Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommoa Wɔn A Wɔyera Fi Nguankuw No Mu No

Mommoa Wɔn A Wɔyera Fi Nguankuw No Mu No

Mommoa Wɔn A Wɔyera Fi Nguankuw No Mu No

“Mo ne me nni ahurusi, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.”—LUKA 15:6.

1. Dɛn na Yesu ayɛ de akyerɛ sɛ ɔyɛ oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ?

WƆFRƐ Yehowa Ba a ɔwoo no koro a ɔne Yesu Kristo no sɛ “nguan no hwɛfo kɛse” no. (Heb. 13:20) Kyerɛwnsɛm no hyɛɛ ne mmae ho nkɔm, na ɛma yehui sɛ ɔyɛ Oguanhwɛfo soronko a ɔhwehwɛɛ Israel “nguan a wɔayera” no. (Mat. 2:1-6; 15:24) Bio nso, sɛnea oguanhwɛfo ankasa betumi de ne nkwa ato hɔ de abɔ ne nguan ho ban no, saa ara na Yesu wui sɛ agyede afɔre maa nnipa a wɔte sɛ nguan a wobegye n’afɔrebɔ no atom no.—Yoh. 10:11, 15; 1 Yoh. 2:1, 2.

2. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ama Kristofo binom ayɛ mmerɛw?

2 Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa bi a na ɛte sɛ nea wɔn ani sɔ Yesu afɔrebɔ no a wohyiraa wɔn ho so maa Onyankopɔn no ne Kristofo asafo no mmɔ bio. Ebia abasamtu, yare, anaa nneɛma foforo na ama wɔn mmɔdenbɔ ano abrɛ ase ma wɔayɛ mmerɛw wɔ gyidi no mu no. Nanso, sɛ wɔwɔ Onyankopɔn nguankuw no mu nkutoo a, ɛnna wobetumi anya asomdwoe ne anigye a Dawid kaa ho asɛm wɔ Dwom 23 no. Sɛ nhwɛso no, Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] ne me hwɛfo, hwee renhia me.” (Dw. 23:1) Hwee renhia wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nguankuw no mu wɔ Onyankopɔn som mu no, nanso ɛnte saa wɔ nguan a wɔayera no fam. Henanom na wobetumi aboa nguan a wɔayera no? Wɔbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn? Nokwarem no, nneɛma pɔtẽẽ bɛn na wobetumi ayɛ de aboa wɔn ma wɔasan aba nguankuw no mu?

Henanom na Wobetumi Aboa?

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi ahwehwɛ Onyankopɔn adidibea nguan a wɔayera no asan de wɔn aba?

3 Egye mmɔdenbɔ na ama yɛatumi ahwehwɛ Onyankopɔn adidibea nguan a wɔayera no na yɛasan de wɔn aba. (Dw. 100:3) Yesu yɛɛ eyi ho mfatoho. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi wɔ nguan ɔha na emu biako yera a, so ɔrennyaw aduɔkron akron no wɔ bepɔw so nkɔhwehwɛ nea wayera no? Na sɛ ohu no a, nokwarem mise mo sɛ odi ne ho ahurusi sen aduɔkron akron a wɔnyerae no. Saa ara nso na m’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera.” (Mat. 18:12-14) Henanom na wobetumi aboa nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔayera afi nguankuw no mu no?

4, 5. Su bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no nya wɔ Onyankopɔn nguankuw no ho?

4 Sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo pɛ sɛ wɔboa nguan a wɔayera no a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ Onyankopɔn nguankuw no yɛ asafo a emufo ahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔyɛ ‘Onyankopɔn adidibea nguan’ a wɔsom bo ma no. (Dw. 79:13) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nguan a wɔsom bo no brɛbrɛ, na eyi hwehwɛ sɛ ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ no kyerɛ wɔn ho anigye. Sɛ mpanyimfo srasra anuanom ne wɔn bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye a, ebetumi aboa wɔn paa. Sɛ ɔhwɛfo bi fi ɔdɔ mu hyɛ nguan a wɔayera no nkuran a, ebetumi ahyɛ wɔn gyidi den, na ɛbɛma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛsan aba nguankuw no mu.—1 Kor. 8:1.

