Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adanse A Wodi Wɔ Gua So

Adanse A Wodi Wɔ Gua So

Adanse A Wodi Wɔ Gua So

BERE a na ɔsomafo Paulo wɔ Atene no, na ɔkɔ gua so da biara da kɔka Yesu ho asɛmpa. (Aso. 17:17) Paulo pawee sɛ ɔbɛka asɛm no wɔ gua so, efisɛ na Atenefo no de wɔn bere pii tra gua so.

Bɛyɛ mfe 2,000 akyi no, Yehowa nkurɔfo da so ara ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ gua so. Dɛn ntia? Efisɛ ɛhɔ na wobetumi anya nnipa pii. Ɛnnɛ, gua so betumi ayɛ aguadidan anaa adetɔnbea. Sɛ Adansefo binom srɛ kwan fi ɔpanyin a ɔhwɛ sotɔɔ no so anaa sotɔɔ no wura hɔ wie a, wɔhyehyɛ wɔn Bible ho nhoma no wɔ ɔpon bi so anaa apata bi ase.

Sɛ nhwɛso no, wɔ aguadidan bi a ɛwɔ New Jersey, U.S.A. mu no, wɔhyehyɛɛ nhoma ahorow no fɛfɛɛfɛ, na wɔkyerɛw bɔɔ ho sɛ “Wobɛyɛ Dɛn Ama W’abusua Akɔ so Ayɛ Papa?” Dɛn na efii mu bae? Wɔmaa nhoma 153 a ɛwɔ kasa ahorow asia mu.

Ɔbea bi a ɔbaa apata a na wɔahyehyɛ nhoma wɔ ase no ho no yɛɛ aso tiee nkyerɛkyerɛmu a na Ɔdansefo bi de rema no. Ɔbea no gye toom sɛ ɛho hia sɛ yesusuw Onyankopɔn apɛde ho wɔ yɛn asetra ne yɛn abusua mu. Ogyee nhoma ahorow a edidi so yi: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No, Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, ne Questions Young People Ask—Answers That Work.

Eduu awia no, owura bi betwaam wɔ baabi a na wɔahyehyɛ nhoma no, na ɔyɛe sɛ ɔrekɔ aguadidan foforo bi mu. N’ani bɔɔ Young People Ask nhoma no so. Onuawa a na ogyina apata no ase no hui sɛ owura no ani gye nhoma no bi ho. Onuawa no bisaa owura no sɛ, “W’ani gye nhoma yi bi ho anaa?” Owura no bɔɔ ne ti nko de ne nsa kyerɛɛ Young People Ask nhoma no so. Onuawa no yii nhoma a na owura no ateɛ ne nsa akyerɛ so dedaw no maa no. Owura no kae sɛ ɔwɔ mmabarima baasa. Bere a nkɔmmɔbɔ no rekɔ so no, ɔkae sɛ ɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ pɛnkoro wɔ dapɛn no mu. Ɔkae sɛ ne mmabarima mpanyimfo baanu no adu wɔn mpanyin afe so. Bere a owura no de n’ani refa nhoma no mu no, ɔkae sɛ obetumi ne n’abusua no abɔ nhoma no mu nsɛm no bi ho nkɔmmɔ. Ɔdawurubɔfo no san de Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no kyerɛɛ no, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ afotu pa a ɛwɔ nhoma no mu no betumi aboa ɔne ne yere bere a wɔresisi gyinae wɔ wɔn abusua mu no. Owura no ani gyee nyansahyɛ a ɔde maa no no ho yiye yii ntoboa, na ɔpenee nhyehyɛe a ɔne no yɛe sɛ ɔbɛma obi akɔsra ɔne n’abusua na ɔne wɔn asua ade no so.

Adansefo no tee nka dɛn wɔ adanse a wodii wɔ aguadidan no mu no ho? Onuawa biako kae sɛ, “M’ani gyee saa kwan a yɛfaa so dii adanse no ho paa. M’ani gyei yiye!” Onuawa foforo kae sɛ: “Yehowa ka sɛ wɔbɛka asɛmpa no de akɔ asase ano nohoa. Ɛnnɛ, wɔ Paramus, New Jersey no, asɛmpa yi aka nkurɔfo a wɔka kasa ahorow koma. Adanse a yedii wɔ aguadidan no mu no maa yɛn ani gyei paa. Obiara a ɔkɔkaa asɛm no bi no ani gyei. Yewiei no, na yɛn mu biara mpɛ sɛ ɔkɔ fie.”

So wubetumi afa akwan foforo so aka asɛmpa no? Afie afie asɛnka no ne ɔkwan titiriw a yɛfa so ka asɛmpa no. (Aso. 20:20) Nanso, dɛn nti na wunsusuw ho sɛ wobɛka asɛmpa no wɔ gua so anaa aguadidan mu?