Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kura Nea Kyerɛwnsɛm No Ka Wɔ Aduruyɛ Ho No Mu

Kura Nea Kyerɛwnsɛm No Ka Wɔ Aduruyɛ Ho No Mu

Kura Nea Kyerɛwnsɛm No Ka Wɔ Aduruyɛ Ho No Mu

“Ɛsɛ sɛ wode . . . w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—MAR. 12:30.

1. Mfiase no, ná atirimpɔw bɛn na Onyankopɔn wɔ ma adesamma?

NÁ YARE ne owu nka Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw a na ɔwɔ ma nnipa no ho. Wɔde Adam ne Hawa traa Eden turo anaa paradise a emu yɛ anika mu sɛ ‘wɔnnɔw na wɔnwɛn hɔ’ na wɔntra hɔ daa, na ɛnyɛ sɛ wɔntra hɔ mfe 70 anaa 80 pɛ. (Gen. 2:8, 15; Dw. 90:10) Sɛ saa nnipa baanu a wodi kan no kɔɔ so tiee Yehowa asɛm na wɔbrɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ ne tumidi ase wɔ ɔdɔ mu a, anka wɔrenyare, wɔrengogow, na wɔrenwuwu da.

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔakyerɛkyerɛ onyin mu wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu? (b) Owu a ɛnam Adam so bae no fi hena, na ɔkwan bɛn so na wobeyi nneɛma bɔne a ɛde aba no afi hɔ?

2 Ɔsɛnkafo ti 12 kyerɛkyerɛ “nna bɔne” a onyin de ba nnipa a wɔnyɛ pɛ so no mu pefee. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:1-7.) Wɔde dwen toto “ɔsonkoran aba” ho. Wɔde onipa nan toto “mmarima ahoɔdenfo” a wɔn mu akoakoa na wɔn ho wosowosow ho. Wɔde ani a ɛso ayɛ wusiwusi toto mmabaa a wɔhwɛ mfɛnsere mu repɛ hann, nanso esum nkutoo na wohu no ho ma ɛfata. Esiane sɛ ɛsẽ no bi atutu nti, ‘awiyamfo no agyae adwumayɛ efisɛ wɔn so atew.’

3 Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wonyinyin na wɔn nan nwosowosow, wɔn ani so nyɛ wusiwusi, na wɔn sẽ ntutu. Owu a Adam bɔne de bae no ka “Ɔbonsam nnwuma” a Onyankopɔn Ba no nam ne Mesia Ahenni no so ‘bɛsɛe’ no no ho. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi nti na woyii Nyankopɔn Ba no adi, sɛnea ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.”—1 Yoh. 3:8.

Ɛfata sɛ Yedwen Yɛn Apɔwmuden Ho Sɛnea Ɛsɛ

4. Dɛn nti na ɛfata sɛ Yehowa asomfo dwen wɔn apɔwmuden ho, nanso dɛn na wogye tom?

4 Esiane sɛ adesamma nyinaa tɔ sin nti, seesei, Yehowa asomfo binom yare, na ebinom nso abobɔ nkwakoraa ne mmerewa. Enti, ɛfata sɛ yedwen yɛn apɔwmuden ho sɛnea ɛsɛ wɔ saa tebea yi mu, na mfaso wɔ so mpo. Nea yɛpɛ ne sɛ yɛde ‘yɛn ahoɔden nyinaa’ bɛsom Yehowa, ɛnte saa? (Mar. 12:30) Nanso, bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya apɔwmuden a ɛfata no, ɛsɛ sɛ yegye tom na yehu sɛ biribi titiriw biara nni hɔ a yebetumi ayɛ ma yɛaguan mpanyinyɛ anaa yɛakwati yare koraa.

5. Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Onyankopɔn asomfo anokwafo afa so ako yare no mu?

