Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”

Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”

Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”

“So wɔn nyinaa nyɛ ahonhom a wɔsom, a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye adedifo no?”—HEB. 1:14.

1. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Mateo 18:10 ne Hebrifo 1:14 betumi ama yɛanya?

YESU KRISTO bɔɔ obiara a ɔbɛto n’akyidifo no hintidua kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu biako animtiaa; meka kyerɛ mo sɛ wɔn abɔfo a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.” (Mat. 18:10) Bere a ɔsomafo Paulo reka abɔfo anokwafo no ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “So wɔn nyinaa nyɛ ahonhom a wɔsom, a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye adedifo no?” (Heb. 1:14) Saa awerɛkyekyesɛm yi ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ma saa ɔsoro abɔfo yi boa nnipa. Abɔfo ho asɛm bɛn na Bible ka kyerɛ yɛn? Dɛn na wɔyɛ de boa yɛn? Dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

2, 3. Nnwuma a honhom abɔde a wɔwɔ soro no yɛ no bi ne dɛn?

2 Abɔfo anokwafo ɔpepem pii na wɔwɔ soro. Wɔn nyinaa yɛ ‘ahoɔdenfo a wodi Onyankopɔn asɛm so.’ (Dw. 103:20; monkenkan Adiyisɛm 5:11.) Ɛsono sɛnea Onyankopɔn honhom mu mma yi mu biara te, wɔwɔ Onyankopɔn su ahorow no bi, na wotumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade. Wɔahyehyɛ abɔfo no yiye, na wɔwɔ dibea a ɛkorɔn wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu, Mikael (Yesu din a wɔde frɛ no wɔ ɔsoro) na ɔyɛ ɔbɔfo panyin. (Dan. 10:13; Yuda 9) Saa “abɔde nyinaa mu abakan” yi ne “Asɛm no,” anaa Onyankopɔn Kasamafo, na ɔno na Yehowa nam no so yɛɛ nneɛma a aka nyinaa.—Kol. 1:15-17; Yoh. 1:1-3.

3 Serafim a wɔbɔ Yehowa kronkronyɛ ho dawuru a wɔboa ne nkurɔfo ma wɔkɔ so de ne mmara bɔ wɔn bra no hyɛ ɔbɔfo panyin no ase. Wɔn a wɔka ho bio nso ne kerubim a wɔtaa Onyankopɔn tumidi akyi no. (Gen. 3:24; Yes. 6:1-3, 6, 7) Abɔfo foforo anaa asomafo nso yɛ Onyankopɔn apɛde wɔ akwan horow so.—Heb. 12:22, 23.

4. Bere a wɔde asase tim hɔ no, abɔfo no yɛɛ wɔn ade dɛn, na sɛ nnipa de hokwan a wɔde maa wɔn a wotumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade no dii dwuma ɔkwan pa so a, anka dɛn na wobenya?

4 Bere a wɔde ‘asase tim hɔ no,’ abɔfo no nyinaa dii ahurusi, na wɔde anigye yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa bere a wosiesiee asase ma ɛbɛyɛɛ adesamma fie no. (Hiob 38:4, 7) Yehowa bɔɔ onipa ma “ɔbaa fam kakra sen abɔfo,” nanso ɔbɔɔ no wɔ Ne “suban so,” na ɛno ma nnipa tumi da Ɔbɔadeɛ no su ahorow a ɛkorɔn no bi adi. (Heb. 2:7; Gen. 1:26) Sɛ Adam ne Hawa de hokwan a wɔde maa wɔn a na wotumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade no dii dwuma wɔ ɔkwan pa so a, anka wɔne wɔn asefo bɛkɔ so atena paradise sɛ Yehowa amansan abusua a abɔde a wonim nyansa na wɔwom no mufo.

5, 6. Atua bɛn na wɔtewee wɔ soro, na dɛn na Onyankopɔn yɛe wɔ ho?

5 Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛyɛ sɛ abɔfo kronkron no ho dwiriw wɔn bere a wohui sɛ wɔafi ase retew atua wɔ Onyankopɔn abusua mu no. Ná abɔfo no mu biako ani nnye ho bio sɛ obeyi Yehowa ayɛ, na mmom na ɔpɛ sɛ afoforo som no. Ɔnam asɛm a ɔka de kyerɛe sɛ Yehowa tumidi mfata ne mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔno nso bɛhyehyɛ ne tumidi na ɔne Yehowa adi asi no so yɛɛ ne ho Satan (ase ne “Ɔsɔretiafo”). Satan nam atoro a edi kan a odii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ no so de anifere daadaa nnipa baanu a wodi kan no ma wɔbɛkaa ne ho ma wɔtew wɔn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no so atua.—Gen. 3:4, 5; Yoh. 8:44.

