Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔsomafo Paulo kaa “nsa a wɔde gu nkurɔfo so” ho asɛm wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu. So ɛyɛ mpanyimfo a wɔpaw wɔn ho asɛm na na ɔreka, anaasɛ na ɔreka biribi foforo ho asɛm?—Heb. 6:2.

Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ katee wɔ saa asɛm yi ho de, nanso ɛda adi sɛ ɛyɛ nsa a wɔde gu nkurɔfo so ma wonya honhom kronkron akyɛde no ho asɛm na na Paulo reka.

Bible ka nsa a wɔde gu nkurɔfo so paw wɔn ma wɔn teokrase dwumadi ahorow ho asɛm. Bere a Mose repaw Yosua de no asi n’ananmu no, Mose “de ne nsa guu no so.” (Deut. 34:9) Wɔde nsa guu mmarima bi a wɔfata so paw wɔn wɔ Kristofo asafo no mu. (Aso. 6:6; 1 Tim. 4:14) Paulo de afotu maa Timoteo sɛ ɛnsɛ sɛ ɔpere ne ho de ne nsa gu obi so ntɛm.—1 Tim. 5:22.

Nanso, Paulo hyɛɛ Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo no nkuran sɛ afei a wɔagyaw “mfitiasesɛm no” ‘wɔmpere nkɔ ahokokwaw mu.’ Afei, ɔkaa “nnwuma funu ho adwensakra ne Onyankopɔn mu gyidi, asubɔ horow ho nkyerɛkyerɛ ne nsa a wɔde gu nkurɔfo so” ho asɛm. (Heb. 6:1, 2) So paw a na wɔpaw Kristofo sɛ mpanyimfo no yɛ mfitiasesɛm kɛkɛ, a ɛno akyi ansa na wɔapere akɔ ahokokwaw mu? Dabi. Asafo mu panyin a obi bɛyɛ no yɛ botae a ɛsɛ sɛ anuanom mmarima a wɔn ho akokwaw no pere du ho, na ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɔsom hokwan a wɔanya no ho anisɔ, na wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma yiye.—1 Tim. 3:1.

Nanso, na biribi foforo wɔ hɔ a wɔde nsa gu nkurɔfo so wɔ ho. Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yehowa poo honam fam Israelfo no, na ɔde honhom fam Israelfo a wɔne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no sii wɔn ananmu. (Mat. 21:43; Aso. 15:14; Gal. 6:16) Honhom akyɛde a wɔde yɛ anwonwade te sɛ nea wɔde ka kasa foforo a wɔde maa wɔn no dii nsakrae yi ho adanse. (1 Kor. 12:4-11) Bere a Kornelio ne ne fiefo bɛyɛɛ gyidifo no, saa gyidifo a wɔyɛ foforo no nyaa honhom kronkron, na ‘kasa horow a wɔkae’ no dii wɔn ho adanse.—Aso. 10:44-46.

Mmere bi wɔ hɔ a wɔde nsa guu nkurɔfo so ma wonyaa akyɛde a wɔde yɛ anwonwade no bi. Bere a Filipo kɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria no, nnipa pii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Sodikuw no somaa ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Yohane kɔɔ hɔ. Dɛn nti na wɔkɔɔ hɔ? Yɛkenkan sɛ: “Ɛnna [nnipa baanu yi de] wɔn nsa koguu [nkurɔfo a na wɔbɔɔ asu nkyɛe no] so, na wofii ase nyaa honhom kronkron.” Ɛno kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ wonyaa honhom akyɛde, na wɔde tumi no yɛɛ ahoɔdenne maa afoforo hui. Yehu sɛ eyi te saa, efisɛ Simon a bere bi na ɔyɛ asumanne no huu ahoɔdenne a honhom no ma wotumi yɛe no, na ɔde anibere kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ tumi no bi na ama watumi de ne nsa agu nkurɔfo so ma wɔanya honhom kronkron no ma wɔn nso atumi ayɛ anwonwade. (Aso. 8:5-20) Akyiri yi, wɔbɔɔ nnipa 12 asu wɔ Efeso. Yɛkenkan sɛ: “Bere a Paulo de ne nsa guu wɔn so no, honhom kronkron baa wɔn so, na wofii ase kaa kasa horow hyɛɛ nkɔm.”—Aso. 19:1-7; fa toto 2 Timoteo 1:6 ho.

Enti, ɛda adi sɛ ɛyɛ nsa a wɔde gu gyidifo a wɔyɛ foforo so ma wonya honhom akyɛde no bi ho asɛm na na Paulo reka wɔ Hebrifo 6:2 no.