Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrataa a Yohane ne Yuda Kyerɛwee no Mu Nsɛntitiriw

Nkrataa a Yohane ne Yuda Kyerɛwee no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nkrataa a Yohane ne Yuda Kyerɛwee no Mu Nsɛntitiriw

NKRATAA abiɛsa a ɛbɛyɛ sɛ ɔsomafo Yohane kyerɛw no afe 98 Y.B. mu wɔ Efeso no ka Kyerɛwnsɛm a efi Onyankopɔn honhom mu no mu nhoma a etwa to no ho. Nkrataa abien a edi kan no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnkɔ so nnantew hann no mu, na wɔnko ntia ɔwae. Wɔ Yohane krataa a ɛto so abiɛsa no mu no, ɛnyɛ nokware no nkutoo na ɔkae sɛ Kristofo nnantew mu, na mmom, ɔsan hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ biako.

Wɔ krataa a Yesu nua Yuda kyerɛwee wɔ Palestina wɔ bɛyɛ afe 65 Y.B. mu no, ɔbɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ wɔ abɔnefo bi a na wɔawiawia wɔn ho aba asafo no mu no ho, na otuu wɔn fo wɔ sɛnea wɔbɛko atia nkɛntɛnso bɔne ho nso. Ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia no, sɛ yetie nkrataa abiɛsa a Yohane kyerɛwee ne Yuda de no mu nsɛm a, ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ den wɔ gyidi no mu.—Heb. 4:12.

MONKƆ SO NNANTEW WƆ HANN, ƆDƆ, NE GYIDI MU

(1 Yoh. 1:1–5:21)

Yohane kyerɛw ne krataa a edi kan no maa wɔn a na wɔwɔ Kristo mu no nyinaa, na ɔde afotu pa a ɛbɛboa Kristofo ma wɔako atia ɔwae, na wɔakɔ so agyina pintinn wɔ nokware no ne trenee mu maa wɔn wɔ krataa no mu. Osii hia a ehia sɛ wɔkɔ so nantew wɔ hann, ɔdɔ, ne gyidi mu so dua.

Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛnam hann mu sɛnea [Onyankopɔn] ankasa wɔ hann mu no a, ɛnde na ayɔnkofa wɔ yɛn ntam.” Na esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ Wura nti, ɔsomafo no kae sɛ: “Momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho.” Bere a “Nyankopɔn dɔ” na ɛka yɛn ma yedi n’ahyɛde so no, yɛnam “gyidi” a yɛwɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn, n’Asɛm, ne ne Ba no mu so na edi wiase no so nkonim.—1 Yoh. 1:7; 4:7; 5:3, 4.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:2; 4:10—Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ “bɔne ho mpata afɔre”? Sɛ́ wɔbɛpata obi no kyerɛ sɛ ‘wobedwudwo ne bo,’ anaasɛ ‘wɔbɛka ne koma ato ne yam.’ Yesu de ne nkwa mae sɛ mpata afɔre, kyerɛ sɛ, ɔnam afɔre a ɔbɔe no so patae, anaasɛ ɔyɛɛ nea atɛntrenee hwehwɛ. Onyankopɔn betumi agyina saa afɔrebɔ no so ada mmɔborohunu adi, na obetumi de wɔn a wobenya Yesu mu gyidi no bɔne akyɛ wɔn.—Yoh. 3:16; Rom. 6:23.

2:7, 8—Ahyɛde bɛn na na Yohane reka ho asɛm sɛ ɛyɛ “dedaw” na ɛsan yɛ “foforo” no? Ná Yohane reka ahyɛde a ɛfa onuadɔ a ɛma yɛde yɛn ho bɔ afɔre no ho asɛm. (Yoh. 13:34) Ɔkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ ahyɛde “dedaw,” efisɛ na Yesu de ama bɛboro mfe 60 a atwam no ansa na Onyankopɔn honhom rema Yohane akyerɛw wɔ ne krataa a edi kan no mu. Enti, gyidifo no nyaa ahyɛde no “fii mfiase,” bere a wɔbɛyɛɛ Kristofo no. Ahyɛde no san yɛ “foforo,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛkɔ akyiri sen ‘dɔ a yɛbɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho,’ na ɛhwehwɛ sɛ yefi ɔdɔ mu de yɛn ho bɔ afɔre ma afoforo.—Lev. 19:18; Yoh. 15:12, 13.

3:2—Dɛn na ‘ennya nnaa adi’ mmaa Kristofo a wɔasra wɔn no, na hena na wobehu no “sɛnea ɔte ankasa” no? Nea ennya nnaa adi mmaa wɔn ne sɛnea wɔbɛyɛ bere a wobenyan wɔn na wɔama wɔn honhom nipadua ma wɔakɔ soro no. (Filip. 3:20, 21) Nanso, nea wonim ne sɛ “bere biara a wobeyi [Onyankopɔn] adi no, [wɔbɛyɛ] sɛ ɔno, efisɛ [wobehu] no sɛnea ɔte ankasa,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wobehu “Honhom no.”—2 Kor. 3:17, 18.

