Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Wo Werɛ Mfi Yehowa

Mma Wo Werɛ Mfi Yehowa

Mma Wo Werɛ Mfi Yehowa

NÁ Israelfo binom ayɛ biribi a ɛte saa pɛn. Wɔn mu dodow no ara fam de, na ɛno nkutoo ne bere a edi kan a wɔbɛfa nsu mu a wɔn ho remfɔw. Ná Yehowa maa Yordan Asubɔnten no taa faako nkyɛe koraa. Afei, Israelfo ɔpepem pii too santen tenteenten faa asase kesee so wɔ asubɔnten no mu kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Sɛnea wɔn nananom yɛe wɔ Po Kɔkɔɔ no mu mfe 40 a na atwam no, ɛbɛyɛ sɛ nnipa pii a saa bere yi na wɔretwa Yordan no kae wɔ wɔn tirim sɛ, ‘Me werɛ remfi nea Yehowa ayɛ wɔ ha yi da.’ —Yos. 3:13-17.

Nanso, na Yehowa nim sɛ ‘ɛrenkyɛ’ na Israelfo binom ‘werɛ afi ne nnwuma.’ (Dw. 106:13) Enti, ɔka kyerɛɛ Israel kannifo Yosua sɛ ɔnsesaw abo 12 mfi nsu no ase na ɔmfa nyɛ nkaebo wɔ baabi a wobedi kan asoɛ no. Yosua kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Abo yi bɛyɛ nkae ama Israelfo daa.” (Yos. 4:1-8) Ná saa nkaebo no bɛma Israel man no akae nnwuma akɛse a Yehowa ayɛ, na ama wɔahu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔkɔ so som no nokwarem bere nyinaa.

So saa asɛm no fa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho? Yiw. Ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn werɛ fi Yehowa da; ɛsɛ sɛ yɛkɔ so som no nokwarem. Kɔkɔbɔ afoforo a wɔde maa Israel man no betumi afa Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ho. Susuw asɛm a Mose kae yi ho hwɛ: “Hwɛ yiye na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn na woannan w’akyi ankyerɛ n’ahyɛde ne n’atemmusɛm ne ne mmara a merehyɛ wo nnɛ yi.” (Deut. 8:11) Eyi kyerɛ sɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi Yehowa a, ebetumi ama yɛayɛ ne so asoɔden. Asiane a ɛte saa betumi ato yɛn wɔ yɛn bere yi so nso. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Kristofo no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ “asoɔden nhwɛso koro no ara” a Israelfo yɛe wɔ sare so no ho.—Heb. 4:8-11.

Ma yensusuw nsɛm bi a esisii wɔ Israelfo no asetena mu a esi so dua sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi Onyankopɔn no ho. Bio nso, asuade a yebenya afi Israelfo mmarima anokwafo baanu bi asetena mu no bɛboa yɛn ma yɛde boasetɔ ne anisɔ asom Yehowa.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛkae Yehowa

Yehowa werɛ amfi Israelfo no da wɔ mfe a wɔde tenaa Egypt no nyinaa mu. “Ɔkaee apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob yɛe no.” (Ex. 2:23, 24) Nea ɔyɛ de gyee wɔn fii nkoasom mu saa bere no yɛ biribi a na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi da.

Yehowa de ɔhaw akron baa Egyptfo no so. Farao akɔmfo no antumi ansiw ɔhaw no ano. Eyinom nyinaa akyi no, Farao buu Yehowa animtiaa na wamma Israelfo no ankɔ. (Ex. 7:14–10:29) Nanso, nea ɔhaw a ɛto so du no de bae no maa saa sodifo ɔhantanfo no tiee Yehowa. (Ex. 11:1-10; 12:12) Mose dii Israel man no ne firamanfiramanfo bebree a na wɔn dodow bɛyɛ 3,000,000 no anim fii Egypt. (Ex. 12:37, 38) Wofii hɔ no, ankyɛ koraa na Farao sesaa n’adwene. Ɔka kyerɛɛ n’asraafo a na wonim akodi yiye wɔ asase so saa bere no a na wɔtete nteaseɛnam ne apɔnkɔ so no sɛ wonkotiw ne nkoa a na wagyae wɔn no na wɔnsan mfa wɔn mmra. Saa bere no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa Israelfo no nkɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Pihahirot a ɛda Po Kɔkɔɔ no ne mmepɔw bi ntam no. Ná ɛte sɛ nea wɔn ho aka mu no.—Ex. 14:1-9.