5 Wɔn a wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw no so no wɔ asɛyɛde sɛ wɔhwehwɛ nguan a wɔayera no, na afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn. Ɔsomafo Paulo kaee Kristofo a na wɔyɛ asafo mu mpanyimfo wɔ tete Efeso no sɛ wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔsrasra nguankuw no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani mmra mo ho ne nguankuw a honhom kronkron apaw mo ahwɛfo wɔ wɔn mu no nyinaa so, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya tɔe no so yiye.” (Aso. 20:28) Saa ara na ɔsomafo Petro de afotu a edi so yi maa mpanyimfo a wɔasra wɔn no sɛ: “Monhwɛ Nyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi Nyankopɔn agyapade so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.”—1 Pet. 5:1-3.

6. Dɛn nti na ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ ahwɛfo no hwɛ Onyankopɔn nguan so?

6 Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo suasua Yesu a ɔyɛ “oguanhwɛfo pa no.” (Yoh. 10:11) Ná Onyankopɔn nguan no ho hia Yesu paa, na osii hia a ehia sɛ wɔhwɛ wɔn so no so dua bere a ɔka kyerɛɛ Simon Petro sɛ, ‘ɔnhwɛ Ne nguan nkumaa’ no. (Monkenkan Yohane 21:15-17.) Ɛnnɛ paa na ɛho hia sɛ wɔhwɛ nguan no wɔ saa kwan no so, efisɛ Ɔbonsam ayere ne ho denneennen sɛ ɔbɛsɛe wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no gyidi. Satan de n’ani si yɛn honam mmerɛwyɛ so, na ɔnam wiase akɔnnɔ ahorow so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yehowa nguan no ayɛ bɔne. (1 Yoh. 2:15-17; 5:19) Wɔn a wɔayɛ mmerɛw no titiriw na ɛnyɛ den koraa sɛ Ɔbonsam benya wɔn, ma ɛno nti, wohia mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde afotu a ɛne sɛ ‘yɛnnantew honhom mu no’ bɛyɛ adwuma. (Gal. 5:16-21, 25) Sɛ yebetumi aboa nguan a wɔte saa no a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae de yɛn ho to Onyankopɔn so, yɛhwehwɛ ne honhom no akwankyerɛ, na yɛde n’Asɛm no di dwuma yiye.—Mmeb. 3:5, 6; Luka 11:13; Heb. 4:12.

7. Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ mpanyimfo no srasra nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔhwɛ wɔn so no?

7 Ná tete Israel guanhwɛfo de poma tenten bi a ne ti akoa na ɛka ne nguan. Sɛ nguan no rekɔ nguannan no mu anaasɛ wɔrefi adi a, na ‘wɔfa poma no ase’ ma enti na oguanhwɛfo no tumi kan wɔn. (Lev. 27:32; Mika 2:12; 7:14) Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔhwɛfo no hu Onyankopɔn nguan a ɔhwɛ wɔn so no yiye, na ohu sɛnea wɔn mu biara ho te. (Fa toto Mmebusɛm 27:23 ho.) Enti, nguan no a wɔsrasra wɔn no yɛ nneɛma a ɛho hia paa a mpanyimfo kuw no susuw ho no mu biako. Nneɛma a wosusuw ho no bi ne nhyehyɛe ahorow a wɔyɛ de boa nguan a wɔayera no. Yehowa ankasa kae sɛ ɔbɛhwehwɛ ne nguan na wahwɛ wɔn so. (Hes. 34:11) Enti, sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe a ɛte saa de boa nguan a wɔayera no ma wɔsan ba nguankuw no mu a, ɛma Onyankopɔn ani gye.

