Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monwɛn”

“Monwɛn”

“Monwɛn”

“Nneɛma nyinaa awiei abɛn. . . . Monwɛn mma mpaebɔ.”—1 PET. 4:7.

1. Dɛn titiriw na na Yesu ka ho asɛm?

BERE a Yesu Kristo wɔ asase so no, ade a na ɔka ho asɛm titiriw ne Onyankopɔn Ahenni no. Yehowa nam saa Ahenni no so bɛma obiara ahu sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi amansan no so tumi, na ɔde atew ne din ho. Enti Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mat. 4:17; 6:9, 10) Saa Ahenni nniso no de Satan wiase yi bɛba awiei nnansa yi ara, na ɛbɛhwɛ ma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so nyinaa. Daniel ka too hɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni ‘bebubu ahenni horow a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.’—Dan. 2:44.

2. (a) Dɛn na na ɛbɛma Yesu akyidifo no ahu sɛ wɔde Ahenni no ama no a ɔredi hene? (b) Dɛn bio na sɛnkyerɛnne no bɛma ada adi?

2 Esiane sɛ na Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho hia Yesu akyidifo no paa nti, wobisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mat. 24:3) Esiane sɛ sɛ wɔde Ahenni no ma Kristo na ɔredi hene a nnipa a wɔwɔ asase so remfa wɔn aniwa nhu nti, na wɔbɛma wɔn sɛnkyerɛnne a wɔde behu sɛ ɔredi hene. Wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ saa sɛnkyerɛnne no bɛyɛ nea ɛwɔ afã horow. Enti na Yesu akyidifo a wɔte ase saa bere no betumi ahu sɛ wafi ase redi hene wɔ soro. Ɛno nso bɛma ada adi sɛ bere a Bible frɛ no nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri” a seesei yehu no kɛse wɔ asase so no afi ase.—2 Tim. 3:1-5, 13; Mat. 24:7-14.

Monwɛn wɔ Nna a Edi Akyiri no Mu

3. Dɛn nti na ɛho behia sɛ Kristofo wɛn?

3 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Nneɛma nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem nna hɔ, na monwɛn mma mpaebɔ.” (1 Pet. 4:7) Ná ɛho behia sɛ Yesu akyidifo wɛn, na wɔma wɔn ani da hɔ wɔ nsɛm a ebesisi wɔ wiase no mu a ɛbɛma wɔahu sɛ Yesu afi ase redi hene no ho. Na ɛho behia sɛ wɔwɛn kɛse paa wɔ bere a wiase bɔne a ɛwɔ hɔ yi rekɔ awiei no. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a ofiewura no reba [abebu Satan wiase no atɛn].”—Mar. 13:35, 36.

4. Kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ suban a nnipa a wɔyɛ Satan wiase no fã da no adi ne suban a Yehowa asomfo da no adi no mu. (Fa adaka no mu nsɛm ka ho.)

4 Satan na odi nnipa dodow no ara so, na esiane sɛ wɔn ani nna hɔ nti, wonnim nea nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no kyerɛ. Wonhu sɛ wɔde Ahenni no ama Kristo a ɔredi hene. Nanso, Kristo akyidifo anokwafo no awɛn, na wɔahu nea nsɛm a asisi wɔ mfe ɔha a atwam mu no kyerɛ ankasa. Efi afe 1925 reba no, Yehowa Adansefo ahu sɛ Wiase Ko I ne nsɛm a esisii wɔ ɛno akyi no yɛ adanse ankasa a ɛkyerɛ sɛ wɔde Ahenni no maa Kristo ma ofii ase dii hene wɔ soro wɔ afe 1914 mu. Ɛno nti, ná wiase bɔne yi a ɛhyɛ Satan ase no nna a edi akyiri no afi ase. Ɛwom sɛ nnipa a wohu nsɛm a ɛresisi no mu pii nnim nea ɛkyerɛ de, nanso wohu sɛ nsonsonoe kɛse wɔ mmere a na ɛwɔ hɔ ansa na Wiase Ko I no fii ase ne ɛno akyi no mu.—Hwɛ adaka a ɛne  “Bere a Basabasayɛ Fii Ase” no mu.

5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so wɛn?

