Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”!

Mommɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”!

Mommɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”!

“[Yesu de] ne ho bɔɔ afɔre maa yɛn, na ɔde agye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na watew ɔman bi ho de ayɛ n’ankasa ne de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.”—TITO 2:14.

1. Bere a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ wɔ Nisan 10, 33 Y.B. mu no, dɛn na esii wɔ hɔ?

NÁ ƐYƐ Nisan 10, 33 Y.B. mu, na na aka nna kakraa bi ma wɔadi Twam afahyɛ no. Ná nnipa pii a wɔaba Yerusalem asɔrefie hɔ rebɛsom no de anigye rehwɛ afahyɛ no kwan. Sɛ Yesu ba hɔ a, na dɛn na ebesi? Asɛmpa akyerɛwfo baasa a wɔne Mateo, Marko, ne Luka nyinaa di adanse sɛ Yesu pam adetɔnfo ne adetɔfo no nyinaa fii hɔ ne mprenu so. Obutubutuw sikasesafo no apon ne wɔn a wɔretɔn mmorɔnoma no nkongua. (Mat. 21:12; Mar. 11:15; Luka 19:45) Yesu daa nnamyɛ adi te sɛ nea na wayɛ mfe abiɛsa a atwam no ara pɛ.—Yoh. 2:13-17.

2, 3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ asɔrefie no nkutoo na Yesu de nnamyɛ tew ho?

2 Mateo kyerɛwtohɔ no ma yehu sɛ ɛnyɛ asɔrefie no nkutoo na Yesu de nnamyɛ tew ho saa bere no. Ɔsaa anifuraefo ne mpakye a wɔbaa ne nkyɛn wɔ hɔ no nso yare. (Mat. 21:14) Luka kyerɛwtohɔ no nso ka nnwuma foforo a Yesu yɛe ho asɛm. Ɛka sɛ: “[Yesu kɔɔ] so kyerɛkyerɛe daa wɔ asɔrefie hɔ.” (Luka 19:47; 20:1) Enti, Yesu daa nnamyɛ kɛse adi wɔ n’asɛnka adwuma no mu.

3 Akyiri yi, ɔsomafo Paulo kyerɛw Tito, na ɔkae sɛ Yesu “[de] ne ho bɔɔ afɔre maa yɛn, na ɔde agye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na watew ɔman bi ho de ayɛ n’ankasa ne de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.” (Tito 2:14) Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ no nnɛ de ‘abɔ nnwuma pa ho mmɔden’? Na ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Yuda ahemfo pa no yɛe betumi ahyɛ yɛn nkuran?

Mommɔ Asɛnka ne Ɔkyerɛkyerɛ Adwuma Ho Mmɔden

4, 5. Nneɛma bɛn na Yuda ahemfo baanan yɛ de kyerɛe sɛ wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden?

4 Asa, Yehosafat, Hesekia, ne Yosia nyinaa yɛɛ nhyehyɛe ma wotuu abosonsom ase fii Yuda. Asa ‘yiyii ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no fii hɔ, na obubuu abosom adum twitwaa abosonnua no gui.’ (2 Be. 14:3) Yehosafat a na Yehowa som ho mmɔdenbɔ ahyɛ no ma no ‘yiyii sorɔnsorɔmmea ne abosonnua a ɛwɔ Yuda no.’—2 Be. 17:6; 19:3. *

5 Bere a wodii Twam afahyɛ a Hesekia yɛɛ ho nhyehyɛe wɔ Yerusalem no wiei no, “Israelfo a wɔwɔ hɔ nyinaa kɔɔ Yuda nkurow mu, na wokobubuu abosom adum twitwaa abosonnua, na wobubuu sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka a ɛwowɔ Yuda ne Benyamin ne Efraim ne Manase nyinaa kosii sɛ ɛsae.” (2 Be. 31:1) Bere a aberantewa Yosia bedii hene no, na wadi mfe awotwe pɛ. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “N’ahenni afe a ɛto so awotwe mu, bere a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ ne nana Dawid Nyankopɔn; na afe a ɛto so dumien mu no, ofii ase tew Yuda ne Yerusalem ho yiyii sorɔnsorɔmmea ne abosonnua ne ahoni a wɔasen ne dade ahoni no fii hɔ.” (2 Be. 34:3) Enti, saa ahemfo baanan no nyinaa bɔɔ nnwuma pa ho mmɔden.

