Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monka Nokware Nkyerɛ Mo Yɔnko

Monka Nokware Nkyerɛ Mo Yɔnko

Monka Nokware Nkyerɛ Mo Yɔnko

“Afei a moayi nkontompo agu yi, mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.”—EFE. 4:25.

1, 2. Adwene bɛn na nnipa pii kura wɔ nokware ho?

EFI bere tenteenten na adesamma adwinnwen ho sɛ ebia nnipa betumi aka nokware anaasɛ wobetumi ahu dekode a ɛne nokware anaa. Wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no, Helani anwensɛm kyerɛwfo Alcaeus kae sɛ: “Nsa ma obi ka nokware.” Nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ sɛ onipa bi bow nsa nkutoo a ɛnna ɔka nokware, na ebia saa bere no na n’ani begye ho paa sɛ ɔbɛkasa. Roma Amrado Pontio Pilato a ɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no nso de adwene a ɛmfata a okura wɔ nokware ho no bisaa Yesu animtiaabu so sɛ: “Dɛn ne nokware?”—Yoh. 18:38.

2 Wɔ yɛn bere yi so no, adwene a nnipa kura wɔ nokware ho no adɔɔso. Nnipa pii ka sɛ asɛmfua “nokware” kyerɛ nneɛma pii, anaasɛ ɛsono nea obiara adwene yɛ no wɔ nokware ho. Afoforo nso ka nokware bere a wohu sɛ ɛremma wɔn ho nkyere wɔn anaasɛ ebetwa asɛm so ntɛm nkutoo. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛka nokware de, nanso sɛ yɛreka owu ne nkwa ne yɛn ahobammɔ ho asɛm a, ɛnde ɛnyɛ bere nyinaa na mfaso wɔ so sɛ yɛka nokware. Sɛ yegyina owu ne nkwa nkwanta a, ɛsɛ sɛ yedi atoro de twitwa gye yɛn ho.”—The Importance of Lying.

3. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu ne obi a ɔkaa nokware sen obiara?

3 Hwɛ sɛnea adwene a Kristo asuafo kura wɔ nokware ho yɛ soronko koraa! Ɛnyɛ adwene a na nkurɔfo kura wɔ nokware ho no bi na na Yesu wɔ. Ɔkaa nokware bere nyinaa. N’atamfo mpo kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woka nokware na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu.” (Mat. 22:16) Saa ara na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua Yesu nhwɛso no. Wonsuro sɛ wɔbɛka nokware. Wofi wɔn koma nyinaa mu ne ɔsomafo Paulo a otuu ne mfɛfo gyidifo fo no yɛ adwene. Ɔkae sɛ: “Afei a moayi nkontompo agu yi, mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.” (Efe. 4:25) Momma yensusuw nneɛma abiɛsa a ɛwɔ asɛm a Paulo kae no mu ho nhwɛ. Nea edi kan, hena ne yɛn yɔnko? Nea ɛto so abien, nokware a yɛbɛka no kyerɛ dɛn? Nea ɛto so abiɛsa, yɛbɛyɛ dɛn atumi aka nokware wɔ yɛn da biara da asetena mu?

Hena ne Yɛn Yɔnko?

4. Adwene a Yehowa wɔ wɔ obi a ɔyɛ yɛn yɔnko ho bɛn na Yesu daa no adi a na ɛnte sɛ tete Yudafo akannifo no de no?

4 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, Yudafo akannifo binom kyerɛkyerɛe sɛ wɔn mfɛfo Yudafo anaa wɔn nnamfo nkutoo na wɔfata sɛ wɔfrɛ wɔn sɛ wɔn “yɔnko.” Nanso, Yesu suasuaa n’Agya su ne adwene a ɔwɔ wɔ nokware ho no pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 14:9) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, Yesu maa n’asuafo no hui sɛ Onyankopɔn ani nnye abusua anaa ɔman bi mufo ho nsen afoforo. (Yoh. 4:5-26) Bio nso, honhom kronkron yi kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Aso. 10:28, 34, 35) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yebu nnipa nyinaa sɛ yɛn yɔnkonom, na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔyɛ yɛn atamfo mpo no.—Mat. 5:43-45

