Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Sesa N’adwene?

So Onyankopɔn Sesa N’adwene?

So Onyankopɔn Sesa N’adwene?

BIBLE ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔyɛ obi a “Sunsuma a ɛsakra na ɛdannan nni ne mu.” Na Onyankopɔn ankasa ka ne ho asɛm ma ɛfata sɛ: “Mene Yehowa; mensakrae.” (Yakobo 1:17; Malaki 3:6) Hwɛ sɛnea Yehowa Nyankopɔn yɛ soronko koraa wɔ nnipa a biribiara nsɔ wɔn ani na wuntumi mfa wo ho nto wɔn so ensiane sɛ wɔtaa sesa wɔn adwene nti no ho!

Nanso, Bible akenkanfo binom ntumi nhu sɛ ebia Onyankopɔn asesa n’adwene anaa. Sɛ nhwɛso no, eduu bere bi no Yehowa Nyankopɔn maa Kristofo tumi a wɔde yɛ anwonwade, nanso ɛnnɛ ɛnte saa. Wɔ tete mmere mu no, Onyankopɔn penee aware dodow so, nanso ɔmpene so ɛnnɛ. Wɔ Mose Mmara no ase no, na Yehowa hwehwɛ sɛ wodi Homeda, nanso seesei ɔnhwehwɛ sɛ yedi. So saa nsɛm yi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn asesa?

Nea edi kan koraa no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn nsesa nea ogyina so bu atɛntrenee na ɔda ɔdɔ adi no da. Bio nso, ne “daa atirimpɔw” a ɛne sɛ ɔnam n’Ahenni no so behyira adesamma no nsesae da. (Efesofo 3:11) Nanso, sɛnea ebia wubetumi asesa w’adwene wɔ obi a ɔtaa di wo huammɔ ho no, saa ara na Yehowa nso tumi sesa ɔkwan a ɔfa so yɛ n’ade ma ɛne tebea bi a ɛsakra hyia.

Afei nso, Onyankopɔn hwɛ ne nkurɔfo tebea ne wɔn ahiade ho sesa n’akwankyerɛ mu. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Susuw nea sɛ obi de nsrahwɛfo rekyinkyin na ohu sɛ asiane bi wɔ kwan so a ɔbɛyɛ no ho hwɛ. Ɔbɛka akyerɛ kuw a ɔne wɔn nam no ma wɔafa ɔkwan foforo so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkwati asiane no. Nanso, so ɛno kyerɛ sɛ w’asesa n’adwene wɔ baabi a ɔde wɔn rekɔ no ho? Ma yɛnhwehwɛ nhwɛso abiɛsa a yɛadi kan aka ho asɛm a ɛkyere ebinom adwene no mu.

Dɛn Nti na Anwonwade a na Wɔyɛ no Baa Awiei?

Dɛn nti na Onyankopɔn maa Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no bi tumi a wɔde yɛ anwonwade? Sɛ wobɛkae a, bere a na Israel yɛ ɔman a Onyankopɔn apaw wɔn no, ɔnam anwonwade so ma wohui sɛ ɔka wɔn ho. Onyankopɔn nam Mose so daa ne tumi kɛse no adi de gyee Israelfo no fii Egypt, na odii wɔn anim de wɔn faa sare so kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, mpɛn pii na Israelfo no ankyerɛ Onyankopɔn mu gyidi. Bere a awiei koraa no Yehowa poo Israelfo no na ɔde Kristofo asafo no sii hɔ no, ɔmaa asomafo no ne afoforo tumi a wɔde yɛ anwonwade. Sɛ nhwɛso no, ɔsomfo Petro ne ɔsomafo Yohane saa obi a na ɔyɛ obubuafo fi ne maame yam no yare, na Paulo nyanee ɔbarima bi a na wawu. (Asomafo Nnwuma 3:2-8; 20:9-11) Anwonwade a wɔyɛe no boa ma wɔhyehyɛɛ Kristosom wɔ aman pii so. Ɛnde, dɛn nti na anwonwade a na wɔyɛ no baa awiei?

Ɔsomafo Paulo de mfatoho bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Meyɛ akokoaa no, mekasae sɛ akokoaa, midwen sɛ akokoaa, misusuw nsɛm ho sɛ akokoaa; na afei a mayɛ ɔpanyin yi, mayi nkokoaa su no afi hɔ.” (1 Korintofo 13:11) Sɛnea ɛsono ɔkwan a awofo ne wɔn ba a onnyinii di nsɛm wɔ sɛnea wɔne wɔn ba a wanyin di nsɛm ho no, saa ara na ɔkwan a na Yehowa fa so ne Kristofo asafo no di nsɛm no sesae bere a na asafo no nna so nyɛ “akokoaa” bio no. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, akyɛde a wɔde yɛ anwonwade te sɛ kasa foforo a wɔka ne nkɔm a wɔhyɛ no ‘begyae.’—1 Korintofo 13:8.

