Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munnya Yehowa Fie Ho Nnamyɛ!

Munnya Yehowa Fie Ho Nnamyɛ!

Munnya Yehowa Fie Ho Nnamyɛ!

“Wo fie ho nnamyɛ bɛmene me.”—YOH. 2:17.

1, 2. Bere a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ wɔ afe 30 Y.B. mu no, dɛn na ɔyɛe, na dɛn nti na ɔyɛɛ saa?

TWA tebea yi ho mfonini hwɛ. Ná ɛyɛ afe 30 Y.B. mu Twam afahyɛ bere. Bere a Yesu fii n’asase so som adwuma ase no, na asram asia atwam. Afei ɔkɔɔ Yerusalem. Yesu duu hɔ no, ohuu “wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔtete” Amanaman mufo Abangua a ɛwɔ asɔrefie hɔ no so. Ɔfaa nhama a wɔde ayɛ mpire de pam mmoa no nyinaa, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔpam aguadifo no nso kaa ho. Yesu san hwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa wɔn apon butubutuwii. Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ wɔnsesaw wɔn nneɛma na womfi hɔ nkɔ.—Yoh. 2:13-16.

2 Nea Yesu yɛe no da no adi sɛ na asɔrefie no ho hia no paa. Ɔkae sɛ: “Monnyɛ m’Agya fie aguadi fie!” Bere a Yesu asuafo no huu nea ɔreyɛ no, wɔkaee asɛm a na odwontofo Dawid akyerɛw ato hɔ mfe pii no sɛ: “Wo fie ho nnamyɛ bɛmene me.”—Yoh. 2:16, 17; Dw. 69:9.

3. (a) Dɛn ne nnamyɛ? (b) Asɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

3 Ɛyɛ Onyankopɔn fie a na ɛho hia Yesu ne ɛho nnamyɛ na ɛkaa no ma ɔyɛɛ saa. Nnamyɛ kyerɛ “ahokeka a emu yɛ hyew ne nsi a obi de yɛ biribi.” Wɔ afeha a ɛto so 21 yi mu no, Kristofo bɛboro ɔpepem ason akyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn fie ho nnamyɛ. Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi anya Yehowa fie ho nnamyɛ kɛse?’ Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya mmuae no, momma yenni kan nhwɛ ade kõ a ɛne Onyankopɔn fie a ɛwɔ hɔ nnɛ no. Afei yebesusuw mmarima anokwafo a wɔdaa Onyankopɔn fie ho nnamyɛ adi a Bible ka wɔn ho asɛm no ho. Wɔakyerɛw nhwɛso a wɔyɛe no “ama yɛn nkyerɛkyerɛ,” na ebetumi akanyan yɛn ma yɛayɛ nnam kɛse mpo.—Rom. 15:4.

Onyankopɔn Fie—Tete ne Nnɛ

4. Dɛn na na wɔyɛ wɔ asɔrefie a Solomon sii no mu?

4 Wɔ tete Israel no, na Onyankopɔn fie no ne Yerusalem asɔrefie no. Nokwarem no, na Yehowa nte hɔ ankasa. Ɔkae sɛ: “Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso. Ofie bɛn na mubetumi asi ama me, na homebea bɛn na mode bɛma me?” (Yes. 66:1) Nanso, asɔrefie a Solomon sii wɔ n’ahenni mu no ne beae titiriw a na wɔsom Yehowa na wɔbɔ mpae.—1 Ahe. 8:27-30.

5. Dɛn na ɔsom a ɛkɔɔ so wɔ Solomon asɔrefie hɔ no yɛ ho mfonini?

5 Ɛnnɛ, Yehowa fie no nyɛ ɔdan bi a wɔasi wɔ Yerusalem anaa beae foforo bi. Mmom no, ɛyɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɛma yetumi fa Kristo agyede afɔre no so som no. Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ asase so nyinaa bom som Yehowa wɔ saa honhom fam asɔrefie yi mu.—Yes. 60:4, 8, 13; Aso. 17:24; Heb. 8:5; 9:24.

