Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu

Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu

Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu

“Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me. Wone me boafo ne me gyefo.”—DW. 70:5.

1, 2. (a) Bere bɛn na Onyankopɔn asomfo kɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɔre, na ɛhe na yebetumi anya ho mmuae?

BERE a na awofo bi regye wɔn ahome wɔ baabi no, wɔtee sɛ wɔn babea a wadi mfe 23 a waware ayera a obiara anhu ɔkwan a ɔfaa so yerae. Awofo no nyaa adwene sɛ ɛbɛyɛ sɛ amumɔyɛfo bi na wɔakyere no. Ntɛm ara na wɔboaboaa wɔn ho sii kwan so sɛ wɔrekɔ fie, na bere a wɔrekɔ nyinaa, na wɔrebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa wɔn. Wɔyɛɛ Ɔdansefo bi a wadi mfe 20 nipadua mu nhwehwɛmu hui sɛ wanya yare bi a ɛbɛma wabubu agu hɔ koraa. Ɔbɔɔ Yehowa mpae ntɛm ara. Maame bi a onni ɔhokafo a ɔrebɔ mmɔden sɛ obenya adwuma ayɛ nni sika a ɔde bɛtɔ aduan ne ne babea a wadi mfe 12 adi. Ofi ne koma nyinaa mu bɔɔ Yehowa mpae. Nokwarem no, sɛ Onyankopɔn asomfo hyia sɔhwɛ a emu yɛ den anaasɛ wɔkɔ ahokyere mu a, nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa wɔn. So wo ho akyere wo denneennen ma woabɔ mpae sɛ Yehowa mmoa wo pɛn?

2 Asɛmmisa bi a ɛho hia sɔre sɛ: So yebetumi ahwɛ kwan ankasa sɛ Yehowa bebua mpae a yɛbɔ de hwehwɛ ne mmoa no? Yebenya asɛm yi ho mmuae a ɛhyɛ gyidi den wɔ Dwom 70. Dawid a na ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo a ohyiaa sɔhwɛ ne ɔhaw ahorow a emu yɛ den pii wɔ n’asetram no na ɔkyerɛw saa dwom a ɛka koma yi. Onyankopɔn honhom kanyan odwontofo yi ma ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn . . . wone me boafo ne me gyefo.” (Dw. 70:5) Sɛ yɛkenkan Dwom 70 a, ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nea enti a yɛn nso yebetumi akɔ Yehowa anim bere a yɛwɔ ahokyere mu, na yɛanya ahotoso koraa sɛ ɔbɛyɛ yɛn “gyefo.”

‘Wone Ogyefo No’

3. (a) Osufrɛ a wɔde hwehwɛ mmoa bɛn na ɛwɔ Dwom 70? (b) Ahotoso bɛn na Dawid daa no adi wɔ Dwom 70?

3 Dawid de osufrɛ a wɔde hwehwɛ Onyankopɔn mmoa na efii Dwom 70 ase, na ɛno ara na ɔde wiei. (Monkenkan Dwom 70:1-5.) Dawid srɛɛ Yehowa sɛ ‘ɔnyɛ ntɛm’ mmegye no. Dawid srɛɛ nneɛma anum wɔ Dwom 70:2-4, na ɔde asɛmfua “ma” na efii emu biara ase, na na ɔresrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ biribi mma no. Emu abiɛsa a edi kan no fa wɔn a na wɔpɛ sɛ wokum no no ho. Dawid fi ne komam srɛɛ Yehowa sɛ onni atamfo yi so nkonim na ɔmma wɔn anim ngu ase wɔ bɔne a wɔpɛ sɛ wɔde yɛ no no ho. Dawid adesrɛ abien a edi hɔ a ɛwɔ Dwom 70:4 no fa Onyankopɔn nkurɔfo ho. Dawid bɔɔ mpae sɛ wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no nni ahurusi, na wɔnkamfo no. Bere a Dawid de ne dwom no reba awiei no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wone me boafo ne me gyefo.” Hyɛ no nsow sɛ, Dawid anka sɛ, ‘Bɛboa me na gye me’ te sɛ nea ɔresrɛ biribi foforo no. Mmom no, ɔkae sɛ, “Wone me boafo ne me gyefo” de kyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa mu ahotoso. Ná Dawid gye di sɛ Onyankopɔn bɛboa no.

