Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yensuasua Yesu Na Yɛnsom Onyankopɔn Wɔ Ɔkwan A Ɛsɔ N’ani So

Momma Yensuasua Yesu Na Yɛnsom Onyankopɔn Wɔ Ɔkwan A Ɛsɔ N’ani So

Momma Yensuasua Yesu Na Yɛnsom Onyankopɔn Wɔ Ɔkwan A Ɛsɔ N’ani So

Onyankopɔn fi ɔdɔ mu to nsa frɛ nkurɔfo a “wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” sɛ wɔmmɛsom no. (Adi. 7:9, 10; 15:3, 4) Wɔn a wogye ɔfrɛ yi so betumi ‘ahwɛ Yehowa animtew.’ (Dw. 27:4; 90:17) Wɔma wɔn nne so yi Onyankopɔn ayɛ te sɛ odwontofo no, na wɔka sɛ: ‘Momma yemmutuw nkotow nsɔre Yehowa, yɛn yɛfo no anim.’—Dw. 95:6.

Ɔsom a Ɛsom Bo Kɛse Ma Yehowa

Sɛ́ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no, Yesu nyaa hokwan pii de suaa sɛnea n’Agya susuw nneɛma ho, ne nnyinasosɛm, ne ne gyinapɛn ahorow. Enti, Yesu tumi de ahotoso kyerɛɛ ɔkwampa a nkurɔfo betumi afa so asom Yehowa. Yesu kae sɛ: “Mene kwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.”—Yoh. 1:14; 14:6.

Yesu brɛɛ ne ho ase maa n’Agya de yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. Ɔkae sɛ: “Memmɔ me tirim nyɛ biribiara; na sɛnea Agya no kyerɛɛ me no ɛno ara na meka.” Ɔsan kae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yoh. 8:28, 29) Nneɛma bɛn na Yesu yɛe a ɛma ɔsɔɔ n’Agya ani?

Ade biako ne sɛ, Yesu tuu ne ho sii hɔ koraa som n’Agya, na saa na Onyankopɔn som kyerɛ ankasa. Yesu tiee n’Agya asɛm yɛɛ n’apɛde bere mpo a na saa a ɔbɛyɛ no bɛma ne ho akyere no pii no. Ɔnam saa a ɔyɛe so kyerɛe sɛ ɔne n’Agya wɔ abusuabɔ pa. (Filip. 2:7, 8) Ade a na ɛho hia wɔ ɔsom a Yesu de maa n’Agya no mu biako ne asuafoyɛ adwuma no a ɔyɛɛ no daa no. Ɔyɛɛ saa adwuma no araa ma gyidifo ne wɔn a wonnye nni mpo frɛɛ no Ɔkyerɛkyerɛfo. (Mat. 22:23, 24; Yoh. 3:2) Bio nso, Yesu de ne bere ne n’ahoɔden pii boaa afoforo. Ahofama a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no amma wannya bere amma ne ho, nanso na n’ani gye ho sɛ ɔbɛsom afoforo. (Mat. 14:13, 14; 20:28) Ɛwom sɛ na Yesu nni adagyew de, nanso ogyee bere ne ne soro Agya no kasae wɔ mpaebɔ mu bere nyinaa. (Luka 6:12) Hwɛ sɛnea Onyankopɔn ani sɔɔ ɔsom a Yesu de maa no no kɛse!

Mmɔden a Yɛbɔ sɛ Yɛbɛsɔ Onyankopɔn Ani

Yehowa huu nneɛma a ne Ba no yɛe no, na ɔkyerɛɛ ho ani sɔ. (Mat. 17:5) Satan Ɔbonsam nso huu nokware a Yesu dii wɔ n’asetram no. Enti, Satan hyɛɛ da tuu n’ani sii Yesu so. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, saa bere no, na onipa biara nyɛɛ osetie a edi mu mfa nsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani paa so. Ná Ɔbonsam pɛ sɛ ɔma Yesu gyae ɔsom a ɛfata a ɔde ma Yehowa no.—Adi. 4:11.

Bere a Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe ɔsom a Yesu de ma Onyankopɔn no, ɔde biribi sɔɔ no hwɛe. Satan de Yesu kɔɔ “bepɔw tenten paa bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne mu anuonyam.” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” Dɛn na Yesu yɛe? Yesu kae sɛ: “Fi hɔ kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.’” (Mat. 4:8-10) Nokwarem no, Yesu hui sɛ ɛmfa ho mfaso biara a na obenya no, sɛ ɔbɔ ne mu ase ma Satan a, ɛyɛ abosonsom. Ná Yesu mpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi ketewaa bi mpo a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔresom obi foforo aka Yehowa ho.