5 Nsɛm a ɛyɛ hu a ɛresisi wɔ wiase nyinaa bɛyɛ mfe ɔha ni no ma yehu sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu. Bere a aka ma Yehowa aka akyerɛ Kristo ne n’abɔfodɔm a wɔwɔ tumi no ma wɔako atia Satan wiase no sua koraa. (Adi. 19:11-21) Wɔaka akyerɛ nokware Kristofo sɛ wɔnkɔ so nwɛn. Enti ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so wɛn bere a yɛretwɛn sɛ wiase yi bɛkɔ awiei no. (Mat. 24:42) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma pɔtee bi wɔ asase so nyinaa wɔ Kristo akwankyerɛ ase.

Adwuma a Wɔreyɛ wɔ Asase so Nyinaa

6, 7. Nkɔso bɛn na aba wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu wɔ nna a edi akyiri yi mu?

6 Wɔhyɛɛ adwuma a ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo yɛ no ho nkɔm kaa sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã horow a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase bɔne yi nna a edi akyiri mu no ho. Yesu kaa adwuma a yɛbɛyɛ wɔ wiase nyinaa yi ho asɛm bere a ɔkyerɛɛ nneɛma horow a ɛbɛkɔ so wɔ awiei bere no mu no. Yesu kaa asɛm a ɛho hia yi nso wɔ ne nkɔmhyɛ no mu sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mat. 24:14.

7 Ma yensusuw nsɛm bi a ɛfa nkɔm a Yesu hyɛe no ho nhwɛ. Bere a nna a edi akyiri no fii ase wɔ afe 1914 mu no, na nnipa kakraa bi na wɔreka asɛmpa no. Ebesi saa bere yi, nnipa kakraa bi a wofii ase no abɛyɛ bebree. Yehowa Adansefo bɛboro 7,000,000 na wɔreka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa, na wɔwɔ asafo bɛboro 100,000 mu. Nnipa 10,000,000 na wɔbɛkaa Yehowa Adansefo ho wɔ afe 2008 mu ma wɔhyɛɛ Kristo wu Nkaedi no ho fã. Nnipa dodow a wɔkɔɔ bi no boro wɔn a wɔkɔɔ afe a na atwam no de so pii.

8. Dɛn nti na ɔsɔretia ntumi nsiw yɛn asɛnka adwuma no nkɔso kwan?

8 Hwɛ sɛnea wɔredi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse fefeefe wɔ aman nyinaa mu ansa na wiase a ɛwɔ hɔ yi akɔ awiei! Ɛmfa ho sɛ Satan ne “wiase yi nyame” no, wɔatumi adi adanse saa. (2 Kor. 4:4) Satan wɔ amanyɔsɛm, nyamesom, wiase yi mu aguadi, ne ɔkwan a wɔfa so bɔ nsɛm ho dawuru nyinaa so tumi. Ɛnde, dɛn na ama nkɔso pii aba wɔ adansedi adwuma no mu saa? Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa na ɔtaa akyi. Enti ɛmfa ho sɛ Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛagyae Ahenni asɛnka adwuma no, ɛrekɔ so denneennen.

9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nkɔso a aba wɔ asɛnka adwuma no mu, Yehowa nkurɔfo a wɔredɔɔso, ne Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a wɔanya no yɛ anwonwade?

9 Yebetumi aka sɛ nkɔso a aba wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu, sɛnea Yehowa nkurɔfo redɔɔso, ne Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a wɔrenya no pii no yɛ anwonwade. Sɛ Onyankopɔn ammoa ne nkurɔfo a, wɔrentumi nyɛ asɛnka adwuma no. Mmoa a ɔde ma wɔn no bi ne akwankyerɛ ne ahobammɔ. (Monkenkan Mateo 19:26.) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn honhom kronkron reyɛ adwuma wɔ nnipa a wɔrewɛn na wofi wɔn pɛ mu som no koma mu nti, wɔbɛkɔ so ayɛ asɛnka adwuma no akosi ase, na “ɛno ansa na awiei no bɛba.” Saa bere no reba ntɛmntɛm.

