Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wodi Oguammaa No Akyi”

“Wodi Oguammaa No Akyi”

“Wodi Oguammaa No Akyi”

“Eyinom na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ.”—ADI. 14:4.

1. Yesu asuafo anokwafo no tee nka dɛn wɔ n’akyi a na wodi no ho?

BERE a Yesu yɛɛ ne som adwuma no bɛyɛ mfe abien ne fã no, na “ɔrekyerɛkyerɛ wɔ bagua bi ase wɔ Kapernaum.” Esiane sɛ ne kasa no maa n’atiefo no ho dwiriw wɔn nti, “n’asuafo no mu bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyi no ho, na wɔne no annantew bio.” Bere a Yesu bisaa n’asomafo 12 no sɛ wɔn nso pɛ sɛ wɔkɔ anaa no, Simon Petro buae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ” no. (Yoh. 6:48, 59, 60, 66-69) Yesu asuafo anokwafo no annyae n’akyi di. Bere a wɔde honhom kronkron sraa wɔn akyi no, wɔkɔɔ so de Yesu akwankyerɛ yɛɛ adwuma.—Aso. 16:7-10.

2. (a) Hena ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” anaa “ofiehwɛfo nokwafo” no? (b) Ɔkwan bɛn so na akoa no ayɛ nhwɛso pa ‘adi Oguammaa no akyi’?

2 Dɛn na yebetumi aka afa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho? Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa “[ne] mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne” mu no, ɔfrɛɛ n’akyidifo a wɔwɔ asase so a wɔyɛ kuw a wɔde honhom asra wɔn no “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” anaa “ofiehwɛfo nokwafo.” (Mat. 24:3, 45; Luka 12:42) Sɛ́ kuw no, akoa kuw no ayɛ nhwɛso pa ‘adi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ.’ (Monkenkan Adiyisɛm 14:4, 5.) Akoa kuw no mufo akɔ so ayɛ mmaabun wɔ Onyankopɔn som mu denam “Babilon Kɛse” a ɛno ne wiase atoro som ahemman no nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe a wɔmfa ngu wɔn ho fi no so. (Adi. 17:5) Wonhuu atoro nkyerɛkyerɛ biara “wɔ wɔn anom,” na Satan wiase no mma “wonnii dɛm” nso. (Yoh. 15:19) Akyiri yi, wɔn a wɔasra wɔn no mufo a wɔda so wɔ asase so no ‘bedi’ Oguammaa no “akyi” akɔ soro ankasa.—Yoh. 13:36.

3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya akoa kuw no mu ahotoso?

3 Yesu de akoa nokwafo ne ɔbadwemma no “asi n’asomfo” a wɔne ankorankoro a wɔwɔ akoa kuw no mu “so” sɛ “ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu.” Wasan nso de akoa no ‘asi nea ɔwɔ nyinaa so.’ (Mat. 24:45-47) “Nea ɔwɔ” no bi ne “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” a wɔredɔɔso no. (Adi. 7:9; Yoh. 10:16) So ɛnsɛ sɛ ankorankoro a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no nya akoa no a ɔde no asi wɔn so no mu ahotoso? Nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yenya akoa no mu ahotoso. Emu atitiriw abien na edidi so yi: (1) Yehowa wɔ akoa kuw no mu ahotoso. (2) Yesu nso wɔ akoa kuw no mu ahotoso. Ma yɛnhwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nyinaa wɔ akoa kuw no mu ahotoso koraa no mu nhwɛ.

Yehowa wɔ Akoa no mu Ahotoso

4. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso wɔ honhom fam aduan a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de ma yɛn no mu?

4 Momma yensusuw nea ɛma akoa nokwafo ne ɔbadwemma no tumi ma yɛn honhom fam aduan a ahoɔden wom wɔ bere a ɛsɛ mu no ho nhwɛ. Yehowa ka sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so.” Ɔde ka ho sɛ: “M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.” (Dw. 32:8) Nokwarem no, Yehowa kyerɛ akoa no kwan. Enti, yebetumi anya ahotoso koraa wɔ Kyerɛwnsɛm mu nhumu, ntease, ne akwankyerɛ a yenya fi akoa no hɔ no mu.

5. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom ma akoa kuw no tumi?