8. Akwan bɛn na mpanyimfo no betumi afa so aboa nguan no?

8 Sɛ yɛn yɔnko gyidini bi yare, na sɛ wɔn a wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw no so no mu biako kɔsra no a, ebetumi ama n’ani agye, na ahyɛ no nkuran. Saa ara na sɛ nguan no mu bi yare wɔ honhom fam na mpanyimfo no boa no a, ɛno nso betumi ama n’ani agye na ahyɛ no nkuran. Mpanyimfo no betumi ne nea wayɛ mmerɛw no akenkan kyerɛw nsɛm, asusuw asɛm bi a ɛwɔ asafo no nhoma bi mu ho, abɔ nsɛntitiriw bi a wosusuw ho wɔ asafo nhyiam bi ase ho nkɔmmɔ, na wɔne no abɔ mpae, ne nneɛma foforo. Mpanyimfo no betumi aka akyerɛ nea wayɛ mmerɛw no sɛ asafo no mufo ani begye ho sɛ wɔbɛsan ahu no wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase. (2 Kor. 1:3-7; Yak. 5:13-15) Sɛ mpanyimfo no kɔsra obi a wayɛ mmerɛw, wɔfrɛ no wɔ telefon so, anaasɛ wɔkyerɛw no krataa a, ebetumi aboa no paa! Sɛ Kristoni bi a ɔyɛ ɔhwɛfo a ɔwɔ ayamhyehye boa oguan bi a wayera afi nguankuw no mu a, ebetumi ama ɔpanyin no nso ani agye kɛse.

Yɛn Nyinaa Betumi Aboa

9, 10. Dɛn nti na wubetumi aka sɛ ɛnyɛ mpanyimfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔma nguan a wɔayera no ho hia wɔn?

9 Yɛte mmere bi a emu yɛ den na nnipa nni adagyew mu, enti sɛ yɛn yɔnko gyidini bi de nkakrankakra retwe ne ho afi asafo no ho a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu. (Heb. 2:1) Nanso, Yehowa nguan no som bo ma no paa. Nguan no mu biara som bo te sɛ nea nipadua akwaa biara som bo no. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma yɛn nuanom ho hia yɛn na yɛn mu biara dwen ne yɔnko ho yiye. (1 Kor. 12:25) So saa na wote?

10 Ɛwom sɛ, mpanyimfo no na wodi anim hwehwɛ nguan a wɔayera no na wɔboa wɔn de, nanso ɛnyɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔma yɛn mfɛfo gyidifo a wɔayera no ho hia wɔn. Afoforo nso betumi aboa saa ahwɛfo yi. Yebetumi ahyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a wohia mmoa na ama wɔatumi asan aba nguankuw no mu no nkuran na yɛaboa wɔn wɔ honhom fam, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de mmoa a ɛte saa ama wɔn?

11, 12. Hokwan titiriw bɛn na wobetumi de ama wo ma woaboa wo yɔnko gyidini bi a wayɛ mmerɛw?

11 Wɔ tebea ahorow bi mu no, ebia mpanyimfo no ne Ahenni adawurubɔfo a wɔn ho ahokokwaw bɛyɛ nhyehyɛe ma wɔne wɔn a wɔayɛ mmerɛw a wɔaka sɛ wohia mmoa no ayɛ Bible adesua. Nea enti a wɔyɛ saa adesua no ne sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ma wɔasan akanyan ‘ɔdɔ a na wɔwɔ kan no.’ (Adi. 2:1, 4) Wobetumi ne wɔn mfɛfo gyidifo a wɔayɛ mmerɛw no asusuw nneɛma bi a bere a yesuaa ho ade no na wɔagyae asafo nhyiam kɔ no ho de aboa wɔn ma ahyɛ wɔn gyidi den.

12 Sɛ mpanyimfo no ka kyerɛ wo sɛ wo ne wo yɔnko gyidini bi a ohia mmoa wɔ Onyankopɔn som mu nsua ade a, bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na onhyira w’adwuma no so. Nokwarem no, “Dan wo nnwuma gu Yehowa so, na wo nhyehyɛe betim.” (Mmeb. 16:3, NW) Dwennwen Bible mu nsɛm ne nsɛm a ɛhyɛ gyidi den a wubetumi ne wɔn a wohia mmoa wɔ Onyankopɔn som mu no abɔ ho nkɔmmɔ no ho. Susuw nhwɛso a edi mu a ɔsomafo Paulo yɛe no ho hwɛ. (Monkenkan Romafo 1:11, 12.) Ná Paulo ho pere no sɛ obehu Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn honhom mu akyɛde bi ma wɔn ase atim. Ná ɔhwɛ kwan nso sɛ obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ. So ɛnsɛ sɛ yenya su a ɛte saa ara bere a yɛpɛ sɛ yɛboa nguan a wɔayera afi Onyankopɔn nguankuw no mu no?

