Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mompere Nkɔ Ahokokwaw Mu—“Yehowa Da Kɛse No Abɛn”

Mompere Nkɔ Ahokokwaw Mu—“Yehowa Da Kɛse No Abɛn”

Mompere Nkɔ Ahokokwaw Mu—“Yehowa Da Kɛse No Abɛn”

“Momma yɛmpere nkɔ ahokokwaw mu.”—HEB. 6:1.

1, 2. Hokwan bɛn na afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔte Yerusalem ne Yudea no nya de ‘guan kɔɔ mmepɔw so’?

BERE a na Yesu wɔ asase so no, n’asuafo no kɔɔ ne nkyɛn kobisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” Nkɔm a Yesu hyɛe bere a na ɔrema asuafo no asɛmmisa no ho mmuae no nyaa mmamu a edi kan wɔ afeha a edi kan no mu. Yesu kaa anwonwasɛm bi a ebesi a na ɛbɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn paa ho asɛm. Sɛ na “wɔn a wɔwɔ Yudea” no hu saa asɛm no a, na ɛsɛ sɛ ‘wofi ase guan kɔ mmepɔw so.’ (Mat. 24:1-3, 15-22) So na Yesu asuafo no behu sɛnkyerɛnne no na wɔde akwankyerɛ a ɔde maa wɔn no ayɛ adwuma?

2 Bɛyɛ mfe aduasa akyi, wɔ afe 61 Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo kyerɛw asɛm bi a anibere wom kɔmaa Hebrifo Kristofo a na wɔte Yerusalem ne ne mpɔtam no. Ná Paulo ne ne mfɛfo gyidifo no nnim sɛ aka bɛyɛ mfe anum pɛ ma sɛnkyerɛnne a ɛbɛkyerɛ sɛ “ahohiahia kɛse” bi afi ase no aba. (Mat. 24:21) Wɔ afe 66 Y.B. mu no, Cestius Gallus dii Roma asraafo anim kɔtow hyɛɛ Yerusalem so ma anka wɔreyɛ afa kurow no. Nanso, mpofirim ara na wɔsan wɔn akyi, na ɛmaa wɔn a na wɔn nkwa da asiane mu no nyaa kwan guan kɔɔ baabi a wobenya ahobammɔ.

3. Afotu bɛn na Paulo de maa Hebrifo Kristofo no, na dɛn ntia?

3 Ná ɛsɛ sɛ saa Kristofo no hu na wɔte ase sɛ nsɛm a ɛresisi no yɛ nkɔm a Yesu hyɛe no mmamu ma enti na ɛsɛ sɛ woguan. Nanso, na wɔn mu binom abɛyɛ “nyaa wɔ asɛm tie ho.” Ná wɔte sɛ nkokoaa wɔ Onyankopɔn som mu a na wohia “nufusu.” (Monkenkan Hebrifo 5:11-13.) Ná ebinom a wɔatena nokware no mu mfe pii mpo reyɛ ‘awae afi Onyankopɔn teasefo no ho.’ (Heb. 3:12) Bere a na saa ‘da’ bɔne yi “rebɛn no,” na ebinom ama ayɛ wɔn “su” sɛ wɔbɛtoto Kristofo nhyiam a wɔbɛkɔ mu. (Heb. 10:24, 25) Paulo de afotu a ɛfata maa wɔn sɛ: “Afei a yɛagyaw Kristo ho mfitiasesɛm no, momma yɛmpere nkɔ ahokokwaw mu.”—Heb. 6:1.

4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ wɔ Yehowa som mu, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?

4 Yɛte bere a Yesu nkɔmhyɛ no renya mmamu a etwa to mu. “Yehowa da kɛse no”—ɛda a wɔbɛsɛe Satan nhyehyɛe no nyinaa—“abɛn.” (Sef. 1:14) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ wɔ Yehowa som mu sen bere biara. (1 Pet. 5:8) So yɛreyɛ saa ankasa? Sɛ yɛn ho kokwaw sɛ Kristofo a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn ani akɔ so ada hɔ wɔ saa bere yi mu.

Nea Kristofo Ahokokwaw Kyerɛ

5, 6. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo? (b) Nneɛma abien bɛn na ahokokwaw mu a yɛbɛpere akɔ no hwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden wom?

