Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tesalonikafo ne Timoteo no Mu Nsɛntitiriw

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tesalonikafo ne Timoteo no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tesalonikafo ne Timoteo no Mu Nsɛntitiriw

NÁ ASAFO foforo a ɛwɔ Tesalonika no ahyia ɔsɔretia fi bere a ɔsomafo Paulo kɔɔ hɔ na ɔkɔhyehyɛe no. Enti, bere a Timoteo a na wadi bɛyɛ mfe 20 no fi hɔ bae na ɔbɛkaa wɔn ho asɛmpa no, ɛkaa Paulo koma ma ɔkyerɛw krataa kɔmaa Tesalonikafo no de kamfoo wɔn, na ɔhyɛɛ wɔn den. Ɛbɛyɛ sɛ Paulo kyerɛw saa krataa no wɔ afe 50 Y.B. mu, na na ɛno ne Paulo nhoma a edi kan a Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛwee. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Paulo kyerɛw krataa a ɛto so abien kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no. Saa bere yi de, Paulo teɛɛ adwene bi a ɛmfata a na ebinom anya no, na ɔhyɛɛ anuanom no nkuran sɛ wonnyina pintinn wɔ gyidi no mu.

Wɔ mfe du akyi no, na Paulo wɔ Makedonia, na na Timoteo nso wɔ Efeso. Paulo kyerɛw Timoteo hyɛɛ no nkuran sɛ ɔntra Efeso, na ɛmfa ho sɛ na atoro akyerɛkyerɛfo wɔ asafo no mu no, ɔnkɔ so mmoa anuanom mma wɔne Yehowa ntam nyɛ papa. Bere a ogya bi tɔɔ Roma na ɛsɛee ade wɔ afe 64 Y.B. mu akyi no, ɛde ɔtaa bi a ano yɛ den baa Kristofo no so, enti Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien no kɔmaa Timoteo. Ɛno ne Paulo nkrataa a Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛwee no mu nea etwa to. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ betumi anya nkuranhyɛsɛm ne afotu afi Paulo nkrataa anan no mu.—Heb. 4:12.

“YƐNWƐN”

(1 Tes. 1:1–5:28)

Paulo kamfoo Tesalonikafo no wɔ ‘adwuma a wɔde wɔn gyidi yɛ ne adwumaden a wofi ɔdɔ mu yɛ ne wɔn boasetɔ’ ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔne ‘n’anidaso, n’anigye, ne n’ahurusidi abotiri.’—1 Tes. 1:3; 2:19.

Bere a Paulo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no nkuran sɛ wɔmfa owusɔre ho anidaso no nkyekye wɔn ho wɔn ho werɛ akyi no, ɔkae sɛ: “Yehowa da no reba sɛnea akorɔmfo ba anadwo no ara pɛ.” Otuu wɔn fo so sɛ ‘wɔnwɛn,’ na wɔn ani nna hɔ.—1 Tes. 4:16-18; 5:2, 6.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

4:15-17—Henanom na ‘wɔbɛfa wɔn mununkum mu akohyia Awurade wɔ wim’ no, na ɔkwan bɛn na eyi bɛfa so aba? Wɔne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔte ase wɔ bere a Kristo ba Ahenni tumi mu no. ‘Wobehyia Awurade’ Yesu wɔ ɔsoro atrae a yɛmfa yɛn aniwa nhu hɔ no. Nanso, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wowu ma wonyan wɔn sɛ honhom abɔde ansa na wɔatumi anya saa hokwan no. (Rom. 6:3-5; 1 Kor. 15:35, 44) Kristo mmae no afi ase dedaw, enti Kristofo a wɔasra wɔn a wowu nnɛ no ntwɛn wɔ awufo mu. ‘Wɔfa wɔn kɔ,’ anaasɛ wonyan wɔn amonom hɔ ara.—1 Kor. 15:51, 52.

5:23—Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔbɔɔ mpae sɛ “wɔnkora mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so” no? Ná Paulo reka honhom, ɔkra, ne nipadua ahorow a ɛka bom yɛ Kristofo asafo no a na Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ Tesalonika no nso ka ho no ho asɛm. Paulo ammɔ mpae kɛkɛ sɛ wɔnkora asafo no so, na mmom, ɔbɔɔ mpae sɛ wɔnkora asafo no “honhom,” anaa asafo no adwene so. Ɔsan nso bɔɔ mpae maa asafo no “kra,” asafo no nkwa, ne asafo no “nipadua,” a ɛne Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa. (1 Kor. 12:12, 13) Enti, mpae a Paulo bɔe no si sɛnea na asafo no ho hia no paa no so dua.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:3, 7; 2:13; 4:1-12; 5:15. Ɔkwan pa a yebetumi afa so de afotu ama ne sɛ yebefi yɛn komam akamfo onii no na yɛahyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so nyɛ nneɛma pa.

4:1, 9, 10. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo kɔ so ma wɔne Yehowa ntam yɛ papa.

5:1-3, 8, 20, 21. Bere a Yehowa da no rebɛn no, ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso no sɛ dade kyɛw.’ Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm a ɛno ne Bible no yiye.