13. Dɛn na wubetumi ne obi a wayɛ mmerɛw abɔ ho nkɔmmɔ?

13 Sɛ moresua ade a, wubetumi abisa no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu nokware no?” Boa nea wayɛ mmerɛw no ma ɔnkaakae anigye a onyae bere a na ɔsom Yehowa no. Hyɛ no nkuran ma ɔnka osuahu ahorow a onyae wɔ asafo nhyiam ahorow ase, asɛnka mu, ne nhyiam akɛse ase ho asɛm nkyerɛ wo. Ka anigye a ebia wo ne no anya pɛn wɔ Yehowa som adwuma no mu ho asɛm. Ka anigye a woanya bere a wobɛn Yehowa no ho asɛm kyerɛ no. (Yak. 4:8) Ka anisɔ a woanya wɔ sɛnea Onyankopɔn ma yɛn nsa ka yɛn ahiade sɛ ne nkurɔfo, titiriw no, awerɛkyekye ne anidaso a ɔma yenya wɔ yɛn ahohia mu no ho asɛm.—Rom. 15:4; 2 Kor. 1:3, 4.

14, 15. Nhyira bɛn na bere bi na wɔn a wɔayɛ mmerɛw no wɔ a sɛ yɛkaakae wɔn a, ɛso betumi aba wɔn mfaso?

14 Ɛda adi paa sɛ, sɛ woboa nea wayɛ mmerɛw no ma ɔkaakae nhyira a onyae bere a na ɔne asafo no bɔ denneennen no a, ɛso bɛba no mfaso. Sɛ nhwɛso no, nhyira a onyae no bi ne sɛ onyaa Onyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri. (Mmeb. 4:18) Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a na ‘ɔnantew honhom mu no,’ na ɛnyɛ no den koraa sɛ ɔbɛko atia sɔhwɛ ahorow a ɛbɛma wayɛ bɔne no. (Gal. 5:22-26) Ahonim pa a onyae no nso boaa no ma otumi bɔɔ Yehowa mpae, na onyaa ‘Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so na ɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene nsusuwii ho ban’ no. (Filip. 4:6, 7) Ma saa nsɛm no ntra w’adwenem, fi wo komam kyerɛ ne ho anigye, na sɛnea ɛte biara no, fi wo komam hyɛ wo nua Kristoni no nkuran mma ɔnsan mmra nguankuw no mu.—Monkenkan Filipifo 2:4.

15 Fa no sɛ woyɛ asafo mu panyin a woresrasra nguan no. Wubetumi ahyɛ awarefo bi a wɔayɛ mmerɛw nkuran ma wɔasusuw bere a wodii kan suaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ho. Hwɛ sɛnea wohui sɛ nokware no yɛ anigye, ntease wom, ɛma abotɔyam, na ɛma wɔdee wɔn ho honhom fam! (Yoh. 8:32) Hwɛ sɛnea ade a na wɔresua afa Yehowa ne ne dɔ, ne n’atirimpɔw a ɛyɛ anigye ho no maa anigye hyɛɛ wɔn koma ma! (Fa toto Luka 24:32 ho.) Kae wɔn sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no ne no nya abusuabɔ a emu yɛ den, na wotumi bɔ no mpae. Momma yemfi yɛn koma nyinaa mu nhyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no nkuran mma wɔnsan nyɛ “anigye Nyankopɔn [Yehowa] no anuonyam asɛmpa” no ho adwuma.—1 Tim. 1:11.