5 Yehowa asomfo anokwafo pii ako yare. Ná wɔn mu biako ne Epafrodito. (Filip. 2:25-27) Ná yafunyare bi taa haw ɔsomafo Paulo yɔnko nokwafo Timoteo ma enti Paulo ka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔnnom bobesa kakra.’ (1 Tim. 5:23) Ná ɛsɛ sɛ Paulo ankasa nso ko tia “ɔhonam mu nsɔe” bi, na ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ aniyare, anaa yare foforo bi a na wonni ano aduru saa bere no. (2 Kor. 12:7; Gal. 4:15; 6:11) Paulo bɔɔ Yehowa mpae denneennen wɔ “ɔhonam mu nsɔe” a na ɛwɔ no so no ho. (Monkenkan 2 Korintofo 12:8-10.) Onyankopɔn amfa anwonwakwan so anyi “ɔhonam mu nsɔe” a na ɛwɔ Paulo so no amfi hɔ. Mmom no, Onyankopɔn maa no ahoɔden ma otumi gyinaa ano. Na ɛno maa tumi a Yehowa wɔ no daa adi wɔ Paulo mmerɛwyɛ no mu. So yebetumi asua biribi afi saa asɛm yi mu?

Ɛnsɛ sɛ Yedwen Yɛn Apɔwmuden Ho Tra So

6, 7. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedwennwen yɛn apɔwmuden ho tra so?

6 Sɛnea wunim no, Yehowa Adansefo gye nnuruyɛ ne ayaresa ahorow tom. Yɛn nsɛmma nhoma a wɔato din Awake! no taa ka nnuruyɛ ho asɛm. Ɛwom sɛ, yɛnhyɛ ayaresa pɔtẽẽ bi ho nkuran de, nanso yɛn ani sɔ mmoa a ayaresabea adwumayɛfo de ma yɛn ne ntease a wɔda no adi kyerɛ yɛn no. Nokwarem no, yenim sɛ yɛrentumi nnya apɔwmuden a edi mũ koraa nnɛ. Enti, nyansa wom sɛ yɛrennwennwen yɛn apɔwmuden ho bere nyinaa nhaw yɛn ho. Ɛnsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no yɛ yɛn ade te sɛ nkurɔfo a ‘wonni anidaso’ a wosusuw sɛ asetra yi ara ne nea ɛwɔ hɔ yi ma enti wɔbɛfa ɔkwan biara so asa wɔn ho yare no. (Efe. 2:2, 12) Yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛma yɛahwere Yehowa anim dom mfa mmɔ yɛn nkwa ho ban nnɛ, efisɛ yegye di sɛ sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn nokware a, ‘yebeso nkwa ankasa no mu denneennen,’ na ɛno ne daa nkwa a yebenya wɔ ne nhyehyɛe foforo a wahyɛ ho bɔ no mu no.—1 Tim. 6:12, 19; 2 Pet. 3:13.

7 Ade foforo wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ yedwennwen yɛn apɔwmuden ho tra so. Sɛ yɛma yɛn apɔwmuden ho nsɛm gye yɛn adwene nyinaa a, ebetumi ama yɛabɛyɛ nnipa a yennnwen afoforo ho. Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ su a ɛmfata a ɛte saa ho wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Filipifo no mu sɛ, ‘wɔnnhwɛ nneɛma a ɛfa wɔn nko ara ho, na mmom wɔnhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.’ (Filip. 2:4) Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho so sɛnea ɛsɛ, nanso yɛn nuanom ne nnipa a yɛka “ahenni ho asɛmpa yi” kyerɛ wɔn no a yɛbɛma wɔn ho ahia yɛn kɛse no mma yennwennwen yɛn apɔwmuden ho ntra so.—Mat. 24:14.

8. Sɛ yedwen yɛn apɔwmuden ho tra so a, dɛn na ebetumi ama yɛayɛ?

8 Sɛ Kristoni bi anhwɛ yiye a, obetumi adwennwen n’apɔwmuden ho ara ma ɔde Yehowa som adwuma no ato nkyɛn. Sɛ yedwennwen yɛn apɔwmuden ho tra so a, ebetumi nso ama yɛaka aduan a ɛsɛ sɛ afoforo di ne nea ɛnsɛ sɛ wodi, aduruyɛ, anaa aduannuru bi a yenim ho asɛm akyerɛ afoforo de ahyɛ wɔn so. Wɔ saa asɛm yi ho no, ɛsɛ sɛ yesusuw nnyinasosɛm a ɛwɔ asɛm bi a Paulo kae mu no ho. Ɔkae sɛ: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no, sɛnea ɛbɛyɛ a dɛm biara mma mo ho na moanto afoforo hintidua kosi Kristo da no.’—Filip. 1:10.