5 Ɛnyɛ ahokokwaw mu nko na Paulo hyɛɛ Hebrifo Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu nkuran sɛ wɔmpere nkɔ, na mmom ɔsan kyerɛɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔn ho akokwaw sɛ Kristofo nso. (Monkenkan Hebrifo 5:14.) Nnipa a “wɔn ho akokwaw” ani nnye ho sɛ wɔbɛnom “nufusu” nkutoo. Wodi “aduan a ɛyɛ den” nso. Enti, wonim nokware no ho “mfitiasesɛm” ne ɛho “nneɛma a emu dɔ no” nso. (1 Kor. 2:10) Afei nso, esiane sɛ wɔde wɔn adwene yɛ adwuma nti wɔatete no ma wɔde nea wonim yɛ adwuma, na ɛboa wɔn ma wotumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wosi gyinae bi a, saa ntetee yi ma wotumi hu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa asɛm no ho ne sɛnea wɔde bedi dwuma.

6 Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛm a yɛte no so kyɛn sɛnea yɛyɛ daa no, na yɛantwe yɛn ho da.” (Heb. 2:1) Yebetumi atwe yɛn ho afi gyidi no ho koraa ansa na yɛn ani aba yɛn ho so. Sɛ yɛresua Bible na yɛde “yɛn adwene si” emu nsɛm “so kyɛn sɛnea yɛyɛ daa no” a, yɛrentwe yɛn ho mfi gyidi no ho. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mfitiasesɛm ara na meda so sua? So menenam nokware no mu biarabiara a nokware no nni me koma mu? Mɛyɛ dɛn atumi anya nkɔso ankasa wɔ nokware no mu?’ Ahokokwaw mu a yɛbɛpere akɔ hwehwɛ sɛ, anyɛ yiye koraa no, yɛbɔ mmɔden wɔ nneɛma abien mu. Ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn Asɛm no mu yiye. Na ɛho hia sɛ yesua osetie nso.

Munhu Asɛm no mu Yiye

7. Sɛ yehu Onyankopɔn Asɛm mu yiye a, mfaso bɛn na yebetumi anya?

7 Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara a onum nufu no nnim trenee asɛm no, efisɛ ɔyɛ akokoaa.” (Heb. 5:13) Ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn asɛm yiye na ama yɛn ho akokwaw. Esiane sɛ saa asɛm yi wɔ n’Asɛm Bible mu nti, ɛsɛ sɛ yɛde nsi sua Kyerɛwnsɛm no ne nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no akyerɛw no. (Mat. 24:45-47) Sɛ yɛfa saa kwan yi so hu Onyankopɔn adwene a, ebetumi aboa yɛn ma yɛatete yɛn adwene. Fa Kristoni bea bi a ne din de Orchid asɛm no sɛ nhwɛso. * Onuawa no ka sɛ: “Nkaesɛm a aboa me sen biara wɔ m’asetena mu ne nea ɛfa Bible a yɛbɛkenkan no daa ho no. Mede bɛyɛ mfe abien na ɛkenkan Bible mũ no nyinaa, nanso ɛyɛɛ me te sɛ nea afei na merehu me Bɔfo no. Mihuu n’akwan, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, ne tumi, ne ne nyansa a emu dɔ no. Bible a mekenkan daa no awowaw me wɔ tebea ahorow a emu yɛ den paa a mahyia wɔ m’asetena mu no bi mu.”

8. Tumi bɛn na Onyankopɔn Asɛm betumi anya wɔ yɛn so?

8 Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no fã bi daa a, emu asɛm no nya yɛn so “tumi.” (Monkenkan Hebrifo 4:12.) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no saa a, ebetumi asiesie yɛn koma, na ama yɛasɔ Yehowa ani yiye. So wuhu sɛ ɛsɛ sɛ wode bere pii kenkan Bible no na wudwinnwen emu nsɛm no ho?

9, 10. Onyankopɔn Asɛm a yebehu mu yiye no kyerɛ dɛn? Ma nhwɛso.

