Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Metumi De Atua Yehowa Ka?

Dɛn Na Metumi De Atua Yehowa Ka?

Dɛn Na Metumi De Atua Yehowa Ka?

Sɛnea Ruth Danner ka kyerɛe

Ná Maame de yɛ aseresɛm ka sɛ afe 1933 yɛ amanehunu afe: Saa afe no na Hitler bedii tumi, pope kae sɛ ɛyɛ Afe Kronkron, na saa afe no ara nso na wɔwoo me.

NÁ M’AWOFO te Yutz kurow a ɛwɔ France mantam a wɔfrɛ no Lorraine a agye din wɔ abakɔsɛm mu no mu. Saa kurow no bɛn France ne Germany hye so. Wɔ afe 1921 mu no, Maame a na ɔyɛ Katolekni mapa no waree Paapa a na ɔyɛ Protestantni. Wɔwoo me nuabea panyin Helen wɔ afe 1922 mu, na m’awofo ma wɔbɔɔ no asu wɔ Katolek Asɔre mu bere a na ɔyɛ akokoaa no.

Da bi, wɔ afe 1925 mu no, Paapa nsa kaa The Harp of God nhoma no bi wɔ German kasa mu. Bere a ɔkenkan saa nhoma no, ogye dii sɛ wahu nokware no. Ɔkyerɛw wɔn a wɔyɛɛ nhoma no, na wɔn nso de no hyɛɛ Yehowa Adansefo a na wɔfrɛ wɔn Bibelforscher wɔ Germany saa bere no nsa. Ntɛm ara na Paapa fii ase kaa nea na wasua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Maame ani annye nea na ɔreyɛ no ho. Ná ɔtaa teɛm wɔ German kasa mu sɛ: “Yɛ nea wopɛ biara, nanso mfa wo ho mmɔ saa Bibelforscherfo no!” Nanso, na Paapa asi ne gyinae dedaw, na wɔbɔɔ no asu ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo wɔ afe 1927 mu.

Ɛno nti, me nanabea bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Maame agyae aware. Ɛda bi a me nanabea kɔɔ asɔre no, ɔsɔfo no bɔɔ n’asɔremma kɔkɔ sɛ “montwe mo ho mfi atoro diyifo Danner no ho.” Bere a me nanabea fi asɔre baa fie saa da no, ɔtow kuku bi a wɔde nhwiren si mu fii abansoro dan a na yɛte so no so bɔɔ Paapa. Kuku a emu yɛ duru no bɔɔ Paapa abati, na ɛkaa kakraa bi ma anka ɛbɔɔ ne tirim. Saa asɛm yi maa Maame susuw nneɛma ho kɔɔ akyiri, na ɔkae sɛ, ‘Asɔre a ɛma nkurɔfo bɛyɛ awudifo ntumi nyɛ asɔre papa.’ Maame fii ase kenkan Yehowa Adansefo nhoma. Ankyɛ na obegye dii sɛ wahu nokware no, na wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1929 mu.

M’awofo yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma me ne me nuabea no ahu Yehowa yiye. Ná wɔkenkan Bible mu nsɛm kyerɛ yɛn, na afei wɔabisa yɛn nea enti a nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no yɛɛ wɔn ade sɛnea wɔyɛe no. Saa bere no, na Paapa nkɔ adwuma anadwo anaa anwummere, ɛmfa ho mpo sɛ saa a ɔyɛe no maa abusua no hweree sika pii no. Ná ɔpɛ sɛ onya bere kɔ Kristofo nhyiam, kɔ asɛnka, na ɔne ne mma sua ade.

Ná Mmere a Emu Yɛ Den Reba

Ná m’awofo taa gye ahwɛfo akwantufo ne Betelfo a wofi Switzerland ne France ba yɛn fie. Ná saa anuanom yi ka ɔhaw a yɛn mfɛfo gyidifo rehyia wɔ Germany a na ɛbɛn yɛn fie no kyerɛ yɛn. Ná Nasi aban no retu Yehowa Adansefo afi wɔn afie mu de wɔn akɔ nneduaban mu, na na wɔtew mmofra fi wɔn awofo a wɔyɛ Adansefo no ho.

Ná me ne Helen asiesie yɛn ho ama ɔhaw a na ɛreba no. Yɛn awofo boaa yɛn ma yɛkyeree Bible mu nsɛm a na ɛbɛma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ guu yɛn tirim. Ná wɔka sɛ: “Sɛ munhu nea monyɛ a, munnwinnwen Mmebusɛm 3:5, 6 ho. Sɛ musuro sɛ mubehyia sɔhwɛ wɔ sukuu mu a, monkae asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:13 no. Sɛ wɔtew mo fi yɛn ho a, monka asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 18:10 no.” Mekyeree Dwom 23 ne 91 mu nsɛm guu me tirim, na mibenyaa ahotoso wɔ Yehowa mu sɛ ɔbɛbɔ me ho ban bere nyinaa.

