Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monko Ntia “Wiase Honhom No”

Monko Ntia “Wiase Honhom No”

Monko Ntia “Wiase Honhom No”

“Ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Nyankopɔn hɔ.”—1 KOR. 2:12.

1, 2. (a) Bere bi a atwam no, dɛn nti na na ɛho hia sɛ nnwumakuw a wotu fagude wɔ Britain no nya anomaa kanaafo wɔ wɔn adwuma no mu? (b) Asiane bɛn na Kristofo rehyia?

WƆ AFE 1911 mu no, Britain aban hyɛɛ mmara bi a wɔde bɔɔ wɔn a wotu biriw no ho ban. Ná wɔhwehwɛ sɛ adwumakuw a etu biriw biara nya anomaa kanaafo abien. Dɛn nti na na ɛsɛ wɔyɛ saa? Efisɛ, sɛ na ogya tɔ amoa no mu a, na wɔn a wokoyi adwumayɛfo no de nnomaa no ka wɔn ho kɔ amoa no mu. Saa nnomaa nketewa no ntumi nnyina mframa a edi awu te sɛ nea wɔfrɛ no carbon monoxide no ano koraa. Sɛ saa mframa bɔne yi bi ba amoa no mu a, ɛma nnomaa no yɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔn ho yeraw wɔn, na etumi ma wofi ade a wosisi so no so hwe fam mpo. Ná saa kɔkɔbɔ a edi kan yi ho hia. Carbon monoxide yɛ mframa a enni kɔla, na enni hua biara, na esiw mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ no kwan ma wontumi mfa mframa pa nni nipadua no mu aforosian, na ekum onipa no. Sɛ wɔn a wɔrekoyi adwumayɛfo a wɔaka amoa mu no anhu asiane no a, ebetumi ama wɔatwa ahwe fam, na wɔawuwu a wɔrenhu da sɛ na wɔrehome mframa a edi awu.

2 Saa ara na Kristofo nso hyia tebea bi a ɛte sɛ nea wɔn a wotu fagude no hyia ara pɛ. Ɔkwan bɛn so? Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no, na onim sɛ ɔresoma wɔn akɔ baabi a asiane wɔ a Satan ne wiase honhom no na edi tumi wɔ hɔ. (Mat. 10:16; 1 Yoh. 5:19) Ná Yesu dwen n’asuafo no ho araa ma anadwo a ade rebɛkye ma wawu no, ɔbɔɔ n’Agya mpae sɛ: “Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.”—Yoh. 17:15.

3, 4. Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa n’asuafo no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn?

3 Yesu bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia a ebetumi ama wɔagyae Onyankopɔn som no ho. Asɛm a ɔkae no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn a yɛte wiase awiei bere yi mu no. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Monwɛn, . . . na moatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.” (Luka 21:34-36) Nanso, anigyesɛm ne sɛ, Yesu san hyɛɛ bɔ sɛ, n’Agya bɛma wɔn honhom kronkron a ɛbɛkaakae wɔn nneɛma a wɔasua no, na ɛbɛboa wɔn ma wɔawɛn na wɔanya akokoduru nso.—Yoh. 14:26.

4 Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ yi nso ɛ? So yɛn nso yebetumi anya honhom kronkron koro no ara bi ma aboa yɛn? Sɛ ɛte saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya bi? Dɛn ne wiase honhom no, na akwan bɛn na ɛfa so yɛ adwuma? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia wiase honhom no yiye?—Monkenkan 1 Korintofo 2:12.

Honhom Kronkron Anaasɛ Wiase Honhom?

5, 6. Dɛn na honhom kronkron betumi ayɛ ama yɛn, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya honhom kronkron?

5 Ɛnyɛ afeha a edi kan no mu nkutoo na wɔde honhom kronkron no mae. Onyankopɔn de ne honhom no ma ɛnnɛ nso, na ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ nea ɛteɛ, na saa ara nso na ebetumi ama yɛanya ahoɔden de ayɛ ne som adwuma no. (Rom. 12:11; Filip. 4:13) Honhom no betumi nso ama yɛanya su ahorow a ɛma yedwen afoforo ho te sɛ ɔdɔ, ayamye, ne papayɛ a ɛyɛ “honhom no aba” no fã no bi. (Gal. 5:22, 23) Nanso, Yehowa Nyankopɔn nhyɛ nnipa mfa ne honhom kronkron mma wɔn bere a wɔmpɛ.

