Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrataa a Yakobo ne Petro Kyerɛwee no Mu Nsɛntitiriw

Nkrataa a Yakobo ne Petro Kyerɛwee no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nkrataa a Yakobo ne Petro Kyerɛwee no Mu Nsɛntitiriw

BƐYƐ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi mfe 30 no, Yesu nua osuani Yakobo kyerɛw krataa bi kɔmaa honhom fam Israel “mmusuakuw dumien” no. (Yak. 1:1) Botae a ɔde kyerɛwee ne sɛ: obetu wɔn fo ma wɔn gyidi ayɛ den, na sɛ wohyia sɔhwɛ ahorow a, wɔanya boasetɔ. Ɔsan tuu wɔn fo de siesiee nsɛm bi a na ɛhaw adwene a na ɛrekɔ so wɔ asafo ahorow no mu no.

Aka kakra ma Roma Ɔhempɔn Nero de ɔtaa aba Kristofo no so wɔ afe 64 Y.B. mu no, ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a edi kan no kɔmaa Kristofo no de hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnyina pintinn wɔ gyidi no mu. Petro kyerɛw ne krataa a ɛto so abien no wɔ ne krataa a edi kan no akyi pɛɛ de hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo no nkuran sɛ wontie Onyankopɔn asɛm, na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ Yehowa da a ɛreba no ho. Nokwarem no, sɛ yetie nkrataa a Yakobo ne Petro kyerɛwee no mu nsɛm a, yebetumi anya so mfaso pii.—Heb. 4:12.

ONYANKOPƆN DE NYANSA MA WƆN A ‘WOBISA WƆ GYIDI MU’ NO

(Yak. 1:1–5:20)

Yakobo kyerɛwee sɛ: “Anigye ne nea ɔkɔ so gyina wɔ sɔhwɛ mu, efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri” no. Yehowa ma wɔn a ‘wɔkɔ so ara bisa no wɔ gyidi mu’ no nyansa a wɔde begyina ɔtaa ahorow ano.—Yak. 1:5-8, 12.

Ɛsɛ sɛ wɔn a ‘wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo’ wɔ asafo no mu no nso nya gyidi ne nyansa. Bere a Yakobo kae sɛ tɛkrɛma “yɛ akwaa ketewa” a etumi de “nkekae ba nipadua no nyinaa ho” no ho asɛm wiei no, ɔde kɔkɔbɔ mae wɔ wiase su ahorow a ebetumi asɛe obi ne Onyankopɔn ntam no ho. Yakobo san kyerɛɛ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ obi a ɔyare wɔ honhom fam no yɛ na ama ne ho atɔ no no.—Yak. 3:1, 5, 6; 5:14, 15.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:13—Ɔkwan bɛn so na “mmɔborohunu di atemmu so nkonim”? Sɛ yɛrebu yɛn ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn a, ɔhwɛ mmɔborohunu a yɛada no adi akyerɛ afoforo no, na ogyina ne Ba no agyede afɔre no so de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Rom. 14:12) So eyi nyɛ ade biako a enti ɛsɛ sɛ yɛda mmɔborohunu adi wɔ yɛn asetram biribiara mu?

4:5—Kyerɛwsɛm bɛn na Yakobo faa mu asɛm kae wɔ ha no? Ɛnyɛ kyerɛwsɛm pɔtee bi mu asɛm na Yakobo fa kae. Nanso, ebetumi aba sɛ ogyinaa adwene a ɛwɔ kyerɛw nsɛm te sɛ Genesis 6:5; 8:21; Mmebusɛm 21:10; ne Galatifo 5:17 mu so na ɔkaa asɛm a Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛwee no.

5:20—Hena kra na “nea ɔdan ɔbɔnefo fi ne kwammɔne ho no” begye afi owu mu no? Kristoni a ɔdan ɔbɔnefo fi ne kwammɔne ho no gye nea wasakra no kra fi honhom fam owu mu, na ebia obegye no afi daa ɔsɛe mu. Onii a ɔreboa ɔbɔnefo no wɔ saa kwan yi so no ‘bɛkata saa ɔbɔnefo no bɔne pii so’ nso.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:14, 15. Akɔnnɔ bɔne na ɛma nnipa yɛ bɔne. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so dwennwen akɔnnɔ bɔne ho na yɛma ɛtra yɛn adwene mu. Mmom no, ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so susuw’ nneɛma a ɛhyɛ yɛn den, na yɛde nneɛma a ɛte saa no hyɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu.—Filip. 4:8.

2:8, 9. “Animhwɛ” yɛ su a ɛne ɔdɔ ho “mmara titiriw no” nhyia. Enti, nokware Kristofo nyɛ animhwɛ.