Ná Farao susuw sɛ Israelfo no asum wɔn ho afiri ma enti n’asraafo no bɛtow ahyɛ wɔn so. Nanso, Yehowa de omununkum dum ne ogya dum sii Egyptfo no ne Israelfo no ntam ma enti Egyptfo no antumi anto wɔn. Afei, Onyankopɔn maa Po Kɔkɔɔ no mu pae kɔɔ ɔfã ne fã ma ɛyɛɛ te sɛ ɔfasu a emu biara sorokɔ bɛyɛ mita 15. Israelfo no faa asase kesee so twaa po no. Ankyɛ koraa na Egyptfo no beduu po no ano, na wohui sɛ Israelfo no retwa kɔ ɔfã nohoa.—Ex. 13:21; 14:10-22.

Sɛ Farao yɛ sodifo foforo bi a odwen nneɛma ho kɔ akyiri a, anka ɔrenkɔ so ntiw wɔn, nanso ɔno de, otiw wɔn. Esiane sɛ na ogye ne ho di dodo nti, ɔka kyerɛɛ n’asraafo a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so no sɛ wonsi po no mu ntiw Israelfo no. Egyptfo no kɔɔ wɔn anim ara. Nanso, Yehowa siw wɔn kwan ma wɔantumi antiw Israelfo no. Ná Egyptfo no nteaseɛnam no ntumi nkɔ bio! Ná Yehowa atutu nteaseɛnam no anan.—Ex. 14:23-25; 15:9.

Bere a Egyptfo no nteaseɛnam a asɛɛsɛe no rehaw wɔn no, na Israelfo no nyinaa adu ɛpo no agya wɔ apuei fam dedaw. Afei Mose teɛɛ ne nsa wɔ Po Kɔkɔɔ no so. Ɛhɔ ara na Yehowa maa nsu a na ayɛ afasu no bu guu mu. Nsu pii bu faa Farao ne n’asraafo no so faa wɔn kɔe. Saa atamfo no mu biara annya nkwa, nanso Israelfo no de, wogyee wɔn nkwa!—Ex. 14:26-28; Dw. 136:13-15.

Saa asɛm yi maa aman a na atwa Israelfo ho ahyia no bɔɔ hu bere tenteenten. (Ex. 15:14-16) Mfe aduanan akyi no, Rahab a na ofi Yeriko no ka kyerɛɛ Israel mmarima baanu bi sɛ: “Mo ho hu mpo atɔ yɛn so dedaw. . . . Yɛate sɛnea mufi Egypt reba no Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no yowee wɔ mo anim” no. (Yos. 2:9, 10) Ná saa aman a wɔsom abosom no mpo werɛ mfii nea Yehowa yɛ de gyee ne nkurɔfo no. Ɛda adi sɛ na Israelfo no wɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ wɔkae Yehowa.

‘Ɔbɔɔ Wɔn Ho Ban sɛ N’aniwa Kesua’

Bere a Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no wiei no, wɔkɔɔ Sinai Anhweatam a ɛyɛ “sare a ɛso yɛ hu” no so. Bere a wɔnam “asase kesee a nsu nni so” so, na wonnya aduan mma nnipadɔm a wɔte saa no, Yehowa hwɛɛ wɔn. Mose kae sɛ: ‘Yehowa huu Israel wɔ sare so, sare pradada so mmoa su mu. Na otwaa ne ho hyiae hwɛɛ no so, ɔbɔɔ ne ho ban sɛ n’aniwa kesua.’ (Deut. 8:15; 32:10) Dɛn na Onyankopɔn yɛ de hwɛɛ wɔn?

Yehowa nam anwonwakwan so maa “aduan” a wɔfrɛ no mana ‘tɔ fii soro’ ‘guguu sare no so’ maa wɔn. (Ex. 16:4, 14, 15, 35) Yehowa san ma wonyaa nsu fii “abohemmaa mu.” Esiane sɛ Onyankopɔn hyiraa wɔn nti, wɔn ntade antetew, na saa ara nso na wɔn anan ase antaatae wɔ mfe 40 a wodii wɔ sare so no mu. (Deut. 8:4) Dɛn na na Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ de akyerɛ anisɔ? Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye na mo ani mmra mo kra so na mo werɛ amfi nea moahu no, na amfi mo komam mo nkwa nna nyinaa.” (Deut. 4:9) Sɛ na Israelfo no kae nneɛma a Yehowa ayɛ de agye wɔn no na wɔkyerɛ ho anisɔ a, na wɔbɛsom no daa, na wɔayere wɔn ho adi ne mmara so. Dɛn na na Israelfo no bɛyɛ?