6. Yuda ahemfo bɛn na wɔdaa nnamyɛ soronko adi wɔ nokware som ho?

6 Bere a wɔkyɛɛ Israel mu ma ɛbɛyɛɛ ahemman abien wɔ afe 997 A.Y.B. mu no, ahemfo 19 a wodii Yuda a ɛno ne ahemman a na ɛwɔ anafo fam no so mu 4 daa nnamyɛ soronko adi wɔ nokware som ho. Ná saa ahemfo no ne Asa, Yehosafat, Hesekia, ne Yosia. Nneɛma a ɛho hia bɛn na yebetumi asua afi nea wɔyɛe no mu?

Ɔsom a Efi Koma Nyinaa mu De Nhyira Ba

7, 8. (a) Ɔsom bɛn na ɛsɔ Yehowa ani? (b) Asuade bɛn na yebetumi anya afi Ɔhene Asa asɛm no mu a ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn?

7 Wɔ Ɔhene Asa nniso mu no, Yehowa maa adiyifo kyerɛɛ Ne man no ɔkwampa a wɔmfa so. Sɛ nhwɛso no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Asa tiee asɛm a odiyifo Asaria a ɔyɛ Oded ba ka kyerɛɛ no no. (Monkenkan 2 Beresosɛm 15:1-8.) Nsakrae a Asa yɛe no kaa Yudafo ne Israel ahemman no mufo pii a wosian baa nhyiam kɛse a wɔyɛe wɔ Yerusalem no boom. Wɔn nyinaa boom kae sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa nokware mu. Yɛkenkan sɛ: “Wɔde nne kɛse ne osebɔ ne ntorobɛnto ne mmɛn kaa ntam kyerɛɛ Yehowa. Na Yuda nyinaa ani gyee ntam no ho, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa na ɛkaa ntam no. Anigye kɛse na wɔde hwehwɛɛ no, na ɔma wohuu no, na Yehowa maa wɔn ahome afã nyinaa hyiae.” (2 Be. 15:9-15) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a, obehyira yɛn saa ara.—Mar. 12:30.

8 Awerɛhosɛm ne sɛ, akyiri yi, Asa bo fuw ɔdehwɛfo Hanani wɔ nteɛso a ɔde maa no ho. (2 Be. 16:7-10) Sɛ Yehowa fa Kristofo asafo mu mpanyimfo so tu yɛn fo anaasɛ wɔma yɛn akwankyerɛ a, dɛn na yɛyɛ wɔ ho? So yegye wɔn afotu a egyina Kyerɛwnsɛm so no tom ntɛm ara de yɛ adwuma a yɛmma yɛn bo mfuw wɔn?

9. Asɛm a ɛyɛ hu bɛn na na ɛreba Yehosafat ne Yudafo no so, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

9 Yehosafat dii hene wɔ Yuda wɔ afeha a ɛto so du A.Y.B. mu. Ná Amon, Moab, ne Seir bepɔw sofo asraafo aka abom sɛ wɔne Yehosafat ne Yudafo nyinaa rebɛko. Ɛwom sɛ na ɔhene no suro de, nanso dɛn na ɔyɛe? Ɔne ne mmarima, wɔn yerenom, ne wɔn mma hyiaam wɔ Yehowa fie bɔɔ mpae. (Monkenkan 2 Beresosɛm 20:3-6.) Nea ɛne asɛm a Solomon kae bere a na ɔrehyira asɔrefie no so hyia no, Yehosafat fi komam srɛɛ Yehowa sɛ: “O yɛn Nyankopɔn, enti woremmu wɔn atɛn? Yɛn de, yenni ahoɔden biara a yɛde begyina dɔm kɛse a wɔaba yɛn so yi anim, na yenhu nea yɛnyɛ mpo; wo na yɛn ani da wo so.” (2 Be. 20:12, 13) Bere a Yehosafat bɔɔ mpae wiei no, Yehowa honhom kaa Lewini Yahasiel “wɔ asafo no mu” ma ɔkaa awerɛkyekyesɛm maa nkurɔfo no nyaa akokoduru.—Monkenkan 2 Beresosɛm 20:14-17.

10. (a) Ɔkwan bɛn na wɔfaa so de akwankyerɛ maa Yehosafat ne Yuda? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn nnɛ no?