5. Nokware a yɛbɛka akyerɛ yɛn yɔnko no kyerɛ dɛn?

5 Nanso, bere a Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛka nokware kyerɛ yɛn yɔnko no, na ɔrekyerɛ dɛn? Nea nokware a yɛbɛka kyerɛ ne sɛ yɛbɛka nokwasɛm a nnaadaa biara nnim. Nokware Kristofo nkyinkyim asɛm anaasɛ wɔnnan asɛm ani mfa nnaadaa afoforo. ‘Wokyi bɔne,’ na ‘wɔbata papa ho.’ (Rom. 12:9) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka nokware wɔ biribiara a yɛyɛ mu de suasua “nokware Nyankopɔn” no. (Dw. 15:1, 2; 31:5) Sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye a, yebetumi de anifere aka tebea ahorow biara a ɛyɛ aniwu anaa asɛm bi a ne ka yɛ ka na ho asɛm a yɛrenni atoro.—Monkenkan Kolosefo 3:9, 10.

6, 7. (a) So nokware a yɛka no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛka yɛn kokoam nsɛm mpo kyerɛ obiara a obisa yɛn asɛm bi mu no? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Henanom na ɛfata sɛ yɛka nokware kyerɛ wɔn?

6 So nokware a yɛka no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ biribiara mu kyerɛ obiara a obebisa yɛn asɛm bi mu? Ɛnte saa ankasa. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ nnipa bi wɔ hɔ a sɛ wobisa yɛn asɛm bi a, ɛnsɛ sɛ yɛma wɔn mmuae tẽẽ anaasɛ yɛka nsɛm bi kyerɛ wɔn. Bere a nyamesom akannifo a wɔyɛ nyaatwom no bisaa Yesu sɛ tumi anaa ahoɔden bɛn na ɔde yɛ anwonwade no, ɔkae sɛ: “Mebisa mo asɛm biako. Momma me mmuae, na me nso mɛka tumi ko a mede yɛ eyinom akyerɛ mo.” Bere a na akyerɛwfo ne mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔma mmuae no, Yesu kae sɛ: “Ɛnde me nso merenka tumi a mede yɛ eyinom nkyerɛ mo.” (Mar. 11:27-33) Esiane sɛ na wɔyɛ nneɛma bɔne na wonni gyidi nti, Yesu hui sɛ na ɛnsɛ sɛ obua wɔn asɛmmisa no. (Mat. 12:10-13; 23:27, 28) Saa ara na ɛnnɛ nso ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo hwɛ wɔn ho yiye wɔ awaefo ne nnipa abɔnefo foforo a wɔnam nnɛɛdɛe anaa bradato so hwehwɛ nea wɔpɛ no ho.—Mat. 10:16; Efe. 4:14.

7 Paulo nso daa no adi sɛ nnipa binom wɔ hɔ a ebia ɛremfata sɛ yɛka yɛn nsɛm nyinaa kyerɛ wɔn. Ɔkae sɛ nnipa a “wodi nseku de wɔn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu” na ‘wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka.’ (1 Tim. 5:13) Nokwarem no, wɔn a wɔde wɔn ho gyigye afoforo nsɛm mu anaa afoforo ntumi nnya wɔn mu ahotoso sɛ wobetumi de kokoam nsɛm asie no behu sɛ afoforo suro sɛ wɔbɛka wɔn kokoam nsɛm akyerɛ wɔn. Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so paa sɛ yebetie Onyankopɔn afotusɛm a Paulo de mae yi sɛ: “Momfa nyɛ mo botae sɛ mobɛtena hɔ komm adi mo ankasa mo fie asɛm.” (1 Tes. 4:11) Nanso, ɛtɔ mmere bi a ɛho behia sɛ asafo mu mpanyimfo bisa yɛn nsɛm bi a ɛyɛ yɛn kokoam asɛm na ama wɔatumi ayɛ wɔn nnwuma. Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, wɔn ani begye ho paa sɛ yɛbɛka nokware akyerɛ wɔn, na ɛbɛboa wɔn kɛse.—1 Pet. 5:2.

Monka Nokware wɔ Abusua mu Nsɛm Mu

8. Ɔkwan bɛn so na sɛ abusua mufo ka nokware a ɛboa ma wɔn abusuabɔ mu yɛ den?