6 Ntɛm ara na Yehowa hyɛɛ nkɔm a edi kan wɔ Bible mu de buu Satan atɛn sɛ: “Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti na wo nso woaka ne nantin.” (Gen. 3:15) Ná ɔtan bɛkɔ so ada Satan ne Onyankopɔn ‘bea’ no ntam. Nokwarem no, Yehowa faa ɔsoro ahyehyɛde a abɔfo anokwafo wom no sɛ ɔyere a ɔdɔ no na ɔfam ne ho sɛ Okunu. Ɛmfa ho sɛ na saa nkɔmhyɛ yi bɛyɛ “ahintasɛm kronkron” a na wɔbɛda no adi nkakrankakra no, ɛma yenyaa biribi a na yebegyina so anya anidaso. Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma obi afi n’ahyehyɛde a ɛwɔ soro no mu aba na wabɛsɛe atuatewfo nyinaa, na ɔnam no so aka “nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so” no abom.—Efe. 1:8-10.

7. Dɛn na abɔfo bi yɛe wɔ Noa nna no mu, na dɛn na ɛbaa wɔn so?

7 Wɔ Noa nna no mu no, abɔfo dodow bi gyaw wɔn “ankasa tenabea a ɛsɛ no” hɔ, na wɔdan wɔn ho nnipa bedii akɔnnɔ bɔne akyi wɔ asase so. (Yuda 6; Gen. 6:1-4) Yehowa tow saa atuatewfo no guu esum kabii mu, na ɛnam so ma wɔakɔka Satan ho ma wɔabɛyɛ “ahonhommɔne dɔm” ne Onyankopɔn asomfo atamfo a wɔn ho yɛ hu.—Efe. 6:11-13; 2 Pet. 2:4.

Dɛn na Abɔfo Yɛ De Boa Yɛn?

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama abɔfo aboa nnipa?

8 Abraham, Yakob, Mose, Yosua, Yesaia, Daniel, Yesu, Petro, Yohane, ne Paulo ka wɔn a abɔfo boaa wɔn no ho. Abɔfo anokwafo de Onyankopɔn atemmu baa nkurɔfo so, na wɔde nkɔmhyɛ ne akwankyerɛ ahorow a Mose Mmara no ka ho mae. (2 Ahe. 19:35; Dan. 10:5, 11, 14; Aso. 7:53; Adi. 1:1) Esiane sɛ ɛnnɛ yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no nyinaa nti, ebia ɛho renhia sɛ abɔfo de nsɛm fi Onyankopɔn hɔ brɛ yɛn. (2 Tim. 3:16, 17) Nanso abɔfo reyɛ Onyankopɔn apɛde denneennen, na wɔreboa n’asomfo a yɛmfa yɛn aniwa nhu wɔn.

9 Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no nyinaa ho nsra, na ogye wɔn.” (Dw. 34:7; 91:11) Esiane sɛ Satan akyerɛ sɛ sɛ nnipa hyia sɔhwɛ a, wɔrenkɔ so nni Onyankopɔn nokware nti, Yehowa ma kwan ma Satan de sɔhwɛ ahorow nyinaa bi ba yɛn so. (Luka 21:16-19) Nanso, Onyankopɔn nim baabi a sɛ yegyina sɔhwɛ mu kodu a ɛma ohu sɛ yɛbɛkɔ so akura yɛn mũdi mu ama no. (Monkenkan 1 Korintofo 10:13.) Abɔfo asiesie wɔn ho bere nyinaa sɛ wɔbɛboa yɛn sɛnea Onyankopɔn apɛde te. Wogyee Sadrak, Mesak, Abed-Nego, Daniel, ne Petro, nanso wɔmaa kwan maa atamfo kum Stefano ne Yakobo. (Dan. 3:17, 18, 28; 6:22; Aso. 7:59, 60; 12:1-3, 7, 11) Ná tebea a wohyiae ne nsɛm a ɛtoo wɔn no nyɛ pɛ. Saa ara na wokunkum yɛn nuanom a na wɔwɔ Nasi nneduaban mu no bi, nanso Yehowa hwɛ maa wɔn mu dodow no ara nyaa nkwa.