9 Ɛnyɛ Bible mu nsɛm kɛkɛ a yebehu na ɛkyerɛ sɛ yenim mu. Ná Kristofo a wɔn ho nkokwawee wɔ Paulo bere so no wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no mu nimdeɛ kakra. Nanso, wɔn ankasa amfa anyɛ adwuma anhu so mfaso. Esiane sɛ wɔamma asɛm no ankyerɛ wɔn kwan, na wɔamfa ansisi gyinae a nyansa wom wɔ wɔn asetena mu nti, wɔanhu asɛm no mu.

10 Nea ɛkyerɛ sɛ yenim Onyankopɔn Asɛm mu ne sɛ yebehu nea ɛka na yɛde saa nimdeɛ no abɔ yɛn bra. Kristoni bea bi a ne din de Kyle asɛm no ma yehu sɛnea yebetumi ayɛ eyi. Akasakasa baa Kyle ne ne yɔnko dwumayɛni bi ntam. Dɛn na ɔyɛe de siesiee akasakasa no? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Kyerɛwsɛm a ɛbaa m’adwenem ntɛm ara ne Romafo 12:18 a ɛka sɛ: ‘Mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu’ no. Enti meka kyerɛɛ me yɔnko dwumayɛni no sɛ mepɛ sɛ me ne no hyia na yesiesie asɛm no.” Wohyiae no, wotumi siesiee asɛm no, na Kyle yɔnko dwumayɛni no ani gyee ɔkwan a Kyle faa so yɛɛ saa no ho. Kyle kae sɛ: “Mihui sɛ sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm di dwuma a, nneɛma bɛkɔ yiye bere nyinaa.”

Munsua Osetie

11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ osetie bere a yɛakɔ tebea a emu yɛ den mu no?

11 Ebetumi ayɛ den sɛ yɛde nea yɛasua afi Kyerɛwnsɛm mu no bɛyɛ adwuma, titiriw bere a yɛakɔ tebea a emu yɛ den mu no. Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egypt nkoasom mu no, ankyɛ na ‘wɔne Mose hamee,’ na wɔkɔɔ so ‘sɔɔ Yehowa hwɛe.’ Dɛn nti na wɔne Mose hamee? Nsu a na wonnya nnom nti. (Ex. 17:1-4) Bere a wɔne Onyankopɔn yɛɛ apam na wogye toom sɛ wɔbɛyɛ “nea [na] Yehowa aka nyinaa” no, annu asram abien na wɔsom abosom de buu Yehowa mmara so. (Ex. 24:3, 12-18; 32:1, 2, 7-9) So Mose a na onni hɔ bere tenten bere a na wɔde akwankyerɛ rema no wɔ Bepɔw Horeb so no nti na ɛmaa ehu kaa wɔn? Anaasɛ ebia Israelfo no nyaa adwene sɛ Amalekfo no bɛsan ne wɔn abɛko, na esiane sɛ Mose a bere bi wɔmaa ne nsa so ma wodii nkonim no nni hɔ nti wɔn ho bɛkam? (Ex. 17:8-16) Ebetumi aba sɛ Israelfo no nyaa adwene a ɛte saa, nanso sɛnea ɛte biara no, ‘wɔanyɛ osetie.’ (Aso. 7:39-41) Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnyɛ nea wobetumi nyinaa’ na ‘wɔanhwe ase ankodi asoɔden nhwɛso koro no ara’ a Israelfo no yɛe bere a na wosuro sɛ wɔbɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no “akyi.”—Heb. 4:3, 11.

12. Ɔkwan bɛn so na Yesu suaa osetie, na mfaso bɛn na onyae?

12 Ahokokwaw mu a yɛbɛpere akɔ hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebetie Yehowa. Sɛnea Yesu Kristo yɛɛ ho nhwɛso no, yɛtaa sua osetie fi amanehunu mu. (Monkenkan Hebrifo 5:8, 9.) Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔyɛ osetie ma n’Agya. Nanso, na n’Agya apɛde a ɔbɛyɛ wɔ asase so no hwehwɛ sɛ ohu amane wɔ ne honam mu na ɔfa ateetee mu. Amanehunu kɛse a Yesu faa mu no siesiee no ma “owiee pɛyɛ” ma ɔfataa dibea foforo a na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma no a ɛne sɛ ɔbɛyɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin no.

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛasua osetie?