4, 5. Dɛn na Dwom 70 ma yehu fa Dawid ho, na ahotoso bɛn na yebetumi anya?

4 Dɛn na Dwom 70 ma yehu fa Dawid ho? Bere a na Dawid atamfo bi asi wɔn bo sɛ wobekum no no, wanyɛ n’adwene sɛ ɔno ankasa ne wɔn bedi. Mmom no, onyaa ahotoso sɛ Yehowa ne wɔn a wɔsɔre tia no no bedi wɔ n’ankasa ne bere mu wɔ ɔkwan a ɛfata so. (1 Sam. 26:10) Dawid kɔɔ so nyaa gyidi a emu yɛ den sɛ Yehowa boa wɔn a wɔhwehwɛ no no, na ogye wɔn. (Heb. 11:6) Ná Dawid gye di sɛ, Yehowa asomfo anokwafo a wɔte saa no wɔ nea wobetumi agyina so aka ne kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ afoforo de akamfo no na wɔadi ahurusi.—Dw. 5:11; 35:27.

5 Sɛnea Dawid yɛe no, yɛn nso yebetumi anya ahotoso koraa sɛ Yehowa ne yɛn Boafo ne yɛn “gyefo.” Enti, sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den, anaasɛ yehu sɛ yehia mmoa denneennen a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mmɛboa yɛn ntɛm ara. (Dw. 71:12) Nanso, ɔkwan bɛn na Yehowa betumi afa so abua mpae a yɛbɔ de hwehwɛ ne mmoa no? Ansa na yebesusuw ɔkwan a Yehowa betumi afa so aboa yɛn ho no, ma yɛnhwehwɛ akwan abiɛsa a Yehowa faa so gyee Dawid na ɔboaa no wɔ mmere a na ɔwɔ ahokyere mu no mu.

Wogyee no Fii Asɔretiafo Nsam

6. Dɛn na ɛboaa Dawid ma ohui sɛ Yehowa gye treneefo?

6 Ná Dawid nam Bible no afã bi a ɔwɔ so ahu sɛ treneefo betumi de wɔn ho ato Yehowa so ma waboa wɔn. Bere a Yehowa de Nsuyiri no baa wiase bɔne no so no, ogyee Noa ne n’abusua a wosuro Onyankopɔn no nkwa. (Gen. 7:23) Bere a Yehowa tɔɔ ogya ne sufre fii soro guu nnipa abɔnefo a na wɔte Sodom ne Gomora so no, ɔboaa Lot ne ne mmabea baanu no ma woguan nyaa wɔn ti didii mu. (Gen. 19:12-26) Bere a Yehowa sɛee ɔhantanfo Farao ne n’asraafo dɔm wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, ɔbɔɔ ne nkurɔfo ho ban, na ɔboaa wɔn ma wonyaa wɔn ti didii mu. (Ex. 14:19-28) Ɛnde, so ɛyɛ nwonwa sɛ Dawid yii Yehowa ayɛ wɔ dwom foforo mu sɛ ɔyɛ “nkwagye Nyankopɔn” no?—Dw. 68:20.

7-9. (a) Dɛn na ɛmaa Dawid nyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde gye ne nkurɔfo? (b) Hena na Dawid de ogye a onyae no ho ayeyi maa no?

7 Ná Dawid ankasa nso wɔ nea enti a onyaa Yehowa mu ahotoso koraa sɛ obetumi agye no no. Ná Dawid ankasa ahu sɛ Yehowa “daapem abasa” no betumi agye wɔn a wɔsom No no. (Deut. 33:27) Ná Yehowa aboa Dawid ma ‘wafi n’atamfo a wɔn bo afuw no no nsam’ mpɛn pii. (Dw. 18:17-19, 48) Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.