6. Dɛn nti na yebetumi de asɛnka adwuma a yɛyɛ no atoto adwuma a Yuda ahemfo anokwafo no yɛe ho?

6 Ɛnnɛ, yɛreyɛ adwuma bi a ɛte saa ara de aboa nkurɔfo ma wɔatwe wɔn ho afi atoro som nkyerɛkyerɛ a abosonsom ka ho no ho. Asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ afie afie no ma yehyia nnipa ahorow nyinaa bi. (1 Tim. 2:4) Abeawa bi a ofi Asia werɛ mfii sɛnea na ne maame yɛ amanne wɔ ahoni anim wɔ wɔn fie no. Esiane sɛ na abeawa no gye di sɛ ahoni no nyinaa rentumi nnyina hɔ mma nokware Nyankopɔn nti, na ɔtaa bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahu nokware Nyankopɔn no ankasa. Bere a obi bɔɔ ne pon mu na okobuei no, ohuu Adansefo baanu a na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa no ma wahu nokware Nyankopɔn no din soronko a ɛne Yehowa no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei sɛ ohuu nokwasɛm a ɛfa ahoni ho no! Ɛnnɛ, ɔbɔ mmɔden paa de nsi yɛ asɛnka adwuma no, na ɔboa afoforo ma wobehu Yehowa.—Dw. 83:18; 115:4-8; 1 Yoh. 5:21.

7. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua akyerɛkyerɛfo a wokyinii asase no so wɔ Yehosafat bere so no?

7 Sɛ yɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no a, so yɛka asɛm no kyerɛ obiara a ɔwɔ asasesin a wɔde ahyɛ yɛn nsa no mu? Wɔ Yehosafat ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ mmapɔmma baanum, Lewifo baakron, ne asɔfo baanu bae. Ɔma wokyinii nkurow no nyinaa mu de Yehowa mmara kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no. Wɔyɛɛ wɔn adwuma no yiye araa ma aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no fii ase suroo Yehowa. (Monkenkan 2 Beresosɛm 17:9, 10.) Sɛ yɛsesa mmere ne nna a yɛde kɔ nkurɔfo afie mu no a, ebetumi ama yɛaka asɛm no akyerɛ nnipa pii wɔ ofie bi mu.

8. Dɛn na yebetumi ayɛ de atrɛw yɛn asɛnka adwuma mu?

8 Onyankopɔn asomfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ afi wɔn pɛ mu atu afi baabi a wɔte akɔ mmeae a wohia Adansefo a wɔyɛ nsi pii no. So wubetumi ayɛ saa? Yɛn mu binom a yɛrentumi ntu nkɔ baabi foforo no betumi abɔ mmɔden adi nkurɔfo a wɔte yɛn mpɔtam a wɔka kasa foforo no adanse. Esiane sɛ Ron a wadi mfe 81 no taa hyia nnipa a wofi aman horow so wɔ n’asasesin mu nti, wasua sɛnea wokyia wɔ kasa ahorow 32 mu! Nnansa yi ara, ohyiaa awarefo bi a wofi Afrika wɔ abɔnten so, na ɔde wɔn kurom kasa Yoruba kyiaa wɔn. Wobisaa Ron sɛ wakɔ Afrika pɛn. Bere a ɔkae sɛ dabi no, wobisaa no nea ɛyɛe a ɔtee kasa no. Eyi ma odii wɔn adanse kama. Wogyee nsɛmma nhoma, na wɔde anigye kyerɛɛ Ron baabi a wɔte, na Ron kaa baabi a awarefo no te kyerɛɛ asafo a ɛwɔ hɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne wɔn bɛyɛ Bible adesua.