10. Mmoa a abɔfo de ma yɛn akyi no, mmoa bɛn bio na yebetumi anya?

10 Kyerɛwnsɛm no nkyerɛkyerɛ sɛ onipa biara a ɔwɔ asase so wɔ ɔbɔfo a ɔbɔ ne ho ban. Yɛbɔ mpae a yɛwɔ ahotoso sɛ “biribiara a yebisa sɛnea [Onyankopɔn apɛde] te no, otie yɛn.” (1 Yoh. 5:14) Nokwarem no, Yehowa betumi asoma ɔbɔfo ma wabɛboa yɛn, nanso ebia ɔbɛfa kwan foforo so na ayɛ saa. Obetumi akanyan yɛn mfɛfo Kristofo ma wɔaboa yɛn na wɔakyekye yɛn werɛ. Onyankopɔn betumi ama yɛn nyansa ne akokoduru a yɛde begyina “ɔhonam mu nsɔe” a ɛrehaw yɛn te sɛ nea “Satan bɔfo” rebobɔ yɛn no ano.—2 Kor. 12:7-10; 1 Tes. 5:14.

Momma Yensuasua Yesu

11. Ɔkwan bɛn so na wɔmaa abɔfo boaa Yesu, na dɛn na nokware a ɔkɔɔ so dii Onyankopɔn no ma ɛdaa adi?

11 Momma yensusuw sɛnea Yehowa de abɔfo dii dwuma wɔ Yesu fam no ho nhwɛ. Abɔfo na wɔbɔɔ n’awo ne ne wusɔre ho dawuru, na wɔboaa no bere a na ɔwɔ asase so no. Ná anka abɔfo no betumi asiw kyere a wɔkyeree no ne kum a wokum no yayaayaw no kwan. Nanso wɔsomaa ɔbɔfo ma ɔbɛhyɛɛ no den mmom. (Mat. 28:5, 6; Luka 2:8-11; 22:43) Sɛnea na Yehowa atirimpɔw te no, Yesu wuu afɔrebɔ wu, na ɔnam so daa no adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛ betumi akura ne mũdi mu ama Onyankopɔn ɛmfa ho sɛ ohyia sɔhwɛ a emu yɛ den. Enti Yehowa nyanee Yesu maa no nkwa a owu nnim wɔ soro de “tumi nyinaa” maa no, na ɔde abɔfo ahyɛ n’ase. (Mat. 28:18; Aso. 2:32; 1 Pet. 3:22) Enti ɛda adi sɛ Yesu ne Onyankopɔn ‘bea’ no ‘aseni’ no mu otitiriw.—Gen. 3:15; Gal. 3:16.

12. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so de asuasua Yesu?

12 Ná Yesu nim sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔbɛyɛ biribi a nyansa nnim de asɔ Yehowa ahwɛ na wahwɛ kwan sɛ ɔbɛma abɔfo abegye no. (Monkenkan Mateo 4:5-7.) Enti momma yɛmma “yɛn adwenem nna hɔ,” na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi a ebetumi apira yɛn, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso gyina ɔtaa ano de suasua nea Yesu yɛe no.—Tito 2:12.

Nea Yebetumi Asua Afi Abɔfo Anokwafo Hɔ

13. Dɛn na yebetumi asua afi nea abɔfo anokwafo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ 2 Petro 2:9-11 no yɛe mu?

13 Bere a ɔsomafo Petro reka wɔn a ‘wɔkasa tia’ Yehowa asomfo a wɔasra wɔn anim no, ɔtwee adwene sii nhwɛso pa a abɔfo anokwafo yɛ no so. Ɛwom sɛ abɔfo wɔ tumi kɛse de, nanso “esiane obu a wɔwɔ ma Yehowa nti” wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔnyɛ wɔn ho atemmufo nkasa ntia afoforo. (Monkenkan 2 Petro 2:9-11.) Ɛnsɛ sɛ yɛn nso yebu afoforo atɛn sɛnea ɛnsɛ, na ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wɔhwɛ asafo no so no, na yegyaw biribiara ma Yehowa a ɔno ne Ɔtemmufo Pumpuni no.—Rom. 12:18, 19; Heb. 13:17.