5:5-8—Ɔkwan bɛn so na nsu, mogya, ne honhom dii adanse sɛ “Yesu yɛ Nyankopɔn Ba”? Nsu dii adanse, efisɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ nsu mu no, Yehowa ankasa kae sɛ Yesu yɛ Ne Ba. (Mat. 3:17) Yesu mogya, anaa ne nkwa a ɔde mae sɛ “agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa” no nso ma ɛdaa adi sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba. (1 Tim. 2:5, 6) Na honhom kronkron dii adanse sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba bere a esian fii soro baa Yesu so wɔ n’asubɔ mu no, na ɛno na ɛma otumi ‘kyinkyinii asase no so yɛɛ papa, saa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn so nyinaa yare’ no.—Yoh. 1:29-34; Aso. 10:38.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

2:9-11; 3:15. Sɛ Kristoni bi ma biribi anaa onipa bi sɛe ɔdɔ a ɔwɔ ma ne nuanom a, na ɔnam sum mu a onnim baabi a ɔrekɔ.

MONKƆ SO ‘NNANTEW NOKWARE NO MU’

(2 Yoh. 1-13)

Yohane fii ne krataa a ɛto so abien no ase sɛ: “Me, ɔpanyin, rekyerɛw akɔma awuraa a wɔapaw no ne ne mma.” N’ani gyei sɛ ohui sɛ “[awuraa no] mma no mu bi nam nokware no mu.”—2 Yoh. 1, 4.

Bere a Yohane hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnya ɔdɔ akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔdɔ kyerɛ ni, sɛ yɛbɛnantew sɛnea n’ahyɛde te.” Yohane san bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ “ɔdaadaafo ne nea otia Kristo no” ho.—2 Yoh. 5-7.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1, 13—Hena ne “awuraa a wɔapaw no” no? Ɛbɛyɛ sɛ na Yohane reka ɔbea bi a ɔfrɛɛ no Kyria, a ɛkyerɛ “awuraa” wɔ Hela kasa mu ho asɛm. Anaasɛ, ebia na ɔde kasakoa rekasa akyerɛ asafo pɔtee bi sɛnea ɛbɛyɛ a asɔretiafo renhu akyi. Sɛ na ɔrekasa akyerɛ asafo bi a, ɛnde na ɛbɛyɛ sɛ awuraa no mma no yɛ asafo no mufo, na ‘awuraa no nuabea no mma no’ begyina hɔ ama asafo foforo mufo.

7—Yesu ‘mmae’ bɛn na Yohane reka ho asɛm wɔ ha no, na ɔkwan bɛn so na adaadaafo ‘mpae mu nka’? Ná Yesu ‘mmae’ no nyɛ daakye de a aniwa nhu no no. Mmom no, ɛyɛ ba a na ɔbɛba wɔ honam mu ne sra a na wɔbɛsra no sɛ Kristo no. (1 Yoh. 4:2) Adaadaafo nnka sɛ waba wɔ honam mu. Ebia, wonnye nni sɛ Yesu atra ase pɛn wɔ asase so, na wonnye ntom sɛ wɔde honhom kronkron sraa no.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

2, 4. “Nokware no” a ɛne Kristofo nkyerɛkyerɛ nyinaa a ɛwɔ Bible mu a yebehu, na yɛaso mu no ho hia na ama yɛanya nkwagye.—3 Yoh. 3, 4.

8-11. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛhwere ‘adom, mmɔborohunu, ne asomdwoe fi Agya Nyankopɔn ne Agya no Ba Yesu Kristo hɔ,’ ne fekubɔ a ɔdɔ wom a yɛne yɛn mfɛfo gyidi wɔ no a, ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ yɛn ho yiye’ na yɛkɔ so tra Kristo nkyerɛkyerɛ mu, na yɛtwe yɛn ho fi wɔn a ‘wɔntra Kristo nkyerɛkyerɛ mu’ no ho.—2 Yoh. 3.

MOMMA YƐNYƐ “NOKWARE NO HO ADWUMAYƐFO”

(3 Yoh. 1-14)

Yohane kyerɛw ne krataa a ɛto so abiɛsa no kɔmaa n’ankasa adamfo Gaio. Yohane kyerɛwee sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware kwan so.”—3 Yoh. 4.

Yohane kamfoo Gaio wɔ “nokwaredi” a ɔde boaa anuanom a wɔkɔsraa wɔn asafo no ho. Ɔsomafo no kae sɛ: “Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yegye saa nnipa no fɛw so na yɛayɛ nokware no ho adwumayɛfo bi.”—3 Yoh. 5-8.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

11—Dɛn nti na nnipa binom bɔ bra bɔne? Esiane sɛ ebinom nyɛ den wɔ nokware no mu nti, wɔmmfa ntease aniwa nnhu Onyankopɔn. Esiane sɛ wontumi mfa wɔn aniwa ankasa nhu no nti, wɔbɔ wɔn bra te sɛ nea Onyankopɔn nhu wɔn no.—Hes. 9:9.