6 Ɛnde, ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ yebebisa sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ na ama manya honhom kronkron?’ Bible ma yehu sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na ama yɛanya bi. Ɔkwan tiawa a ɛho hia a yebetumi afa so ne sɛ yebisa Onyankopɔn ma ɔde ama yɛn. (Monkenkan Luka 11:13.) Ade foforo a mfaso wɔ so a yebetumi ayɛ ne sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no, na yɛde emu afotu ayɛ adwuma. (2 Tim. 3:16) Nokwarem no, ɛnyɛ obiara a ɔkenkan Bible kɛkɛ no na onya Onyankopɔn honhom. Nanso, sɛ Kristoni bi a ɔwɔ koma pa sua Onyankopɔn Asɛm no a, obetumi anya adwene ne ntease a ɛwɔ n’Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee mu no. Ɛho hia nso sɛ yegye tom sɛ Yehowa apaw Yesu sɛ N’ananmusini ne obi a Onyankopɔn nam no so de ne honhom no ama. (Kol. 2:6) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yedi nhwɛso a Yesu yɛe no akyi, na yɛde ne nkyerɛkyerɛ bɔ yɛn bra. (1 Pet. 2:21) Dodow a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Kristo no, dodow no ara na yebenya honhom kronkron.

7. Ɔkwan bɛn na wiase honhom no fa so nya nkurɔfo so nkɛntɛnso?

7 Wiase honhom no de, ɛma nkurɔfo suasua Satan suban. (Monkenkan Efesofo 2:1-3.) Wiase honhom no yɛ adwuma wɔ akwan pii so. Sɛnea nneɛma a ɛrekɔ so nnɛ ma yehu no, wiase honhom no mma nkurɔfo nni Onyankopɔn mmara so. Ɛma nkurɔfo nya “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ,” na ɛma ‘nnipa de asetra mu nneɛma a wɔanya hoahoa wɔn ho.’ (1 Yoh. 2:16) Ɛma nkurɔfo yɛ ɔhonam nnwuma te sɛ aguamammɔ, abosonsom, ahonhonsɛmdi, ahoɔyaw, bobɔne, ne akɔwensasɛm. (Gal. 5:19-21) Ɛma nkurɔfo keka awaefo nsɛm a etia nea ɛyɛ kronkron. (2 Tim. 2:14-18) Akyinnye biara nni ho sɛ, dodow a obi ma kwan ma wiase honhom no kyerɛ no kwan no, dodow no ara na osuasua Satan suban kɛse.

8. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si?

8 Yɛrentumi ntra ase a biribiara nkyerɛ yɛn kwan. Ɛsɛ sɛ onipa biara si nea ɔbɛma akyerɛ no kwan wɔ n’asetram no ho gyinae, sɛ́ ɛyɛ honhom kronkron anaasɛ wiase honhom no. Wɔn a seesei wiase honhom no kyerɛ wɔn kwan no betumi anya ahofadi afi ne nkɛntɛnso ase na wɔama honhom kronkron akyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn asetram. Saa ara na ebetumi aba nso sɛ wiase honhom no betumi akyerɛ obi a seesei honhom kronkron kyerɛ no kwan no kwan. Wiase honhom no betumi anya wɔn a bere bi na honhom kronkron kyerɛ wɔn kwan no so nkɛntɛnso. (Filip. 3:18, 19) Ma yensusuw akwan a yebetumi afa so ako atia wiase honhom no ho nhwɛ.

Ɛsɛ sɛ Yehu Nsɛnkyerɛnne a Edi Kan Bɔ Yɛn Kɔkɔ No

9-11. Nsɛnkyerɛnne a ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ ebia wiase honhom no renya yɛn so nkɛntɛnso no bi ne dɛn?

