Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ofiehwɛfo Nokwafo No Ne Ne Sodikuw No

Ofiehwɛfo Nokwafo No Ne Ne Sodikuw No

Ofiehwɛfo Nokwafo No Ne Ne Sodikuw No

“Hena koraa ne ofiehwɛfo nokwafo no, ɔbadwemma a ne wura de no besi n’asomfo kuw so sɛ ɔmfa wɔn aduan mma wɔn wɔ bere a ɛsɛ mu?”—LUKA 12:42.

1, 2. Asɛm a ɛho hia bɛn na Yesu bisae bere a na ɔde nsɛnkyerɛnne a ɛma yehu sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri mu rema no?

BERE a Yesu reka nsɛnkyerɛnne a ɛma yehu sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri mu ho asɛm no, obisaa saa asɛm yi sɛ: “Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?” Afei Yesu toaa so kae sɛ wobehyira akoa yi wɔ ne nokwaredi ho, na wama wadi nea ne Wura wɔ nyinaa so.—Mat. 24:45-47.

2 Ná Yesu abisa asɛm bi a ɛte saa ara pɛn wɔ asram bi a na atwam no mu. (Monkenkan Luka 12:42-44.) Yesu frɛɛ akoa no “ofiehwɛfo,” na ɔkae sɛ ‘asomfo’ no yɛ “n’asomfo kuw.” Ofiehwɛfo yɛ ofiepanyin anaa ɔpanyin bi a ɔhwɛ nkoa so. Nanso, ofiehwɛfo no ankasa nso yɛ akoa. Hena ne saa akoa anaa ofiehwɛfo yi, na ɔkwan bɛn na ɔfa so de ‘aduan ma wɔ bere a ɛsɛ mu?’ Ɛho hia sɛ yɛn nyinaa hu ɔkwan a wɔfa so ma yɛn nsa ka honhom fam aduan no.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristoman mufo a wɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Yesu asɛm a ɛfa “akoa” no ho no mu? (b) Hena ne “ofiehwɛfo” anaa “akoa” no, na henanom ne ‘asomfo’ no?

3 Kristoman mufo a wɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu taa ka sɛ asɛm a Yesu kae no fa wɔn a wɔwɔ dibea wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo mu no ho. Nanso, Yesu a ɔno ne “owura” a wɔka ne ho asɛm wɔ asɛm no mu no anka sɛ wobenya nkoa pii a wɔahwete wɔ Kristoman akuw ahorow no mu. Mmom no, ɔkae pefee sɛ wobenya “ofiehwɛfo” anaa “akoa” biako pɛ a ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so. Enti wɔtaa kyerɛkyerɛ mu wɔ nsɛmma nhoma yi mu sɛ, ofiehwɛfo no gyina hɔ ma “nguankuw ketewa” a wɔne asuafo a wɔasra wɔn no a wɔbom sɛ kuw no. Ná Yesu kaa saafo no ho asɛm wɔ Luka Asɛmpa no mu nkyɛe koraa. (Luka 12:32) Asɛm a ɛne ‘asomfo kuw’ anaa ‘asomfo’ no fa saa kuw yi mufo no ara ho, nanso wɔde saa nsɛm yi kyerɛ dwuma a wɔn mu biara di. Asɛmmisa a ɛkanyan adwene bi sɔre sɛ, So saa akoa kuw yi muni biara ka ho bi na wɔde honhom fam aduan ma wɔ bere a ɛsɛ mu? Sɛ yesusuw nea Kyerɛwnsɛm no ka ho yiye a, yebehu mmuae no pefee.