10 Nokwarem no, saa bere no, Yehowa faa Yahasiel so de akwankyerɛ maa Yehosafat ne Yuda ahemman no. Ɛnnɛ, wɔnam akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so ma yɛn awerɛkyekye ne akwankyerɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ yetie asafo mu mpanyimfo a wɔapaw wɔn a wɔyɛ adwumaden de hwɛ yɛn so na wɔhwɛ ma yɛde akwankyerɛ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn no yɛ adwuma no, na yebu wɔn bere nyinaa.—Mat. 24:45; 1 Tes. 5:12, 13.

11, 12. Dɛn na yebetumi asua afi nea ɛtoo Yehosafat ne Yudafo no mu?

11 Sɛnea Yehosafat ne ne nkurɔfo hyiaam hwehwɛɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea hyiam daa wɔ asafo nhyiam ase. Sɛ ɛtɔ mmere bi na yɛkɔ tebea a emu yɛ den mu na yenhu nea yɛnyɛ a, momma yensuasua nhwɛso pa a Yehosafat ne Yudafo no yɛe no, na yennya Yehowa mu ahotoso koraa, na yɛmmɔ No mpae. (Mmeb. 3:5, 6; Filip. 4:6, 7) Sɛ yɛmmɛn yɛn nuanom mpo a, yɛn adesrɛ a yɛde to Yehowa anim no ma yɛne “[yɛn] nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa” yɛ biako.—1 Pet. 5:9.

12 Yehosafat ne ne nkurɔfo dii akwankyerɛ a Onyankopɔn faa Yahasiel so de maa wɔn no akyi. Dɛn na efii nea wɔyɛe no mu bae? Wodii nkonim wɔ ɔko no mu, na wɔsan “de ahurusi” ne “asanku ne asankuten ne ntorobɛnto baa Yehowa fie” wɔ Yerusalem. (2 Be. 20:27, 28) Saa ara na yɛn nso yebu akwankyerɛ a Yehowa nam n’asafo no so de ma yɛn no, na yɛbom yi no ayɛ.

Momma Yɛnhwɛ Mmeae a Yehyiam Som no so Yiye

13. Adwuma bɛn na Hesekia ma wɔyɛe wɔ ne nniso no mfiase?

13 Wɔ ɔsram a edi kan wɔ Hesekia nniso mu no, ɔsan buebuee asɔrefie no ma wosiesiei de kyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa som ho nnamyɛ. Ɔyɛɛ nhyehyɛe maa asɔfo ne Lewifo no tew Onyankopɔn fie ho. Wɔde nnafua 16 na ɛyɛɛ saa adwuma no. (Monkenkan 2 Beresosɛm 29:16-18.) Saa a wɔyɛe no kae yɛn sɛ mmeae a yehyiam som a yɛhwɛ so yiye na yesiesie hɔ ma ɛhɔ yɛ fɛ no kyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa som ho nnamyɛ. So wontee osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo akyerɛ adwuma a ɛte saa a yɛn nuanom mmarima ne mmea yɛ no ho anigye? Nokwasɛm ne sɛ adwuma a wɔyɛ no de ayeyi brɛ Yehowa.

14, 15. Adwuma a wɔreyɛ no nnɛ bɛn na ɛde ayeyi pii abrɛ Yehowa? Ma ɛho nhwɛso.

14 Wɔ kurow bi a ɛwɔ England atifi fam mu no, owura bi ani annye ho sɛ na wɔresiesie ɔdan bi a ɛne ne fie bɔ ho de ayɛ Ahenni Asa. Anuanom ne no dii no ayamye so. Bere a anuanom hui sɛ ɔfasu a etwa Ahenni Asa no ne owura no fie ntam apaapae no, wosiesie maa no kwa. Wɔyɛɛ adwumaden, na nokwarem no, wɔsan too ɔfasu no fã kɛse no ara foforo maa no. Wɔne owura no dii no yiye araa ma ɔsesaa adwene a na okura no. Seesei ɔboa ma wɔhwɛ Ahenni Asa no so yiye.