Awerɛfiri ma Yɛyɛ Bonniayɛ

Mose kae sɛ: ‘Ɔbotan a ɔwoo wo no de, wo werɛ afi no, na wunni Onyankopɔn ho nkae biara.’ (Deut. 32:18) Ankyɛ na Israelfo no buu wɔn ani guu nea na Yehowa ayɛ wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no so, nea na wayɛ de ahwɛ ɔman no wɔ sare no so, ne nneɛma pa foforo nyinaa a na Yehowa ayɛ no, na wɔmaa wɔn werɛ fii. Israelfo no bɛyɛɛ atuatewfo.

Bere bi, esiane sɛ na Israelfo no susuw sɛ wɔrennya nsu nti, wɔkasa tiaa Mose. (Num. 20:2-5) Wonwiinwii wɔ mana a ɛma wotumi tenaa ase no ho sɛ: “Aduan hunu yi afono yɛn kra.” (Num. 21:5) Wɔkasa tiaa nea na Onyankopɔn ayɛ no, na wɔannye Mose antom sɛ wɔn kannifo. Wɔkae sɛ: “Sɛ yewuwui wɔ Egypt anaa sare yi so mpo a, anka eye! . . . Momma yɛmpaw obi nni yɛn anim nsan nkɔ Egypt!”—Num. 14:2-4.

Yehowa tee nka dɛn wɔ asoɔden a Israelfo no yɛe no ho? Odwontofo bi kaakaee nea ɛkɔɔ so saa bere no, na akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Mpɛn pii na wɔtew no so atua wɔ sare no so, na wɔhow ne werɛ wɔ kwayow no so. Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe mpɛn pii, na wɔmaa Israel Kronkronni no dii wɔn ho yaw. Wɔankae ne nsa, da a ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam no, sɛnea ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt” no. (Dw. 78:40-43) Nokwarem no, sɛnea Israelfo no maa wɔn werɛ fii Yehowa no yɛɛ no yaw paa.

Mmarima Baanu a Wɔn Werɛ Amfi Yehowa

Nanso, Israelfo binom werɛ amfi Yehowa. Wɔn mu baanu ne Yosua ne Kaleb. Ná wɔka akwansrafo 12 a wɔsomaa wɔn fii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔhwɛ Bɔhyɛ Asase no ho. Wɔn mu du amfa amanneɛbɔ pa biara amma, nanso Yosua ne Kaleb ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Asase a yɛkɔhwɛe no yɛ asase pa ankasa. Sɛ yɛanya Yehowa anim dom a, ɔbɛhwɛ de yɛn akɔ hɔ na ɔde asase no ama yɛn, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no. Ahwɛyiye ara na monyɛ na moantew atua antia Yehowa.” Bere a nkurɔfo no tee saa asɛm no, wɔkae sɛ wobesiw Yosua ne Kaleb abo. Nanso wɔn baanu no nyaa Yehowa mu ahotoso gyinaa pintinn.—Num. 14:6-10.

Mfe bi akyi no, Kaleb ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yehowa akoa Mose somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asase no, . . . na mesan bae de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim, nea ɛwɔ me komam biara. Me nuanom a me ne wɔn kɔe no maa nnipa no koma tui; nanso me de, mede me koma nyinaa dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.” (Yos. 14:6-8) Kaleb ne Yosua de wɔn ho too Onyankopɔn so ma wotumi gyinaa ɔhaw ahorow a wohyiae no ano. Ná wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkae Yehowa wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu.

Bere a Kaleb ne Yosua hui sɛ Yehowa adi ne bɔhyɛ so de ne nkurɔfo akɔ asase pa no so no, wɔkyerɛɛ ho anisɔ. Nokwarem no, na anka ɛsɛ sɛ Israelfo no da Yehowa ase paa. Yosua kyerɛwee sɛ: “Yehowa de asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no nyinaa maa Israelfo. . . . Nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfo bɔ no mu biako mpo antɔ fam; ne nyinaa baa mu.” (Yos. 21:43, 45) Dɛn na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ de akyerɛ anisɔ sɛnea Kaleb ne Yosua yɛe no?

Kyerɛ Anisɔ

Ɔbarima bi a osuro Onyankopɔn bisae bere bi sɛ: “Dɛn na mede betua Yehowa ka, papa a wayɛ me nyinaa ho?” (Dw. 116:12) Honam fam nneɛma a Onyankopɔn de ma yɛn, akwankyerɛ a ɔde ma yɛn wɔ ne som mu, ne nhyehyɛe a wayɛ a ɔnam so begye yɛn nkwa no ama ɛka a yɛde no no ayɛ kɛse araa ma yɛrentumi nna no ase wɔ ho nwie da. Nokwarem no, yɛrentumi ntua Yehowa ka nwie da. Nanso, yɛn nyinaa betumi akyerɛ nea wayɛ ama yɛn no ho anisɔ.