“Ahohiahia Kɛse No”

10. Yesu kaa ahohiahia kɛse a ɛreba no ho asɛm dɛn?

10 Wiase bɔne yi bɛba awiei wɔ nea wɔfrɛ no “ahohiahia kɛse no” mu. (Adi. 7:14) Bible nka bere tenten a ɛno bedi nkyerɛ yɛn, nanso Yesu kae sɛ: “Afei ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio bɛba.” (Mat. 24:21) Sɛ yesusuw ahohiahia a wiase yi afa mu dedaw, te sɛ nea ɛbae wɔ Wiase Ko II no mu bere a nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 kosi 60 hweree wɔn nkwa no ho a, ɛnde, ahohiahia kɛse a ɛreba no mu bɛyɛ den papaapa. Ahohiahia kɛse no bɛkɔ akowie wɔ Harmagedon ko no mu. Saa bere no na Yehowa bɛma n’abrafodɔm no asɛe nneɛma a Satan ahyehyɛ wɔ asase so ne ɛho biribiara.—Adi. 16:14, 16.

11, 12. Nsɛm bɛn na ebesisi na ama yɛahu sɛ ahohiahia kɛse no afi ase?

11 Bible nkɔmhyɛ nkyerɛ ɛda a ahohiahia kɛse no fã a edi kan no befi ase, nanso ɛka ade titiriw a ebesi ma yɛahu sɛ afi ase no ho asɛm. Ɛno ne bere a amammui atumfoɔ no bɛsɛe atoro som nyinaa. Wɔde atoro som toto aguaman bi a ɔne amammui ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no abɔ aguaman ho wɔ Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm ti 17 ne ti 18 mu. Adiyisɛm 17:16 ma yehu sɛ ɛrenkyɛ saa amammui ahyehyɛde yi “bɛtan aguaman no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no pasaa.”

12 Sɛ saa bere no du a, Onyankopɔn ‘de bɛhyɛ amammui atumfoɔ no komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu’ mfa nsɛe atoro som nyinaa. (Adi. 17:17) Enti yebetumi aka sɛ Onyankopɔn na ɔbɛsɛe wɔn. Ɛyɛ n’atemmu a ɔde bɛba nyamesomfo a wɔyɛ nyaatwom a wofi bere tenteenten akyerɛkyerɛ nsɛm a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia na wɔataa n’asomfo no so. Wiase no de, wɔnhwɛ kwan sɛ wɔrebɛsɛe atoro som. Nanso Yehowa asomfo anokwafo de, wɔhwɛ kwan. Na wɔreka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa.

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ atoro som awiei bɛba wɔ bere tiaa bi mu?

13 Sɛ wɔsɛe atoro som a, nkurɔfo ho bedwiriw wɔn papaapa. Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ “asase so ahene” binom mpo bɛka saa ɔsɛe no ho asɛm sɛ, “Due, due, . . . efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba!” (Adi. 18:9, 10, 16, 19) Sɛnea Bible de asɛm a ɛne “dɔnhwerew biako” di dwuma no ma yehu sɛ saa adeyɛ yi bɛkɔ so wɔ bere tiaa bi mu.

14. Awiei koraa no, sɛ Yehowa atamfo tow hyɛ n’asomfo so a, dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ?

14 Yenim sɛ bere a wɔasɛe atoro som akyi bere bi no, wɔbɛtow ahyɛ Yehowa asomfo a wɔreka Yehowa atemmusɛm no so. (Hes. 38:14-16) Sɛ atamfo no fi ase tow hyɛ Yehowa asomfo so a, ná wɔne Yehowa a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo anokwafo ho ban no na anya. Yehowa ka sɛ: “M’abufuhyew mu, m’anibere gya mu na mɛkasa. . . . Na . . . wɔahu sɛ mene Yehowa.” (Monkenkan Hesekiel 38:18-23.) Onyankopɔn ka wɔ n’Asɛm mu sɛ: “Nea ɔde ne nsa ka mo [n’asomfo anokwafo] no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kesua.” (Sak. 2:8) Enti sɛ Yehowa atamfo fi ase sɛ wɔretow ahyɛ n’asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa no so a, ɔbɛyɛ ho biribi. Ɔbɛkeka ne ho, na ɛno na ɛde ahohiahia kɛse no fã a etwa to no bɛba wɔ Harmagedon. Kristo bedi abɔfodɔm a wɔwɔ tumi anim ma wɔde Yehowa atemmu aba Satan wiase no so.

