Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yedi “Kristo No”akyi?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yedi “Kristo No”akyi?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yedi “Kristo No”akyi?

“Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi . . . na onni m’akyi daa.”—LUKA 9:23.

1, 2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesusuw nea enti a ɛsɛ sɛ yedi “Kristo no” akyi no ho?

HWƐ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ani gye sɛ ohu mo a moyɛ anigyefo ne mo a moyɛ mmofra no sɛ moka n’asomfo pii a wɔahyiam wɔ asase so no ho! Bere a mokɔ so sua Bible, mokɔ Kristofo nhyiam daa, na mokɔ so nya nokware a egye nkwa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ho nimdeɛ no, ɛsɛ sɛ mususuw nsa a Yesu ato afrɛ yi ho anibere so. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua da biara da na onni m’akyi daa.” (Luka 9:23) Nea Yesu reka ne sɛ ɛsɛ sɛ mopa mo ho akyi na mubedi n’akyi. Ɛnde, ɛho hia sɛ mususuw nea enti a ɛsɛ sɛ yedi “Kristo no” akyi no ho.—Mat. 16:13-16.

2 Na yɛn a yedi Yesu Kristo anammɔn akyi dedaw no nso ɛ? Wotu yɛn fo sɛ ‘yɛnkɔ so nyɛ no kɛse.’ (1 Tes. 4:1, 2) Sɛ́ ebia nnansa yi ara na yɛreba nokware som mu anaasɛ yɛbaa mu akyɛ no, sɛ yesusuw nea enti a yedi Kristo no akyi no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde Paulo afotu no adi dwuma na yɛadi Kristo akyi da biara da. Momma yensusuw nneɛma anum nti a ɛsɛ sɛ yedi Kristo no akyi no ho nhwɛ.

Sɛnea Yɛbɛbɛn Yehowa Yiye

3. Akwan abien bɛn na yebetumi afa so ahu Yehowa?

3 Bere a ɔsomafo Paulo “gyinaa Areopago no mfinimfini” kasa kyerɛɛ Atenefo no, ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn hyɛɛ] mmere too hɔ de ahye nso totoo nnipa tenabea, na wɔapɛ Onyankopɔn akyi kwan, ahwehwɛ no denneennen kosi sɛ wobehu no, nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware.” (Aso. 17:22, 26, 27) Yebetumi apɛ Onyankopɔn akyi kwan na yɛahu no ankasa. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛhwɛ abɔde a, yebetumi asua Onyankopɔn su ahorow ne nneɛma a otumi yɛ pii afi mu. Sɛ yɛde anisɔ susuw nneɛma a Ɔbɔadeɛ no ayɛ ho a, yebetumi asua nneɛma pii afa ne ho. (Rom. 1:20) Yehowa asan aka ne ho nsɛm pii wɔ n’Asɛm Bible mu. (2 Tim. 3:16, 17) Dodow a ‘yedwinnwen Yehowa nnwuma ho’ na ‘yesusuw ne nneyɛe ho’ no, dodow no ara na yebetumi ahu no yiye.—Dw. 77:12.

4. Ɔkwan bɛn so na Kristo no akyi a yebedi betumi aboa yɛn ma yɛabɛn Yehowa yiye?

4 Ɔkwan pa a yebetumi afa so abɛn Yehowa paa ne sɛ yebedi Kristo no akyi. Wode susuw anuonyam a na Yesu wɔ wɔ n’Agya nkyɛn “ansa na wiase reba” no ho hwɛ! (Yoh. 17:5) Ɔno ne “Onyankopɔn adebɔ mfiase.” (Adi. 3:14) Sɛ́ “abɔde nyinaa mu abakan” no, ɔne n’Agya Yehowa tenaa soro mfe pii. Ansa na Yesu reba asase so no, ɛnyɛ sɛ na ɔte n’Agya nkyɛn a ɔnyɛ hwee. Ná ɔno ne obi a ɔka Onyankopɔn ho, na ɔne ade nyinaa so Tumfoɔ no boom yɛɛ adwuma anigye so, na ɔne no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den a ɔdɔ wom sen biara. Ɛnyɛ sɛnea Yesu Agya yɛ n’ade, sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho, ne Ne su ahorow nko na ohui, na mmom osuaa nea ohui wɔ n’Agya ho no nyinaa nso na ɔde yɛɛ adwuma. Ɛno nti, Ɔba a ɔyɛ osetie yi bɛyɛɛ te sɛ n’Agya ara pɛ—ɔsɛ no araa ma Bible frɛ no “Onyankopɔn a wonhu no no suban.” (Kol. 1:15) Sɛ yedi Kristo no akyi pɛɛ a, yebetumi abɛn Yehowa yiye.