2:14-26. ‘Wɔnam gyidi so na agye’ yɛn nkwa, na “emfi nnwuma” a ɛno ne Mose Mmara no, anaa nnwuma a yɛyɛ sɛ Kristofo no mu. Ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde ka sɛ yegye Onyankopɔn di. (Efe. 2:8, 9; Yoh. 3:16) Ɛsɛ sɛ gyidi a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

3:13-17. Akyinnye biara nni ho sɛ “nyansa a efi soro no” korɔn sen “asase so ne honam ne adaemone” nyansa! Ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔre hwehwɛ Onyankopɔn nyansa te sɛ akorade a ahintaw.’—Mmeb. 2:1-5.

3:18. Ɛsɛ sɛ “wɔn a wɔpɛ asomdwoe” no ‘dua’ Ahenni ho asɛmpa aba no “wɔ asomdwoe mu.” Ɛho hia sɛ yɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe, na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔyɛ ahantan, wɔpɛ ntɔkwaw, anaasɛ wɔyɛ basabasa.

‘MOMFA GYIDI NNYINA HƆ PINTINN’

(1 Pet. 1:1–5:14)

Petro kaee ne mfɛfo gyidifo no “anidaso a nkwa wom” a wɔwɔ a ɛno ne wɔn agyapade a ɛwɔ soro no. Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron.’” Bere a Petro de ahobrɛase ho afotu pɔtee bi maa wɔn wiei no, otuu wɔn fo sɛ ‘wɔn nyinaa nyɛ adwene koro, na wonnya tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase adwene.’—1 Pet. 1:3, 4; 2:9; 3:8.

Esiane sɛ na ‘Yudafo no nneɛma nhyehyɛe awiei abɛn nti,’ Petro tuu anuanom a na wɔwɔ hɔ no fo sɛ ‘wɔmma wɔn adwenem nna hɔ, na wɔnwɛn mma mpaebɔ.’ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Wɔn ani nna hɔ, wɔnwɛn, na wɔmfa gyidi nnyina hɔ pintinn ne Satan nni asi.’—1 Pet. 4:7; 5:8, 9.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:20-22—Ɔkwan bɛn so na asubɔ gye yɛn nkwa? Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no ma wɔbɔ wɔn asu. Nanso, asubɔ ankasa nnye yɛn nkwa. ‘Yɛnam Yesu Kristo wusɔre so’ ankasa na enya nkwagye. Ɛsɛ sɛ obi a wɔrebɛbɔ no asu no gye di sɛ Yesu wuu afɔrebɔ wu, wonyanee no, na ɔte “Nyankopɔn nsa nifa” so, na ɔwɔ tumi wɔ ateasefo ne awufo so, na ɛno nkutoo na ebetumi ama wanya nkwagye. Asubɔ a egyina gyidi a ɛte saa so no sɛso ne ‘akra baawɔtwe a wogyee wɔn nkwa faa nsu no mu no.’

4:6—Henanom ne “awufo” a “wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ” wɔn no? Ná saa awufo no ne wɔn a ‘wɔawu wɔ wɔn mfomso ne wɔn bɔne mu,’ anaa wɔn a na wɔne Yehowa nni abusuabɔ biara ansa na wɔrete asɛmpa no. (Efe. 2:1) Nanso, bere a wonyaa asɛmpa no mu gyidi wiei no, wofii ase ‘traa ase’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, afei na wɔne Yehowa anya abusuabɔ.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:7. Sɛ yɛn gyidi bɛyɛ nea ɛsom bo paa a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wɔasɔ ahwɛ. Nokwarem no, gyidi a ɛyɛ den a ɛte saa no ‘gye ɔkra nkwa.’ (Heb. 10:39) Ɛnsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi sɔhwɛ ahorow a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ no ho.

1:10-12. Ná abɔfo pɛ sɛ wohu nokware a emu dɔ a Onyankopɔn adiyifo a wɔtraa ase tete no kyerɛw faa Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ho na wɔte ase. Nanso, ɛyɛ bere a Onyankopɔn fii ase ne asafo no dii no na saa nneɛma no mu bɛdaa hɔ. (Efe. 3:10) So ɛnsɛ sɛ yesuasua nea abɔfo no yɛe no na yɛbɔ mmɔden hwehwɛ “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” mu?—1 Kor. 2:10.

2:21. Ɛsɛ sɛ yesuasua yɛn Nhwɛsofo, Yesu Kristo, na yenya ɔpɛ sɛ yebehu amane akosi owu mu mpo de agyina Yehowa tumidi akyi.

5:6, 7. Sɛ yɛde yɛn dadwen to Yehowa so a, ɔboa yɛn ma yɛde yɛn adwene si nokware som so titiriw wɔ yɛn asetram sen sɛ yebedwennwen adekyee ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so.—Mat. 6:33, 34.

“YEHOWA DA NO BƐBA”

(2 Pet. 1:1–3:18)

Petro kyerɛwee sɛ: “Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Nyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.” Nkɔmhyɛ asɛm no a yebetie no betumi abɔ yɛn ho ban afi “akyerɛkyerɛfo atorofo” ne nnipa foforo a wɔn bra asɛe ho.—2 Pet. 1:21; 2:1-3.

Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no fɛwdifo bedi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi abedi fɛw.” Nanso, “Yehowa da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo.” Petro de afotu a etu mpɔn maa wɔn a ‘wɔtwɛn na wɔma Yehowa da no ba yɛ ntɛm wɔ wɔn adwenem’ no de wiee ne krataa no.—2 Pet. 3:3, 10-12.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:19—Hena ne “adekyee nsoromma no,” bere bɛn na opuei, na yɛyɛ dɛn hu sɛ wapue? “Adekyee nsoromma” no ne Yesu Kristo a ɔwɔ n’Ahenni tumi mu no. (Adi. 22:16) Wɔ afe 1914 mu no, Yesu puei wɔ abɔde nyinaa anim sɛ Ɔhene Mesia de bɔɔ ɛda foforo bi ho dawuru. Ahosakra ho anisoadehu no ma wodii kan huu Yesu anuonyam ne Ahenni tumi no, na ɛno ma yehu sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛsɛm no yɛ nokware turodoo. Saa asɛm no a yebetie no bɛma yɛn komam ahyerɛn, na ama yɛahu sɛ Adekyee Nsoromma no apue.

2:4—Dɛn ne “Tartarus,” na bere bɛn na wɔtow abɔfo atuatewfo no guu mu? Tartarus te sɛ afiase bi a ahonhom abɔde nkutoo na wɔde wɔn kɔ hɔ, wɔmfa nnipa nkɔ hɔ. Ɛyɛ tebea bi a sɛ obi kɔ mu a n’adwene duru sum a ɛmma ontumi nhu Onyankopɔn atirimpɔw ahorow. Wɔn a wɔwɔ Tartarus no nni daakye ho anidaso biara. Onyankopɔn tow abɔfo asoɔdenfo no guu Tartarus mu wɔ Noa bere so, na wɔbɛkɔ so atra saa tebea bɔne no mu akosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn.

3:17—Ade a ‘wonim dedaw’ a Petro kaa ho asɛm no yɛ dɛn? Ná Petro reka nneɛma a ɛbɛba daakye a wɔnam honhom kronkron so maa ɔno ne Bible akyerɛwfo foforo dii kan hui no ho asɛm. Esiane sɛ ɛnyɛ nneɛma nyinaa na wɔma wohui nti, nimdeɛ a tete Kristofo no dii kan nyae no amma wɔanhu nsɛm a na ebesisi daakye no nyinaa. Nneɛma a na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba no ho ntease kakraa bi pɛ na wonyae.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:2, 5-7. “Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nokware nimdeɛ” pii a Petro aboa yɛn ma yɛanya akyi no, sɛ yɛn nso yɛyere yɛn ho paa nya su ahorow te sɛ gyidi, boasetɔ, ne onyamesom pa a, “ɛremma [yɛnyɛ] mmerɛw anaa wɔn a wɔnsow aba” wɔ saa nimdeɛ no ho.—2 Pet. 1:8.

1:12-15. Sɛ yɛbɛkɔ so ‘agyina nokware no mu pintinn a,’ yehia nkaesɛm bere nyinaa te sɛ nea wɔde ma yɛn wɔ asafo nhyiam ahorow ase, nea yenya fi yɛn ankasa adesua ne Bible akenkan mu no.

2:2. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra no amfa ahohorabɔ amma Yehowa ne n’ahyehyɛde no so.—Rom. 2:24.

2:4-9. Esiane nea Yehowa ayɛ wɔ mmere bi a atwam no mu nti, yebetumi anya ahotoso sɛ “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no afi sɔhwɛ mu, na wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ no de, ɔbɛkora wɔn so ama atemmu da no ma wɔatwa wɔn afi hɔ.”

2:10-13. Ɛwom sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔne “anuonyamfo” no wɔ sintɔ ahorow, na ɛtɔ mmere bi a wotumi di mfomso de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛka wɔn ho nsɛmmɔne.—Heb. 13:7, 17.

3:2-4, 12. Sɛ yɛyɛ aso tie “nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ no ne ahyɛde a Awurade ne Agyenkwa no” de ama yɛn no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so de yɛn adwene asi Yehowa da a abɛn no so.

3:11-14. Sɛ́ nnipa a ‘yɛretwɛn ma Yehowa da no ba ayɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem no,’ ɛsɛ sɛ (1) yɛn ‘abrabɔ yɛ kronkron,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛma yɛn ho atew wɔ ɔhonam, adwene, abrabɔ, ne Onyankopɔn som mu; (2) na yɛayɛ nnwuma a ɛkyerɛ “nyamesom pa” te sɛ Ahenni no ho asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no; (3) ɛnsɛ sɛ yɛma “nkekae” biara ba yɛn abrabɔ ne yɛn nipasu mu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma wiase no gu yɛn ho fĩ; (4) ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn ho nni “dɛm” a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde adwenemtew yɛ yɛn ade nyinaa; (5) ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔpɛ “asomdwoe,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛne Onyankopɔn, yɛn nuanom Kristofo, ne yɛn yɔnko nnipa bɛtra asomdwoe mu.