“MUNNYINA HƆ PINTINN”

(2 Tes. 1:1–3:18)

Esiane sɛ wokyinkyim asɛm a Paulo kae wɔ ne krataa a edi kan no mu nti, ɛbɛyɛ sɛ ebinom a na wɔwɔ asafo no mu kaa no denneennen sɛ ‘Awurade mmae’ no adu. Nea ɛbɛyɛ na Paulo ateɛ saa adwene no, ɔkaa nneɛma a ɛsɛ sɛ ‘ɛba ansa’ no ho asɛm.—2 Tes. 2:1-3.

Paulo tuu wɔn fo sɛ: “Munnyina hɔ pintinn, na munkura nkyerɛkyerɛ a yɛde agyaw mo no mu.” Ɔhyɛɛ wɔn sɛ ‘wɔntwe wɔn ho mfi onua biara a ɔnam basabasa’ no ho.—2 Tes. 2:15; 3:6.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:3, 8—Hena ne “onipa a onni mmara no,” na ɔkwan bɛn so na wobeyi no afi hɔ? Wɔn a wɔbom yɛ “onipa” no ne Kristoman mu asɔfokuw. Onii a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnka Onyankopɔn atemmusɛm ntia abɔnefo na ɔnhwɛ mma wonyi wɔn mfi hɔ no ne “Asɛm no,” na ɔno ne Onyankopɔn Kasamafo panyin Yesu Kristo. (Yoh. 1:1) Enti, yebetumi aka sɛ Yesu “de n’anom honhom [tumi a ɔde yɛ ade] beyi” onipa a onni mmara no afi hɔ.

2:13, 14—Ɔkwan bɛn so na ‘wɔpaw’ Kristofo a wɔasra wɔn no “fii mfiase maa nkwagye”? Wɔhyɛɛ wɔn a wɔasra wɔn no too hɔ bere a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma ɔbea no aseni abɔ Satan ti no. (Gen. 3:15) Yehowa san kaa ahwehwɛde a na ɛsɛ sɛ wodu ho, adwuma a na wɔbɛyɛ, ne sɔhwɛ a na wobehyia no ho asɛm too hɔ. Enti, Yehowa paw wɔn maa ‘saa botae yi.’

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:6-9. Sɛ Yehowa rebu atɛn a, ɔnsɛe treneefo nka abɔnefo ho.

3:8-12. Ɛnsɛ sɛ yɛde Yehowa da a abɛn no yi yɛn ho ano wɔ adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de hwehwɛ yɛn ahiade ne nea yɛde bɛhwɛ yɛn ho bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no ho. Sɛ yɛanyɛ adwuma a, ebetumi ama yɛayɛ akwadworɔ, na ama yɛabɛyɛ ‘wɔn a wɔde wɔn ho gyigye afoforo nsɛm mu.’—1 Pet. 4:15.

“BƆ NEA WƆDE AHYƐ WO NSA NO HO BAN”

(1 Tim. 1:1–6:21)

Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔmfa eyinom so nkɔ so nko ɔko pa no; na onkura gyidi ne ahonim pa mu.’ Ɔsomafo no kyerɛɛ ahwehwɛde a Timoteo nnyina so mpaw mmarima wɔ asafo no mu. Paulo san ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔmmɔ atosɛm a etia akronkronne no ngu.’—1 Tim. 1:18, 19; 3:1-10, 12, 13; 4:7.

Paulo kyerɛwee sɛ: “Ntwiw ɔpanyin anim.” Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Bɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa no ho ban, na po nsɛnhunu a etia akronkronne ne akyinnyesɛm a ɛfa nea wodi atoro frɛ no ‘nimdeɛ’ ho no.”—1 Tim. 5:1; 6:20.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:18; 4:14—Dɛn ne “nkɔmhyɛ” a na ɛfa Timoteo ho no? Ná ebetumi ayɛ nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛfa adwuma a na Timoteo bɛyɛ no daakye wɔ Kristofo asafo no mu ho, na Onyankopɔn honhom maa Paulo kaa ho asɛm wɔ bere a ɔkɔɔ Listra wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu no. (Aso. 16:1, 2) Asafo no mu mpanyimfo no gyinaa saa “nkɔmhyɛ” yi so de wɔn ‘nsa guu’ aberantewa Timoteo so yii no sii nkyɛn maa ɔsom adwuma pɔtee bi.

2:15—Ɔkwan bɛn so na ɔbea ‘nam abawo so nya ahobammɔ’? Sɛ ɔbea wo, ɔhwɛ ne mma, na ɔhwɛ ne fiefo a, ebetumi abɔ ne ‘ho ban,’ na wammɛyɛ obi a onni biribi yɛ a ‘odi nseku na ɔde ne ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu.’—1 Tim. 5:11-15.