Sɛnea Yebesuasua Yehowa Yiye

5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasuasua Yehowa yiye, na dɛn ntia?

5 Wɔbɔɔ yɛn wɔ ‘Onyankopɔn suban so sɛnea ɔte,’ enti yebetumi ada su ahorow a Onyankopɔn wɔ no bi adi. (Gen. 1:26) Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ ‘wonsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.’ (Efe. 5:1) Sɛ yedi Kristo no akyi a, ɛboa yɛn ma yesuasua yɛn soro Agya no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yesu suasuaa sɛnea Onyankopɔn susuw nneɛma ho, sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho, ne ne suban yiye, na ɔma yehuu sɛnea Yehowa te yiye sen obiara. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɛnyɛ Yehowa din kɛkɛ na ɔmaa nnipa hui, na mmom, ɔma wohuu sɛnea Onyankopɔn te ankasa nso. (Monkenkan Mateo 11:27.) Yesu nam ne kasa, ne nneyɛe, ne nkyerɛkyerɛ, ne ne nhwɛso so na ɔyɛɛ saa.

6. Dɛn na Yesu nkyerɛkyerɛ ma yehu fa Yehowa ho?

6 Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ so ma yehuu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ ne sɛnea ɔte nka wɔ n’asomfo ho. (Mat. 22:36-40; Luka 12:6, 7; 15:4-7) Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu faa Mmara Nsɛm Du no mu biako a ɛne “nsɛe aware” kaa asɛm wiei no, ɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn adwene wɔ nea ɛkɔ so wɔ onipa bi komam ansa na wasɛe aware no mu. Ɔkae sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Ex. 20:14; Mat. 5:27, 28) Bere a Yesu kaa Mose Mmara no mu asɛm bi a na Farisifo no akyinkyim no sɛ “dɔ wo yɔnko na kyi wo tamfo” ho asɛm wiei no, ɔma yehuu Yehowa adwene. Ɛno ne sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mat. 5:43, 44; Ex. 23:4; Lev. 19:18) Sɛ yehu Onyankopɔn adwene wɔ sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho ne nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ a, ɛboa yɛn ma yesuasua no yiye.

7, 8. Dɛn na nneɛma a Yesu yɛe no ma yehu fa Yehowa ho?

7 Yesu nam nneɛma a ɔyɛe so nso ma yehuu sɛnea n’Agya te. Sɛ yɛkenkan Nsɛmpa no na yehu sɛnea Yesu huu wɔn a wohia mmoa no mmɔbɔ, sɛnea ne yam hyehyee no maa wɔn a wɔrehu amane, ne sɛnea n’ani beree n’asuafo a wɔkaa mmofra nkumaa anim no so a, so yenhu sɛ Agya no te nka saa ara? (Mar. 1:40-42; 10:13, 14; Yoh. 11:32-35) Wode, susuw sɛnea nneɛma a Yesu yɛe no boa yɛn ma yehu Onyankopɔn su atitiriw no ho hwɛ. So anwonwade a Kristo yɛe no mma yenhu sɛ na ɔwɔ tumi kɛse? Nanso Yesu amfa saa tumi no anhwehwɛ n’ankasa mfaso anaasɛ wamfa anhaw afoforo da. (Luka 4:1-4) Hwɛ sɛnea aguadifo asisifo a ɔpam wɔn fii asɔrefie hɔ no ma yehu pefee sɛ ɔpɛ atɛntrenee! (Mar. 11:15-17; Yoh. 2:13-16) Ne nkyerɛkyerɛ ne ne nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɔma ɛkaa nkurɔfo koma no kyerɛ sɛ na ɔwɔ nyansa ‘sen Solomon.’ (Mat. 12:42) Bible ka sɛnea ɔdɔ maa Yesu de ne nkwa too hɔ maa afoforo ma ɛyɛ anigye no ho asɛm sɛ “obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi.”—Yoh. 15:13.

8 Onyankopɔn Ba no yɛɛ n’ade pɛpɛɛpɛ wɔ ne kasa ne ne nneyɛe nyinaa mu ma enti otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Monkenkan Yohane 14:9-11.) Sɛ yedi Kristo akyi a, ɛte sɛ nea yɛresuasua Yehowa ara pɛ.