So Yehowa afotu aboa wo ma woakwati ɔhaw bi? So bɔne a Onyankopɔn de firi no aboa wo ma woasan anya ahonim pa? Mfaso a efi nneɛma a ɛte saa a Onyankopɔn yɛ mu ba no tena hɔ bere tenten, na saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokyerɛ nea wayɛ ama wo no ho anisɔ. Ababaa bi a wɔfrɛ no Sandra a wadi mfe 14 hyiaa ɔhaw ahorow a emu yɛ den, nanso Yehowa boaa no ma odii so. Ɔka sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ mmoa, na sɛnea waboa me no aka me koma paa. Afei na mahu nea enti a na me papa taa ka asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 kyerɛ me no. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.’ Mewɔ awerɛhyem sɛ sɛnea Yehowa aboa me abesi nnɛ no, saa ara na ɔbɛboa me bere nyinaa.”

Nya Boasetɔ Fa Kyerɛ sɛ Wokae Yehowa

Bible si suban foforo a ɛma yɛkae Yehowa so dua. Ɛka sɛ: “Momma boasetɔ nwie n’adwuma na moayɛ pɛ adi mũ biribiara mu a hwee nhia mo.” (Yak. 1:4) Asɛm a ɛne “moayɛ pɛ adi mũ biribiara mu” no kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ yebenya su ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya Yehowa mu ahotoso de agyina sɔhwɛ ahorow a yehyia ano, na ama yɛatumi asi yɛn bo agyina mu a yɛrempa abaw. Sɛ yɛn gyidi ho sɔhwɛ no ba awiei a, boasetɔ a ɛte saa no ma yenya abotɔyam kɛse. Na sɔhwɛ a ɛte saa ba awiei bere nyinaa nso.—1 Kor. 10:13.

Yehowa somfo bi a ɔde bere tenten asom no a yare pii a emu yɛ den ahaw no kyerɛ nea aboa no ma watumi agyina mu. Ɔka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ medwen nea Yehowa reyɛ ho, na ɛnyɛ nea mepɛ sɛ meyɛ. Nea me mũdi mu a mekura kyerɛ ne sɛ mede m’ani besi Onyankopɔn atirimpɔw so, na ɛnyɛ nea mepɛ so. Sɛ merehyia ɔhaw a, menka sɛ, ‘Yehowa, adɛn nti na me na asɛm yi ato me?’ Mekɔ so ara som Yehowa, na mebata ne ho, bere mpo a ɔhaw a menhwɛ kwan to me no.”

Ɛnnɛ, nokware Kristofo som Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yoh. 4:23, 24) Sɛ́ kuw no, nokware Kristofo werɛ remfi Onyankopɔn da te sɛ nea Israel man no yɛe no. Nanso, asafo no mu a yɛwɔ no ara nkyerɛ sɛ yɛn mu biara bɛkɔ so akura ne mũdi mu. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara kyerɛ anisɔ na onya boasetɔ wɔ Yehowa som mu te sɛ Kaleb ne Yosua. Yenim nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa efisɛ Yehowa kɔ so kyerɛ yɛn mu biara kwan, na ɔhwɛ yɛn so wɔ awiei bere a emu yɛ den yi mu.

Sɛnea Yosua yɛɛ nkaebo no, saa ara na nneɛma a Onyankopɔn ayɛ de agye ne nkurɔfo a wɔakyerɛw ato hɔ no ma yenya awerɛhyem sɛ ɔrennyaw ne nkurɔfo. Enti, wo ne odwontofo a ɔkyerɛw asɛm a edi so yi nyɛ adwene sɛ: “Mɛkae Yah nneyɛe; ampa ara, mɛkae anwonwade a woyɛe tete no. Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho, na wo nneyɛe nso, mesusuw ho.”—Dw. 77:11, 12.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ná ɛsɛ sɛ Israel man no nyinaa fa “asase kesee” no so

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Bere a Israelfo soɛɛ Kades-Barnea no, wɔsomaa akwansrafo kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Esiane sɛ na Israelfo no atena sare so mfe pii nti, na anka ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ Bɔhyɛ Asase pa no ho anisɔ

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Sɛ yɛde yɛn adwene si Yehowa atirimpɔw so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina ɔhaw biara a yehyia ano