Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momfa Mo Ani Nsi Nkonimbo No So

Momfa Mo Ani Nsi Nkonimbo No So

Momfa Mo Ani Nsi Nkonimbo No So

“Mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho na manya nkonimbo . . . no.”—FILIP. 3:14.

1. Nkonimbo bɛn na wɔde hyɛɛ ɔsomafo Paulo bɔ?

NÁ ƆSOMAFO Paulo a wɔsan frɛ no Saul a ofi Tarso no fi abusua a wɔagye din mu. Mmarakyerɛfo a na wagye din a wɔfrɛ no Gamaliel no na ɔtetee no wɔ n’agyanom som mu. (Aso. 22:3) Ná Paulo wɔ adwuma pa a anka ebetumi ama wadi yiye; nanso ogyaee ne som no bɛyɛɛ Kristoni. Afei, ɔde n’ani sii nkonimbo a ɛne daa nkwa a na wɔde ahyɛ no bɔ no so. Ná ɔbɛyɛ ɔhene ne ɔsɔfo wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu a ɔrenwu da. Saa Ahenni no bedi asase a wɔayɛ no paradise so.—Mat. 6:10; Adi. 7:4; 20:6.

2, 3. Dɛn na Paulo yɛ de kyerɛe sɛ n’ani sɔ nkonimbo a ɛne ɔsoro asetena no paa?

2 Bere a Paulo rekyerɛ sɛnea n’ani sɔ saa nkonimbo no paa no, ɔkae sɛ: “Nneɛma a na ɛyɛ mfaso ma me no, mabu no sɛ adehwere, Kristo nti. Hwɛ, ɛno nti na nokwarem no, mibu nneɛma nyinaa sɛ adehwere m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so no nti. Ɔno nti na mibu nneɛma nyinaa adehwere na mibu no sɛ nwura dodow.” (Filip. 3:7, 8) Bere a Paulo behuu atirimpɔw a Yehowa wɔ ma adesamma ho nokwasɛm no, obuu nneɛma a nnipa dodow no ara bu no sɛ ɛho hia te sɛ dibea, ahode, adwuma, ne anuonyam sɛ nwura.

3 Efi saa bere no, ade a na ɛho hia Paulo sen biara ne Yehowa ne Kristo ho nimdeɛ a ɛsom bo no. Yesu kaa saa nimdeɛ no ho asɛm wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yoh. 17:3) Ɔpɛ a emu yɛ den a na Paulo wɔ sɛ obenya daa nkwa no da adi wɔ asɛm a ɔkae wɔ Filipifo 3:14 no mu. Ɔkae sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho na manya nkonimbo a ɛne ɔsoro frɛ a efi Onyankopɔn hɔ denam Kristo Yesu so no.” Nokwarem no, ɔde n’ani sii nkonimbo a ɛno ne daa nkwa a obenya wɔ soro sɛ Onyankopɔn Ahenni nniso no muni no so.

Daa Nkwa wɔ Asase So

4, 5. Nkonimbo bɛn na wɔde ahyɛ nnipa ɔpepem pii a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde nnɛ no bɔ?

4 Wɔ nnipa dodow no ara a wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde fam no, nkonimbo a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho adwuma denneennen ne daa nkwa a wobenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no. (Dw. 37:11, 29) Yesu sii so dua sɛ saa anidaso yi bɛbam ɔkwan biara so. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mat. 5:5) Sɛnea Dwom 2:8 kyerɛ no, Yesu ankasa ne wɔn a wobenya asase no adi no mu otitiriw, na ɔne nnipa 144,000 na ebedi ade wɔ soro. (Dan. 7:13, 14, 22, 27) Nguan foforo a wɔbɛtena asase so ankasa no na “wobenya” ahenni a ‘wɔasiesie ama wɔn fi wiase nhyɛase no’ wɔ asase so. (Mat. 25:34, 46) Wɔama yɛn awerɛhyem sɛ eyinom nyinaa bɛbam, efisɛ Onyankopɔn a ɔhyɛɛ saa bɔ no ‘ntumi nni atoro.’ (Tito 1:2) Yebetumi anya ahotoso a na Yosua wɔ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bam no bi, bere a ɔkaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ Israelfo no. Ɔkae sɛ: “Nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; biako mpo ntɔɔ fam.”—Yos. 23:14.

5 Onyankopɔn wiase foforo no mu asetena renyɛ te sɛ ɛnnɛ wiase a abasamtu wom yi. Ɛbɛyɛ soronko koraa: akodi, nsɛmmɔnedi, ohia, ntɛnkyea, yare, ne owu befi hɔ. Afei, nnipa benya apɔwmuden a edi mũ, na wɔbɛtena asase a wɔayɛ no paradise so. Yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu sɛnea saa asetena no bɛma yɛanya akomatɔyam ne ahotɔ afa. Nokwarem no, saa bere no, yebenya anigye da biara da. Nkonimbo a ɛkyɛn so bɛn ara ni!