Yesu Ne Nea Yehowa Asra No No

9. Bere bɛn na Yesu bɛyɛɛ Nea Onyankopɔn Asra No no, na ɔkwan bɛn na wɔfaa so sraa no?

9 Susuw asɛm a esii wɔ afe 29 Y.B. mu, bere a na Yesu adi mfe 30 a ɔkɔɔ Yohane Osuboni no nkyɛn no ho hwɛ. Bible ka sɛ: “Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara pɛ na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so te sɛ aborɔnoma.” Saa bere no na ɔbɛyɛɛ Kristo no anaa Mesia. Ɛyɛ saa bere no na Yehowa ankasa daa no adi sɛ Yesu ne Nea Wasra No no. Yehowa kae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mat. 3:13-17) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ saa asɛm yi ma yedi Kristo no akyi!

10, 11. (a) Akwan bɛn so na wɔde abodin “Kristo” ka Yesu ho asɛm? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Yesu Kristo akyi?

10 Wɔ Bible mu no, wɔde abodin “Kristo” ka Yesu ho asɛm wɔ akwan horow so te sɛ Yesu Kristo, Kristo Yesu, ne Kristo no. Yesu ankasa na odii kan de edin “Yesu Kristo” no dii dwuma—edin no ba ansa na abodin no aba. Yesu bɔɔ n’Agya mpae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yoh. 17:3) Ɛda adi pefee sɛ sɛ wɔde abodin no di dwuma wɔ saa kwan yi so a, ɛtwe adwene si nea Onyankopɔn somaa no ma ɔbɛyɛɛ Nea Yehowa Asra No no so. Sɛ wodi kan bɔ abodin no ansa na wɔabɔ din no te sɛ “Kristo Yesu” a, na wɔretwe adwene afi Yesu so akɔ ne dibea anaa ne dwumadi so. (2 Kor. 4:5) Sɛ wɔbɔ abodin “Kristo” na wɔde asɛmfua a ɛne “no” ka ho a, ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so si Yesu dibea sɛ Mesia no so dua.—Aso. 5:42.

11 Ɛmfa ho ɔkwan biara a wɔfa so de abodin “Kristo” di dwuma de ka Yesu ho asɛm no, wɔde si saa nokwasɛm titiriw a edi so yi so dua sɛ: Ɛwom sɛ Onyankopɔn Ba no baa asase so sɛ onipa, na ɔbɛma yehuu n’Agya apɛde de, nanso na ɔnyɛ onipa anaa odiyifo biara kɛkɛ; ɔbɛyɛɛ Nea Yehowa Asra No. Ɛsɛ sɛ yedi Nea Wɔasra No yi akyi ɔkwan biara so.

Yesu Nkutoo so na Yɛnam Benya Nkwagye

12. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ ɔsomafo Toma bɛn na ɛfa yɛn ho?

12 Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, asɛm bi a ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no ma yehu ade foforo a ɛho hia a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di Mesia no akyi. Bere a Yesu rebua Toma asɛmmisa a ɛfa asɛm a ɔkae sɛ ɔrekɔ akosiesie baabi ama wɔn ho no, Yesu kae sɛ: “Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yoh. 14:1-6) Saa bere no, na Yesu rekasa akyerɛ n’asomafo anokwafo 11 no. Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛma wɔn baabi atena wɔ soro, nanso asɛm a Yesu kae no fa wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no nso ho. (Adi. 7:9, 10; 21:1-4) Dɛn nti na yebetumi aka saa?

13. Sɛ wɔka sɛ Yesu ne “ɔkwan no” a, ɛkyerɛ dɛn?

13 Yesu Kristo ne “ɔkwan no.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔno nkutoo ne nea yebetumi afa no so akɔ Onyankopɔn anim. Eyi te saa wɔ mpaebɔ ho, efisɛ Yesu nkutoo na sɛ yɛfa no so bɔ mpae a, yebetumi anya ahotoso sɛ Agya no bɛyɛ nea yebebisa biara a ɛne N’apɛde hyia no ama yɛn. (Yoh. 15:16) Yesu san yɛ “ɔkwan no” wɔ ade foforo mu nso. Bɔne ama adesamma ne Onyankopɔn ntam atetew. (Yes. 59:2) Yesu de “ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mat. 20:28) Ɛno nti Bible ka sɛ: “Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.” (1 Yoh. 1:7) Ne saa nti, Ɔba no abue ɔkwan a Onyankopɔn nam so apata ɔne nnipa ntam. (Rom. 5:8-10) Sɛ yenya Yesu mu gyidi na yetie no a, ɛnna yɛne Onyankopɔn ntam betumi ayɛ papa.—Yoh. 3:36.