9. Dɛn nti na sɛ yɛkɔ asɛnka a, ɛho hia sɛ yɛkenkan Bible no kyerɛ nkurɔfo? Ma ɛho nhwɛso.

9 Ná akyerɛkyerɛfo a Yehosafat ma wokyinkyinii asase no so no kura “Yehowa mmara nhoma no.” Esiane sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm nti, yɛbɔ mmɔden de kyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ wiase nyinaa. Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, yɛbɔ mmɔden paa sɛ yɛbɛkenkan Bible no ma nkurɔfo ahu nsɛm a ɛwom no. Ofiewura bi ka kyerɛɛ Linda a ɔyɛ Ɔdansefo no sɛ ne kunu fã adwudwo, enti ehia sɛ ɔtena ne ho. Ofiewura no bɔɔ abubuw sɛ: “Minnim bɔne a mayɛ nti a Onyankopɔn ama asɛm a ɛte saa ato me.” Linda kae sɛ: “Mesrɛ wo, womma menkyerɛ wo biribi kakra?” Afei, ɔkenkan asɛm a ɛwɔ Yakobo 1:13 no kyerɛɛ no, na ɔde kaa ho sɛ: “Amanehunu biara a ɛba yɛne yɛn adɔfo so no nyɛ asotwe a efi Onyankopɔn hɔ.” Linda kaa saa no, ofiewura no de anigye bam no. Linda ka sɛ: “Mitumi de Bible no kyekyee ne werɛ. Ɛtɔ mmere bi a Bible mu nsɛm bi wɔ hɔ a yɛbɛkenkan akyerɛ afiewuranom no na wɔntee da.” Saa nkɔmmɔ a Linda ne ɔbea no bɔe no maa ɔne no yɛɛ ofie Bible adesua daa.

Mmabun a Wɔde Nnamyɛ Som

10. Dɛn na Yosia yɛ de yɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ?

10 Sɛ yɛsan susuw nhwɛso a Yosia yɛe no ho a, yehu sɛ ɔde ne ho hyɛɛ nokware som mu bere a na ɔyɛ abarimaa no, na bere a ɔma wotutuu abosonsom ase koraa no, na wadi bɛyɛ mfe 20. (Monkenkan 2 Beresosɛm 34:1-3.) Mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nso de nnamyɛ a ɛte saa ara yɛ Ahenni no ho asɛnka adwuma no.

11-13. Dɛn na yebetumi asua afi mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔde nnamyɛ som Yehowa no hɔ?

11 Bere a Hannah a na wadi mfe 13 a ɔte England resua Franse kasa wɔ sukuu no, ɔtee sɛ wɔatew adesuakuw bi a wɔka Franse kasa wɔ kurow bi a ɛbɛn wɔn mu. Ne papa penee so sɛ ɔne no bɛkɔ saa adesuakuw no nhyiam no bi. Seesei Hannah a wadi mfe 18 no yɛ daa kwampaefo, na ɔde nnamyɛ reka asɛm no wɔ Franse kasa mu. So wo nso wubetumi asua ɔman foforo so kasa, na woaboa afoforo ma wɔasua Yehowa ho ade?

12 Rachel ani gyee video a wɔato din Pursue Goals That Honor God no ho yiye. Bere a Rachel reka sɛnea na n’adwene yɛ no wɔ bere a ofii ase som Yehowa wɔ afe 1995 mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ná misusuw sɛ merebɔ mmɔden wɔ nokware no mu.” Afei, ɔde kaa ho sɛ: “Mehwɛɛ saa video no wiei no, mihui sɛ sɛɛ na nea mereyɛ wɔ mfe pii a atwam no nyɛ hwee koraa. Ɛsɛ sɛ mebɔ me ho mmɔden wɔ nokware no mu, na meyere me ho sua ade yiye dwinnwen ho na mebɔ mmɔden yɛ asɛnka adwuma no.” Seesei Rachel hu sɛ ɔde nnamyɛ kɛse resom Yehowa. Dɛn na ɛno ama wanya? Ɔka sɛ: “Me ne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den paa. Mitumi bɔ mpae yiye, misua ade kɔ akyiri ma me koma tɔ me yam, na ɛma mete Bible mu nsɛm ase yiye. Eyi nti, m’ani gye wɔ asɛnka mu paa, na minya akomatɔyam ankasa bere a mihu sɛ Yehowa asɛm rekyekye afoforo werɛ no.”