Yehowa Somfo a na Ɔwɔ Hɔ Tete No

4. Yehowa frɛɛ tete Israel man no dɛn, na dɛn na ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ saa ɔman no ho?

4 Yehowa frɛɛ ne nkurɔfo a wɔne tete Israel man no nyinaa sɛ akoa. Ɔkae sɛ: “Mone [dodow kabea] m’adansefo [dodow kabea], m’akoa [biako kabea] a mapaw no.” (Yes. 43:10) Ná ɛyɛ ɔman no mufo nyinaa na wɔbom yɛ saa akoa kuw biako no. Nanso, ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛyɛ asɔfo no ne Lewifo a na wɔnyɛ asɔfo no nkutoo na na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ ɔman no.—2 Be. 35:3; Mal. 2:7.

5. Nsakrae kɛse bɛn na Yesu kae sɛ ɛbɛba?

5 So na Israel man no ne akoa a Yesu kaa ne ho asɛm no? Dabi. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ ne bere so no nti na yetumi bua saa no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” (Mat. 21:43) Ɛda adi pefee sɛ, na nsakrae bi bɛba. Ná Yehowa de ɔman foforo bi bɛyɛ adwuma. Nanso, ɛdefa Onyankopɔn mmara a wɔde kyerɛkyerɛ ho de, adwuma a na akoa a Yesu kaa ne ho asɛm no bɛyɛ no te sɛ nea Onyankopɔn “akoa” no yɛe wɔ tete Israel no ara pɛ.

Wɔada Akoa Nokwafo no Adi

6. Ɔman foforo bɛn na wɔhyehyɛe wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu, na henanom na wɔbɛyɛɛ emufo?

6 Honhom fam Israelfo na wɔbom yɛ ɔman foforo a ɛne “Onyankopɔn Israel no.” (Gal. 6:16; Rom. 2:28, 29; 9:6) Bere a wohwiee Onyankopɔn honhom guu asuafo no so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no na wɔhyehyɛɛ ɔman no. Ɛno akyi no, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nyinaa bɛyɛɛ ɔman a seesei ɛsom sɛ akoa kuw a Owura Yesu Kristo apaw no no mufo. Wɔmaa saa ɔman no muni biara adwuma sɛ ɔnka asɛmpa no na ɔnyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Nanso, so na ɔman no muni biara bɛka ho na wɔama honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu? Momma yɛnhwɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm no bua saa asɛmmisa yi.

7. Mfiase no na asomafo no adwuma titiriw ne dɛn, na asɛyɛde foforo bɛn na wobenya kaa ho?

7 Bere a Yesu paw asomafo 12 no, na wɔn adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛsoma wɔn ma wɔakɔka asɛmpa no akyerɛ afoforo. (Monkenkan Marko 3:13-15.) Ná saa adwuma a wɔde maa wɔn yi ne Hela asɛmfua apostolos a wonya fii adeyɛ asɛm a nea ɛkyerɛ ara ne “soma” mu no hyia. Nanso, bere bi akyi no, bere a na aka kakra ma wɔahyehyɛ Kristofo asafo no, ɔsomafo adwuma bɛyɛɛ “hwɛfo adwuma.”—Aso. 1:20-26.

8, 9. (a) Ná dɛn titiriw na ɛho hia asomafo 12 no? (b) Henanom bio na wɔmaa wɔn asɛyɛde foforo ma sodikuw no gyee wɔn toom?

8 Ná dɛn titiriw na ɛho hia asomafo 12 no? Yebetumi ahu mmuae no wɔ nsɛm bi a esisii wɔ Pentekoste da no akyi. Bere a akasakasa baa aduan a wɔkyekyɛ no daa ma akunafo ho no, asomafo 12 no hyiaa asuafo no, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛmfata sɛ yebegyaw Onyankopɔn asɛm hɔ akɔkyekyɛ aduan wɔ apon so.” (Monkenkan Asomafo Nnwuma 6:1-6.) Afei, asomafo no paw anuanom foforo a wɔfata sɛ wɔnhwɛ saa “adwuma a ɛho hia” yi so sɛnea ɛbɛyɛ a asomafo no betumi atu wɔn ho asi hɔ ama “asɛm no nkyerɛkyerɛ.” Yehowa hyiraa saa nhyehyɛe a wɔyɛe no so maa “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛwee, na asuafo no dodow bu bɔɔ ho pii wɔ Yerusalem.” (Aso. 6:7) Enti, na asomafo no asɛyɛde titiriw ne sɛ wɔde honhom fam aduan bɛma.—Aso. 2:42.