14. Sɛ wɔka sɛ Yesu ne “nokware no” a, ɛkyerɛ dɛn?

14 Yesu ne “nokware no.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔkaa nokware no ho asɛm bere nyinaa, na ɔde bɔɔ ne bra. Afei nso, nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛfa Mesia no ho nyinaa nyaa mmamu wɔ ne so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ, “Onyankopɔn bɔhyɛ dodow nyinaa nam no so ayɛ Yiw.” (2 Kor. 1:20) “Nnepa a ɛbɛba no sunsuma” a ɛwɔ Mose Mmara no mu mpo nyaa mmamu wɔ Kristo Yesu so. (Heb. 10:1; Kol. 2:17) Yesu ne nea nkɔmhyɛ nyinaa twe adwene si no so, na ɛboa yɛn ma yehu dwuma titiriw a odi ma Yehowa atirimpɔw ba mu. (Adi. 19:10) Sɛ yebenya nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma yɛn no a, ɛsɛ sɛ yedi Mesia no akyi.

15. Sɛ wɔka sɛ Yesu ne “nkwa” a, ɛkyerɛ dɛn?

15 Yesu ne “nkwa,” efisɛ ɔde ne mogya atɔ nnipa nyinaa, na daa nkwa yɛ akyɛde a Onyankopɔn ‘nam yɛn Awurade Kristo Yesu so’ de ma yɛn. (Rom. 6:23) Yesu yɛ “nkwa” nso ma wɔn a wɔawuwu no. (Yoh. 5:28, 29) Bio nso, susuw nea sɛ ɔbɛyɛ Ɔsɔfo Panyin wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu a ɔbɛyɛ no ho hwɛ. Obegye ne nkoa a wɔbɛtena asase so no afi bɔne ne owu mu daa!—Heb. 9:11, 12, 28.

16. Dɛn nti na yedi Yesu akyi?

16 Ɛnde, mmuae a Yesu de maa Toma no fa yɛn ho kɛse. Yesu ne ɔkwan no, nokware no, ne nkwa. Ɔno ne nea Onyankopɔn somaa no baa wiase sɛ wɔmfa no so nnye wiase no nkwa. (Yoh. 3:17) Na obi nkɔ Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam no so. Bible ka no pefee sɛ: “Nkwagye nni obi foforo biara mu, na edin foforo biara nni ɔsoro ase a wɔde ama nnipa sɛ wɔmfa so nnye yɛn nkwa.” (Aso. 4:12) Ɛmfa ho nea bere bi a atwam no na yegye di no, ɛyɛ papa sɛ yebegye Yesu adi, yɛadi n’akyi, na yɛnam no so anya nkwa.—Yoh. 20:31.

Wɔahyɛ Yɛn sɛ Yentie Kristo No

17. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yetie Onyankopɔn Ba no?

17 Petro, Yohane, ne Yakobo huu Yesu ahosakra no. Saa bere no wɔtee nne bi fii soro sɛ: “Oyi ne me Ba, nea wɔapaw no no. Muntie no.” (Luka 9:28, 29, 35) Ɛho hia paa sɛ yedi ahyɛde a ɛne sɛ yentie Mesia no so.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 3:22, 23.

18. Dɛn na yebetumi ayɛ de atie Yesu Kristo?

18 Yesu a yebetie no no kyerɛ sɛ ‘yebegyen yɛn ani ahwɛ no, na yɛasusuw ne nhwɛso ho yiye.’ (Heb. 12:2, 3) Enti ɛsɛ sɛ “yɛde yɛn adwene si” Yesu ho nsɛm a yɛkenkan wɔ Bible ne nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ mu, ne ne ho nsɛm a yɛte wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no “so kyɛn sɛnea yɛyɛ daa no.” (Heb. 2:1; Mat. 24:45) Momma yɛn a yɛyɛ Yesu nguan no mfa anigye ntie no na yenni n’akyi.—Yoh. 10:27.

19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi Kristo no akyi daa?

19 So yebetumi adi Kristo akyi daa ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia? Yiw, sɛ yɛde nea yesua no bɔ yɛn bra “wɔ gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu,” na ‘yɛkɔ so kura nsɛm a eye no nhwɛsode’ no mu a, yebetumi ayɛ saa.—2 Tim. 1:13.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn nti na sɛ yedi “Kristo no” akyi a, ebetumi ama yɛabɛn Yehowa yiye?

• Dɛn nti na sɛ yesuasua Yesu a, ɛte sɛ nea yɛresuasua Yehowa ara pɛ?

• Sɛ wɔka sɛ Yesu ne “ɔkwan no ne nokware no ne nkwa” a, ɛkyerɛ dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Nea Yehowa Asra No no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nea Yesu kyerɛkyerɛe no daa Yehowa nsusuwii a ɛkorɔn adi

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ɛsɛ sɛ yedi Nea Yehowa Asra No no akyi nokware mu

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Yehowa kae sɛ: “Oyi ne me Ba . . . muntie no”