Dɛn na Ehia Koraa?

9. Dɛn ne nneɛma a ehia koraa a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so no mu biako, na dɛn ntia?

9 Sɛ yɛreyɛ nneɛma a ehia koraa sɛ yɛyɛ no a, yɛbɛyere yɛn ho aka asɛm no akyerɛ afoforo ma wɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa. Yɛnam asɛnka ne Onyankopɔn Asɛm no a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no so na ɛma wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa. Yɛn ankasa nya saa adwuma yi so mfaso, na wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no nso nya so mfaso bi. (Mmeb. 17:22; 1 Tim. 4:15, 16) Ɛtɔ mmere bi a, Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no ka yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn som Yehowa a yare a emu yɛ den abɔ wɔn no ho nsɛm. Ɛtɔ mmere bi a, saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ sɛnea saa anuanom no tumi gyina wɔn haw no ano, anaa sɛnea wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔahu Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye no ma wɔn werɛ tumi fi wɔn haw no kakra mpo no mu. *

10. Dɛn nti na ayaresa a yɛpaw no ho hia?

10 Sɛ yare bɔ Kristoni bi a wanyin a, ayaresa kõ a ɔbɛpaw no yɛ “n’ankasa adesoa.” (Gal. 6:5) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ ayaresa kõ a yɛpaw no ho asɛm hia Yehowa. Sɛnea obu a yɛwɔ ma Bible nnyinasosɛm ka yɛn ma ‘yɛtwe yɛn ho fi mogya ho’ no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma obu kɛse a yɛwɔ ma Onyankopɔn Asɛm no ka yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi ayaresa biara a ɛne Bible mu nnyinasosɛm nhyia, anaasɛ ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam no ho. (Aso. 15:20) Ɔkwan a wɔfa so yɛ nipaduam nhwehwɛmu ne ayaresa bi wɔ hɔ a, ɛreyɛ ayɛ sɛ asumansɛm. Yehowa ani ansɔ Israel awaefo a na wodi “asumansɛm,” anaa wodi ahonhonsɛm no. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnkɔ so mmfa ayɛyɛde hunu mmma; aduhuam yɛ me akyide. Ɔsram foforo ne homeda, ne gua a mobɔ no: mintumi nhwɛ [asumansɛm, NW] ne nhyiam kronkron.” (Yes. 1:13) Sɛ yɛyare a, ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛremma Onyankopɔn ntie yɛn mpaebɔ, na asɛe yɛne no ntam.—Kwa. 3:44.

Ɛsɛ sɛ Yɛma ‘Yɛn Adwenem Da Hɔ’

11, 12. Sɛ yɛrehwehwɛ ayaresa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ‘yɛn adwenem da hɔ’?

11 Sɛ yare bi bɔ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛsa yɛn yare anwonwakwan so, nanso yebetumi abɔ mpae sɛ ɔmma yɛn nyansa a yɛde bɛpaw aduruyɛ a ɛfata. Sɛ yɛrepaw aduruyɛ bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛbɛboa yɛn, na yɛma yɛn adwenem nso da hɔ. Sɛ yare no mu yɛ den a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ akohu nnuruyɛfo dodow bi. Saa a wobɛyɛ no ne asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 15:22 no hyia. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.” Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ, ‘wɔmma wɔn adwenem nna hɔ na wɔmfa trenee ne onyamesom pa ntra wiase nhyehyɛe yi mu.’—Tito 2:12.