9 Bere bi akyi no, wɔde asɛyɛde a emu yɛ duru hyehyɛɛ afoforo nsa. Honhom kronkron kyerɛɛ Antiokia asafo no kwan ma wɔsomaa Paulo ne Barnaba ma wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛwfo. Ɛmfa ho sɛ na Paulo ne Barnaba nka asomafo 12 a wodii kan paw wɔn no ho no, wɔbɛfrɛɛ wɔn nso asomafo. (Aso. 13:1-3; 14:14; Gal. 1:19) Sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no gyee wɔn toom sɛ wɔyɛ asomafo. (Gal. 2:7-10) Ɛno akyi bere tiaa bi no, Paulo nso bɛkaa wɔn a wɔde honhom fam aduan mae no ho. Ɔkyerɛw ne krataa a edi kan a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no.

10. Wɔ afeha a edi kan no mu no, so na Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nyinaa na wosiesie honhom fam aduan? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Nanso, so na Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nyinaa na wɔhwɛ asɛnka adwuma no so na wosiesie honhom fam aduan? Dabi. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nnipa nyinaa na wɔyɛ asomafo anaa? Nnipa nyinaa na wɔyɛ adiyifo? Nnipa nyinaa na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo? Nnipa nyinaa na wɔyɛ ahoɔdenne anaa?” (1 Kor. 12:29) Ɛwom sɛ Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no nyinaa yɛɛ asɛnka adwuma no bi de, nanso wɔn mu kakraa bi—mmarima baawɔtwe pɛ—na wɔma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma 27 no.

Akoa Nokwafo no a Ɔwɔ Hɔ Nnɛ

11. Nea Kristo ‘wɔ’ bɛn na wɔde akoa no sii so?

11 Asɛm a Yesu kae a ɛwɔ Mateo 24:45 no da no adi pefee sɛ yɛbɛkɔ so ara anya akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw bi wɔ asase so wɔ awiei bere mu. Adiyisɛm 12:17 frɛ saafo yi sɛ ɔbea no asefo a “aka.” Sɛ́ kuw no, wɔde saa nkaefo yi asi nea Kristo wɔ wɔ asase yi so ha nyinaa so. Nea Kristo ‘wɔ’ a wɔde ofiehwɛfo nokwafo no asi so sɛ ɔnhwɛ so no ne Owura no nneɛma a ɛwɔ asase so, na ebi ne Ahenni no nkoa a wɔwɔ asase so ne adan ne nneɛma a yɛde ka Ahenni no ho asɛmpa no.

12, 13. Kristoni bi yɛ dɛn hu sɛ wanya ɔsoro frɛ?

12 Kristoni bi yɛ dɛn hu sɛ ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛkɔ soro, na ɔka honhom fam Israelfo nkaefo no ho? Yebenya mmuae no wɔ asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn a na ɔne wɔn wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no mu. Ɔkae sɛ: “Wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no, wɔn nyinaa yɛ Onyankopɔn mma. Na moannya nkoayɛ honhom a ɛde osuro ba bio, na mmom moanya honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no mu na yɛteɛm sɛ: ‘Abba, Agya!’ Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na sɛ yɛyɛ mma de a, yɛyɛ adedifo nso: nokwarem no, yɛyɛ Onyankopɔn adedifo, ne Kristo mfɛfo adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛne no anuonyam.”—Rom. 8:14-17.