9 Britainfo a wotu biriw a yɛaka wɔn ho asɛm dedaw no de anomaa kanaafo dii dwuma ma edii kan bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ mframa a edi awu ho. Sɛ na obi a otu fagude hu sɛ anomaa no fi baabi a osi no ahwe fam a, na ɛma ohu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntɛm guan fi hɔ de bɔ ne nkwa ho ban. Sɛ́ Kristofo no, nneɛma a edi kan bɔ yɛn kɔkɔ sɛ wiase honhom no renya yɛn so nkɛntɛnso no bi ne dɛn?

10 Bere a yedii kan suaa nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu na yehyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa no, ebia na yɛde anigye paa na ɛkenkan Bible no. Ɛda adi sɛ, na yefi yɛn komam taa bɔ mpae. Ná yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam ahorow, na na yebu nhyiam no mu biara sɛ ɛma yɛn ho dwo yɛn te sɛ nea asubura ma obi a osukɔm de no wɔ anhweatam so ho dwo no no. Saa a yɛyɛe no boaa yɛn ma yɛdee yɛn ho fii wiase honhom no ho.

11 So yɛda so ara bɔ mmɔden sɛ yɛbɛkenkan Bible no da biara da? (Dw. 1:2) So yefi komam bɔ mpae daa? So yɛn ani gye asafo nhyiam ahorow ho, na yɛkɔ adesua ahorow no nyinaa dapɛn biara? (Dw. 84:10) Anaasɛ yɛagyae saa nneɛma pa a na yɛyɛ no daa no mu bi yɛ? Nokwarem no, ebia yɛwɔ asɛyɛde pii a egye yɛn bere ne yɛn ahoɔden, na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn ho ahyɛ Onyankopɔn som adwuma no afã nyinaa mu. Nanso, sɛ yɛagyae nneɛma pa a na yɛyɛ no daa no mu bi yɛ a, so ebetumi aba sɛ wiase honhom no a ɛrenya yɛn so nkɛntɛnso no nti na ama aba saa? So seesei, yɛbɛyere yɛn ho asan ayɛ nneɛma pa a bere bi na yɛyɛ no?

Mommma ‘Ɛnnhyɛ Mo so Da’

12. Dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnhwɛ wɔn ho so yiye’ no?

12 Dɛn bio na yebetumi ayɛ de ako atia wiase honhom no? Bere a Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ wɔ nneɛma pɔtee bi a ebetumi ayɛ asiane ama wɔn ho no, ankyɛ koraa na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnwɛn’ no. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetra mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.”—Luka 21:34, 35.

13, 14. Nsɛm bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho wɔ adidi ne asanom ho?

13 Susuw saa kɔkɔbɔ no ho hwɛ. So Yesu kae sɛ adidi ne asanom yɛ bɔne? Dabida! Ná Yesu nim asɛm a Salomo kae a edi so yi. Salomo kae sɛ: “Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa [mma], gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu; nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.” (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Nanso, na Yesu nim sɛ wiase honhom no remma yennya ahosodi wɔ adidi ne asanom ho.

14 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ wiase honhom no nsɛee yɛn adwene wɔ adidi mmoroso ne asanom ntraso ho? Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mekenkan afotu a Bible anaa yɛn nhoma ahorow no de ma wɔ adidi mmoroso ho a, dɛn na meyɛ wɔ ho? So ɛyɛ a meka sɛ afotu yi ho nhia anaa emu yɛ den dodo, na ebia mede nsɛm bi yiyi me ho ano wɔ ho, anaasɛ mibu me ho bem? * Mibu afotu a wɔde ma yɛn sɛ sɛ yɛbɛnom mmosa a yɛnnom kakraa bi anaasɛ yennyae “akɔwensasɛm” koraa no dɛn? So ɛyɛ a mimmu afotu a ɛte saa no aniberesɛm, na esiane biribi nti meka sɛ ɛmfa me ho? Sɛ afoforo ka m’asanom ho asɛm a, so miyiyi me ho ano anaasɛ mema me bo fuw? So meka kyerɛ afoforo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfa Bible afotu a ɛte saa no aniberesɛm?’ Nokwarem no, su a obi da no adi no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ebia ɔrema wiase honhom no anya ne so nkɛntɛnso anaasɛ ɛnte saa.—Fa toto Romafo 13:11-14 ho.