14. Ahobrɛase a wɔde som ho nhwɛso bɛn na abɔfo no yɛ ma yɛn?

14 Yehowa abɔfo no yɛ nhwɛso pa ma yɛn wɔ ahobrɛase a wɔde som ho. Abɔfo bi ammɔ wɔn din ankyerɛ nnipa. (Gen. 32:29; Atem. 13:17, 18) Ɛwom sɛ honhom abɔde ɔpepem pii na wɔwɔ ɔsoro de, nanso Mikael ne Gabriel nkutoo na Bible bɔ wɔn din. Ebia nea ɛbɛyɛ na nnipa remfa ɔsom a ɛmfata mma wɔn nti na wɔammɔ wɔn din wɔ Bible mu no. (Luka 1:26; Adi. 12:7) Bere a ɔsomafo Yohane hwee ɔbɔfo bi nan ase sɛ ɔrekotow no no, ɔbɔfo no tuu no fo sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom.” (Adi. 22:8, 9) Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no na yɛbɔ no mpae.—Monkenkan Mateo 4:8-10.

15. Dɛn na abɔfo no yɛ de yɛ ntoboase ho nhwɛso ma yɛn?

15 Abɔfo no yɛ ntoboase ho nhwɛso nso. Ɛwom sɛ wɔn ani gye ho paa sɛ wobehu Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no de, nanso ɛnyɛ emu nsɛm nyinaa na wonim. Bible ka sɛ: “Eyinom mu na abɔfo pɛ sɛ wɔpɛɛpɛe.” (1 Pet. 1:12) Enti dɛn na wɔyɛ? Wɔtɔ wɔn bo ase twɛn kosi sɛ Onyankopɔn ‘nam asafo no so bɛma wɔahu Onyankopɔn nyansa a egu ahorow pii no’ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.—Efe. 3:10, 11.

16. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn nneyɛe atumi aka abɔfo?

16 Kristofo a wɔrehyia sɔhwɛ yɛ ‘ahwɛde ma abɔfo.’ (1 Kor. 4:9) Sɛ abɔfo no hu sɛ yɛredi nokware a, wɔn koma tɔ wɔn yam kɛse, na wodi ahurusi mpo wɔ ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra ho. (Luka 15:10) Abɔfo no hu su pa a Kristofo mmea da no adi no. Bible da no adi sɛ “ɛsɛ sɛ ɔbea nya tumi ho sɛnkyerɛnne wɔ ne ti so, abɔfo no nti.” (1 Kor. 11:3, 10) Nokwarem no, abɔfo no ani gye sɛ wobehu sɛ Kristofo mmea ne Onyankopɔn asomfo foforo a wɔwɔ asase so nyinaa redi teokrase ne tiyɛ ho akwankyerɛ akyi. Osetie a ɛte saa a wɔyɛ no yɛ biribi a ɛfata a ɛkae Onyankopɔn mma a wɔwɔ soro no ma wɔn nso yɛ osetie.

Abɔfo Boa Asɛnka Adwuma no Denneennen

17, 18. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ abɔfo taa yɛn akyi wɔ asɛnka adwuma no mu?

17 Nneɛma akɛse a ɛkɔ so wɔ “Awurade da” no mu no bi wɔ hɔ a abɔfo ho wom bi. Ebi ne Ahenni no a wɔde sii hɔ wɔ afe 1914 mu ne Satan ne n’adaemone a “Mikael ne n’abɔfo” tuu wɔn fii soro no. (Adi. 1:10; 11:15; 12:5-9) Ɔsomafo Yohane huu “ɔbɔfo . . . a ɔnam wim a okura daa asɛmpa sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so” no. Ɔbɔfo no kae sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu, enti monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsuti no.” (Adi. 14:6, 7) Enti ɛmfa ho sɛ Ɔbonsam sɔre tia Yehowa asomfo denneennen no, wɔwɔ awerɛhyem sɛ abɔfo boa wɔn wɔ Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa a wɔreka no mu.—Adi. 12:13, 17.

18 Abɔfo ne yɛn nkasa nnɛ nkyerɛ yɛn kwan nkɔ nnipa komapafo nkyɛn sɛnea ɔbɔfo bi kasa kyerɛɛ Filipo na ɔkyerɛɛ no kwan kɔɔ Etiopiani piani no nkyɛn no. (Aso. 8:26-29) Nanso osuahu pii a yɛanya no nnɛ ma yehu sɛ ɛwom sɛ yɛmfa yɛn aniwa nhu abɔfo no de, nanso wɔtaa yɛn akyi wɔ Ahenni no ho asɛm a yɛreka no mu, na wɔkyerɛ yɛn kwan kɔ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no nkyɛn. * (Aso. 13:48) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ asɛnka daa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ yɛn fam de de ahwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ ‘wɔsom Agya no honhom ne nokware mu’ no!—Yoh. 4:23, 24.