3:16Dɛn ne onyamesom pa ho ahintasɛm kronkron no? Sɛ́ ebia na nnipa betumi ayɛ osetie a edi mu koraa ama Yehowa tumidi anaasɛ wɔrentumi nyɛ no yɛɛ ahintasɛm mfe pii. Yesu mudi mu a ogyinae pintinn maa Onyankopɔn kosii ne wu mu no ma yenyaa saa asɛm no ho mmuae.

6:15, 16So saa asɛm yi fa Yehowa Nyankopɔn ho anaa Yesu Kristo ho? Saa asɛm no fa onii a asɛm no fa n’ahoyi ho a ɔne Yesu Kristo no ho. (1 Tim. 6:14) Sɛ wɔde nnipa a wodi ade sɛ ahemfo ne awuranom toto Yesu ho a, Yesu ne “Obirɛmpɔn koro” no, na ɔno nkutoo na ɔwɔ nkwa a owu nnim. (Dan. 7:14; Rom. 6:9) Efi bere a ɔforo kɔɔ soro a aniwa nhu hɔ no, onipa biara nni asase yi so a ɔde n’ani ‘ahu’ no.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

4:15. Ɛmfa ho sɛ yɛbɛyɛɛ Kristofo nkyɛe anaasɛ akyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden nya nkɔso na yɛhyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den.

6:2. Sɛ yɛn yɔnko gyidini bi fa yɛn wɔ n’adwuma mu a, sɛ́ anka yɛbɛyɛ nkokoaasa wɔ ɔkwan bi so no, ɛsɛ sɛ ɔno mmom na yɛyere yɛn ho yɛ adwuma ma no sen obi a onni asafo no mu.

“KA ASƐM NO, GYINA MU DENNEENNEN”

(2 Tim. 1:1–4:22)

Nea ɛbɛyɛ na Paulo asiesie Timoteo ama asetra a emu yɛ den a na obehyia no, ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom tumi ne ɔdɔ ne adwenemtew de.” Otuu Timoteo fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, otumi kyerɛkyerɛ.”—2 Tim. 1:7; 2:24.

Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Tra nea woasua na woabegye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu.” Ná awaefo nkyerɛkyerɛ retrɛw, enti ɔsomafo no tuu ɔhwɛfo a na ɔyɛ aberantewa no fo sɛ: “Ka asɛm no, gyina mu denneennen . . . , ka anim, tu fo.”—2 Tim. 3:14; 4:2.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:13Dɛn ne “nsɛm a eye ho nnyinasode” no? “Nsɛm a eye” no ne “yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm” a ɛno ne nokware Kristofo nkyerɛkyerɛ no. (1 Tim. 6:3) Nea Yesu kyerɛkyerɛe ne nneɛma a ɔyɛe ne Onyankopɔn Asɛm no hyia, enti yebetumi atrɛw asɛm a ɛne “nsɛm a eye” no mu ma afa Bible nkyerɛkyerɛ nyinaa ho. Saa nkyerɛkyerɛ yi betumi aboa yɛn ma yɛahu nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ. Sɛ yɛde nneɛma a yɛasua afi Bible no mu yɛ adwuma a, na ɛkyerɛ sɛ yekura saa nnyinasode no mu.

4:13—Ná dɛn ne “mmoa nhoma” no? Frɛ a ɔfrɛɛ no “mmoa nhoma” no kyerɛ sɛ ɛyɛ nsɛm a wɔakyerɛw wɔ aboa nhoma so. Ebetumi aba sɛ na Paulo reka sɛ ɔmfa Hebri Kyerɛwnsɛm no bi a ɛyɛ nhoma mmobɔwee mmrɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a obesua wɔ bere a na ɔda afiase wɔ Roma no. Ɛbɛyɛ sɛ na nhoma mmobɔwee no bi yɛ mmɛw krataa, nanso na afoforo yɛ aboa nhoma.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:5; 3:15. Ade titiriw a ɛmaa Timoteo nyaa Kristo Yesu mu gyidi ne Kyerɛwnsɛm no a wɔde kyerɛkyerɛɛ no wɔ ne mmofraase wɔ fie no, na saa gyidi no na ɛboaa Timoteo ma ɔyɛɛ biribiara a ɔyɛe no. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ abusuafo susuw ɔkwan a wɔbɛfa so akyerɛkyerɛ wɔn mma de adi asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn no ho dwuma anibere so!

1:16-18. Sɛ yɛn mfɛfo gyidifo kɔ sɔhwɛ mu, wohyia ɔsɔretia, anaa wɔde wɔn gu afiase a, momma yɛmmɔ mpae mma wɔn, na yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa mmoa wɔn.—Mmeb. 3:27; 1 Tes. 5:25.

2:22. Ɛnsɛ sɛ Kristofo, titiriw mmabun, ma apɔwmuteɛteɛ, agumadi, nnwom, anigyede, nneɛma a wɔn ani gye ho, akwantu, nkɔmmɔ hunu, ne nneɛma a ɛtete saa gye wɔn bere ma ɛno nti wonnya bere pii mfa nyɛ Kristofo som adwuma no.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Krataa a etwa to a Onyankopɔn honhom maa ɔsomafo Paulo kyerɛwee no ne nea ɛwɔ he?