6, 7. (a) Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ nea yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ so wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛma awufo mpo ahyɛ asetena foforo ase?

6 Bere a Yesu wɔ asase so no, Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so maa no tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade de kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ wɔ asase so nyinaa wɔ wiase foforo no mu. Sɛ nhwɛso no, Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima bi a na wabubu agu hɔ mfe 38 sɛ ɔnsɔre nnantew. Bible ka sɛ ɔbarima no yɛɛ saa. (Monkenkan Yohane 5:5-9.) Bere foforo nso, Yesu huu “ɔbarima bi a wɔwoo no onifuraefo,” na ɔsaa no yare. Akyiri yi, wobisaa ɔbarima a na anka n’ani afura no Onipa kõ a ɔsaa no yare no ho asɛm, na obuae sɛ: “Efi tete besi nnɛ yɛntee sɛ obi abue nea wɔawo no onifuraefo ani da. Sɛ onipa yi mfi Onyankopɔn a, anka ontumi nyɛ hwee.” (Yoh. 9:1, 6, 7, 32, 33) Tumi a Onyankopɔn de maa Yesu nti na otumi yɛɛ eyinom nyinaa. Baabiara a Yesu kɔe no, “ɔsaa wɔn a wohia ayaresa no yare.”—Luka 9:11.

7 Ɛnyɛ ayarefo ne mmubuafo nkutoo na Yesu tumi saa wɔn yare, na mmom otumi nyanee awufo nso. Sɛ nhwɛso no, na abeawa bi a wadi mfe 12 awu ma n’awofo werɛ ahow paa. Nanso, Yesu kae sɛ: “Abeawa, mise wo sɛ, sɔre!” Na ɛhɔ ara na ɔsɔree! Sɛ wohwɛ a, n’awofo ne afoforo a na wɔwɔ hɔ no bɛte nka dɛn? (Monkenkan Marko 5:38-42.) Sɛ wonyan nnipa ɔpepepem pii ba Onyankopɔn wiase foforo no mu a, nnipa ho ‘bedwiriw wɔn’ kɛse, efisɛ “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Aso. 24:15; Yoh. 5:28, 29) Wɔbɛma saafo no ahyɛ asetena foforo ase na wɔanya anidaso sɛ wobetumi atena ase daa afi saa bere no.

8, 9. (a) Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, dɛn na wɔbɛyɛ wɔ bɔne a yenya fii Adam hɔ no ho? (b) Dɛn na wobegyina so abu awufo no atɛn?

8 Wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu no betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa. Wɔrennyina bɔne a wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu yɛe ansa na wɔrewu no so na ebebu wɔn atɛn. (Rom. 6:7) Sɛ wɔde agyede afɔre no so mfaso yɛ adwuma wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu a, Ahenni no nkoa a wɔyɛ osetie no de nkakrankakra bɛyɛ pɛ, na awiei koraa no, wɔade wɔn ho afi ɔhaw a Adam bɔne no de aba no nyinaa ho. (Rom. 8:21) Yehowa ‘bɛmene owu akosi daa, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu.’ (Yes. 25:8) Onyankopɔn Asɛm san ka sɛ “[wobebuebue] nhoma mmobɔwee mu,” na ɛno kyerɛ sɛ wɔde akwankyerɛ foforo bɛma wɔn a wɔbɛtena ase saa bere no. (Adi. 20:12) Sɛ wɔyɛ asase no paradise a, “asase sofo nyinaa [besua] adetrenee.”—Yes. 26:9.

9 Ɛnyɛ bɔne a wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu no nya fii Adam hɔ no so na wobegyina abu wɔn atɛn, na mmom nea wɔn ankasa bɛyɛ saa bere no. Adiyisɛm 20:12 ka sɛ: “Wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te,” na ɛno kyerɛ nnwuma a wɔbɛyɛ bere a wɔanyan wɔn no akyi. Yehowa atɛntrenee, ne mmɔborɔhunu, ne ne dɔ a ɛkyɛn so a wada no adi bɛn ara ni! Afei nso, “wɔrenkae” nneɛma a ɛyɛ yaw a wɔfaa mu wɔ wɔn asetena mu wɔ wiase dedaw yi mu no “bio, na ɛremma [wɔn] komam bio.” (Yes. 65:17) Bere a wɔanya akwankyerɛ foforo a ɛhyɛ wɔn den ne asetena a nneɛma pa ahyɛ mu ma no, nneɛma bɔne a wɔfaa mu bere bi a atwam no renhaw wɔn bio. Wɔn werɛ betumi afi saa nneɛma bɔne no koraa. (Adi. 21:4) “Nnipakuw kɛse” a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no nso werɛ befi saa nneɛma bɔne no nyinaa.—Adi. 7:9, 10, 14.