15 Yehowa nkurɔfo boa ma wosisi adan wɔ wiase nyinaa. Anuanom a wɔwɔ mmeae a wɔresisi adan no tu wɔn ho ma, na wɔboa amanaman ntam asomfo a wɔde wɔn bere nyinaa resisi Ahenni Asa ne afei Nhyiam Asa ne Betel afie ahorow no. Sam yɛ obi a onim mfiri a ɛma adan mu yɛ hyew, nea ɛma mframa pa fa adan mu, ne nea ɛma adan mu yɛ nwini ho adwuma yiye. Ɔne ne yere Ruth atutu akwan akɔ Europa ne Afrika aman pii so akɔboa adan a wosisi no. Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔne anuanom a wɔwɔ hɔ no de anigye yɛ asɛnka adwuma no. Sam kyerɛkyerɛ nea ɛkaa no ma ɔboa ma wosisi adan wɔ aman ahorow so no mu sɛ: “Ɛyɛ nkuranhyɛ a anuanom a wɔasom wɔ Betel afie mu wɔ yɛn man yi mu ne aman ahorow so de maa me no na aboa me. Sɛnea wɔde nsi ne anigye yɛ ɔsom adwuma no a mihui no ara na ɛkaa me ma m’ani gyee ho sɛ mɛyɛ saa adwuma no bi.”

Momma Yenni Onyankopɔn Akwankyerɛ So

16, 17. Adwuma titiriw bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo de anigye ayɛ, na dɛn na afi mu aba?

16 Asɔrefie no a Hesekia siesiei akyi no, ɔsan de Twam afahyɛ a na Yehowa ahyɛ sɛ wonni no afe afe no sii hɔ bio. (Monkenkan 2 Beresosɛm 30:1, 4, 5.) Hesekia ne Yerusalemfo too nsa frɛɛ ɔman mũ no nyinaa a na atifi fam ahemman no mufo mpo ka ho ma wɔbaa afahyɛ no ase. Wɔmaa ammirikatufo de nkrataa kɔɔ ɔman no mu nyinaa kɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo.—2 Be. 30:6-9.

17 Yɛayɛ adwuma bi a ɛte saa wɔ mfe kakra a atwam yi mu. Yɛde nkratasin a ɛyɛ fɛ ato nsa afrɛ nkurɔfo a wɔwɔ yɛn nsasesin mu ma wɔne yɛn abɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã de adi ahyɛde a Yesu de mae no so. (Luka 22:19, 20) Wɔde akwankyerɛ maa yɛn wɔ Ɔsom Nhyiam ahorow ase, na yɛde nsi yɛɛ saa adwuma yi. Hwɛ sɛnea Yehowa ahyira yɛn mmɔdenbɔ no so! Afe a etwaam no, yɛn nuanom bɛyɛ ɔpepem ason na wɔkyekyɛɛ nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo no, na nnipa a wɔn dodow si 17,790,631 na wɔbaa bi!

18. Dɛn nti na nokware som ho nnamyɛ ho hia wo kɛse?

18 Wɔkaa Hesekia ho asɛm sɛ: “Yehowa, Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toe; n’akyi no, obiara amma sɛ ɔno, Yuda ahene mu, na obiara anni n’anim saa. Ɔbataa Yehowa ho. Wannan amfi n’akyi, na mmom odii Yehowa mmara nsɛm a ɔhyɛɛ Mose no so.” (2 Ahe. 18:5, 6) Momma yenni ne nhwɛso no akyi. Onyankopɔn fie ho nnamyɛ a yɛwɔ no bɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so abata Yehowa ho,’ na yɛahwɛ kwan sɛ yebenya daa nkwa.—Deut. 30:16.

Momma Yenni Akwankyerɛ so Ntɛm Ara

19. Adwumaden bɛn na wɔyɛ wɔ Nkaedi bere mu?

19 Bere a na Yosia di hene no, ɔno nso yɛɛ nhyehyɛe ma wodii Twam afahyɛ no, na ɔyɛɛ ho nhyehyɛe pa. (2 Ahe. 23:21-23; 2 Be. 35:1-19) Yɛn nso yɛyɛ nhyehyɛe pa ma amantam nhyiam, amansin nhyiam, da koro nhyiam titiriw, ne Nkaedi no. Anuanom a wɔwɔ aman bi so de wɔn nkwa mpo to asiane mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobehyiam akae Kristo wu no. Asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ nsi hwɛ sɛ obiara a ɔwɔ asafo no mu benya mu kyɛfa. Wɔboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔnte apɔw no ma wɔkɔ ase bi.