8 Bere a Israel mmea fii ase yii Dawid ayɛ sɛ ɔyɛ ɔsraani ɔkokodurufo no, Ɔhene Saul benyaa Dawid ho tan araa ma ɔtow peaw sɛ ɔde rewɔ no mpɛn abien. (1 Sam. 18:6-9) Mpɛn abien no nyinaa no, peaw no anwɔ Dawid. So esiane sɛ na Dawid nim akodi yiye, na ne ho yɛ hare nti na peaw no anwɔ no no? Dabi. Bible ka sɛ na ‘Yehowa di n’akyi.’ (Monkenkan 1 Samuel 18:11-14.) Akyiri yi, bere a pɔw a Saul bɔe sɛ ɔbɛyɛ ma Filistifo akum Dawid no anyɛ yiye no, ‘Saul behui sɛ Yehowa di Dawid akyi.’—1 Sam. 18:17-28.

9 Hena na Dawid de ogye a onyae yi ho ayeyi maa no? Dwom 18 atifi asɛm no ka sɛ, ‘Dawid kaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa, ɛda a Yehowa gyee no Saul nsam no.’ Dawid kaa ne komam asɛm wɔ dwom no mu sɛ: “[Yehowa, NW] ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me Nyankopɔn ne me botantim a miguan medɔ no.” (Dw. 18:2) So sɛnea Yehowa wɔ tumi a ɔde gye ne nkurɔfo a yɛabehu no nhyɛ yɛn gyidi den?—Dw. 35:10.

Ɔwowaw no Ɔyarepa So

10, 11. Dɛn na ɛboa yɛn ma yetumi hu bere a ɛbɛyɛ sɛ Dawid yaree a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 41 no?

10 Yare bi a emu yɛ den bɔɔ Ɔhene Dawid bere bi, na ɛno na wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 41 no. Yare a ɛbɔɔ Dawid no kaa no too hɔ paa ma na n’atamfo susuw sɛ “ɔrensɔre bio.” (Dw. 41:7, 8) Bere bɛn na saa yare a emu yɛ den no bɔɔ Dawid? Ɛbɛyɛ sɛ tebea a wɔaka ho asɛm wɔ saa dwom yi mu no fa amanehunu a Dawid faa mu bere a ne ba Absalom bɔɔ mmɔden sɛ obetu no afi ahenni no so no ho.—2 Sam. 15:6, 13, 14.

11 Sɛ nhwɛso no, Dawid kaa n’adamfo bi a na ɔwɔ ne mu ahotoso a na ɔne no didi ho asɛm sɛ wayi no ama. (Dw. 41:9) Ebia, eyi bɛkae yɛn asɛm bi a ɛtoo Dawid wɔ n’asetram no. Bere a Absalom tew atua no, Dawid fotufo Ahitofel a na ɔwɔ ne mu ahotoso no yii no mae, na ɔkɔkaa Absalom ho ma wɔsɔre tiaa ɔhene no. (2 Sam. 15:31; 16:15) Wode, hwɛ ɔhene a ɔyare da mpa so a wayɛ mmerɛw, na onim sɛ saa bere no nyinaa nkurɔfo a wɔrebɔ ne ho pɔw bɔne a wɔatwa ne ho ahyia no nyae a anka wawu, na ama wɔanya kwan atumi ayɛ nneɛma bɔne a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no.—Dw. 41:5.

12, 13. (a) Ahotoso bɛn na Dawid daa no adi? (b) Ɔkwan bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn faa so hyɛɛ Dawid den?

12 Ahotoso a na Dawid wɔ wɔ ne “gyefo” no mu no anhinhim. Dawid kaa Yehowa somfo a ɔteɛ a ɔyare ho asɛm sɛ: ‘Yehowa begye no wɔ da bɔne mu. Yehowa bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi no yiye.’ (Dw. 41:1, 3) Ɛha nso, hyɛ ahotoso a Dawid de kae sɛ ‘Yehowa bɛwaw’ no no nsow. Ná Dawid gye di sɛ Yehowa begye no. Ɔkwan bɛn so?

