Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛfata Sɛ Yɛn Nyinaa Bom Yi Yehowa Ayɛ

Ɛfata Sɛ Yɛn Nyinaa Bom Yi Yehowa Ayɛ

Ɛfata Sɛ Yɛn Nyinaa Bom Yi Yehowa Ayɛ

“Munyi Yah ayɛ!”—DW. 111:1.

1, 2. “Haleluia” kyerɛ dɛn, na wɔde di dwuma dɛn wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu?

“HALELUIA!” Yɛtaa te saa nteɛm yi wɔ Kristoman asɔre ahorow mu. Ɛtaa pue wɔ ebinom kasa mu da biara da. Nanso, nnipa kakraa bi na wonim nea ɛkyerɛ ankasa wɔ ɔsom mu, na nnipa bebree a wɔka saa asɛm no abrabɔ nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Tito 1:16) Bible asekyerɛ nhoma bi kyerɛ “Haleluia” ase sɛ ɛyɛ “asɛmfua bi a wɔn a wɔkyerɛw nnwom nhoma no de too nsa frɛɛ nnipa nyinaa sɛ wɔne wɔn mmom nyi Yehowa ayɛ.” Nokwarem no, Bible ho abenfo binom ka sɛ “Haleluia” kyerɛ “‘Munyi Yah Ayɛ,’ [Yah no kyerɛ] Yehowa.”

2 Ntease wom sɛ wɔakyerɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 111:1 no ase sɛ: “Munyi Yah ayɛ!” Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu nso, saa asɛm yi pue mpɛn anan wɔ Adiyisɛm 19:1-6, na wɔde di atoro som awiei ho ahurusi. Sɛ atoro som awiei ba a, nokware asomfo benya biribi titiriw agyina so aka “Haleluia” wɔ obu mu.

Ne Nnwuma Akɛse

3. Ade titiriw bɛn nti na yehyiam daa?

3 Nea ɔkyerɛw Dwom 111 no kyerɛɛ nneɛma pii nti a ɛfata koraa sɛ yɛn nyinaa bom yi Yehowa ayɛ. Dwom 111:1 ka sɛ: “Mede me koma nyinaa mɛkamfo Yehowa wɔ teefo fekuw ne wɔn guabɔ mu.” Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso te nka saa ara. Ade titiriw nti a yehyiam wɔ yɛn asafo ahorow mu ne nhyiam akɛse ase daa ne sɛ yebeyi Yehowa ayɛ.

4. Dɛn na nnipa betumi ayɛ de ahwehwɛ Yehowa nnwuma mu?

4 “Yehowa nnwuma yɛ akɛse, na wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa hwehwɛ mu.” (Dw. 111:2) Hyɛ asɛm a ɛne “hwehwɛ mu” no nsow. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ kyerɛwsɛm yi betumi afa nnipa a wɔde “koma pa dwinnwen” Onyankopɔn nnwuma ho na “wosua no anibere so” ho. Nneɛma a Yehowa abɔ nyinaa wɔ dwuma titiriw a edi. Yehowa de owia, asase, ne ɔsram asensɛn baabi a ɛfata, na ne nyinaa bom yɛ adwuma ma asase nya ɔhyew ne hann, awia ne anadwo, ne ewim nsakrae, na ɛma ɛpo bɔ asorɔkye.

5. Dɛn na nimdeɛ a ɛkɔ akyiri a nnipa anya wɔ amansan no ho no ama ada adi?

5 Nyansahufo ahu nneɛma pii afa baabi a asase da wɔ okyinnsoromma kuw no mu, yɛn ɔsram no kɛse, emu duru, ne sɛnea etwa asase ho hyia no ho. Wɔahyehyɛ saa ɔsoro abɔde yi ne sɛnea ɛbom yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no ma yenya wim nsakrae a ɛyɛ fɛ, na nsakrae no ba wɔ bere ano. Afei nso, wɔahu nneɛma pii afa sɛnea abɔde mu nneɛma a ɛwɔ amansan yi mu te sɛ osutɔ, ahum, ne nneɛma foforo a ɛtete saa yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no ho. Enti, mfiridwuma ho ɔbenfo bi kae wɔ asɛm bi a ɔkyerɛwee a n’asɛmti ne “Amansan a Wɔahyehyɛ no ‘Pɛpɛɛpɛ’” no mu sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu nea enti a nyansahufo pii asesa wɔn adwene wɔ mfe 30 a atwam no mu, na wɔabegye atom sɛ ehia sɛ obi nya gyidi paa ansa na watumi ate ase sɛ obi na ɔbɔɔ amansan no. Sɛ yenya sɛnea wɔahyehyɛ asase a yɛte so no ho nimdeɛ kɔ akyiri a, ɛma yegye tom paa sɛ obi a onim nyansa na ɔyɛe.”