Mma Dadwen Nhyɛ Wo So

15. Su a nnipa wɔ bɛn na Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho?

15 Ade foforo a ɛho hia a ɛboa yɛn ma yetumi ko tia wiase honhom no ne sɛ yebedi yɛn dadwen so. Sɛ́ abɔde a yɛnyɛ pɛ no, na Yesu nim sɛ yebedwennwen asetram nneɛma ho. Ofi ɔdɔ mu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monnnwennwene.” (Mat. 6:25) Ntease wom sɛ yedwen nneɛma a ɛho hia te sɛ nea yɛbɛyɛ de asɔ Onyankopɔn ani, Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma a yebedi, ne yɛn abusua ahiade a yɛde bɛma wɔn no ho. (1 Kor. 7:32-34) Ɛnde, dɛn na yebetumi asua afi kɔkɔbɔ a Yesu de mae no mu?

16. Nkɛntɛnso bɛn na wiase honhom no anya wɔ nnipa pii so?

16 Wiase honhom no hyɛ nneɛma a obi wɔ a ɔde hoahoa ne ho no ho nkuran, na ɛma nnipa pii dwennwen nneɛma a mfaso nni so ho de haw wɔn ho. Wiase no pɛ sɛ yegye di sɛ sɛ obi wɔ sika a ɛnna ɔwɔ ahobammɔ, na ɛnyɛ Kristofo su a ɔwɔ no na ɛkyerɛ sɛ ɔsom bo, na mmom ɛyɛ ahonyade akɛse pii a ɔwɔ no. Nkurɔfo a saa nnaadaasɛm yi agye wɔn adwene no bekum wɔn ho de apɛ sika, na wodwen nneɛma a aba so foforo akɛse a ɛyɛ papa paa ho bere nyinaa. (Mmeb. 18:11) Honam fam nneɛma ho adwene a ɛnteɛ a ɛte saa no de dadwen a ɛhyɛ obi so na ɛba, na ɛmma onnya nkɔso wɔ Kristofo asafo no mu.—Monkenkan Mateo 13:18, 22.

17. Dɛn na yebetumi ayɛ na dadwen anhyɛ yɛn so?

17 Sɛ yedi Yesu ahyɛde yi so a, dadwen renhyɛ yɛn so. Yesu kae sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne [Onyankopɔn] trenee kan.” Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yɛyɛ eyi a, wɔde nneɛma a yehia ankasa no bɛka ho ama yɛn. (Mat. 6:33) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yegye saa bɔhyɛ yi di? Ade biako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn trenee kan, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, yebedi Onyankopɔn mmara so ayɛ nea ɛteɛ wɔ yɛn sikasɛm mu. Sɛ nhwɛso no, yɛrenni atoro wɔ tow a yetua ho nkrataa a yɛhyehyɛ mu, anaasɛ yɛrenni atoro “nketenkete” wɔ yɛn adwumayɛ mu. Yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de tuatua yɛn ho aka, na yɛma yɛn ‘Yiw yɛ Yiw’ wɔ yɛn aka ahorow a yetua mu. (Mat. 5:37; Dw. 37:21) Sɛ obi di nokware saa a, ebia ɛremma ɔmmɛyɛ sikani, nanso ɛbɛma wanya Onyankopɔn anim dom, ahonim pa, na ɛremma onnwinnwen pii.

18. Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛ maa yɛn, na sɛ yesuasua no a, mfaso bɛn na yebenya?