10. (a) Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, asetena bɛyɛ dɛn? (b) Dɛn na wubetumi ayɛ na aboa wo ma woakɔ so de w’ani asi nkonimbo no so?

10 Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, nnipa betumi atena ase a wɔrenyare bio anaasɛ wɔrenwu. Bible ka sɛ: “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yes. 33:24) Awiei koraa no, asase foforo no sotefo bɛsɔre anɔpa biara a wɔte apɔw yiye a wɔde anigye rehwɛ da foforo kwan. Wɔbɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ adwuma a ɛbɛma wɔanya akomatɔyam, na nnipa a wɔne wɔn bɛbɔ no nyinaa bɛyɛ nnipa a wodwen wɔn ho. Asetena a ɛte saa yɛ nkonimbo a ɛkyɛn so ampa! Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na wummue wo Bible na wonkenkan nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 33:24 ne 35:5-7 no? Fa no sɛ wowɔ hɔ bi. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma woakɔ so de w’ani asi nkonimbo no so.

Wɔamfa Wɔn Ani Ansi Nkonimbo no So

11. Kyerɛkyerɛ sɛnea Solomon fii ase yiye wɔ ne nniso mu no mu.

11 Sɛ yenya sua nkonimbo no ho ade ara pɛ a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kɔ so de yɛn ani si so, efisɛ yɛn ani betumi afi so. Sɛ nhwɛso no, bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene wɔ tete Israel no, ɔde ahobrɛase bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma no ntease ne nhumu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi abu Yehowa nkurɔfo atɛn yiye. (Monkenkan 1 Ahene 3:6-12.) Enti Bible ka sɛ, “Onyankopɔn kɔɔ so maa Solomon nyansa ne ntease pii.” Nokwarem no, “Solomon nyansa dɔɔso sen Apuei Famfo nyinaa nyansa ne Egypt nyansa nyinaa.”—1 Ahe. 4:29-32.

12. Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa de maa wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ ahemfo wɔ Israel no?

12 Nanso, na Yehowa adi kan abɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ obiara a ɔbɛba abɛyɛ ɔhene no ‘kɔpɛ apɔnkɔ pii,’ na saa ara nso na na “ɛnsɛ sɛ ɔware mmea bebree na ne koma amman.” (Deut. 17:14-17) Sɛ na ɔhene no ma n’apɔnkɔ dɔɔso a, na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho to n’asraafo so sɛ wɔn na wɔbɛbɔ ɔman no ho ban, na ɛnyɛ Yehowa a ɔno na ɔyɛ Ɔbammɔfo no. Ná asiane wom nso sɛ ɔbɛware mmea bebree, efisɛ na ɛno betumi ama waware mmea a wofi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔsom abosom a wɔde wɔn ho hyɛ atoro som mu no mu, na na saa mmea no betumi ama ɔhene no aman afi Yehowa nokware som ho.

13. Ɛyɛɛ dɛn na Solomon ani fii nea na wɔde ama no no so?

13 Solomon antie saa kɔkɔbɔ no. Mmom no, ɔyɛɛ nneɛma a na Yehowa aka no pɔtee sɛ ɛnsɛ sɛ ahemfo yɛ no. Onyaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo mpempem pii. (1 Ahe. 4:26) Onyaa yerenom 700 ne ayefamnom nso 300, na na wɔn mu pii fi aman a wɔbɛn wɔn a wɔsom abosom no mu. Saa mmea yi “dan ne koma kodii anyame foforo akyi; ne koma anni mũ wɔ Yehowa . . . ho.” Solomon de ne ho kɔhyɛɛ aman a wɔsom abosom no atoro som a na ɛyɛ akyide a ne yerenom a wɔnyɛ Israelfo no twetwee no kɔɔ mu no mu. Enti, Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ “ohwim na mehwim ahenni no afi wo nsam.”—1 Ahe. 11:1-6, 11.

14. Dɛn na efii asoɔden a Solomon ne Israel man no yɛe no mu bae?

14 Solomon ankɔ so amfa n’ani ansi hokwan a ɛsom bo a na wanya sɛ ɔyɛ nokware Nyankopɔn no nanmusifo no so. Ɔhene no de ne ho hyɛɛ atoro som mu fee. Bere bi akyi no, ɔman mũ no nyinaa wae fii Onyankopɔn som ho, na ɛma wɔsɛee wɔn wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Ɛwom sɛ awiei koraa no Yudafo no san de nokware som sii hɔ de, nanso mfe pii akyi no, nneɛma bi a wɔyɛe maa Yesu kae sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Yesu kae sɛ: “Hwɛ! Wɔagyaw mo fie ama mo.” (Mat. 21:43; 23:37, 38) Esiane sɛ ɔman no anni nokware nti, wɔhweree hokwan kɛse a na wɔwɔ sɛ wɔyɛ nokware Nyankopɔn no ananmusifo no. Wɔ afe 70 Y.B. mu no, Roma asraafo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no, na Yudafo a wɔkae no mu pii bɛyɛɛ nkoa.