13 Sɛ yɛbɛka no tiawa a, wɔde Onyankopɔn honhom sra saafo yi nyinaa, na wonya ɔsoro “frɛ” anaasɛ wɔto nsa frɛ wɔn. (Heb. 3:1) Onyankopɔn ankasa na ɔto nsa frɛ wɔn. Wɔn nso gye so ntɛm ara a wonnye ho kyim anaasɛ wɔn adwenem nyɛ wɔn nãã wɔ ho, na wonsuro sɛ wobegye atom sɛ wɔagye wɔn sɛ Onyankopɔn mma. (Monkenkan 1 Yohane 2:20, 21.) Enti, ɛnyɛ wɔn ankasa na wɔpaw sɛ wɔbɛkɔ soro, mmom no, ɛyɛ Yehowa na ɔde ne nsɔano sɔ wɔn ano, anaasɛ ɔde honhom kronkron sra wɔn.—2 Kor. 1:21, 22; 1 Pet. 1:3, 4.

Adwene a Ɛfata

14. Wɔn a wɔasra wɔn no bu frɛ a wɔafrɛ wɔn no dɛn?

14 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bu wɔn ho dɛn bere a wɔretwɛn wɔn soro akatua no? Wonim sɛ wɔanya ɔfrɛ a ɛyɛ anigye de, nanso ɛyɛ nsa na wɔato afrɛ wɔn kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so di nokware kosi owu mu ansa na wɔn nsa aka saa akatua no. Wofi ahobrɛase mu te nka te sɛ Paulo a ɔkaa asɛm a edi so yi sɛ: “Anuanom, mimmu no sɛ me nsa anya aka; na mmom ade biako ne sɛ: Mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no, na metwe me mu du nneɛma a ɛwɔ anim no ho, bere a mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho na manya nkonimbo a ɛne ɔsoro frɛ a efi Onyankopɔn hɔ denam Kristo Yesu so no.” (Filip. 3:13, 14) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn nkaefo no yɛ nea wobetumi biara sɛ ‘wɔbɛnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ wɔn no wɔ ahobrɛase adwene nyinaa mu’ na wɔde “osuro ne ahopopo” yɛ saa.—Efe. 4:1, 2; Filip. 2:12; 1 Tes. 2:12.

15. Ɛsɛ sɛ Kristofo bu wɔn a wodi Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa no bi no dɛn, na wɔn a wɔasra wɔn no bu wɔn ho dɛn?

15 Na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔaka no nso bu obi a ɔkyerɛ sɛ wɔasra no a ofi ase di Nkaedi paanoo no na ɔnom bobesa no bi no dɛn? Ɛnsɛ sɛ obiara bu no atɛn. Ɛyɛ onipa no ne Yehowa ntam asɛm. (Rom. 14:12) Nanso, Kristofo a wɔasra wɔn ampa ara no nhwehwɛ sɛ wɔbɛma wɔn nidi soronko bi. Wonnye nni sɛ esiane sɛ wɔasra wɔn nti, wɔwɔ nimdeɛ soronko a ebia “nnipakuw kɛse” no mufo bi a wɔn ho akokwaw no nni bi. (Adi. 7:9) Wonnye nni nso sɛ wɔwɔ honhom kronkron sen nea wɔn ahokafo a wɔyɛ “nguan foforo” no wɔ no. (Yoh. 10:16) Wɔnhwɛ kwan sɛ wɔne wɔn bedi wɔ ɔkwan soronko so; saa ara nso na wɔnka sɛ esiane sɛ wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi nti, wɔsen mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no.

16-18. (a) So wɔn a wɔasra wɔn no muni biara ka ho bi na wɔde Bible mu nokware foforo a wɔanya to gua? Ma mfatoho. (b) Dɛn nti na ɛho nhia sɛ Sodikuw no bisabisa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔasra wɔn no nyinaa adwene ansa na wɔasi gyinae bi?