13 Luke yɛ aberante a video foforo a wɔato din Young People Ask—What Will I Do With My Life? no hyɛɛ no nkuran. Bere a Luke hwɛɛ saa video yi wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mahu sɛ ɛsɛ sɛ mesan susuw nea mereyɛ wɔ m’asetena mu no ho.” Ɔkae sɛ: “Bere bi a atwam no, afoforo kae sɛ minni kan nkɔ sukuu nnu akyiri na ama manya sika, na ɛno akyi no, mayere me ho ayɛ Kristofo som adwuma no. Nhyɛso a ɛte saa mmoa obi mma ɔnsom Yehowa yiye; mmom no ɛma ɔyɛ mmerɛw.” Anuanom mmerante ne mmabaa, dɛn nti na monhwɛ sɛ mubetumi de nea musuae wɔ sukuu no atrɛw mo som mu te sɛ nea Hannah yɛe no anaa? Na dɛn nti na mommɔ mmɔden mfa botae a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam ankasa nsisi mo anim mfa nsuasua Rachel? Munsuasua Luke nhwɛso no, na montwe mo ho mfi asiane a asum mmabun pii afiri no ho.

Mommɔ Mmɔden Ntie Kɔkɔbɔ

14. Ɔsom bɛn na yɛde ma Yehowa a ɛsɔ n’ani, na dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ saa?

14 Sɛ Yehowa ani bɛsɔ ɔsom a ne nkurɔfo de ma no no a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ho tew. Yesaia bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho, mumfi hɔ nkɔ, mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho ntew; mumfi [Babilon] mu, montew mo ho, mo a mosõ Yehowa anwenne.” (Yes. 52:11) Aka mfe pii ma Yesaia akyerɛw saa asɛm yi no, na Ɔhempa Asa de nsi atu ɔbrasɛe ase afi Yuda. (Monkenkan 1 Ahene 15:11-13.) Ɛno akyi mfehaha pii no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ Yesu ankasa de ne ho bɔɔ afɔre de tew n’akyidifo ho ma wɔyɛɛ “n’ankasa ne de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.” (Tito 2:14) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛma yɛn ho atew wɔ ɛnnɛ wiase a ɔbrasɛe ahyɛ mu ma yi mu, ne titiriw no, wɔn a wɔyɛ mmabun no. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa, mmofra ne mpanyin, yere wɔn ho na wɔamfa aguamansɛm ho mfonini a wɔde asisi akwan ho, nea ɛba TV so, sini mu, ne titiriw no, nea ɛwɔ Intanɛt so angu wɔn ho fĩ.

15. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakyi bɔne?

15 Sɛ yɛbɔ mmɔden tie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de ma a, ebetumi aboa yɛn ma yɛakyi bɔne. (Dw. 97:10; Rom. 12:9) Ɛsɛ sɛ yekyi aguamansɛm ho mfonini na ama yɛatumi “atwe yɛn ho afi ne nkɛntɛnso a ano yɛ den a ɛtwetwe nnipa te sɛ nea twebo bi twe biribi fam ho no ho.” Saa na Kristoni bi kae. Sɛ obi betumi awaawae nnade a ɛfomfam twebo ho a, ehia sɛ ɔde ahoɔden a ɛsen tumi a twebo no de twe nnade fomfam ho no na ɛyɛ saa. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa na amma aguamansɛm ho mfonini antwetwe yɛn. Nanso, sɛ yehu sɛnea aguamansɛm ho mfonini a yɛbɛhwɛ betumi adi yɛn awu afa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakyi kɔkɔɔkɔ. Onua bi miaa n’ani paa sɛ ɔrenhwɛ aguamansɛm a na ɔhwɛ wɔ Intanɛt so no bio. Ɔde ne kɔmputa no kosii baabi a n’abusua mufo a wɔaka nyinaa behu nea ɛrekɔ so wɔ so nyinaa. Bio nso, ɔno ankasa sii ne bo denneennen sɛ ɔbɛma ne ho atew, na wabɔ nnwuma pa ho mmɔden. Ɔyɛɛ biribi foforo mpo kaa ho. Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ ɔde Intanɛt yɛ n’adwuma nti, osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ Intanɛt so bere a ne yere te ne nkyɛn nkutoo.

