Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onipa Bɛn na Wopɛ sɛ Woyɛ?

Onipa Bɛn na Wopɛ sɛ Woyɛ?

Onipa Bɛn na Wopɛ sɛ Woyɛ?

POLISINI panyin a ɔwɔ kurow bi mu wɔ Philippines no bisaa ɔkwampaefo bi sɛ, “Dɛn na woyɛe a ɛmaa saa ɔbarima no sesaa ne suban?” Polisini no de ne nsa kyerɛɛ nkrataa bi a egu ne pon no so kae sɛ: “So wunim sɛ saa nkrataa yi nyinaa yɛ ɔbarima yi ho nsɛm a aba yɛn anim? Woayi ɔhaw ahorow a egu yɛn so wɔ kurow yi mu no mu biako afi yɛn so.” Ná ɔbarima a wɔreka ne ho asɛm no yɛ ɔsabofo a ɔyɛ basabasa a ɔhaw adwene bere nyinaa. Dɛn na ɛmaa no yɛɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetram? Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm Bible a wɔde ne honhom akyerɛw no.

Nnipa pii atie ɔsomafo Paulo afotu a ɛne sɛ, ‘yenyi nipasu dedaw a ɛne yɛn kan abrabɔ no hyia no ngu, na yɛnhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ’ no. (Efe. 4:22-24) Sɛ́ ebia nsakrae a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no yɛ kɛse anaa ketewa no, nipasu foforo no a yɛbɛhyɛ no yɛ Kristosom a yebegye atom no fã.

Nanso, nsakrae a yɛbɛyɛ wɔ yɛn asetram ma yɛanya nkɔso na yɛafata sɛ wɔbɔ yɛn asu no yɛ mfiase ara kwa. Bere a yɛde yɛn ho bɛma ma wɔabɔ yɛn asu no, na yɛte sɛ duasin bi a wɔasen ho kakra. Wotumi hu ade a wɔde reyɛ no, nanso adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ka ho. Ɛsɛ sɛ odwumfo no sen duasin no ho yiye na ama ade a ɔde reyɛ no ayɛ fɛ. Bere a wɔrebɔ yɛn asu no, na yɛanya su atitiriw bi a ɛma yɛfata sɛ Onyankopɔn asomfo. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma nipasu foforo a yɛanya no tu mpɔn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow na ama yɛn suban akɔ so ayɛ papa.

Paulo mpo hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma ne suban kɔ so yɛ papa. Ɔkae sɛ: “Bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho.” (Rom. 7:21) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Paulo nim sɛnea ɔte ankasa, ne onipa ko a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Na yɛn nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yebisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn na ɛwɔ me ho? Mete dɛn? Na onipa bɛn na mepɛ sɛ meyɛ?’

Dɛn na “Ɛwɔ Me Ho”?

Sɛ yesiesie ofie dedaw bi na sɛ emu mpuran no asɛe a, ɛho aduru a yɛbɛka no nkutoo remma ofie no nyɛ nea edi mu. Sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma bi a asɛe wɔ ɔdan no mu no so a, ɛde ɔhaw pii bɛba akyiri yi. Saa ara na sɛ yɛyɛ yɛn ho sɛ yɛyɛ treneefo a, ɛde ɔhaw pii bɛba yɛn so akyiri yi. Ɛsɛ sɛ yehu nipa ko a yɛyɛ ankasa, na yehu ɔhaw ahorow a yɛwɔ, na yesiesie. Anyɛ saa a, nipasu dedaw no bɛsan ayi ne ho adi bio. Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu yiye. (2 Kor. 13:5) Ɛsɛ sɛ yehu su ahorow a enye a yɛwɔ no, na yɛsesa. Yehowa ama yɛn mmoa a yebetumi de ayɛ saa.

Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na etumi wura biribi mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, ne dompe ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.” (Heb. 4:12) Nsɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no betumi anya yɛn asetra so nkɛntɛnso paa. Etumi wurawura yɛn mu kosi ase te sɛ nea biribi wura hon a ɛhyɛ dompe mu tɔnn mu no. Bible ma yehu nsusuwii ne adwene a yekura, na ɛda sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn komam no adi sen sɛnea yɛma afoforo hu yɛn, anaa sɛnea yesusuw sɛ yɛte no. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm boa yɛn ma yehu yɛn haw ankasa!

Sɛ yesiesie ofie dedaw bi a, emu nneɛma a asɛe a yɛbɛsesa no nkutoo nnɔɔso. Sɛ yehu nea ɛmaa nneɛma no sɛee no a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ nsiesie a ɛremma ɔhaw a ɛte saa mma bio. Saa ara na sɛ yehu subammɔne a yɛwɔ no a, ɛno nkutoo nnɔɔso, na mmom, ɛsɛ sɛ yehu nea ɛma yenyaa saa suban no nso, na atumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn mmerɛwyɛ no so. Nneɛma pii na ɛma yenya yɛn suban. Emu bi ne dibea a yɛwɔ, sɛnea yɛn sikasɛm te, nneɛma a ɛkɔ so wɔ baabi a yɛte, yɛn amammerɛ, yɛn awofo, yɛn ayɔnkofo, ne ɔsom a yɛwom. Television so dwumadi ne sini ahorow a yɛhwɛ, ne anigyede afoforo mpo tumi nya yɛn so nkɛntɛnso. Sɛ yehu nneɛma a enya yɛn so nkɛntɛnso bɔne no a, ɛboa yɛn ma entumi nhaw yɛn pii.