Nea Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ wɔ Ho

15. Ɛsɛ sɛ wiase yi awiei a yenim sɛ abɛn no ka yɛn dɛn?

15 Ɛsɛ sɛ wiase bɔne yi awiei a yenim sɛ ɛreba ntɛmntɛm no ka yɛn dɛn? Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ eyinom nyinaa bɛnan nti, munhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu!” (2 Pet. 3:11) Saa asɛm yi si so dua sɛ ɛho hia sɛ yɛwɛn denneennen de Onyankopɔn akwankyerɛ bɔ yɛn bra, na yɛyɛ nnwuma a ɛfata onyamesom pa wɔ yɛn asetena mu de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Nnwuma a ɛte saa no bi ne sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛka Ahenni no ho asɛmpa no ansa na awiei no aba. Petro san kyerɛwee sɛ: “Nneɛma nyinaa awiei abɛn. . . . Monwɛn mma mpaebɔ.” (1 Pet. 4:7) Sɛ yɛkɔ Yehowa anim daa wɔ mpaebɔ mu de srɛ no sɛ ɔmfa ne honhom kronkron ne n’asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no so mma yɛn akwankyerɛ a, na ɛkyerɛ sɛ yɛbɛn Yehowa na yɛdɔ no nso.

16. Dɛn nti na ehia sɛ yetie Onyankopɔn afotu yiye?

16 Wɔ mmere a ɛyɛ hu yi mu no, ehia sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu yi yɛ adwuma yiye. Ɛka sɛ: “Monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.” (Efe. 5:15, 16) Seesei abɔnefosɛm adɔɔso sen bere biara wɔ nnipa asetena mu. Satan ayɛ nneɛma pii a ɔde besiw nkurɔfo kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ Yehowa apɛde, anaasɛ ɔde bɛtwetwe wɔn adwene afi Yehowa so. Sɛ́ Onyankopɔn asomfo no, yenim eyi, na yɛmpɛ sɛ yɛma biribiara sɛe nokwaredi a yɛde resom Onyankopɔn no. Yenim nea ebesi nnansa yi ara no nso, na yɛwɔ Yehowa mu ahotoso, na yɛwɔ awerɛhyem nso sɛ n’atirimpɔw bɛbam.—Monkenkan 1 Yohane 2:15-17.

17. Kyerɛkyerɛ nea wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no bɛyɛ bere a wɔanyan awufo no mu.

17 Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ ɔbɛsan de awufo aba nkwa mu bio no bɛbam, efisɛ “bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Aso. 24:15) Hyɛ sɛnea wosi so dua sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam no nsow: ‘Bere bi bɛba a, wɔbɛsɔre afi awufo mu’! Akyinnye biara nni eyi ho, efisɛ ɛyɛ Yehowa anom asɛm! Yesaia 26:19 hyɛ bɔ sɛ: “W’awufo benya nkwa. Mo a mote mfutuma mu, monsɔre mmɔ ose! . . . Asase bɛsan awo awufo.” Saa asɛm no nyaa ne mmamu a edi kan bere a wɔmaa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no san kɔɔ wɔn asase so no, na ɛno ma yenya awerɛhyem sɛ ebenya mmamu ankasa wɔ wiase foforo no mu. Hwɛ anigye kɛse a yebenya bere a wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu no hyia wɔn adɔfo no! Nokwarem no, Satan wiase no awiei abɛn, na Onyankopɔn wiase foforo no bɛba nnansa yi ara. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so wɛn!

So Wokae?

• Dɛn titiriw na na Yesu ka ho asɛm?

• Ɛhe na wɔayɛ Ahenni no ho asɛnka adwuma no akodu nnɛ?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛwɛn?