8 Mpɛn pii no, ɛyɛ yɛn abusuafo na yɛne wɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den paa. Nea ɛbɛyɛ na yɛahyɛ saa abusuabɔ no mu den no, ɛho hia sɛ yɛka nokware kyerɛ yɛn ho yɛn ho. Sɛ yefi yɛn komam ka nea ɛhaw yɛn, yɛka nokware, na yɛda ayamye adi wɔ yɛn kasa mu a, ebetumi atew ɔhaw ne akasakasa pii a ɛsɔre wɔ yɛn abusua mu no so, anaasɛ ayi afi hɔ koraa. Sɛ nhwɛso no, sɛ yedi mfomso a, so yɛda no adi kyerɛ yɛn hokafo, yɛn mma, anaa yɛn abusua mufo a wɔaka no ntɛm ara? Sɛ yefi yɛn komam pa kyɛw a, ɛboa ma asomdwoe ne biakoyɛ tena abusua no mu.—Monkenkan 1 Petro 3:8-10.

9. Dɛn nti na nokware a yɛbɛka no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛka yɛn nsɛm penpen anaa animtiaabu so?

9 Nokware a yɛbɛka no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛka yɛn nsɛm penpen a yɛnyɛ anifere. Sɛ obi kasa animtiaabu so, na sɛ asɛm a ɔreka no yɛ nokware mpo a, ɛmfa mfaso biara mma. Paulo kae sɛ: “Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu, ɛne adebɔne biara. Mmom no, mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo koraa no.” (Efe. 4:31, 32) Sɛ yɛde anifere kasa a, ɛso ba mfaso, na ɛkyerɛ sɛ yedi wɔn a yɛne wɔn kasa no ni.—Mat. 23:12.

Monka Nokware wɔ Asafo mu Nsɛm Mu

10. Dɛn na Kristofo asafo no mu mpanyimfo betumi asua afi nhwɛso a ɛkyɛn so a Yesu yɛe wɔ nokware a ɔkae mu?

10 Yesu kasa kyerɛɛ n’asuafo no tẽẽ. Ná ɔda ɔdɔ adi wɔ n’afotu mu bere nyinaa, nanso wangogow nokware no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atiefo asom ayɛ wɔn dɛ. (Yoh. 15:9-12) Sɛ nhwɛso no, bere a n’asomafo no gyee nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho kyim mpɛn pii no, Yesu de ne nan sii fam, nanso ɔde ntoboase boaa wɔn ma wohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. (Mar. 9:33-37; Luka 9:46-48; 22:24-27; Yoh. 13:14) Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ de wɔn nan si fam wɔ adetrenee ho, nanso ɛnsɛ sɛ wodi Onyankopɔn nguan no so bakoma. (Mar. 10:42-44) Sɛ mpanyimfo no ne afoforo redi a, wɔne ‘wɔn ho di no ayamye’ ne “ayamhyehye so” de suasua Kristo.

11. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom no ka yɛn ma yɛde yɛn tɛkrɛma di dwuma?

11 Sɛ yɛka nsɛm pefee kyerɛ yɛn nuanom na yɛamma yɛn kasa mu anyɛ den dodo a, yebetumi ama wɔahu nea yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn no a yɛrenhyɛ wɔn abufuw. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn tɛkrɛma yɛ sɛ “oyiwan a wɔasew ano” na yɛde ka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ afoforo anaasɛ yɛde gu wɔn anim ase. (Dw. 52:2; Mmeb. 12:18) Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom no bɛka yɛn ma ‘yɛakora yɛn tɛkrɛma so, adebɔne ho, ne yɛn ano, na anka nnaadaasɛm.’ (Dw. 34:13) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam, na yɛboa ma biakoyɛ tena asafo no mu.