16 So wɔn a wɔasra wɔn yi nyinaa a wɔwɔ asase so baabiara no ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho wɔ Bible mu ntease foforo a wɔanya ho ansa na wɔde ato gua? Dabi. Ɛwom sɛ akoa kuw no na wɔma Kristo fiefo a wɔasra wɔn no aduan de, nanso ɛsono adwuma a akoa kuw no muni biara yɛ anaa asɛyɛde a ɔwɔ. (Monkenkan 1 Korintofo 12:14-18.) Sɛnea yɛadi kan aka no, wɔ afeha a edi kan no mu no, na wɔn nyinaa yɛ asɛnka adwuma a ɛho hia no bi. Nanso, wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔma wɔkyerɛw Bible no bi na wɔhwɛɛ Kristofo asafo no so.

17 Mfatoho bi ni: Ɛtɔ mmere bi a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ “asafo no” redi obi asɛm. (Mat. 18:17) Nanso, sɛ yɛbɛka paa a, ɛyɛ mpanyimfo a wogyina asafo no ananmu nkutoo na wodi asɛm no. Mpanyimfo no mmisabisa asafo no mufo nyinaa adwene ansa na wɔasi gyinae wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔde yɛ onii no ho. Wɔyɛ adwuma a wɔde ama wɔn no wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase; wogyina asafo mũ no nyinaa ananmu na ɛyɛ adwuma a ɛte saa.

18 Saa ara na ɛnnɛ mmarima a wɔasra wɔn no mufo kakraa bi na wogyina akoa kuw no ananmu. Wɔn na wɔka bom yɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no. Saa mmarima a wɔde honhom asra wɔn yi na wɔhwɛ Ahenni no ho adwuma ne honhom fam aduan a wɔde ma no so. Nanso, sɛnea wɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu no, Sodikuw no mufo mmisabisa akoa kuw no muni biara adwene wɔ biribi ho ansa na wɔasisi gyinae. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 16:4, 5.) Nanso, Adansefo a wɔasra wɔn no nyinaa yɛ otwa adwuma a ɛho hia a ɛrekɔ so nnɛ no bi denneennen. Sɛ́ kuw no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ kuw biako, nanso ɛsono adwuma a emuni biara yɛ.—1 Kor. 12:19-26.

19, 20. Adwene a ɛfata bɛn na nnipakuw kɛse no wɔ wɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne ne Sodikuw no ho?

19 Ɛsɛ sɛ nsɛm a yɛasusuw ho no ka nnipakuw kɛse no mufo a wɔredɔɔso a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no dɛn? Esiane sɛ wɔka nea Ɔhene no wɔ ho nti, ɛyɛ wɔn anigye sɛ wobegye nhyehyɛe biara a Sodikuw no a wogyina “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ananmu yɛ no atom koraa. Nnipakuw kɛse no mufo ani sɔ honhom fam aduan a Sodikuw no hwɛ ma wɔde ma no. Ɛwom sɛ nnipakuw kɛse no mufo bu akoa kuw no de, nanso bere koro no ara no, wɔhwɛ yiye sɛ wɔrenhoahoa obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔka saa akoa no ho no. Kristoni a wɔde Onyankopɔn honhom asra no ampa ara biara nni hɔ a n’ani begye ho anaasɛ ɔbɛhwɛ kwan sɛ afoforo bɛhoahoa no.—Aso. 10:25, 26; 14:14, 15.

20 Sɛ́ yɛyɛ ‘asomfo’ a yɛka wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ho anaasɛ yɛyɛ nnipakuw kɛse no mufo no, momma yensi yɛn bo sɛ yebetie akoa nokwafo no ne ne Sodikuw no yiye. Momma yɛn mu biara ‘nkɔ so nwɛn,’ na yenni nokware nkosi awiei.—Mat. 24:13, 42.

So Wokae?

• Hena ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na henanom ne asomfo no?

• Obi bɛyɛ dɛn ahu sɛ wanya ɔsoro frɛ?

• Henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw sɛ wosiesie honhom fam aduan foforo?

• Ɛsɛ sɛ obi a wɔasra no bu ne ho dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛnnɛ, Sodikuw no gyina akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ananmu. Ná nhyehyɛe a ɛte saa ara wɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu