Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awo Foforo No—Dɛn na Etumi Yɛ?

Awo Foforo No—Dɛn na Etumi Yɛ?

Awo Foforo No—Dɛn na Etumi Yɛ?

BERE a Yesu reka honhom kronkron a wɔde bɔ asu ho asɛm no, dɛn nti na ɔde asɛm ‘honhom a wɔde wo’ no dii dwuma? (Yohane 3:5) Sɛ wɔde asɛmfua “awo” di dwuma sɛ kasakoa a, ɛkyerɛ “mfiase,” te sɛ nea asɛm “ɔman bi awo” kyerɛ ɔman bi mfiase no. Enti, asɛm “awo foforo” kyerɛ “mfiase foforo.” Ne saa nti, kasakoa “awo” ne “awo foforo” si so dua sɛ wɔn a wɔde honhom kronkron abɔ wɔn asu no ne Onyankopɔn benya abusuabɔ foforo. Dɛn na ɛma nsakrae kɛse a ɛte saa ba wɔne Onyankopɔn ntam?

Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn siesie nnipa ma wɔadi ade wɔ ɔsoro mu no, ɔde abusua na ɛyɛɛ ho nhwɛso. Ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no sɛ, ‘wobegye wɔn sɛ mma’ ma enti, Onyankopɔn ne wɔn bedi no “sɛ mma.” (Galatifo 4:5; Hebrifo 12:7) Nea ɛbɛyɛ na abagye ho nhwɛso no aboa yɛn ma yɛate sɛnea sɛ wɔde honhom kronkron bɔ obi asu a ɛma n’asetena sesa ase no, ma yɛnsan nsusuw abarimaa a na ɔpɛ sɛ ɔkɔ sukuu a ɔmanfo nkutoo na wɔma wɔkɔ bi no ho nhwɛ.

Nsakrae a Abagye de Ba

Wɔ mfatoho no mu no, esiane sɛ na abarimaa no nyɛ kuromanni nti, wɔannye no wɔ sukuu no mu. Afei, fa no sɛ da koro bi, nsakrae kɛse bi ba. Kuromanni bi nam mmara kwan so gye no sɛ ɔba. Ɔkwan bɛn so na eyi bɛka abofra no? Esiane sɛ wɔagye no sɛ ɔba nti, afei obetumi anya hokwan te sɛ kuromanni ba ara pɛ, na ama wafata sɛ wogye no wɔ sukuu no mu. Gye a wogyee no sɛ ɔba no asesa ne gyinabea koraa.

Eyi kyerɛkyerɛ tebea a wɔn a wɔwo wɔn foforo no fa mu no mu yiye. Susuw nhwɛso afoforo a edi nsɛ ho hwɛ. Sɛ wobegye abarimaa a ɔwɔ mfatoho no mu wɔ sukuu no mu a, gye sɛ odu ahwehwɛde a ɛne sɛ ɔbɛyɛ kuromanni ba no ho. Nanso, ne nkutoo fam de, ɔrentumi mfata. Saa ara na wɔbɛma nnipa binom dibea wɔ Onyankopɔn Ahenni anaa ɔsoro aban no mu, nanso gye sɛ wodu ahwehwɛde a ɛbɛma wɔafata a ɛne sɛ ‘wɔbɛsan awo wɔn bio’ no ho. Nanso, wɔn akasa fam de, wɔrentumi nnu ahwehwɛde no ho, efisɛ Onyankopɔn na ɔma wɔwo obi foforo.

Dɛn na ɛsesaa abarimaa no tebea? Ɛyɛ mmara kwan so abagye no. Nokwarem no, abagye no ansesa sɛnea abarimaa no te. Bere a wogyee no sɛ ɔba akyi no, ne nipasu ansesa. Mmom no, bere a wɔyɛɛ mmara kwan so nkrataa nyinaa wiei no, abarimaa no nyaa gyinabea foforo. Nokwarem no, onyaa mfiase foforo te sɛ nea wɔawo no foforo. Ɔbɛyɛɛ ɔba, na ɛma onyaa hokwan kɔɔ sukuu no bi, na afei nso, ɔbɛyɛɛ ne papa a ogyee no no abusua muni.

Saa ara na Yehowa nam mmara kwan so sesaa nnipa bi a wɔnyɛ pɛ tebea gyee wɔn sɛ ne mma. Ɔsomafo Paulo a na ɔka saa nnipakuw no ho kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Moanya honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no mu na yɛteɛm sɛ: ‘Abba, Agya!’ Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.” (Romafo 8:15, 16) Nokwarem no, abagye nhyehyɛe no ama saa Kristofo no abɛyɛ Onyankopɔn abusua no mufo, anaa “Onyankopɔn mma.”—1 Yohane 3:1; 2 Korintofo 6:18.

Nokwasɛm ne sɛ, gye a Onyankopɔn gyee wɔn yɛɛ mma no ansesa sɛnea wɔte, efisɛ na wɔda so ara tɔ sin. (1 Yohane 1:8) Nanso, sɛnea Paulo kɔɔ so kyerɛkyerɛ mu no, bere a wɔnam mmara kwan so gyee wɔn no, wonyaa gyinabea foforo. Bere koro no ara no, Onyankopɔn honhom maa saa mma a wogyee wɔn no nyaa ahotoso sɛ wɔne Kristo bɛtena ɔsoro. (1 Yohane 3:2) Saa ahotoso a edi mu a honhom kronkron ma wonyae no ma wonyaa asetena ho adwene foforo koraa. (2 Korintofo 1:21, 22) Nokwarem no, wonyaa mfiase foforo te sɛ nea wɔawo wɔn foforo.

Bible ka Onyankopɔn mma a wɔagye wɔn no ho asɛm sɛ: “Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi hene mfe apem.” (Adiyisɛm 20:6) Onyankopɔn mma a wɔagye wɔn no ne Kristo bedi ade sɛ ahene wɔ Onyankopɔn Ahenni mu anaa wɔ ɔsoro aban mu. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo no sɛ wobenya “agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe,” a “wɔakora so wɔ ɔsoro” ama wɔn. (1 Petro 1:3, 4) Ɛyɛ agyapade a ɛsom bo ampa!

Nanso, ahenni yi ho asɛm no ma asɛmmisa foforo bi nso sɔre. Sɛ wɔn a wɔawo wɔn foforo no bedi ade wɔ soro sɛ ahemfo a, ɛnde henanom so na wobedi? Yebesusuw saa asɛmmisa no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.—w09 04/01-E.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dɛn na Paulo kae wɔ abagye ho?