12. Bere bɛn na ɛfata sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi atorodi ho asɛm? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ asafo no ho ban afi wɔn a wɔkeka atosɛm de sɛe afoforo din no ho. (Monkenkan Yakobo 3:14-16.) Nea ɛma obi ka atosɛm de sɛe obi din ne sɛ ɔde bepira no; botae a ɔde yɛ saa ne sɛ ɔbɛma wahu amane wɔ ɔkwan bi so anaasɛ ɔde bɛteetee no. Atosɛm nyɛ nsɛm nketenkete a ɛnyɛ nokware anaa nsɛm a wogugu mu kɛkɛ. Nokwarem no, atosɛm nyinaa nyɛ papa de, nanso ɛnyɛ atosɛm nyinaa na ɛsɛ sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi ho asɛm. Enti ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hwehwɛ nsɛm mu yiye, wɔda ntease adi, na wɔda adwempa adi bere a wɔpɛ sɛ wohu sɛ onipa a wadi atoro no ahyɛ da de ayɛ ne su sɛ ɔbɛkeka atosɛm de asɛe afoforo din ma enti ɛhwehwɛ sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi n’asɛm no. Anaasɛ wobetumi de Kyerɛwnsɛm mu afotu a anibere wom ama no wɔ ɔdɔ mu de aboa no anaa?

Monka Nokware wɔ Adwuma mu Nsɛm Mu

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa bi nni nokware mma wɔn adwumawura? (b) Sɛ yedi nokware wɔ yɛn adwumayɛ mu a, adepa bɛn na ebetumi afi mu aba?

13 Yɛte bere a nnipa pii nni nokware mu, enti ebetumi ayɛ den sɛ yebedi nokware ama adwumawura bi. Sɛ nnipa pii rehwehwɛ adwuma a, wodi atoro ankasa. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔbɛka osuahu a wɔanya anaa sukuu a wɔakɔ ho nsɛm agugu mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya adwuma pa anaa adwuma a akatua kɛse wom ayɛ. Ebinom nso wɔ hɔ a, wonim sɛ adwuma mmara mma kwan sɛ obi de bere a ɛsɛ sɛ ɔde yɛ adwuma no bɛyɛ n’ankasa nneɛma de, nanso adwumayɛfo pii yɛ wɔn ho te sɛ nea wɔreyɛ adwuma, nanso na wɔreyɛ wɔn ankasa nneɛma. Ebia wɔbɛkenkan nsɛm bi a ɛmfa adwuma a wɔreyɛ no ho, wɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ a ɛmfa adwuma no ho wɔ telefon so, wɔde nsɛm bɛfa kɔmputa so akɔma afoforo, anaasɛ wobekyinkyin wɔ Intanɛt so.

14 Nokware Kristofo de, yenim sɛ ɛnyɛ sɛ obi pɛ a ɛnna odi nokware. (Monkenkan Mmebusɛm 6:16-19.) Paulo kae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Heb. 13:18) Enti Kristofo de nnɔnhwerew a wogye ho akatua da mũ no nyinaa yɛ adwuma. (Efe. 6:5-8) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma a, ɛno nso betumi de ayeyi abrɛ yɛn soro Agya no. (1 Pet. 2:12) Sɛ nhwɛso no, Roberto adwumawura a ɔwɔ Spain kamfoo no wɔ ne nokwaredi ne mmɔden a ɔbɔ wɔ n’adwumayɛ ho no ho. Esiane Roberto suban pa nti, adwumakuw no faa Adansefo foforo wɔ adwuma no mu. Adansefo foforo a wɔfaa wɔn no nso bɔɔ wɔn ho mmɔden paa wɔ adwuma no mu. Mfe bi akyi no, na Roberto ahwehwɛ adwuma ama anuanom a wɔabɔ asu 23 ne Bible asuafo 8!

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ n’ankasa adwuma yɛ de kyerɛ sɛ odi nokware?

15 Sɛ yɛyɛ yɛn ankasa adwuma a, so yedi nokware wɔ adwuma mu nsɛm nyinaa mu, anaasɛ yɛnka nokware nkyerɛ yɛn yɔnko? Ɛnsɛ sɛ Kristoni a ɔno ankasa yɛ n’adwuma ka aguade anaa n’adwuma bi ho asɛm tra so sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛtɔ ne nneɛma ntɛmntɛm anaasɛ wɔn ani begye ho kɛse; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔma adanmude anaasɛ ogye bi. Yɛpɛ sɛ yɛne afoforo di sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ wɔne yɛn di no ara pɛ.—Mmeb. 11:1; Luka 6:31.