Dɛn Nti na Wɔmaa Aware Dodow Ho Kwan?

Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn hyehyɛɛ aware ho mmara bere a ɔkaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ awarefo a wodi kan no: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.” (Mateo 19:5) Ná aware bɛka nnipa baanu no abom daa. Nanso, eduu bere a Onyankopɔn hyehyɛɛ Israelfo sɛ ɔman na ɔde Mmara no maa wɔn no, na aware dodow abu so. Enti, ɛwom sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wofii aware dodow ase na na ɔnhyɛ ho nkuran de, nanso nea ɛbɛyɛ na ɛremfa ɔhaw pii mma no, ɔde ho mmara mae. Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, Onyankopɔn Asɛm baraa aware dodow.—1 Timoteo 3:2.

Yehowa Nyankopɔn ma nneɛma bi ho kwan kosi sɛ bere bɛso ma wadi ho dwuma. (Romafo 9:22-24) Yesu ma ɛdaa adi sɛ esiane Israelfo “komaden nti” na Yehowa ‘maa wɔn kwan’ ma wɔyɛɛ aware ho amanne a ɛmfata no.—Mateo 19:8; Mmebusɛm 4:18.

Dɛn Nti na Homedadi Antena Hɔ Daa?

Bere a Onyankopɔn gyee Israelfo no fii Egypt no, ɔhyɛe sɛ wonni Homeda dapɛn biara. Akyiri yi, ɔde kaa ɔman no Mmara ho. (Exodus 16:22-30; 20:8-10) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yesu de ne ho mae sɛ afɔrebɔde na ‘oyii Mmara nsɛm a ahyɛde ahorow wom no fii hɔ,’ na “ɔpopaa nsaano nkyerɛwee” no. (Efesofo 2:15; Kolosefo 2:14) Homeda mmara no ka nea ‘woyi fii hɔ’ na ‘wɔpopae’ no ho, efisɛ Bible no toa so ka sɛ: “Enti mommma obiara mmmu mo atɛn wɔ adidi ne ɔnom anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa homedadi ho.” (Kolosefo 2:16) Ɛnde, nea edi kan koraa no, dɛn nti na Onyankopɔn de Mmara no, a Homedadi ka ho no mae?

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mmara no abɛyɛ yɛn kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so.” Afei ɔtoaa so sɛ: “Afei a gyidi no aba no, yenni kwankyerɛfo ase bio.” (Galatifo 3:24, 25) Sɛ́ anka Onyankopɔn bɛsesa n’adwene no, ɔde Homeda no dii dwuma sɛ bere tiaa mu nhyehyɛe a ɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wonye bere mfa nsusuw Onyankopɔn Asɛm ho. Ɛwom sɛ na Homeda mmara no rentena hɔ daa de, nanso ɛkyerɛe sɛ bere bi bɛba a adesamma benya ogye afi honhom ne honam mu mmerɛwyɛ nyinaa ho.—Hebrifo 4:10; Adiyisɛm 21:1-4.

Ɔdɔ Nyankopɔn a Yebetumi De Yɛn Ho Ato no So

Bible nhwɛso ahorow a yɛasusuw ho yi kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn de akwankyerɛ mae wɔ mmere ahorow mu. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ ɔsesaa n’adwene. Mmom no, ɔhwɛɛ tebea a ne nkurɔfo wom ho yɛɛ n’ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya so mfaso. Saa ara na ɛte nnɛ.

Esiane sɛ Yehowa nsesa ne gyinapɛn ahorow nti, bere nyinaa yebetumi ahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛasɔ n’ani. Bio nso, yebetumi anya ahotoso sɛ biribiara a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no bɛbam. Yehowa ka sɛ: “Nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ . . . mabɔ me tirim, na mɛyɛ.”—Yesaia 46:10, 11.—w09 06/01-E.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Onyankopɔn nsesa nea ogyina so bu atɛntrenee na ɔda ɔdɔ adi no da

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere bi akyi no, akyɛde a wɔde yɛ anwonwade no ‘befi hɔ’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Ná aware bɛka nnipa baanu abom daa