12 Nnipa pii tebea te sɛ ɔbea bi a na ɔyare wɔ Yesu bere so no. Yɛkenkan wɔ Marko 5:25, 26 sɛ: “Na ɔbea bi wɔ hɔ a mogya atu no mfe dumien, na wahu amane pii wɔ nnuruyɛfo bebree nsam na wahwere n’ahode nyinaa nanso hwee amfi mu amma, na mmom ɛyɛɛ kɛse.” Yesu saa ɔbea no yare, na ɔne no dii no ayamye so. (Mar. 5:27-34) Esiane sɛ Kristofo binom hwehwɛ ayaresa denneennen nti, ebia wɔbɛma wɔafa ɔkwan bi a ɛne nokware som nkyerɛkyerɛ nhyia so ayɛ wɔn nipadua mu nhwehwɛmu anaa wɔde asa wɔn yare.

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn na Satan betumi afa so de ayaresa a yɛhwehwɛ asɛe yɛn gyidi? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ɛreyɛ ayɛ sɛ nea ahonhonsɛmdi wom no ho?

13 Satan bɛfa akwannuasa nyinaa so sɛ ɔbɛma yɛaman afi nokware som ho. Sɛnea Satan fa nna mu ɔbrasɛe ne ahonyade akyidi so ma ebinom hwe ase no, saa ara nso na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma afoforo ahwehwɛ aduruyɛ a wonhu mu yiye a ahonhonsɛmdi wom de asɛe wɔn gyidi. Yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ‘onnye yɛn mfi ɔbɔnefo no nsam’ ne “mmarato nyinaa mu.” Enti, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ biribiara a ɛbɛma yɛadi ahonhonsɛm mu, na amma yɛamfa yɛn ho amma Satan.—Mat. 6:13; Tito 2:14.

14 Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi abosonkɔm ne ntafoayi ho. (Deut. 18:10-12) Paulo kae sɛ, “ahonhonsɛmdi” ka “ɔhonam nnwuma no” ho. (Gal. 5:19, 20) Bio nso, “wɔn a wodi ahonhonsɛm” no rennya Yehowa nhyehyɛe foforo no. (Adi. 21:8) Enti, ɛda adi pefee sɛ biribiara a ahonhonsɛmdi wom no yɛ Yehowa akyide.

Momma Wonhu Mo Ntease’

15, 16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya nyansa de paw aduruyɛ bi, na afotu a nyansa wom bɛn na afeha a edi kan no mu sodikuw no de mae?

15 Esiane nea yɛasusuw ho yi nti, sɛ yɛn tirim ntene yɛn wɔ ɔkwan bi a wɔfa so yɛ nipaduam nhwehwɛmu anaa aduruyɛ bi ho a, nyansa wom sɛ yɛrenyɛ. Nanso, sɛ yentumi nkyerɛkyerɛ ɔkwan bi a wɔfa so sa yare mu yiye a, ɛno nkutoo nkyerɛ sɛ ahonhonsɛmdi wom. Sɛ yebenya aduruyɛ ho adwene a ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia a, ɛhwehwɛ sɛ yenya nyansa a egyina Onyankopɔn asɛm so, na yenya nhumu nso. Yehu afotu a edi hɔ yi wɔ Mmebusɛm ti 3 sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan, . . . fa nyansahu ne adwempa sie, na ayɛ nkwa ama wo kra.”—Mmeb. 3:5, 6, 21, 22.

16 Enti, bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya apɔwmuden a ɛfata wɔ bere a yɛresom Onyankopɔn mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ biribiara a yɛbɛyɛ de akõ yare anaa yɛbɛyɛ de asuso nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ ano no remma yɛnhwere Onyankopɔn anim dom. Ɛsɛ sɛ yɛde Bible mu nnyinasosɛm bɔ yɛn bra, na yɛma ‘nnipa nyinaa hu yɛn ntease’ wɔ aduruyɛ mu sɛnea yɛyɛ wɔ nneɛma foforo mu no. (Filip. 4:5) Wɔ krataa bi a ɛho hia paa a afeha a edi kan no mu sodikuw no kyerɛwee mu no, wɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi abosonsom, mogya, ne aguamammɔ ho. Wɔmaa yɛn awerɛhyem wɔ saa krataa no mu sɛ: “Sɛ motwe mo ho koraa fi eyinom ho a ebesi mo yiye.” (Aso. 15:28, 29) Ɔkwan bɛn so?