6. Wote nka dɛn wɔ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa no ho?

6 Sɛnea Onyankopɔn yɛɛ yɛn no nso yɛ ade foforo a ɛyɛ nwonwa wɔ adebɔ mu. (Dw. 139:14) Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɔmaa wɔn adwene, nipadua a ɛwɔ akwaa ahorow a ehia nyinaa, ne ahoɔden a wɔde bɛyɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Onyankopɔn ama yetumi kasa na yɛte asɛm, na yetumi kenkan ade na yɛkyerɛw no nyinaa yɛ anwonwade. Nnipa pii tumi yɛ saa nneɛma no nyinaa bi. Wowɔ biribi foforo nso a ɛyɛ nwonwa, na ɛno ne wo nipadua a etumi gyina ntenten no. Sɛnea wɔyɛɛ yɛn nipadua ma yetumi gyina hɔ yiye, sɛnea nipadua akwaa ahorow no yɛ adwuma, ne sɛnea nipadua no yɛ aduan a yedi ho adwuma ma yenya ahoɔden fi mu no yɛ nwonwa yiye. Nea ɛsen eyinom no, biribiara nni hɔ a nyansahufo ayɛ a ɛbɛto ehon ntini a ɛsesa wo nipadua mu a etumi ma w’adwene ne wo nkate yɛ adwuma no. Nokwarem no, esiane sɛ nnipa wɔ adwene ne nkate nti na wotumi yɛ nneɛma ahorow. Sɛ obi a wasua mfiridwuma ho ade, na onim mfiri ho adwuma yiye no nni nsateaa du a ɛyɛ nwonwa a yɛde yɛ ade no a, anka ɔrentumi nyɛ biribiara a ɛyɛ fɛ na mfaso wɔ so. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ ɛnyɛ nsateaa a Onyankopɔn de ama yɛn no a, so anka yebetumi adi adwini na yɛasisi adan a ɛyɛ fɛ anaa?’

Onyankopɔn Nnwuma Akɛse ne Ne Su Ahorow

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu Bible sɛ ɛyɛ Onyankopɔn nnwuma akɛse no mu biako?

7 Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no, Yehowa nnwuma akɛse no bi ne nneɛma foforo a ɛyɛ nwonwa a wayɛ ama adesamma no. Bible yɛ Yehowa nnwuma akɛse no mu biako, na emu nsɛm hyia pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa. Nhoma foforo biara nni hɔ a ɛte sɛ Bible, na efi “Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ” ampa. (2 Tim. 3:16) Sɛ nhwɛso no, Bible mu nhoma a edi kan a ɛne Genesis no kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn yii abɔnefosɛm fii asase so wɔ Noa bere so no mu. Nhoma a ɛto so abien a ɛne Exodus no ma yehu sɛnea Yehowa gyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Egypt de daa no adi sɛ ɔno ne Onyankopɔn a ɔwɔ tumi. Ɛda adi sɛ nsɛm a ɛtete saa na na ɛwɔ odwontofo no adwenem bere a ɔkaa asɛm a edi so yi no. Ɔkae sɛ: [Yehowa] nnwuma yɛ nidi ne anuonyam nko ara, na ne trenee wɔ hɔ daa. Wama n’anwonwadwuma ayɛ nkae ade. Yehowa yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.” (Dw. 111:3, 4) So wunnye ntom sɛ nnwuma a Yehowa ayɛ wɔ abakɔsɛm mu ne nea ɔreyɛ wɔ wo bere so no yɛ ne ‘nidi ne n’anuonyam’ ho nkae ade?

8, 9. (a) Akwan bɛn so na Onyankopɔn nnwuma yɛ soronko wɔ nnipa nnwuma pii ho? (b) Onyankopɔn su ahorow a w’ani gye ho no bi ne dɛn?