19, 20. Dwuma bɛn na abɔfo di wɔ nsɛm a esisi a ɛma yehu sɛ yɛwɔ “wiase nhyehyɛe no awiei” mu no mu?

19 Bere a Yesu reka yɛn bere yi ho asɛm no, ɔkae sɛ abɔfo no ‘beyiyi abɔnefo afi treneefo mu’ wɔ “wiase nhyehyɛe no awiei” mu. (Mat. 13:37-43, 49) Abɔfo boa ma wɔboaboa wɔn a wɔasra wɔn a wɔaka no ano na wɔsɔ wɔn ano koraa. (Monkenkan Mateo 24:31; Adi. 7:1-3) Afei nso, abɔfo bɛka Yesu ho bere a ‘ɔbɛpaapae nguan ne mmirekyi mu no.’—Mat. 25:31-33, 46.

20 Wɔbɛsɛe “wɔn a wonnim Onyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no” nyinaa wɔ ‘Awurade Yesu ne n’abɔfo a wɔwɔ tumi no ahoyi a efi soro no mu.’ (2 Tes. 1:6-10) Bere a Yohane nyaa saa anisoadehu koro no ara no, ɔkaa Yesu ne abɔfodɔm a wɔwɔ soro no ho asɛm sɛ wɔtete apɔnkɔ fitaa so rekodi ako wɔ trenee mu.—Adi. 19:11-14.

21. Dɛn na ɔbɔfo a “okura amoa donkudonku no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi wɔ ne nsam” no bɛyɛ Satan ne n’adaemone?

21 Yohane san ‘hui sɛ ɔbɔfo bi fi soro resian a okura amoa donkudonku no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi wɔ ne nsam.’ Saa ɔbɔfo no nyɛ obiara sɛ ɔbɔfo panyin Mikael a ɔbɛkyekyere Ɔbonsam na watow no akyene amoa no mu no, na ɛda adi sɛ wɔde adaemone no nso bɛka ho. Wobegyae wɔn kakra wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei bere a wɔde sɔhwɛ a etwa to bɛba adesamma a wɔayɛ pɛ so no. Ɛno akyi no, wɔbɛsɛe Satan ne atuatewfo foforo a wɔaka nyinaa. (Adi. 20:1-3, 7-10; 1 Yoh. 3:8) Wobeyi wɔn a wɔtew Onyankopɔn so atua no nyinaa afi hɔ saa bere no.

22. Dwuma bɛn na abɔfo no bedi wɔ nsɛm a ebesisi nnansa yi ara no mu, na ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ wɔn dwumadi no ho?

22 Wobegye yɛn korakora afi Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no mu nnansa yi ara. Abɔfo bedi dwuma titiriw bi wɔ nsɛm akɛse a ɛrebesisi yi a ɛbɛma obiara ahu sɛ Yehowa tumidi na ɛfata no mu, na ɛbɛma n’atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma ne asase no aba mu koraa. Abɔfo anokwafo no yɛ “ahonhom a wɔsom, a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye adedifo no” ampa. Enti momma yɛnna Yehowa Nyankopɔn ase wɔ sɛnea ɔma abɔfo boa yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn apɛde na ama yɛanya daa nkwa no ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no kratafa 549-551.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na wɔahyehyɛ ɔsoro abɔfo no?

• Dɛn na abɔfo bi yɛe wɔ Noa nna no mu?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ama abɔfo boa yɛn?

• Dwuma bɛn na abɔfo anokwafo di wɔ yɛn mmere yi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Abɔfo de anigye yɛ Onyankopɔn apɛde

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Abɔfo asiesie wɔn ho bere nyinaa sɛ wɔbɛboa yɛn sɛnea Onyankopɔn apɛde te, te sɛ nea wɔyɛ maa Daniel no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Munnsuro, efisɛ abɔfo taa Ahenni no ho asɛnka adwuma no akyi!

[Asɛm Fibea]

Asase Mfonini: NASA photo