Bere a yɛahwehwɛ yɛn ho mu awie no, ebia yɛbɛka sɛ, ‘Saa na mete.’ Sɛ obi ka saa a, na ɔredaadaa ne ho. Bere a Paulo reka nnipa a na wɔwɔ Korinto asafo no mu a na wɔyɛ aguamammɔfo, mmarima a wɔne mmarima da, asabofo, ne nea ɛtete saa ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Saa na na mo mu binom te. Nanso wɔaguare mo . . . Nyankopɔn honhom mu.” (1 Kor. 6:9-11) Ɛdenam Yehowa honhom kronkron mmoa so no, yɛn nso yebetumi ayɛ nsakrae ahorow a ehia sɛ yɛyɛ no ma ayɛ yiye.

Susuw ɔbarima bi a wɔfrɛ no Marcos * a ɔte Philippines no ho hwɛ. Bere a Marcos reka n’ankasa ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ná m’awofo ham bere nyinaa. Ɛno nti, bere a midii mfe 19 no, metew atua.” Marcos bɛyɛɛ obi a ɔtow kyakya, ɔbɔ korɔn, na ɔde tuo kogyinaa nkurɔfo so gyee wɔn ho nneɛma. Ɔne afoforo mpo yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔrekogye wimhyɛn bi abɔ so, nanso ɛno de annya amma so. Bere a Marcos waree akyi mpo no, ɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma bɔne. Awiei koraa no, kyakyatow ma ɔhweree nneɛma a ɔwɔ nyinaa. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Marcos kɔkaa ne yere ho ma wɔyɛɛ Bible adesua bi a na Yehowa Adansefo ne ne yere reyɛ no. Mfiase no, na Marcos te nka sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛyɛ Ɔdansefo. Nanso, bere a Marcos de nea na ɔresua no yɛɛ adwuma na ɔkɔɔ asafo nhyiam ahorow no, ɔsesaa ne kan abrabɔ no. Seesei, ɔyɛ Kristoni a wabɔ asu a ɔrekyerɛkyerɛ afoforo ɔkwan a wɔn nso betumi afa so asesa wɔn suban.

Onipa Bɛn na Wopɛ sɛ Woyɛ?

Nsakrae bɛn na ɛho behia sɛ yɛyɛ na ama Kristofo su a yɛwɔ no adi mu? Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Munyi ne nyinaa ngu, bobɔne, abufuw, nnebɔne, kasatia, na mommma kasafĩ mmfi mo anom mmpue. Munnnidi atoro nnkyerɛ mo ho. Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu.” Ɔsomafo no toaa so sɛ: “Monhyɛ nipasu foforo a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo sɛnea Onii a ɔbɔe no suban te.”—Kol. 3:8-10.

Ɛnde, yɛn botae titiriw ne sɛ yebeyi nipasu dedaw no agu na yɛahyɛ foforo no. Su ahorow bɛn na sɛ yenya a ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ saa? Paulo kae sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre. Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara. Na eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kol. 3:12-14) Sɛ yɛbɔ mmɔden nya saa su ahorow yi a, ɛbɛboa yɛn ma ‘Yehowa ne nnipa nyinaa apɛ yɛn asɛm.’ (1 Sam. 2:26, NW) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa suban pa ahorow adi ma ɛyɛɛ nwonwa. Sɛ yesua Yesu abrabɔ ho ade, na yesuasua nhwɛso ahorow a ɔyɛe no a, yebetumi abenya Kristo su sɛ nnipa a ‘wosuasua Onyankopɔn.’—Efe. 5:1, 2.

Ɔkwan foforo a ɛbɛma yɛahu nsakrae ahorow a ebehia sɛ yɛyɛ ne sɛ yebesua su a nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu daa no adi no, na yɛasusuw nea wɔyɛe a na ɛyɛ papa ne nea na ɛnyɛ papa no ho. Sɛ nhwɛso no, susuw tete agya Yakob ba Yosef ho hwɛ. Ɛwom sɛ wobuu Yosef ntɛnkyea de, nanso ɔkɔɔ so nyaa adwempa, na ɔdaa suban pa adi. (Gen. 45:1-15) Nanso, Ɔhene Dawid ba Absalom yɛɛ ne ho te sɛ nea na odwen nkurɔfo ho paa, na afoforo kamfoo n’ahoɔfɛ. Nanso, na ɔyɛ ɔfatwafo ne owudifo ankasa. (2 Sam. 13:28, 29; 14:25; 15:1-12) Sɛ obi hyɛ da yɛ ne ho sɛ ɔyɛ onipa pa, na ne ho yɛ fɛ a, ɛno mma ɔnyɛ obi a nkurɔfo bɛpɛ n’asɛm.

Yebetumi Anya Suban Pa

Sɛ yebetumi anya suban pa na Onyankopɔn ani agye yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea ɛwɔ yɛn komam no so ankasa. (1 Pet. 3:3, 4) Sɛ yebetumi asesa yɛn suban ma ayɛ papa a, ɛsɛ sɛ yehu subammɔne a yɛwɔ no, ne nea ɛma yenyaa saa suban no, ɛne ɔkwan a yɛbɛfa so anya suban pa. So yebetumi anya ahotoso sɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya suban pa no bɛyɛ yiye?

Yiw, ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi ayɛ nsakrae a ɛfata. Sɛnea odwontofo no yɛe no, yɛn nso yebetumi abɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dw. 51:10) Yebetumi asrɛ sɛ Onyankopɔn honhom nyɛ adwuma wɔ yɛn mu, na ɛmma yennya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde wɔ yɛn asetram. Nokwarem no, yebetumi anya suban pa ma Yehowa ani agye yɛn ho kɛse!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Ɛnyɛ ne din ankasa.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

So ofie yi a ahum asɛe no no ho aduru kɛkɛ a wɔbɛka no bɛma ayɛ nea edi mu?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

So wo suban abɛyɛ te sɛ Kristo de?