13 Dawid anhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ anwonwade bi de asa no yare. Mmom no, na Dawid gye di paa sɛ Yehowa ‘bɛwowaw no,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔbɛboa no na wahyɛ no den bere a ɔda ɔyarepa so no. Ɛda adi paa sɛ, na Dawid hia mmoa a ɛte saa. Yare a ɛbɔɔ Dawid ma ɔyɛɛ mmerɛw akyi no, na atamfo a wɔreka ne ho nsɛmmɔne nso atwa ne ho ahyia. (Dw. 41:5, 6) Ebetumi aba sɛ Yehowa boaa Dawid ma ɔkaakaee nsɛm a ɛma awerɛkyekye de hyɛɛ no den. Hyɛ no nsow sɛ Dawid kae sɛ: “Wuso me mu ma migyina hɔ, me mũ a midi mu.” (Dw. 41:12) Ɛmfa ho sɛ na yare ama Dawid ayɛ mmerɛw na n’atamfo rekeka ne ho nsɛmmɔne no, Yehowa buu no sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, na ɛbɛyɛ sɛ eyi ho a Dawid susuwii no nso hyɛɛ no den. Awiei koraa no, Dawid ho tɔɔ no. So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yenim sɛ Yehowa betumi awowaw wɔn a wɔyare no?—2 Kor. 1:3.

Ɔma Wonyaa Nea Wohia

14, 15. Bere bɛn na aduan ho behiaa Dawid ne ne mmarima no, na mmoa bɛn na wonyae?

14 Bere a Dawid bedii Israel so hene no, ná otumi nya aduan pa di nya nsa pa nom, na na otumi frɛ afoforo pii ma wɔne no bedidi mpo. (2 Sam. 9:10) Nanso, na Dawid nim sɛnea wodi kɔm nso. Bere a Dawid ba Absalom ma wɔtew no so atua na ɔpɛe sɛ ogye ahenni no fi ne nsam no, Dawid ne anokwafo bi a wɔtaa n’akyi guan fii Yerusalem. Woguan kɔɔ Gilead asase so wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam. (2 Sam. 17:22, 24) Esiane sɛ na Dawid ne ne mmarima no reguan afi wɔn a na wɔrepam wɔn no anim bere nyinaa nti, ankyɛ koraa na wobehui sɛ wohia aduan ne nsu ne baabi a wɔbɛda paa. Nanso, na ɛhe na wobenya saa nneɛma yi wɔ sare no so hɔ?

15 Awiei koraa no, Dawid ne ne mmarima no koduu Mahanaim kurow no mu. Wohyiaa mmarima akokodurufo baasa bi a wɔne Sobi, Makir, ne Barsilai wɔ hɔ. Ná saa mmarima yi pɛ sɛ wɔde wɔn nkwa to asiane mu boa ɔhene a na Onyankopɔn apaw no no, efisɛ sɛ na ahenni no bedi Absalom nsam koraa a, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔbɛtwe wɔn a na wɔaboa Dawid no nyinaa aso denneennen. Bere a mmarima anokwafo baasa yi hui sɛ Dawid ne ne mmarima no ho akyere wɔn no, wɔde nneɛma a na wohia paa kɔmaa wɔn. Nneɛma a wɔde kɔmaa wɔn no mu bi ne, nnaso, awi, atoko, nkyewe, asɛ, asɛdua, ɛwo, nufusu a akyenkyen, ne nguan. (Monkenkan 2 Samuel 17:27-29.) Ɛbɛyɛ sɛ nokwaredi ne ahɔhoyɛ soronko a saa mmarima basaa yi daa no adi kyerɛɛ wɔn no kaa Dawid koma kɛse. Ná ɛbɛyɛ dɛn na Dawid werɛ atumi afi nea wɔyɛ maa no yi?