Abrabɔ Pa so Mfaso

16, 17. Su pa a yɛda no adi sɛ Kristofo no betumi aka wɔn a wohu yɛn no dɛn? Ma ɛho nhwɛso bi.

16 Hwɛ su pa a mmerante ne mmabaa a wɔreyɛ Yehowa som adwuma no da no adi, na hwɛ sɛnea wɔn a wohu wɔn suban pa no ani gye! (Monkenkan 1 Petro 2:12.) Owura bi a ɔkɔɔ London Betel sesaa adwene a na okura wɔ Yehowa Adansefo ho bere a ɔde da koro kɔyɛɛ adwuma wɔ afiri bi a wɔde tintim nhoma ho no. Ne yere a na ɔne Ɔdansefo bi sua Bible no hui sɛ ne kunu asakra ne su. Bere bi a atwam no, na ɔmpɛ sɛ Adansefo no ba ne fie. Nanso, bere a ɔkɔyɛɛ saa adwuma no wɔ Betel bae no, esiane sɛnea wɔne no dii no ayamye so wɔ hɔ nti, ofii ase kaa Adansefo no ho asɛm pa pii. Ɔkae sɛ wɔn mu biara anka kasafĩ. Ná wɔn mu biara wɔ abotare, na na asomdwoe wɔ hɔ. Na nea ɛkaa ne koma paa ne mmerante ne mmabaa a wɔatu wɔn ho ama de wɔn bere ne wɔn ahoɔden reboa ma wɔaka asɛmpa no a wɔde nsi reyɛ adwuma wɔ hɔ a wonnye akatua biara no.

17 Saa ara na anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ honam fam nnwuma de hwɛ wɔn mmusua no nso fi wɔn kra nyinaa mu yɛ wɔn nnwuma. (Kol. 3:23, 24) Eyi mma wɔn nnwuma ntaa mfi wɔn nsa, efisɛ adwumawuranom ani gye sɛnea wɔyere wɔn ho yɛ adwuma no ho, na wɔmpɛ sɛ wofi wɔn nsa.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nnipa a “wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden”?

18 Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ, osetie a yɛyɛ ma n’akwankyerɛ, ne mmeae a yehyiam som a yɛhwɛ so yiye no nyinaa ka akwan a yɛfa so da nnamyɛ adi wɔ Yehowa fie ho no ho. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa ka Ahenni no ho asɛm na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no. Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa ma yɛn ho tew wɔ yɛn som mu a, yebenya so mfaso pii. Na nkurɔfo bɛkɔ so ahu yɛn sɛ yɛyɛ nnipa a “wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.”—Tito 2:14.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Ebetumi aba sɛ Asa yiyii sorɔnsorɔmmea a na wɔde som atoro anyame no, nanso nea na ɛwɔ mmeae a wɔsom Yehowa no de, wanyiyi. Anaasɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔsan sisii sorɔnsorɔmmea no bio bere a Asa nniso no reba awiei no, na ne ba Yehosafat yiyii.—1 Ahe. 15:14; 2 Be. 15:17.

Dɛn na wusua fii nhwɛso a nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛe mu wɔ

• sɛnea wode nsi bɛyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no?

• sɛnea Kristofo a wɔyɛ mmabun betumi ‘abɔ nnwuma pa ho mmɔden’?

• sɛnea wobɛtwe wo ho afi su ahorow a ebetumi asɛe w’abrabɔ ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

So wokenkan Bible daa wɔ asɛnka mu?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ wusua kasa foforo bere a wowɔ sukuu a, ebetumi aboa wo ma woatrɛw wo som mu