Momma Yɛnkɔ so Nna Ɔdɔ Adi Nkyerɛ Wɔn

16. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛnea mmɔden a yɛbɔ de honhom fam mmoa ma wɔn a wɔayɛ mmerɛw no tumi yɛ adwuma paa.

16 So nyansahyɛ ahorow yi a yɛasusuw ho no tumi yɛ adwuma ankasa? Yiw, etumi yɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, abarimaa bi yɛɛ Ahenni dawurubɔfo bere a na wadi mfe 12, na ɔbɛyɛɛ mmerɛw bere a odii mfe 15 no. Nanso, akyiri yi ɔbɛyɛɛ den, na wayɛ bere nyinaa som adwuma bɛboro mfe 30 ni. Nea ɛma ɔsan bɛyɛɛ den wɔ asafo no mu titiriw ne mmoa a Kristoni bi a ɔyɛ ɔpanyin de maa no no. Hwɛ sɛnea n’ani sɔɔ mmoa a ɔpanyin no de maa no no kɛse!

17, 18. Su ahorow bɛn na ɛbɛboa wo ma woatumi aboa obi a wayera afi Onyankopɔn nguankuw no mu no?

17 Ɛyɛ ɔdɔ na ɛka Kristofo ma wɔboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ma wɔsan ba asafo no mu. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yoh. 13:34, 35) Nokwarem no, ade titiriw a wɔde hu nokware Kristofo ne ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no. So ɛnsɛ sɛ yɛda ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛ Kristofo a wɔabɔ asu a ebia wɔayɛ mmerɛw no? Saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ! Nanso, ebia ɛho behia sɛ yɛda Kristofo su ahorow adi na ama yɛatumi de mmoa a ɛfata ama wɔn.

18 Sɛ wopɛ sɛ woboa obi a wayera afi Onyankopɔn nguankuw no mu a, su ahorow bɛn na ebehia sɛ woda no adi? Ɔdɔ a wobɛda no adi akyerɛ onipa no akyi no, ebia ɛho behia sɛ woda ayamhyehye, ayamye, odwo, ne abodwokyɛre adi kyerɛ no. Ebia, tebea no bɛhwehwɛ nso sɛ wode ne bɔne firi no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti sɛ́ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, akronkronfo ne adɔfo no, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre. Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara. Na eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kol. 3:12-14.

19. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛbɔ mmɔden aboa nnipa a wɔte sɛ nguan no ma wɔasan aba Kristofo asafo no mu?

19 Adesua a edi hɔ wɔ nsɛmma nhoma yi mu no bɛma yɛahu nea enti a ebinom yera fi Onyankopɔn nguankuw no mu no. Ɛbɛma wɔn a wɔresan aba no nso ahu sɛnea wobegye wɔn atom no. Bere a woresua saa adesua asɛm no, na woresusuw eyi ho no, nya awerɛhyem sɛ mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wobɛboa wɔn a wɔte sɛ nguan no ma wɔasan aba Kristofo asafo no mu no yɛ nea mfaso wɔ so. Wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no, nnipa pii na wɔde wɔn nkwa nna nyinaa rebɔ mmɔden aboaboa ahonyade ano, nanso onipa biako pɛ nkwa som bo koraa sen sika a ɛwɔ wiase nyinaa. Yesu sii saa asɛm yi so dua wɔ ne mfatoho a ɛfa oguan a wayera ho no mu. (Mat. 18:12-14) Mma wo werɛ mfi saa asɛm no da bere a wufi wo koma nyinaa mu rebɔ mmɔden sɛ wobɛboa nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔsom bo ma Yehowa a wɔayera no ma wɔasan aba nguankuw no mu no.

Wubebua Dɛn?

• Asɛyɛde bɛn na Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo wɔ wɔ wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔayera afi nguankuw no mu no ho?

• Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw a wɔne asafo no mmɔ seesei no?

• Su ahorow bɛn na ebetumi aboa wo ma woayɛ wɔn a wɔayera afi nguankuw no mu no mmoa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo fi ɔdɔ mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔayera afi Onyankopɔn nguankuw no mu no