Apɔwmuden a Ɛyɛ Pɛ a Ɛreba Nti Yennnwen Yɛn Apɔwmuden Ho Ntra So

17. Ɔkwan bɛn so na Bible mu afotusɛm a yɛde yɛ adwuma no aboa yɛn ma yɛate apɔw wɔ honam fam?

17 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mahu no yiye sɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa mogya ne aguamammɔ ho a madi so pɛpɛɛpɛ no ama asi me yiye?’ Esiane sɛ ‘yɛahohoro yɛn ho afi honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho’ nti, susuw mfaso a yɛanya no nso ho hwɛ. (2 Kor. 7:1) Bible nnyinasosɛm a ɛfa ahotew ho a yɛde yɛ adwuma no mma nyarewa pii nka yɛn. Tawanom ne nnubɔne afoforo a yɛtwe yɛn ho fi ho no ma esi yɛn yiye wɔ honhom fam ne honam fam. Esiane sɛ yennidi ntra so na yɛnnom nsã pii nti, yenya apɔwmuden a ɛfata. (Monkenkan Mmebusɛm 23:20; Tito 2:2, 3.) Ɛwom sɛ sɛ yegye yɛn ahome yiye na yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu a, ebetumi aboa ma yɛanya apɔwmuden de, nanso Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a yɛde yɛ adwuma no na ɛma esi yɛn yiye, titiriw, wɔ honam fam ne Onyankopɔn som mu.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw, na nkɔmhyɛ a ɛfa apɔwmuden ho a ɛbɛbam bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

18 Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den na yɛma yɛn ani kũ abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne yɛn soro Agya no wɔ no ho. Ɔno ne yɛn “nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛreba” a wahyɛ ho bɔ wɔ wiase foforo no mu no Wura. (1 Tim. 4:8; Dw. 36:9) Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, wobegyina Yesu agyede afɔrebɔ no so de yɛn bɔne akyɛ yɛn na ama yɛanya honhom fam ne honam fam ayaresa a edi mũ koraa. Yesu Kristo a ɔno ne Onyankopɔn Guammaa no de yɛn bɛkɔ “nkwa asuti” ho, na Onyankopɔn “bɛpopa” yɛn aniwam nusu “nyinaa.” (Adi. 7:14-17; 22:1, 2) Afei nso, nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye a edi so yi bɛbam ma yɛahu. Ɛka sɛ: “Ɔman no muni biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yes. 33:24, NW.

19. Bere a yɛredwen yɛn apɔwmuden ho wɔ ɔkwan a ɛfata so no, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

19 Yegye di sɛ yɛn nkwagye abɛn, na yɛde anigye rehwɛ bere a Yehowa bɛma yare ne owu afi hɔ no kwan denneennen. Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, yɛwɔ ahotoso sɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no bɛboa yɛn ma yɛatumi agyina yɛn nyarewa nyinaa ano, efisɛ, ‘odwen yɛn ho.’ (1 Pet. 5:7) Enti, momma yɛnhwɛ yɛn apɔwmuden so yiye, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ma ɛne akwankyerɛ a emu da hɔ pefee a wɔde ama wɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no hyia bere nyinaa!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Wubehu nsɛm a ɛte saa no bi wɔ adaka a ɛwɔ September 1, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17 no mu.

Ntimu

• Hena na ɔma yɛyare, na hena na obeyi ɔhaw a bɔne de aba no afi yɛn so?

• Ɛwom sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ yebedwen yɛn apɔwmuden ho de, nanso dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

• Dɛn nti na ayaresa a yɛpaw no ho asɛm hia Yehowa?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Bible nnyinasosɛm a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn apɔwmuden ho no so mfaso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wɔammɔ nnipa sɛ wɔnyare na wɔmmɔ nkwakoraa ne mmerewa

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yehowa nkurɔfo nya anigye wɔ asɛnka mu ɛmfa ho sɛ yare haw wɔn