15. Ka nnipa bi a wɔankɔ so amfa wɔn ani ansi nneɛma a ɛho hia paa so no ho asɛm.

15 Ná Yuda Iskariot ka Yesu asomafo 12 no ho. Yuda tee Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛka koma no, na ohuu anwonwade ahorow a Onyankopɔn honhom kronkron boaa no ma ɔyɛe no nso. Nanso, Yuda ammɔ ne koma ho ban. Ɔno na na wɔde Yesu ne asomafo 12 no sika ahyɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so. Nanso “na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na na sika adaka no wɔ ne nkyɛn, na na ɔtaa yi sika a wɔde gu mu no bi.” (Yoh. 12:6) N’ani beree ade araa ma awiei koraa no, ɔne asɔfo mpanyin a wɔyɛ nyaatwom no bɔɔ pɔw bɔne yii Yesu maa wɔn de gyee nnwetɛbona 30. (Mat. 26:14-16) Onipa foforo a wankɔ so amfa n’ani ansi nkonimbo no so ne Dema a na ɔka ɔsomafo Paulo ho no. Dema ammɔ ne koma ho ban. Paulo kae sɛ: “Mprempren wiase nhyehyɛe ho dɔ nti, Dema agyaw me hɔ kɔ.”—2 Tim. 4:10; monkenkan Mmebusɛm 4:23.

Nea Yɛn mu Biara Betumi Asua Afi Mu

16, 17. (a) Tumi a ɛko tia yɛn no ano yɛ den dɛn? (b) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina biribiara a Satan de ba yɛn so no ano?

16 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa susuw nhwɛso a ɛwɔ Bible mu no ho yiye, efisɛ wɔaka akyerɛ yɛn sɛ: “Eyinom too wɔn sɛ sɛnnahɔ, na wɔakyerɛw de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe yi awiei ato yɛn no kɔkɔ.” (1 Kor. 10:11) Ɛnnɛ, yɛte wiase bɔne a ɛwɔ hɔ yi nna a edi akyiri mu.—2 Tim. 3:1, 13.

17 Satan Ɔbonsam a ɔno ne “wiase yi nyame” no nim sɛ “ne bere a aka yɛ tiaa.” (2 Kor. 4:4; Adi. 12:12) Ɔbɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛdaadaa Yehowa asomfo ma wɔayɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ. Satan wɔ wiase yi so tumi, na akwan a wiase no fa so bɔ nsɛm ho dawuru no nso hyɛ n’ase. Nanso, tumi a ɛboa Yehowa nkurɔfo no sen saa koraa. Na ɛno ne “tumi a ɛboro onipa de so” no. (2 Kor. 4:7) Yebetumi de yɛn ho ato tumi a efi Onyankopɔn hɔ yi so ma aboa yɛn ma yɛagyina biribiara a Satan de ba yɛn so no ano. Enti, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mpae daa, na yennya awerɛhyem sɛ Yehowa “de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no” no.—Luka 11:13.

18. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ wiase a ɛwɔ hɔ yi ho?

18 Satan wiase no nyinaa a yenim sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe no na wɔagye nokware Kristofo nkwa no nso hyɛ yɛn gyidi den. Bible ka sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.” (1 Yoh. 2:17) Eyi nti, hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ Onyankopɔn somfo bi benya adwene sɛ biribi wɔ wiase yi mu a ɛso betumi aba no mfaso daa asen ɔne Yehowa ntam abusuabɔ! Wiase a ɛda Satan tumi mu yi te sɛ po so hyɛn a ɛremem. Yehowa de Kristofo asafo no ama n’asomfo anokwafo sɛ “hyɛmma a wɔde gye nkwa.” Bere a wɔrehwɛ wiase foforo no kwan no, wobetumi anya awerɛhyem wɔ saa bɔhyɛ yi mu sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na wobenya asase no adi.” (Dw. 37:9) Enti, kɔ so fa w’ani si nkonimbo a ɛkyɛn so yi so!

So Wokae?

• Paulo tee nka dɛn wɔ nkonimbo a wɔde hyɛɛ no bɔ no ho?

• Dɛn na wobegyina so abu wɔn a wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no atɛn?

• Dɛn na nyansa wom sɛ woyɛ no nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Sɛ wokenkan Bible no a, so wofa no sɛ wo nsa aka nkonimbo no?