔhaw pii wɔ w’aware mu na wote nka sɛ wuntumi nnyina ano bio a, dɛn na wubetumi ayɛ? (Mmeb. 24:10) Mpa abaw! Ade a Satan ani begye ho paa ne sɛ Onyankopɔn asomfo mu biako begyae nokware som. Na sɛ awarefo bi gyae nokware som a, ɛnde n’ani begye aboro so. Enti, monyɛ nea mubetumi biara sɛ mobɛma mo aware no ayɛ hama a ɛbɔ ho abiɛsa. Bible ka nnipa pii a wohyiaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den nanso wɔkɔɔ so dii nokware no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, bere bi, Dawid fi ne komam bɔɔ Yehowa mpae sɛ: ‘Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdesani pɛ me amene me, ohiahia me ho.’ (Dw. 56:1) So woate nka pɛn sɛ “ɔdesani” repɛ wo amene wo? Sɛ́ ebia ɔhaw a worehyia no fi obi a ɔbɛn wo paa anaa obi a ɔmmɛn wo hɔ no, kae sɛ: Dawid nyaa ahoɔden de gyinaa ano, na wo nso wubetumi agyina ano. Dawid kae sɛ: “Mahwehwɛ [Yehowa, NW], na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu.”—Dw. 34:4.

Nhyira Foforo

19. Dɛn na yebetumi ayɛ de asiw Satan kwan?

19 Wɔ awiei bere yi mu no, ɛho hia sɛ awarefo ‘kɔ so kyekye wɔn ho wɔn ho werɛ, na wɔhyehyɛ wɔn ho den.’ (1 Tes. 5:11) Mommma yɛn werɛ mmfi sɛ Satan aka sɛ sɛ nneɛma kɔ so yiye ma yɛn a, ɛnna yedi Yehowa nokware. Ɔbɛfa ɔkwan biara, a yɛn aware a ɔbɛsɛe no ka ho so asɛe nokware a yedi ma Onyankopɔn no. Sɛ yebetumi asiw Satan kwan a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa. (Mmeb. 3:5, 6) Paulo kyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden esiane nea ɔhyɛ me den no nti.”—Filip. 4:13.

20. Sɛ obi ma Onyankopɔn tra n’aware mu a, nhyira ahorow bɛn na onya?

20 Nhyira a sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn aware mu a yenya no dɔɔso pii. Saa na ɛte wɔ Joel ne ne yere a wɔaware mfe 51 no aware mu. Joel ka sɛ: “Meda Yehowa ase bere nyinaa wɔ ɔyere a ɔde no ama me, ne anigye a yɛanya wɔ yɛn aware no mu no ho. Me yere ayɛ ɔhokafo pa.” Dɛn na wɔayɛ a ama wɔn aware no agyina? Joel kae sɛ: “Yɛabɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛda ayamye adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho, anya abotare ama yɛn ho, na yɛadodɔ yɛn ho.” Yɛn mu biara ntumi nyɛ saa pɛpɛɛpɛ wɔ saa wiase yi mu. Nanso, momma yɛnyere yɛn ho mfa Bible mu nnyinasosɛm nni dwuma, na yɛnkɔ so mma Yehowa ntra yɛn aware mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde yɛn aware no bɛyɛ te sɛ ‘hama a ɛbɔ ho abiɛsa a, emu ntumi ntew ntɛm so.’—Ɔsɛnk. 4:12.

So Wokae?

• Yehowa a yɛbɛma no atra yɛn aware mu no kyerɛ dɛn?

• Sɛ awarefo hyia nsɛnnennen a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn wɔ aware bi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ awarefo bom bɔ mpae a, ɛboa wɔn ma wotumi gyina nsɛnnennen ano