5 Yehowa san nso de ne honhom kronkron no ma akoa kuw no. Ɛwom sɛ yentumi mfa yɛn aniwa nhu Yehowa honhom no de, nanso dwuma a honhom no di wɔ wɔn a ɛde wɔn yɛ adwuma no so de, yetumi hu. Wode, ma yensusuw nea akoa nokwafo ne ɔbadwemma no atumi ayɛ wɔ Yehowa Nyankopɔn, ne Ba no, ne Ahenni no ho adanse a wɔadi wɔ wiase nyinaa no ho nhwɛ. Yehowa asomfo reka Ahenni no ho asɛm denneennen wɔ aman ne nsupɔw bɛboro 230 so. So ɛno nyɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom rema akoa no tumi? (Monkenkan Asomafo Nnwuma 1:8.) Nea ɛbɛyɛ na akoa kuw no atumi ama Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɛsɛ sɛ osisi gyinae a ɛho hia pii. Sɛ akoa no resisi gyinae ma wɔde adi dwuma a, ɔda ɔdɔ, odwo, ne honhom aba afoforo adi.—Gal. 5:22, 23.

6, 7. Yehowa wɔ akoa nokwafo no mu ahotoso kodu he?

6 Nea ɛbɛyɛ na yɛate sɛnea Yehowa wɔ akoa nokwafo no mu ahotoso ase yiye no, ma yensusuw bɔhyɛ a ɔde ama emufo no ho nhwɛ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Torobɛnto no bɛhyɛn, na wɔanyan awufo sɛ wɔn a wɔmporɔw, na yɛbɛsesã. Na ɛsɛ sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw, na nea ewu yi hyɛ nea enwu.” (1 Kor. 15:52, 53) Wonyan Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no a wɔsom Onyankopɔn nokwarem a wowu wɔ nipadua a ɛporɔw mu no ma wɔn biribi a ɛsen honhom abɔde a wɔwɔ daa nkwa. Wɔma wɔn nkwa a owu nnim—nkwa a enni awiei na wɔrentumi nsɛe no da. Afei nso, wɔhyɛ nipadua a ɛmporɔw, na ɛda adi sɛ nipadua no ankasa tumi hwɛ ne ho so. Adiyisɛm 4:4 ka saafo a wɔanyan wɔn no ho asɛm sɛ wɔtete nhengua so a sika abotiri bobɔ wɔn ti. Kristofo a wɔasra wɔn no hwɛ kwan sɛ wɔbɛhyɛ wɔn anuonyam sɛ ahemfo. Nanso, nneɛma foforo pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn mu ahotoso.

7 Adiyisɛm 19:7, 8 ka sɛ: “Oguammaa no ayeforohyia adu na ne yere asiesie ne ho. Yiw, wɔama no kwan sɛ omfura nwera pa a ɛho tew hyɛnn, efisɛ nwera pa no gyina hɔ ma akronkronfo no adetrenee.” Yehowa apaw Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wɔn na wɔbɛyɛ ne Ba no ayeforo daakye. Nea ɛmporɔw, nkwa a owu nnim, ahenni, “Oguammaa no ayeforohyia”—eyinom nyinaa yɛ akyɛde ahorow a ɛyɛ nwonwa! Ne nyinaa yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn a wɔasra wɔn no a ‘wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ’ no mu ahotoso.

Yesu wɔ Akoa no mu Ahotoso

8. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ n’akyidifo a wɔde honhom asra wɔn no mu ahotoso?

8 Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu wɔ n’akyidifo a wɔde honhom asra wɔn no mu ahotoso koraa? Wɔ anadwo a etwa to wɔ Yesu asetena mu wɔ asase so no, ɔhyɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no bɔ bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu; na me ne mo reyɛ ahenni ho apam, sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam no, na moadidi anom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” (Luka 22:28-30) Ná apam a Yesu ne asomafo 11 no yɛe no mu bɛtrɛw aka Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn no nyinaa. (Luka 12:32; Adi. 5:9, 10; 14:1) Sɛ na Yesu nni wɔn mu ahotoso a, so anka ɔne wɔn bɛyɛ apam sɛ ɔne wɔn bedi ade wɔ n’Ahenni mu?

9. “Nea [Kristo wɔ] nyinaa” no bi ne dɛn?

9 Afei nso, Yesu Kristo de akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ‘asi nea ɔwɔ nyinaa so,’ na ɛno ne Ahenni nneɛma a ɔwɔ wɔ asase so no. (Mat. 24:47) Nneɛma a ɔwɔ no bi ne adan ne mfiri a ɛwɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ, nea ɛwɔ baa dwumadibea a ɛwɔ aman ahorow so, Nhyiam Asa ahorow, Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa. Nea ɛka ho bio nso ne Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. So obi de ne nneɛma a ɛsom bo bɛhyɛ obi a onni ne mu ahotoso nsa sɛ ɔnhwɛ so na ɔmfa nyɛ adwuma?