16. Hena ankasa na ɔmaa Dawid ne ne mmarima no nsa kaa wɔn ahiade no?

16 Nanso, hena ankasa na ɔmaa Dawid ne ne mmarima no nsa kaa nea na wohia no? Ná Dawid gye di paa sɛ Yehowa hwɛ ne nkurɔfo. Saa ara na Yehowa betumi akanyan n’asomfo bi ma wɔakɔboa ne somfo foforo a ohia mmoa no. Bere a Dawid resusuw nea esii wɔ Gilead asase so ho no, akyinnye biara nni ho sɛ ohui sɛ Yehowa na ofi ɔdɔ mu dwenee ne ho, na ɔno na ɔmaa saa mmarima baasa no bɛdaa ayamye adi kyerɛɛ no. Aka kakra ma Dawid awu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee [a ɔno Dawid ka ho] a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dw. 37:25) So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa bɛma n’asomfo nsa aka wɔn ahiade bere nyinaa?—Mmeb. 10:3.

‘Yehowa Nim Sɛnea Ogye Ne Nkurɔfo’

17. Dɛn na Yehowa ayɛ no mpɛn pii?

17 Ná Dawid yɛ nnipa pii a Yehowa gyee wɔn wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no mu biako pɛ. Efi Dawid bere so no, Onyankopɔn ama ada adi mpɛn pii sɛ ɔsomafo Petro asɛm a edi so yi yɛ nokware: “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no afi sɔhwɛ mu.” (2 Pet. 2:9) Ma yensusuw nhwɛso foforo abien ho nhwɛ.

18. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so gyee ne nkurɔfo wɔ Hesekia bere so?

18 Bere a Asiria asraafo a wɔyɛ den tow hyɛɛ Yuda so, na wɔde wɔn ani sii Yerusalem so wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Ɔhene Hesekia bɔɔ mpae sɛ: ‘O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, gye yɛn na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nkutoo ne Onyankopɔn.’ (Yes. 37:20, NW) Ade a na Hesekia dwen ho paa ne ahohorabɔ a na ɛbɛba Onyankopɔn din so no. Yehowa tiee mpae a ofi ne komam bɔe no. Anadwo biako pɛ no, ɔbɔfo biako kunkum Asiriafo 185,000 de gyee Yehowa asomfo anokwafo.—Yes. 37:32, 36.

19. Kɔkɔbɔ bɛn na Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no tiei a amma amanehunu anto wɔn no?

19 Aka nna kakra ma Yesu awu no, ɔhyɛɛ nkɔm bi a na ɛso bɛba n’asuafo a na wɔwɔ Yuda no so mfaso de bɔɔ wɔn kɔkɔ. (Monkenkan Luka 21:20-22.) Mfe pii twaam, nanso wɔ afe 66 Y.B. mu no, atua bi a Yudafo no tewee no maa Roma asraafo bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. Asraafo a na Cestius Gallus da wɔn ano no tumi kotutuu asɔrefie no ho ɔfasu no ase; afei, wofii hɔ mpofirim. Bere a nokware Kristofo no hui sɛ eyi yɛ hokwan a wɔde beguan ɔsɛe a na Yesu ahyɛ ho nkɔm no, woguan kɔɔ mmepɔw so. Roma asraafo no san bae wɔ afe 70 Y.B. mu. Saa bere yi de wɔansan ankɔ, na wɔsɛee Yerusalem pasaa. Saa amanehunu no anto Kristofo a wotiee Yesu kɔkɔbɔ no.—Luka 19:41-44.

20. Dɛn nti na yebetumi anya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔno ne yɛn “gyefo”?

20 Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa aboa ne nkurɔfo wɔ mmere a atwam no ho a, ɛhyɛ yɛn gyidi den. Nea Yehowa ayɛ wɔ mmere a atwam mu no ma yenya ne mu ahotoso. Ɛmfa ho ɔhaw biara a ebia yɛrehyia seesei anaasɛ yebehyia daakye no, yɛn nso yebetumi anya Yehowa mu ahotoso koraa sɛ ɔne yɛn “gyefo.” Nanso, ɔkwan bɛn na Yehowa bɛfa so agye yɛn? Na nnipa bi a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ adesua yi mfiase no nso ɛ? Wɔn nsɛm no kosii dɛn? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Ahotoso bɛn na Dwom 70 ma yenya?

• Ɔkwan bɛn so na wɔwowaw Dawid bere a na ɔyare no?

• Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa betumi agye ne nkurɔfo afi asɔretiafo nsam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yehowa tiee Hesekia mpaebɔ