Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awo Foforo No—So Ɛyɛ Gyinae a Obi Ankasa Si?

Awo Foforo No—So Ɛyɛ Gyinae a Obi Ankasa Si?

Awo Foforo No—So Ɛyɛ Gyinae a Obi Ankasa Si?

HENA na ɔma wɔwo obi foforo? Sɛ asɔfo binom reka akyerɛ wɔn atiefo sɛ wɔmma wɔnsan nwo wɔn bio sɛ Kristofo a, wɔfa Yesu asɛm yi ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio.” (Yohane 3:7) Saa asɔfo no de asɛm yi yɛ ahyɛde ma enti wɔka sɛ, “Momma wɔnsan nwo mo bio!” Enti, wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ gyidini biara asɛyɛde sɛ otie Yesu na ɔyɛ nea obetumi biara ma wɔwo no foforo. Saa asɛm yi a wɔka no kyerɛ sɛ, sɛ obi pɛ a obetumi ama wɔawo no foforo. Nanso, so saa adwene no ne asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo no hyia?

Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan Yesu asɛm no a, wubehu sɛ Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ obi ankasa betumi asi gyinae sɛ wɔnwo no foforo anaa mma wɔnwo no foforo. Dɛn nti na yɛka saa? Wobetumi akyerɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wɔansan awo obi bio” no nso ase sɛ, “ɛsɛ sɛ wofi ɔsoro wo obi.” * Enti sɛnea wɔkyerɛɛ ase wɔ baabi foforo no, awo foforo no “fi soro” anaa “efi . . . Agya no nkyɛn.” (Yohane 19:11; Yakobo 1:17) Yiw, Onyankopɔn na ɔwo obi foforo.—1 Yohane 3:9.

Sɛ yɛma asɛm, “fi soro,” no tena yɛn adwenem a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛte nea enti a onipa bi ankasa rentumi mma wɔnwo no foforo no ase. Susuw nea ɛyɛe a wɔwoo wo no ho hwɛ. So wo na woyɛ ma wɔwoo wo? Dabida! Wo papa na ɔma wɔwoo wo. Saa ara na sɛ wɔbɛwo yɛn foforo a, na egyina yɛn soro Agya, Onyankopɔn nkutoo so. (Yohane 1:13) Enti, ɛfata sɛ ɔsomafo Petro kae sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, efisɛ ne mmɔborɔhunu nti wawo yɛn foforo.”—1 Petro 1:3.

So Ɛyɛ Ahyɛde?

Nanso, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ obi ankasa ntumi mma wɔnwo no bio a, dɛn nti na Yesu de ahyɛde mae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio”?’ Ntease wɔ asɛmmisa a ɛte saa mu. Sɛ na Yesu nsɛm no yɛ ahyɛde a, ɛnde na ɔreka sɛ yɛnyɛ biribi a yɛrentumi nyɛ. Anka ɛbɛyɛ nea ntease nni mu. Ɛnde, na yɛbɛte asɛm ɛsɛ sɛ “wɔsan wo mo bio” no ase dɛn?

Sɛ yɛhwɛ mfitiase kasa a wɔde kyerɛw asɛm yi, na yesusuw ho yiye a, ɛma yehu sɛ na ɛnyɛ ahyɛde. Mmom, na ɛyɛ asɛm a wɔka kyerɛ. Wɔ ɔkwan foforo so no, bere a Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ “wɔsan wo mo bio” no, na ɛyɛ nokwasɛm na ɔreka, na ɛnyɛ ahyɛde. Ɔkae sɛ: “Ɛho hia sɛ wofi soro wo mo.”—Yohane 3:7, Modern Young’s Literal Translation. 

Ma yɛnyɛ mfatoho mfa nkyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛda ahyɛde ne nokwasɛm a wɔka kyerɛ mu. Yɛ kurow bi a sukuu ahorow wom ho mfonini hwɛ. Sukuu no biako wɔ hɔ a, wɔayi asi hɔ sɛ mmofra a wofi kurow no mu a wɔnte mmɛn sukuu no nkutoo na wobetumi atena hɔ akɔ sukuu no bi. Da koro bi, abarimaa bi a omfi kurow no mu ka kyerɛɛ sukuu panyin no sɛ, “mepɛ sɛ mebɛkyerɛw me din wɔ wo sukuu yi mu.” Sukuu panyin no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ yebegye wo a, gye sɛ wufi kurow yi mu.” Nokwarem no, sukuu panyin no asɛm no nyɛ ahyɛde. Ná ɛnyɛ sɛ ɔrehyɛ abarimaa no sɛ, “Bɛyɛ kuromanni!” Ná sukuu panyin no reka nokwasɛm a ehia ara kwa—nea na ɛbɛma obi atumi akɔ saa sukuu no bi. Saa ara na bere a Yesu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio” no, na ɔreka nokwasɛm a ehia na ama obi atumi ‘akɔ Onyankopɔn ahenni mu.’

Asɛm a etwa to a ɔkae—Onyankopɔn Ahenni—no nso ne awo foforo no wɔ biribi yɛ. Asɛmmisa a ɛma ɛsɔre ne sɛ, atirimpɔw bɛn nti na wɔwo obi foforo? Saa asɛmmisa no ho mmuae a yebenya no bɛboa yɛn ma yɛate wo a wɔsan wo obi bio no ase yiye.—w09 04/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Saa na wɔkyerɛ Yohane 3:3 ase wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi mu. Sɛ nhwɛso no, Bible bi kyerɛ ase sɛ: “Sɛ wɔamfi soro anwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.”—A Literal Translation of the Bible.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Nsɛdi bɛn na ɛwɔ awo foforo ne awo ankasa ntam?