14—Henanom ne “nnamfonom” no? Asɛmfua “nnamfonom” a wɔde di dwuma wɔ ha no kɔ akyiri sen nnipa a wɔne wɔn ho bɔ paa no. Yohane de asɛmfua no dii dwuma de kaa ne mfɛfo gyidifo nyinaa ho asɛm.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

4. Sɛ asafo no mufo a wɔn ho akokwaw no hu sɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo no mu no “nam nokware kwan so” a, wɔn ani gye paa. Na sɛ awofo tumi boa wɔn mma ma wɔbɛyɛ Yehowa asomfo a, ɛma wɔn ani gye boro so!

5-8. Ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, wɔn a wɔreyɛ adwuma wɔ Betel afie mu anaa baa dwumadibea ahorow, ne wɔn a wɔreyɛ akwampae adwuma no ka wɔn a wofi ɔdɔ mu yɛ adwumaden de som wɔn nuanom ne Yehowa no ho. Mfaso wɔ so sɛ yesuasua wɔn gyidi, na ɛfata sɛ yɛboa wɔn.

9-12. Ɛsɛ sɛ yesuasua ɔnokwafo Demetrio nhwɛso pa no, na ɛnsɛ sɛ yesuasua Diotrefe a ɔkeka nsɛnhunu na ɔyɛ otwirifo no.

“MOMFA MO HO NSIE ONYANKOPƆN DƆ MU”

(Yuda 1-25)

Yuda kaa wɔn a wɔawiawia wɔn ho aba asafo no mu ho asɛm sɛ wɔyɛ “anwiinwiifo, wɔn a nea wɔwɔ biara nsɔ wɔn ani, wɔnantew wɔn ankasa akɔnnɔ mu.” “Wɔn ano ka akokurokosɛm, bere a wɔhoahoa nnipa.”—Yuda 4, 16.

Kristofo bɛyɛ dɛn atumi ako atia nkɛntɛnso bɔne? Yuda kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, . . . monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no ka too hɔ no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu.”—Yuda 17-21.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3, 4—Dɛn nti na Yuda ka kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wɔnko denneennen mpere gyidi no’? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na ‘nnipa abɔnefo bi awiawia wɔn ho aba asafo no mu.’ Ná saa nnipa yi ‘adan yɛn Nyankopɔn adom no de ayɛ anoyi de rebu ahohwibra.’

20, 21—Dɛn na yebetumi ayɛ de ‘yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu’? Yebetumi ayɛ eyi wɔ akwan abiɛsa so: (1) yɛnam mmɔden a yɛbɔ de sua Onyankopɔn Asɛm ne nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no so de yɛn ho hyɛ “gyidi kronkron” no mu; (2) yɛnam mpae a yɛbɔ “wɔ honhom kronkron mu,” anaasɛ mpae a yɛbɔ ma ɛne sɛnea honhom kronkron yɛ adwuma no hyia so; na (3) yɛnam Yesu Kristo agyede afɔre a ebetumi ama yɛanya daa nkwa no mu gyidi a yebenya so.—Yoh. 3:16, 36.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

5-7. So abɔnefo betumi aguan Yehowa atemmu? Kɔkɔbɔ ho nhwɛso a Yuda de mae no ma yehu sɛ wɔrentumi nguan da.

8-10. Ɛsɛ sɛ yesuasua nhwɛso a ɔbɔfo panyin Mikael yɛe no, na yɛda obu adi kyerɛ wɔn a Yehowa ama wɔn tumi no.

12. Sɛnea abotan a ɛhyehyɛ nsu ase betumi ama po so hyɛn abɔ anaasɛ apira asuguarefo no, saa ara na awaefo a wɔhyɛ da yɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔwɔ ɔdɔ no nso betumi asɛe yɛn gyidi. Atoro akyerɛkyerɛfo betumi ayɛ wɔn ho te sɛ nea wɔn yam ye, nanso wɔte sɛ amununkum a nsu nnim, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wonnim Onyankopɔn som ho hwee. Saa nkurɔfo no te sɛ twabere mu nnua a awu a ɛnsow aba. Wɔbɛsɛe wɔn te sɛ nnua a wɔatutu agu. Nyansa wom sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi awaefo ho.

22, 23. Nokware Kristofo kyi bɔne. Asafo no mufo a wɔn ho akokwaw, titiriw, ahwɛfo a wɔapaw wɔn no boa wɔn a “wɔn adwenem yɛ wɔn nãã no” ma wɔsan nya gyidi.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Nsu, honhom, ne mogya dii adanse sɛ “Yesu yɛ Nyankopɔn Ba”