Monka Nokware Nkyerɛ Aban Mpanyimfo

16. Dɛn na Kristofo de ma (a) aban mpanyimfo? (b) Yehowa?

16 Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Mat. 22:21) Nneɛma bɛn na ɛyɛ Kaesare anaa aban mpanyimfo no “de” a ɛsɛ sɛ yɛde ma wɔn? Bere a Yesu kaa saa asɛm no, na wɔreka towtua ho asɛm. Enti nea ɛbɛyɛ na Kristofo anya ahonim pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim no, wodi ɔman mmara ahorow so a nea ɛfa towtua ho nso ka ho. (Rom. 13:5, 6) Nanso yegye tom sɛ Yehowa na ɔyɛ Amansan Hene ne nokware Nyankopɔn koro no, na ɔno na yɛde yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ no. (Mar. 12:30; Adi. 4:11) Enti yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa Nyankopɔn wɔ ade nyinaa mu.—Monkenkan Dwom 86:11, 12.

17. Yehowa nkurɔfo bu mmoa a aban de ma a wobegye no dɛn?

17 Aman pii wɔ nhyehyɛe ahorow a wɔde boa ahiafo. Sɛ Kristoni bi fata nkutoo a, mfomso biara nni ho sɛ obegye mmoa a ɛte saa no bi. Nokware a yɛbɛka akyerɛ yɛn yɔnko no hwehwɛ sɛ yɛrenka atosɛm bi nkyerɛ aban mpanyimfo sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya mmoa a ɛte saa afi aban no hɔ.

Nokwaredi so Nhyira Ahorow

18-20. Sɛ yɛka nokware kyerɛ yɛn yɔnko a, nhyira bɛn na ɛde ba?

18 Nokwaredi so nhyira dɔɔso pii. Ɛma yenya ahonim pa, na ɛno ma yenya asomdwoe ne akomatɔyam. (Mmeb. 14:30; Filip. 4:6, 7) Ahonim pa a yebenya so wɔ mfaso kɛse wɔ Onyankopɔn anim. Afei nso, sɛ yedi nokware wɔ ade nyinaa mu a, yɛn yam renhyehye yɛn sɛ yɛn ho bɛda hɔ anaasɛ afoforo behu akyi.—1 Tim. 5:24.

19 Susuw ɛho nhyira foforo nso ho hwɛ. Paulo kae sɛ: “Ade nyinaa mu yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo, . . . nokwasɛm mu.” (2 Kor. 6:4, 7) Saa pɛpɛɛpɛ na Ɔdansefo bi a ɔte Britain yɛe. Bere a ɔyɛe sɛ ɔbɛtɔn ne kar ama obi no, ɔkaa adepa a ɛwɔ kar no ho ne mfomso a ɛwɔ ho a nea wontumi mfa aniwa nhu nyinaa ka ho kyerɛɛ no. Bere a nea ɔretɔ kar no kɔsɔ hwɛe no, obisaa onua no sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo anaa. Dɛn nti na obisaa no saa? Ná ɔbarima no ahu onua no nokwaredi ne n’ahosiesie a ɛyɛ kama no. Nkɔmmɔ a wɔbɔe no maa onua no dii no adanse kama.

20 So yɛn nso yɛnam yɛn abrabɔ pa so de ayeyi brɛ yɛn Bɔfo no? Paulo kae sɛ: “Yɛatwe yɛn ho afi sum ase nneɛma a ɛyɛ aniwu no ho, na yɛmma nnaadaa mma yɛn akwan mu.” (2 Kor. 4:2) Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa nka nokware nkyerɛ yɛn yɔnko. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛde ayeyi brɛ yɛn soro Agya no ne ne nkurɔfo.

Wubebua Dɛn?

• Hena ne yɛn yɔnko?

• Nokware a yɛbɛka akyerɛ yɛn yɔnko no kyerɛ dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na nokware a yɛbɛka betumi de ayeyi abrɛ Onyankopɔn?

• Sɛ yɛka nokware a, nhyira bɛn na ɛde ba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So woda wo mfomso nketenkete adi ntɛm ara?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ worehwehwɛ adwuma a, so woka nokware?