13 Na yɛn nso ɛ? So yɛasi yɛn bo sɛ sɛ yehyia ɔhaw a emu den mpo a, yɛbɛyɛ osetie ama Yehowa? (Monkenkan 1 Petro 1:6, 7.) Afotu a Onyankopɔn de ma wɔ abrabɔ pa, nokwaredi, kasa pa, Kyerɛwnsɛm no a yɛn ankasa yɛbɛkenkan na yɛasua, Kristofo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ, ne asɛnka adwuma no a yɛbɛyɛ bi ho no mu da hɔ. (Yos. 1:8; Mat. 28:19, 20; Efe. 4:25, 28, 29; 5:3-5; Heb. 10:24, 25) So yɛyɛ osetie ma Yehowa wɔ saa nneɛma yi mu bere a yɛwɔ amanehunu mu mpo no? Sɛ yɛyɛ osetie a, na ɛkyerɛ sɛ yɛn ho rekokwaw.

Kristofo Ahokokwaw—Dɛn Nti na Mfaso wɔ So?

14. Ma nhwɛso fa kyerɛkyerɛ sɛnea ahokokwaw mu a yɛbɛpere akɔ betumi abɔ yɛn ho ban mu.

14 Ɛyɛ ahobammɔ ankasa sɛ Kristoni benya adwene a watete no yiye a etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe wɔ wiase a ‘atoto n’ani awe’ yi mu. (Efe. 4:19) Sɛ nhwɛso no, onua bi a ne din de James a ɔkenkan nhoma ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so daa, na ɔwɔ obu kɛse ma emu nsɛm no kɔyɛɛ adwuma bi a na ne mfɛfo adwumayɛfo no nyinaa yɛ mmea. James kae sɛ: “Bere a mmea a na me ne wɔn yɛ adwuma no mu pii daa no adi sɛ wɔatoto wɔn ani awe no, na ɛte sɛ nea wɔn mu biako wɔ suban pa, na ɔkyerɛɛ Bible mu nokware no ho anigye. Nanso, bere a ɛkaa me ne no nkutoo wɔ adwumayɛdan bi mu no, ofii ase de ne ho twitwiw me. Ná misusuw sɛ ɛyɛ agoru na ɔredi, nanso ɛyɛɛ den maa me sɛ mɛma wagyae nea na ɔreyɛ no. Ɛhɔ ara na mekaee osuahu bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu a ɛfa onua bi a ohyiaa sɔhwɛ a ɛte saa ara wɔ n’adwuma mu ho. Wɔde Yosef ne Potifar yere asɛm no yɛɛ nhwɛso wɔ saa asɛm no mu. * Ntɛm ara na mipiaa ababaa no fii me ho, na otuu mmirika fii adi.” (Gen. 39:7-12) James ani gyei sɛ biribi foforo biara ansi, na ɔkɔɔ so kuraa ahonim pa mu.—1 Tim. 1:5.

15. Ɔkwan bɛn so na ahokokwaw mu a yɛbɛpere akɔ betumi ama yɛanya koma pa?

15 Mfaso foforo nso wɔ ahokokwaw so efisɛ ɛma yenya koma pa, na ɛboa yɛn ma ‘nkyerɛkyerɛ ahorow ne nsɛm foforo nntwetwe yɛn adwene.’ (Monkenkan Hebrifo 13:9.) Sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn ho kokwaw sɛ Kristofo a, ɛma yetumi de yɛn adwene si “nneɛma a eye koraa no” so. (Filip. 1:9, 10) Ɛma yenya anisɔ kɛse ma Onyankopɔn ne nneɛma a wayɛ ama yɛn nyinaa a yenya so mfaso no. (Rom. 3:24) Kristoni a ‘wanyin wɔ nsɛm ho ntease mu’ nya anisɔ a ɛte saa, na ɔne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den.—1 Kor. 14:20.

16. Dɛn na ɛboaa onuawa bi ma onyaa ‘koma a egyina pintinn’?

16 Onuawa bi a ne din de Louise daa no adi sɛ wɔ n’asubɔ akyi bere bi no, na ɔyɛ ɔsom adwuma no de sɔ nnipa ani. Ɔkae sɛ: “Ná menyɛ ade bɔne biara de, nanso na enni me komam sɛ mɛsom Yehowa. Mihui sɛ na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae bi na ama mate nka sɛ mereyɛ nea metumi biara ama Yehowa. Nsakrae kɛse a na ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ mede me koma nyinaa bɛhyɛ ne som mu.” Bere a Louise yɛɛ saa no, onyaa ‘koma a egyina pintinn,’ na bere a yare bi a emu yɛ den bɔɔ no no, ɛboaa no yiye. (Yak. 5:8) Louise kae sɛ, “Yare no ma mebrɛe yiye, nanso mebɛn Yehowa ankasa.”