• Dɛn na ɛwɔ bɔhyɛ a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 24:15 mu a ɛhyɛ wo nkuran?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16]

 BERE A BASABASAYƐ FII ASE

Alan Greenspan kyerɛw nhoma bi wɔ afe 2007 mu. Nhoma no ka basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ bere bi mu ho asɛm. (The Age of Turbulence: Adventures in a New World) Greenspan yɛɛ United States Ɔman no Sikasɛm Bagua a ɛhwɛ ɔman mũ no sikasɛm nhyehyɛe so no guamtrani bɛyɛ mfe 20. Ɔkaa nsonsonoe kɛse a ɛda asetena a na ɛwɔ wiase ansa na afe 1914 reba ne asetena a aba wɔ saa afe no akyi no ntam ho asɛm sɛ:

“Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ nyinaa kyerɛ sɛ ansa na afe 1914 reba no, na nnipa bu wɔn ho wɔn ho, ná aman ne wɔn ho wɔn ho di no yiye, na na wɔrenya nkɔso nso wɔ asetena ne mfiridwuma mu; na nnipa renya nkɔso kɛse wɔ wɔn asetena mu araa ma na ayɛ te sɛ nea wobetumi adu pɛyɛ ho. Ná aguadi bɔne a ɛne nkoatɔ no aba awiei wɔ afeha a ɛto so dunkron no mu. Ná ɛte sɛ nea ayayade a wɔde yɛ nnipa no ano rebrɛ ase. . . . Ná wɔanya nkɔso kɛse wɔ mfiridwuma mu wɔ wiase nyinaa wɔ afeha a ɛto so dunkron no mu ma wɔatumi ayɛ keteke akwan, telefon, anyinam nkanea, sini, kar, ne nnwinnade a wɔde di dwuma wɔ afie mu ne nneɛma foforo pii a yɛrentumi mmobɔ din. Ná aduruyɛ, nnuan pa a wonya di, ne nsu pa a wonya nom ama nnipa nkwa nna ayɛ tenten . . . Ná nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa te nka sɛ nkɔso a ɛte saa a wɔanya no bɛkɔ so ara.”

Nanso . . . “Wiase Ko I no sɛee nkɔso a na wɔanya wɔ asetena ne mfiridwuma mu no sen sɛnea Wiase Ko II a ɛsɛee ade kɛse no yɛe no: Wiase Ko I no sɛee adwene a na nnipa kura. Me werɛ rentumi mfi nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ wiase ansa na Wiase Ko I no reba no, wɔ bere a na ɛte sɛ nea nnipa renya nkɔso ntɛmntɛm wɔ asetena mu no. Ɛnnɛ, ɛsono adwene a yekura ne nea na nnipa kura wɔ mfe ɔha a atwam no koraa, na adwene a yekura nnɛ ne nneɛma a yehu sɛ ɛrekɔ so wɔ wiase no di nsɛ. So ehu, ewim a ɛreyɛ hyew, anaa ahofadi a nnipa mpapahwekwa dodow no ara repere ahwehwɛ no bɛsɛe nkɔso a aba wɔ amanaman ntam aguadi mu te sɛ nea Wiase Ko I no sɛee nkɔso a na ɛwɔ hɔ saa bere no? Obiara nni hɔ a obetumi de ahotoso ama saa asɛmmisa yi ho mmuae.”

Greenspan kae asɛm bi a bere a ɔwɔ sukuupɔn mu no Sikasɛm mu Ɔbenfo Benjamin M. Anderson (1886-1949) kae no: “Nnipa a wɔn ani afi a wɔkae na wonim nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ wiase ansa na Wiase Ko I no reba no ani gyina saa bere no kɛse. Saa bere no, na nnipa te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ, na efi saa bere no wonnyaa bi saa bio da.”—Economics and the Public Welfare.

Wɔaka asɛm a ɛte saa ara wɔ nhoma bi a ɛka wiase ho nsɛm a G. J. Meyer kyerɛwee a wotintim no afe 2006 mu no mu. Yɛkenkan sɛ: “Wɔtaa ka sɛ nsɛm akɛse a asisi wɔ abakɔsɛm mu no ‘asesa biribiara.’ Yebetumi aka sɛ Ɔko Kɛse no [1914-1918] asesa biribiara ampa. Ɔko no sesaa biribiara ankasa: ɛnyɛ aman ahye, nniso ne aman nko na ɛsesae, na mmom nnipa ahu sɛ asesa nnipa ne wiase nyinaa fi saa bere no. Ɔko no maa wiase no sesa bɛyɛɛ foforo, na anyɛ sɛ nea na ahobammɔ wom a na ɛwɔ hɔ kan no.”—A World Undone.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa bɛma n’abɔfodɔm a wɔwɔ tumi no adi dwuma wɔ Harmagedon