18 Sɛ yɛde nneɛma a ɛho hia paa no di kan wɔ yɛn asetram a, na ɛkyerɛ sɛ yɛrehwehwɛ Ahenni no kan. Ma yensusuw Yesu nhwɛso no ho nhwɛ. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔhyɛ atade pa. (Yoh. 19:23) Ɔne ne nnamfo pa boom didi nomee. (Mat. 11:18, 19) Nanso, Yesu ammu ahonyade ne anigyede sɛ aduan titiriw, na mmom obuu no sɛ nneɛma a wɔde gu aduan mu ma aduan no yɛ huam kɛkɛ. Ná Yesu aduan ne sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde. (Yoh. 4:34-36) Sɛ yesuasua Yesu nhwɛso no a, ɛma yenya abotɔyam kɛse wɔ yɛn asetram! Kyerɛwnsɛm no a yɛde boa nkurɔfo a nnipa sisi wɔn ma wonya awerɛkyekye no ma yɛn ani gye. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma asafo no mufo dɔ yɛn na wɔboa yɛn. Na yɛma Yehowa nso koma tɔ ne yam. Sɛ yɛde nneɛma a ɛho hia paa di kan wɔ yɛn asetram a, ahonyade ne anigyede remmɛyɛ yɛn wuranom. Mmom no, saa nneɛma no bɛyɛ nkoa anaa nnwinnade a ɛboa yɛn ma yɛsom Yehowa. Dodow a yɛyere yɛn ho yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma no, dodow no ara na wiase honhom no rentumi nni yɛn so.

Munnya ‘Honhom no Adwene’

19-21. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ‘anya honhom no adwene,’ na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

19 Nneɛma a yedwen ho no na yɛyɛ. Wiase adwene na ɛma yɛyɛ nneɛma bi a nnipa pii taa frɛ no nneɛma hunu no. Enti, ɔsomafo Paulo kaee yɛn nea enti a ɛho hia sɛ yesusuw nneɛma ho yiye no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔnam ɔhonam mu no de wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so, na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.”—Rom. 8:5.

20 Dɛn na yebetumi ayɛ na wiase honhom no annya yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe so tumi? Ɛsɛ sɛ yeyi nneɛma hunu fi yɛn adwenem, na yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛrennwennwen wiase nnaadaasɛm ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛrepaw anigyede bi a, ɛnsɛ sɛ yɛpaw nneɛma bi a ɛhyɛ ɔbrasɛe ne basabasayɛ ho nkuran de sɛe yɛn adwene. Yenim sɛ Onyankopɔn honhom yɛ kronkron, na ɛrenyɛ adwuma wɔ obi a n‘adwene ho agu fĩ so. (Dw. 11:5; 2 Kor. 6:15-18) Afei nso, sɛ yɛkenkan Bible, bɔ mpae, dwennwen nneɛma a yɛkenkan no ho, na yɛkɔ asafo nhyiam daa a, yɛma Onyankopɔn honhom no yɛ adwuma wɔ yɛn so. Na saa honhom no boa yɛn bere a yɛyɛ asɛnka adwuma a Kristofo yɛ no bi daa no.

21 Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ yɛko tia wiase honhom ne honam akɔnnɔ a ɛhyɛ ho nkuran no. Mfaso wɔ so paa sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa, efisɛ Paulo kae sɛ “adwene a esi honam nneɛma so yɛ owu, na adwene a esi honhom nneɛma so yɛ nkwa ne asomdwoe.”—Rom. 8:6.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Adidi ntraso yɛ adwene a obi kura, na wɔkyerɛ adidi ntraso ase sɛ adifudepɛ anaasɛ didi a obi didi ma ɛboro so. Enti, su a obi wɔ wɔ aduan ho na wogyina so ka sɛ ɔyɛ odidifo, na ɛnyɛ sɛnea ne kɛse te so. Ebetumi aba sɛ obi kɛse yɛ nea ɛfata anaa ebi mpo a na ɔyɛ teaa nanso na ɔyɛ odidifo. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, yare betumi ama obi ayɛ kɛse aboro so, anaasɛ sɛ kɛse wɔ n’abusua mu a ebetumi ama aba saa. Ade titiriw a wogyina so hu sɛ obi didi tra so ne sɛ onipa no fom aduan, na ɛnyɛ ne kɛse so.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ November 1, 2004, Ɔwɛn-Aban, mu no.

Wokae?

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya honhom kronkron?

• Dɛn ne akwan bi a wiase honhom no betumi afa so anya yɛn so nkɛntɛnso?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia wiase honhom no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron ansa na woakɔ adwuma anaa sukuu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwenem tew, yɛkɔ so di nokware wɔ yɛn adwumayɛ mu, na yɛyɛ yɛn ade sɛnea ɛfata