20. (a) Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ Ɔhene Yosia nniso mu, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi saa asɛm no mu?

20 Bere a Ɔhene Yosia yɛɛ nhyehyɛe ma wɔresan asiesie asɔrefie no, Ɔsɔfo Panyin Hilkia “huu mmara nhoma a Yehowa nam Mose nsa so de mae no.” Ɔde maa ahemfie kyerɛwfo Safan, na ɔno nso kenkan emu nsɛm no kyerɛɛ Yosia. (Monkenkan 2 Beresosɛm 34:14-18.) Dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Ntɛm ara na ɔhene no de awerɛhow tetew ne ntade mu, na ɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ wonkobisa Yehowa nea wɔnyɛ. Onyankopɔn nam odiyifobea Hulda so kasa tiaa ɔsom mu nneɛma a na wɔayɛ wɔ Yuda no mu bi. Nanso, Yehowa huu mmɔden a Yosia bɔ de yii abosonsom fii hɔ no, na ɛmfa ho ɔhaw a Yehowa kae sɛ ɛbɛba ɔman mũ no nyinaa so no, Yosia kɔɔ so nyaa Yehowa anim dom. (2 Be. 34:19-28) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Yosia. Ɛsɛ sɛ yedi akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn no so ntɛm ara, na yesusuw nea sɛ yɛanni nokware na yɛwae fi Yehowa som ho a ɛde bɛba no ho anibere so. Na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ani bɛsɔ nokware som ho nnamyɛ a yɛwɔ no, te sɛ nea n’ani sɔɔ Yosia de no ara pɛ.

21, 22. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa fie ho nnamyɛ adi? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

21 Saa Yuda ahemfo baanan a wɔne Asa, Yehosafat, Hesekia, ne Yosia daa nnamyɛ adi wɔ Onyankopɔn fie ne ne som ho de yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. Saa ara na ɛsɛ sɛ nnamyɛ ka yɛn ma yenya Yehowa mu ahotoso, na yɛyere yɛn ho wɔ ne som mu. Akyinnye biara nni ho sɛ nyansa wom sɛ yebedi akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma yɛn no so, na yɛma yɛn ani sɔ ɔdɔ mu a wɔnam mpanyimfo no so hwɛ yɛn so no, na yegye nteɛso a wɔnam asafo no ne emu mpanyimfo so de ma yɛn no tom, na sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛn ani agye.

22 Adesua asɛm a edi hɔ no bɛtwe yɛn adwene asi nnamyɛ a yɛde bɛyɛ asɛnka adwuma no so, na ɛbɛhyɛ mmabun nkuran ma wɔde nnamyɛ asom yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no. Yɛbɛsan nso asusuw ɔkwan a yɛbɛfa so atumi atwe yɛn ho afi Satan nnwuma a etumi sɛe nnipa abrabɔ sen biara no mu biako ho. Sɛ yɛbɔ mmɔden tie nkaesɛm a ɛte saa a efi Yehowa hɔ no nyinaa a, na yɛredi Yehowa ankasa Ba Yesu a wɔkaa ne ho asɛm no nhwɛso akyi. Wɔkaa ne ho asɛm sɛ: “Wo fie ho nnamyɛ nko na amene me.”—Dw. 69:9; 119:111, 129; 1 Pet. 2:21.

So Wokae?

• Ɔsom bɛn na ɛsɔ Yehowa ani, na dɛn ntia?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso?

• Ɔkwan bɛn so na nnamyɛ betumi aka yɛn ma yɛadi Onyankopɔn akwankyerɛ so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Dɛn na Asa, Yehosafat, Hesekia, ne Yosia yɛ de kyerɛe sɛ wɔwɔ Yehowa fie ho nnamyɛ?