10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo ne n’akyidifo a wɔasra wɔn no wɔ hɔ?

10 Aka kakraa bi ma Yesu a na wɔanyan no no aforo akɔ soro no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ kae sɛ: “Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:20) So Yesu adi ne bɔhyɛ yi so? Wɔ mfe 15 a atwam mu no, Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa dodow anya nkɔanim fi bɛyɛ 70,000 akodu 100,000 ne akyiri, na ɛyɛ nkɔanim bɛboro ɔha mu nkyem 40. Na asuafo foforo baahe na wɔabɛka wɔn ho? Wɔbɔɔ asuafo bɛyɛ ɔpepem 4.5 asu wɔ mfe 15 a atwam no mu, na sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔbɔɔ nnipa bɛboro 800 asu da biara. Nkɔso pii a aba yi yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Kristo rekyerɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no kwan wɔ wɔn asafo nhyiam ahorow ase, na odi wɔn akyi wɔ asuafoyɛ adwuma a wɔreyɛ no mu.

Akoa no Yɛ Ɔnokwafo ne Ɔbadwemma

11, 12. Ɔkwan bɛn so na akoa no ada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔbadwemma?

11 Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo wɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no mu ahotoso koraa nti, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara? Anyɛ yiye koraa no, akoa no ada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo wɔ n’adwuma a ɔreyɛ no mu. Sɛ nhwɛso no, watintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no bɛyɛ mfe 130 ni. Asafo nhyiam, amansin nhyiam, ne amantam nhyiam a Yehowa Adansefo yɛ no kɔ so hyɛ yɛn gyidi den.

12 Akoa nokwafo no yɛ ɔbadwemma nso efisɛ ɔbrɛ ne ho ase na onni Yehowa anim, na saa ara nso na ɔntwentwɛn ne nan ase wɔ nneɛma ho bere a wɔte akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma wɔ nneɛma ho ase pefee no. Sɛ nhwɛso no, bere a atoro som akannifo nam wɔn nneyɛe so kyerɛ sɛ wɔpene wiase no mu nnipa pɛsɛmenkominya ne wɔn brasɛe so anaasɛ wɔka nsɛm bi de kyerɛ sɛ asɛm biara nni ho no, akoa no de, ɔbɔ yɛn kɔkɔ wɔ Satan nhyehyɛe bɔne no mu mfiri ahorow ho. Akoa no tumi de kɔkɔbɔ a nyansa wom na ɛba wɔ ne bere mu ma, efisɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo rehyira no. Enti, ɛfata sɛ yenya akoa no mu ahotoso koraa. Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no mu ahotoso?

Mo Ne Wɔn a Wɔasra Wɔn no ‘Nkɔ’ Bere a Wodi Oguammaa no Akyi No

13. Sɛnea Sakaria nkɔmhyɛ no kyerɛ no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ akoa nokwafo no mu ahotoso?

13 Bible mu nhoma a ɛne Sakaria ka sɛ “nnipa du” bɛkɔ “Yudani biako” nkyɛn akɔka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ.” (Monkenkan Sakaria 8:23.) Esiane sɛ wɔka “Yudani biako” ho asɛm sɛ “mo” nti, ɛkyerɛ sɛ ogyina hɔ ma nnipakuw bi. Wɔ yɛn bere yi so no, ogyina hɔ ma Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nkaefo a wɔka “Onyankopɔn Israel no” ho no. (Gal. 6:16) “Nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa” no gyina hɔ ma nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no. Sɛnea Kristofo a wɔasra wɔn no di Yesu akyi wɔ baabiara a ɔkɔ no, saa ara na nnipakuw kɛse no nso ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ‘kɔ’ anaa wɔka ne ho. Ɛnsɛ sɛ nnipakuw kɛse no mufo ma ɛyɛ wɔn aniwu da sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔne wɔn a ‘wɔka ɔsoro frɛ’ no ho no na ɛbɔ. (Heb. 3:1) Yesu ani nwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn a wɔasra wɔn no “anuanom.”—Heb. 2:11.

14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de nokwaredi aboa Kristo nuanom no?