‘Mumfi Koma mu Nyɛ Osetie’

17. Dɛn nti na na osetie ho hia titiriw wɔ afeha a edi kan no mu?

17 Paulo afotu a ɛne sɛ ‘yɛmpere nkɔ ahokokwaw mu’ no maa Kristofo a na wɔte Yerusalem ne Yudea wɔ afeha a edi kan no mu no nyaa nkwa. Wɔn a wotiee saa afotu no tee Onyankopɔn asɛm ase yiye, na ɛma wotumi huu sɛnkyerɛnne a na Yesu de ama sɛ sɛ wohu a ɛsɛ sɛ ‘wofi ase guan kɔ mmepɔw so’ no. Bere a wohuu “akyide a ɛbɔ ɔman . . . no sɛ egyina kronkronbea hɔ,” a na ɛno ne Roma asraafo a wɔatwa Yerusalem ho ahyia na wɔrehyɛn mu no, wohui sɛ na bere adu sɛ woguan. (Mat. 24:15, 16) Kristofo no tiee nkɔmhyɛ a Yesu de bɔɔ wɔn kɔkɔ no, na woguan fii Yerusalem ansa na wɔresɛe kurow no, na sɛnea Eusebius a ɔyɛ asɔre ho abakɔsɛm kyerɛwfo kyerɛ no, wɔkɔtenaa kurow bi a wɔfrɛ hɔ Pella a ɛwɔ Gilead bepɔw so mu. Wɔnam saa a wɔyɛe so nyaa wɔn ti didii mu wɔ asiane kɛse a ɛsen biara a ɛbaa Yerusalem so a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ abakɔsɛm mu no mu.

18, 19. (a) Dɛn nti na osetie ho hia wɔ yɛn bere yi so? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

18 Sɛ yɛpere kɔ ahokokwaw mu a, na yɛreyɛ osetie, na ebegye yɛn nkwa nso bere a Yesu nkɔmhyɛ no mmamu kɛse a emu na “ahohiahia kɛse” a ebi mmae da “bɛba” reba no. (Mat. 24:21) So yebetie akwankyerɛ a ɛho hia biara a ebia “ofiehwɛfo nokwafo no” de bɛma yɛn daakye no? (Luka 12:42) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebesua sɛ ‘yebefi koma mu ayɛ osetie’!—Rom. 6:17.

19 Ɛsɛ sɛ yɛtete yɛn adwene na ama yɛn ho akokwaw. Yɛnam mmɔden a yɛbɔ de hu Onyankopɔn Asɛm mu yiye ne osetie a yesua so na ɛma yɛn ho kokwaw. Mmabun hyia ɔhaw soronko wɔ sɛnea wɔbɛma wɔn ho akokwaw sɛ Kristofo no mu. Yebesusuw sɛnea wobetumi adi ɔhaw ahorow a ɛte saa no so ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 14 Hwɛ asɛm a n’asɛmti ne “Wɔahyɛ Yɛn Den sɛ Yɛnko Ntia Bɔneyɛ” a ɛwɔ October 1, 1999, Ɔwɛn-Aban mu no.

Dɛn na Wusuae?

• Yɛn ho a ɛbɛkokwaw sɛ Kristofo no kyerɛ dɛn, na yɛyɛ dɛn ma yɛn ho kokwaw?

• Dwuma bɛn na Onyankopɔn Asɛm mu a yebehu di wɔ ahokokwaw mu a yɛbɛpere akɔ no mu?

• Ɔkwan bɛn so na yesua osetie?

• Akwan bɛn so na yenya ahokokwaw so mfaso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Sɛ yɛde Bible afotu yɛ adwuma a, ɛma yetumi di ɔhaw ho dwuma ahokokwaw mu

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yesu afotu a tete Kristofo no tiei no gyee wɔn nkwa