Wɔ yɛn fam no, ebia Satan renka sɛ yɛnsom no na ɔmfa wiase ahenni ne emu anuonyam nyinaa mma yɛn. Nanso, ɔda so ara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe ɔsom a nokware Kristofo de ma Onyankopɔn no. Ɔbonsam pɛ sɛ yɛsom obi anaa biribi foforo.—2 Kor. 4:4.

Kristo Yesu dii nokware kosii owu mu. Yesu nam ne mudi mu a okura maa Onyankopɔn no so hyɛɛ Yehowa anuonyam wɔ ɔkwan a na onipa biara nyɛɛ bi da so. Sɛ́ nokware Kristofo no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde ɔsom a yɛde ma Ɔbɔadeɛ no bedi kan wɔ biribiara mu de asuasua nokware a Yesu dii no. Nokwasɛm ne sɛ, ade a ɛsom bo paa a yɛwɔ ne abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn wɔ no.

Mfaso a Yenya Fi Ɔsom a Ɛsɔ Ani a Yɛde Ma So

Sɛ yɛde “ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho” wɔ Onyankopɔn ani so ma no a, yenya so mfaso pii. (Yak. 1:27) Sɛ nhwɛso no, yɛte bere bi a nnipa pii yɛ “ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa” na “wɔmpɛ papa” mu. (2 Tim. 3:1-5) Nanso, yɛanya hokwan ne nnipa a wɔn ho tew na wɔbɔ bra pa, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɔhwehwɛ so na ɛbɔ fekuw wɔ Onyankopɔn fie. So ɛno mma yennya abotɔyam?

Sɛ yɛamma wiase yi angu yɛn ho fi a, yenya mfaso foforo a ɛno ne ahonim pa. Yɛpɛ sɛ yɛde Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow yɛ adwuma, na yedi Kaesare mmara ahorow a entia Onyankopɔn mmara no so de kɔ so nya ahonim pa.—Mar. 12:17; Aso. 5:27-29.

Sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu som Onyankopɔn a, yenya mfaso foforo. Sɛ yɛanyɛ nea yɛn ankasa pɛ, na yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, yɛn asetra bɛyɛ nea mfaso wɔ so, na yɛanya abotɔyam. Esiane sɛ yɛwɔ anidaso a edi mu a ɛne sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so nti, yɛrenka sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Kor. 15:32.

Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ bere bi bɛba a, wɔn a wɔkɔ so nya gyinabea pa wɔ Yehowa anim no ‘befi ahohiahia kɛse no mu’ aka. Kyerɛwsɛm no ka sɛ, “Nea ɔte ahengua no so no bɛtrɛw ne ntamadan mu wɔ wɔn so.” (Adi. 7:13-15) Nea ɔte ahengua no so no nyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn, Onii a ɔno na ɔwɔ anuonyam sen obiara wɔ amansan yi mu no. Wode, hwɛ anigye ara a wubenya bere a ogye wo ba ne ntamadan mu na ɔbɔ wo ho ban fi ɔhaw biara ho no! Ɛnnɛ mpo, ɔbɔ yɛn ho ban, na ɔhwɛ yɛn so wɔ ɔkwan bi so.

Bio nso, wɔka wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no nyinaa ho asɛm sɛ wɔrekyerɛ wɔn kwan akɔ “nkwa asuti ho.” Saa asuti a ɛma abotɔyam yi gyina hɔ ma nhyehyɛe a Yehowa ayɛ nyinaa a ɔnam so bɛma yɛanya daa nkwa no. Nokwarem no, Onyankopɔn nam Kristo agyede no so “bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.” (Adi. 7:17) Ɔbɛboa adesamma ma wɔakɔ pɛyɛ mu, na ɔbɛma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no anya anigye a enni kabea. Ɛnnɛ mpo, wɔn a wɔde anigye som Onyankopɔn no de anigye teɛm, na wofi wɔn komam da Yehowa ase, na wɔne wɔn a wɔwɔ soro no bom som no, na wɔto dwom sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Mmeresanten Hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. Yehowa, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam, efisɛ wo nkutoo ne ɔnokwafo? Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo, efisɛ w’ahyɛde a ɛteɛ no ada adi.”—Adi. 15:3, 4.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Dɛn na Satan de rema yɛn ma yɛasom no?