8 San hyɛ no nsow sɛ odwontofo no sii Yehowa su a ɛyɛ fɛ te sɛ ne trenee, n’adom, ne ne mmɔborɔhunu so dua. Wunim sɛ nnipa abɔnefo ntaa nyɛ wɔn ade trenee so. Mpɛn pii no, wɔde anibere, ahoɔyaw, ne ahantan na ɛyɛ wɔn ade. Nea ɛma yehu sɛ eyi te saa ne akode a edi awu a nnipa yɛ ma wɔde kɔ ako a wɔn ankasa kɔfa ba na wɔsan de pɛ sika no. Saa akodi yi de ɛyaw ne ehu a ɛso bi nni ba nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛɛ bɔne biara so. Afei nso, nneɛma a nnipa ayɛ no mu pii de nhyɛso aba ahiafo so. Ɛho nhwɛso bi ne nkoa a wɔde wɔn sii Egyptfo abodan no. Ade titiriw a na wɔyɛ wɔ saa abodan no mu ne sɛ na wosie Egyptfo ahemfo a wɔyɛ ahantan a wɔfrɛ wɔn Farao no wɔ mu. Afei nso, nnwuma pii a nnipa yɛ no nnɛ no de nhyɛso ba wɔn mfɛfo nnipa so, na wɔsan de ‘sɛe asase no.’—Monkenkan Adiyisɛm 11:18.

9 Hwɛ sɛnea ɛsono Yehowa nnwuma a ogyina trenee so yɛ no bere nyinaa no! Ne nnwuma no bi ne nsiesiei a ofi mmɔborɔhunu mu ayɛ a ɔde begye nnipa abɔnefo nkwa no. Onyankopɔn de agyede no mae de ‘daa n’ankasa trenee adi.’ (Rom. 3:25, 26) “Ne trenee wɔ hɔ daa” ampa! Onyankopɔn nam abotare a wanya wɔ ɔne nnipa abɔnefo nsɛnnii mu so ada n’adom adi. Ɛtɔ mmere bi mpo a, ofi ayamye mu ka kyerɛ abɔnefo sɛ wɔnsan mfi wɔn akwammɔne so mmɛyɛ nea ɛteɛ.—Monkenkan Hesekiel 18:25.

Yehowa Di Ne Bɔhyɛ So

10. Nokwaredi ho nhwɛso bɛn na Yehowa yɛe wɔ apam a ɔne Abraham yɛe no ho?

10 “Wama wɔn a wosuro no no aduan. Ɔbɛkae n’apam daa.” (Dw. 111:5) Ɛte sɛ nea Abraham apam no na na odwontofo no reka ho asɛm wɔ ha. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obehyira Abraham aseni no, na ɔkae sɛ wɔbɛfa wɔn atamfo nkurow apon. (Gen. 22:17, 18; Dw. 105:8, 9) Wɔ saa bɔhyɛ no mmamu a edi kan mu no, Israel man no na ɛbɛyɛɛ Abraham aseni no. Ná saa ɔman no akɔyɛ nkoa wɔ Egypt bere tenteenten, nanso akyiri yi ‘Onyankopɔn kaee apam a ɔne Abraham yɛe no,’ na ogyee wɔn. (Ex. 2:24) Sɛnea akyiri yi Yehowa ne wɔn dii no ma yehu sɛ ne yam ye ankasa. Ɔmaa wɔn honam fam aduan a ɛbɛma wɔanya nipaduam ahoɔden ne honhom fam aduan a ɛbɛma wɔatumi ayɛ n’apɛde. (Deut. 6:1-3; 8:4; Neh. 9:21) Wɔ ɛno akyi mfe pii no, ɛwom sɛ Onyankopɔn somaa adiyifo sɛ wɔnkɔhyɛ ɔman no nkuran mma wɔnsan mmra ne nkyɛn de, nanso mpɛn pii na ɔman no antie adiyifo no. Bere a Onyankopɔn gyee Israelfo no fii Egypt akyi bɛboro mfe 1,500 no, ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so. Yudafo no mu dodow no ara poo Yesu, na wɔhwɛ ma wokum no. Ɛno akyi no, Yehowa hyehyɛɛ ɔman foforo bi, “Onyankopɔn Israel” a ɛyɛ honhom fam de. Saa ɔman no ne Kristo na wɔbom yɛ Abraham sɛnkyerɛnne kwan so aseni a Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ ɔnam no so behyira adesamma no.—Gal. 3:16, 29; 6:16.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kɔ so ‘kae apam’ a ɔne Abraham yɛe no?