14 Yesu Kristo bu nokwaredi a yɛde boa ne nuanom no sɛ ɛyɛ ɔno ankasa na yɛreyɛ ama no. (Monkenkan Mateo 25:40.) Ɛnde ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no betumi aboa Kristo nuanom a wɔde honhom asra wɔn no? Ade titiriw a wobetumi ayɛ de aboa wɔn ne Ahenni asɛnka adwuma no. (Mat. 24:14; Yoh. 14:12) Bere a wɔn a wɔasra wɔn no a wɔwɔ asase so dodow so atew wɔ mfe kakra a atwam ni mu no, nguan foforo no dodow akɔ anim. Sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no yɛ adansedi adwuma no bi, na sɛ wotumi som sɛ bere nyinaa asɛmpakafo a, wɔboa wɔn a wɔde honhom asra wɔn no ma wɔyɛ asuafoyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. (Mat. 28:19, 20) Ade a ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi nso ne hokwan ahorow a yenya de yi sika boa saa adwuma yi wɔ akwan horow so no.

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ n’ade wɔ honhom fam aduan a akoa no de ma yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu ne gyinae a akoa no sisi wɔ ahyehyɛde no mu no ho?

15 Sɛ́ Kristofo ankorankoro no, yebu honhom fam aduan a akoa nokwafo no nam Bible ho nhoma ne Kristofo nhyiam ahorow so de ma yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu no dɛn? So yɛde anisɔ di saa aduan no, na yɛde nea yesua no yɛ adwuma ntɛm? Yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ gyinae a akoa no sisi wɔ ahyehyɛde no mu no ho? Sɛ yefi yɛn pɛ mu tie akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ ɔkwan a Yehowa fa so de akwankyerɛ ma yɛn no mu ahotoso.—Yak. 3:17.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa tie Kristo nuanom no?

16 Yesu kae sɛ: “Me nguan tie me nne na minim wɔn, na wodi m’akyi.” (Yoh. 10:27) Saa na Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ. Na wɔn a wɔne wɔn ‘kɔ’ no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ saafo no tie Yesu asɛm. Ɛsɛ sɛ wɔsan tie Yesu nuanom no nso asɛm. Efisɛ, ɛyɛ wɔn titiriw na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa akwankyerɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo, na wɔnhwɛ wɔn so. Kristo nuanom a yebetie wɔn nne no kyerɛ dɛn?

17. Akoa kuw no a yebetie no no kyerɛ dɛn?

17 Sodikuw no na wodi Ahenni asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ asase so nyinaa no anim na wɔhwɛ so, na ɛyɛ wɔn na wogyina akoa nokwafo no ananmu nnɛ. Sodikuw no mufo yɛ asafo mu mpanyimfo a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ osuahu. Wɔn titiriw na yebetumi aka wɔn ho asɛm sɛ ‘wɔn a wodi anim’ wɔ yɛn mu. (Heb. 13:7) Esiane sɛ ahwɛfo a wɔde honhom asra wɔn yi hwɛ Ahenni adawurubɔfo bɛboro 7,000,000 so wɔ asafo ahorow bɛboro 100,000 mu wɔ wiase nyinaa nti, wɔwɔ “pii [yɛ] wɔ Awurade adwuma no mu.” (1 Kor. 15:58) Akoa kuw no a yebetie no no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ osetie koraa ama ne Sodikuw no.

Wohyira Wɔn a Wotie Akoa No

18, 19. (a) Nhyira bɛn na wɔn a wotie akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no nya? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Efi bere a wɔpaw akoa nokwafo ne ɔbadwemma no, “wɔde nnipa bebree [reba] trenee mu.” (Dan. 12:3) Eyinom mu bi ne wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa bere a wɔbɛsɛe mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi no. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nhyira sɛ Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔyɛ treneefo!

19 Daakye, sɛ ‘kurow kronkron, Yerusalem Foforo [a 144,000 no na wɔwom no] fi Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro sian a wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu’ a, dɛn na wɔn a wɔatie akoa no nne no benya? Bible ka sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” (Adi. 21:2-4) Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, momma yentie Kristo ne ne nuanom a wɔde honhom asra wɔn a ɔwɔ wɔn mu ahotoso no nne.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no mu ahotoso?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo wɔ akoa kuw no mu ahotoso koraa?

• Dɛn nti na ɛfata sɛ yenya ofiehwɛfo nokwafo no mu ahotoso?

• Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ akoa no mu ahotoso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

So wunim nea Yehowa apaw no sɛ ɔnyɛ ne Ba no ayeforo daakye no?

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yesu Kristo de “nea ɔwɔ” ahyɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nsa

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Sɛ yɛyɛ adansedi adwuma no bi a, yɛboa wɔn a wɔde honhom asra wɔn no