11 Yehowa kɔ so ‘kae n’apam’ ne nhyira a ɔnam so de bɛba no. Ɛnnɛ, ɔrema yɛn honhom fam aduan pii wɔ kasa bɛboro 400 mu. Afei nso, ɔkɔ so tie mpae a yɛbɔ de srɛ yɛn honam fam ahiade sɛnea asɛm a edi hɔ yi kyerɛ no: “Ma yɛn da yi aduan sɛnea yehia no da biara.”—Luka 11:3; Dw. 72:16, 17; Yes. 25:6-8.

Yehowa Tumi a Enni Ano

12. Ɔkwan bɛn so na wɔde “amanaman no agyapade” maa tete Israelfo no?

12 “Tumi a ɔde yɛ adwuma no, ɔka kyerɛɛ ne man, bere a ɔde amanaman no agyapade maa wɔn no.” (Dw. 111:6) Ade biako a ɛda nsow wɔ Israelfo abakɔsɛm mu a ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ odwontofo no adwenem ne sɛnea wogyee wɔn anwonwakwan so fii Egypt no. Bere a awiei koraa Yehowa maa Israelfo no kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no, wotumi dii ahemman a ɛwowɔ Yordan Asubɔnten no apuei ne atɔe no so. (Monkenkan Nehemia 9:22-25.) Nokwarem no, Yehowa de “amanaman no agyapade” maa Israel. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn daa ne tumi adi!

13, 14. (a) Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn tumi a ɔdaa no adi wɔ Babilon bɛn na na ɛwɔ odwontofo no adwenem? (b) Nneɛma foforo bɛn mu na Yehowa agye nnipa afi?

13 Nanso, yenim yiye sɛ ɛmfa ho nea Yehowa yɛ maa Israelfo no nyinaa no, wɔammu Onyankopɔn, na saa ara nso na wɔammu wɔn agyanom Abraham, Isak, ne Yakob. Wɔkɔɔ so tew Onyankopɔn so atua kosii sɛ Onyankopɔn nam Babilonfo so tuu wɔn fii wɔn asase so de wɔn kɔɔ nkoasom mu. (2 Be. 36:15-17; Neh. 9:28-30) Sɛnea Bible ho abenfo bi kyerɛ no, sɛ nea ɔhyehyɛɛ Dwom 111 no tenaa ase wɔ bere a Israelfo no fi Babilon nkoasom mu bae no akyi a, ɛnde, ná ɔwɔ bibiri foforo a obegyina so ayi Yehowa ayɛ wɔ Ne nokwaredi ne ne tumi ho. Onyankopɔn gyee Yudafo no fii Babilon a na ɛyɛ ahemman a na wɔahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ wogyae wɔn nkoa no nsam de kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔwɔ tumi.—Yes. 14:4, 17.

14 Bɛyɛ ɛno akyi mfe ahanum no, Yehowa de ne tumi dii dwuma wɔ ɔkwan kɛse koraa so de gyee nnipa a wɔanu wɔn ho fii bɔne ne owu a na afa wɔn ayɛ nkoa no mu. (Rom. 5:12) Ade biako a efii mu bae ne sɛ ebuee kwan maa nnipa 144,000 ma wɔbɛyɛɛ Kristo akyidifo a wɔde honhom asra wɔn. Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa de ne tumi gyee wɔn a wɔasra wɔn yi mu kakra a wɔaka no fii atoro som a na ɛde wɔn ayɛ nkoa no mu. Yebetumi aka sɛ nea saafo no tumi yɛ wɔ awiei bere yi mu no fi Onyankopɔn tumi nkutoo. Sɛ wodi nokware kosi owu mu a, wɔne Yesu Kristo bɛtena soro adi asase so hene ama nnipa a wɔanu wɔn ho no ho atɔ wɔn. (Adi. 2:26, 27; 5:9, 10) Wobenya asase kɛse koraa adi asen sɛnea tete Israelfo nyae no.—Mat. 5:5.

Nnyinasosɛm a Ɛyɛ Nokware na Ɛwɔ Hɔ Daa

15, 16. (a) Onyankopɔn nsa ano nnwuma no bi ne dɛn? (b) Ahyɛde ahorow bɛn na Onyankopɔn de maa tete Israel?

15 “Ne nsa ano adwuma yɛ nokware ne atɛntrenee; n’ahyɛde nyinaa di mũ, na ɛwɔ nnyinaso daa daa; wayɛ no nokware ne teeyɛ mu.” (Dw. 111:7, 8) “[Yehowa] nsa ano adwuma” no bi ne abopon abien a wɔkyerɛw mmara du a ɛho hia guu so maa Israelfo no. (Ex. 31:18) Saa mmara yi ne ahyɛde afoforo a ɛbɛyɛɛ Mose Mmara apam no nyinaa gyina nnyinasosɛm a ɛyɛ nokware na ɛwɔ hɔ daa so.

16 Sɛ nhwɛso no, ahyɛde, anaa mmara a na ɛwɔ saa abopon no so mu biako ne sɛ: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.” Saa kyerɛwsɛm no kɔ so ka sɛ Yehowa yi ‘n’adɔe adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so kosi awo ntoatoaso a ɛto so apem so.’ Nnyinasosɛm a wotumi de yɛ adwuma bere nyinaa te sɛ “di wo papa ne wo maame ni,” “mmɔ korɔn,” ne mmara a ɛma yɛte nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere afoforo ade ase yiye nso wɔ abopon no so.—Ex. 20:5, 6, 12, 15, 17.

Yɛn Gyefo Kronkron no a Ne Ho Yɛ Hu

17. Nneɛma bɛn nti na na anka ɛsɛ sɛ Israelfo bu Onyankopɔn din sɛ ɛyɛ kronkron?

17 “Wasoma ogye abrɛ ne man. Wahyɛ sɛ n’apam ntena hɔ afebɔɔ. Ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.” (Dw. 111:9) Ɛha nso, ɛbɛyɛ sɛ nokware a Yehowa dii wɔ apam a ɔne Abraham yɛe no mu no na na ɛwɔ odwontofo no adwenem. Ɛno nti, Yehowa annyaw ne nkurɔfo, nea edi kan no, ogyee ne nkoa fii Egypt, na akyiri yi, ogyee wɔn bere a wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon no. Wɔ nsɛm abien yi nyinaa mu no, Yehowa gyee ne nkurɔfo. Sɛ nneɛma abien yi nkutoo mpo na Yehowa yɛ maa Israelfo no a, na anka ɛsɛ sɛ ɛno ma wobu Onyankopɔn din sɛ ɛyɛ kronkron.—Monkenkan Exodus 20:7; Rom. 2:23, 24.

18. Dɛn nti na wote nka sɛ Onyankopɔn din a ɛda wo so no yɛ hokwan a woanya?

18 Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔagye wɔn afi bɔne ne owu a ɛde wɔn ayɛ nkoa a na wonni anidaso biara mu no bu Onyankopɔn din sɛ ɛyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma yɛn abrabɔ ne adesrɛ a edi kan a ɛno ne “wo din ho ntew” a ɛwɔ mpaebɔ a Yesu de yɛɛ nhwɛso no mu no ahyia. (Mat. 6:9) Ɛsɛ sɛ saa din a ɛho wɔ nyam no ho a yebedwinnwen no ma yesuro Onyankopɔn. Ná nea ɔkyerɛw Dwom 111 no wɔ Onyankopɔn ho suro pa. Ɔkae sɛ: “Yehowa suro ne nyansa mfiase. Wɔn a wodi n’ahyɛde so nyinaa nya ntease pa.”Dw. 111:10.

19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

19 Sɛ yɛwɔ Onyankopɔn ho osuro pa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakyi bɔne. Ɛbɛboa yɛn nso ma yɛasuasua Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ Dwom 112 a yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu no. Saa dwom no ma yehu nea yebetumi ayɛ na ama yɛaka nnipa ɔpepem pii a wobeyi Onyankopɔn ayɛ daa no ho. Ɔfata ayeyi a ɛte saa ampa. “N’ayeyi tim hɔ daa.”Dw. 111:10.

Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Yedwinnwen Ho

• Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛn nyinaa bom yi Yehowa ayɛ?

• Yehowa su ahorow bɛn na ɛda adi wɔ ne nnwuma mu?

• Wubu hokwan a woanya sɛ Onyankopɔn din da wo so no dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Ade titiriw nti a yehyiam daa ne sɛ yebeyi Yehowa ayɛ

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yehowa mmara nyinaa gyina nnyinasosɛm a ɛyɛ nokware na ɛwɔ hɔ daa so