Wɔ afe 1940 mu no, Nasi Germany ko faa Alsace-Lorraine, na nniso foforo no kae sɛ wɔn a wɔanyinyin nyinaa mfa wɔn ho nhyɛ Nasi amanyɔkuw no mu. Paapa anyɛ, na Nasi polisifo no kae sɛ wɔbɛkyere no. Bere a Maame kae sɛ ɔrempam asraafo ntade no, Nasi polisifo no kae sɛ wɔbɛkyere ɔno nso.

Ɛbɛyɛɛ den paa maa me sɛ mɛkɔ sukuu. Da biara, na yɛn sukuufo no bɔ mpae ma Hitler, wokyia sɛ “Hitler Mo,” na na wɔtrɛw wɔn basa nifa mu to ɔman dwom. M’awofo anka ankyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mikyia Hitler nkyia no, na mmom wɔboaa me ma metetee m’ahonim. Enti m’ankasa misii gyinae sɛ merenkyia Nasi nkyia no. Akyerɛkyerɛfo no bobɔɔ m’asom, na wohunahunaa me sɛ wɔbɛpam me afi sukuu. Bere bi a na madi mfe ason no, wɔma mikogyinaa akyerɛkyerɛfo 12 a wɔwɔ sukuu hɔ no nyinaa anim. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ me ma makyia Hitler nkyia no. Nanso, Yehowa boaa me ma manyɛ nea wɔkae no.

Ɔkyerɛkyerɛfo bi fii ase kekaa nsɛm bi a ɛbɛma mayɛ biribi a ɛnsɛ sɛ meyɛ. Ɔka kyerɛɛ me sɛ meyɛ abofra pa, na ɔpɛ m’asɛm paa, na sɛ woyi me adi fi sukuu a, ɛbɛyɛ no yaw. Ɔkae sɛ: “Enhia sɛ wotrɛw w’abasa mu. Wode ma so ketewaa bi. Na enhia sɛ woka sɛ ‘Hitler Mo!’ Wode besebese w’ano kɛkɛ, na yɛ te sɛ nea woreka bi no.”

Bere a mekaa nea me kyerɛkyerɛfo reyɛ kyerɛɛ Maame no, ɔkaee me Hebrifo mmerantewa basaa a na wogyina ohoni a na Babilon hene ayɛ anim a ɛho asɛm wɔ Bible mu no. Maame bisaa me sɛ: “Dɛn na wɔka kyerɛɛ mmerantewa no sɛ wɔnyɛ?” Mekae sɛ, “Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ wɔn mu ase.” Maame toaa so sɛ: “Sɛ bere dui sɛ wɔbɔ wɔn mu ase wɔ ohoni no anim no na wɔkotowee sɛ wɔrehyɛ wɔn mpaboa yiye a, anka ɛbɛyɛ nea ɛteɛ? W’ankasa si gyinae; yɛ nea wususuw sɛ ɛteɛ.” Misii gyinae sɛ mɛyɛ nea Yehowa pɛ nkutoo te sɛ Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego.—Dan. 3:1, 13-18.

Akyerɛkyerɛfo no pam me fii sukuu mu mpɛn pii, na wɔkae sɛ wɔbɛtew me afi m’awofo ho. Me ho yeraw me paa, nanso m’awofo kɔɔ so hyɛɛ me nkuran. Sɛ merefi fie akɔ sukuu a, na Maame ne me bɔ mpae srɛ Yehowa ahobammɔ ma me. Ná minim sɛ Yehowa bɛhyɛ me den ma magyina pintinn wɔ nokware no mu. (2 Kor. 4:7) Paapa ka kyerɛɛ me sɛ sɛ wɔhyɛ me so dodo a, ɛnsɛ sɛ misuro sɛ mɛba fie. Ɔkae sɛ: “Yɛdɔ wo. Wobɛkɔ so ayɛ yɛn babea bere nyinaa. Asɛm no yɛ wo ne Yehowa ntam asɛm.” Saa asɛm no hyɛɛ ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛkɔ so adi nokware ama Yehowa no mu den.—Hiob 27:5.

Ná Nasi polisifo no taa ba yɛn fie bɛhwehwɛ nhoma a Adansefo no ayɛ, na na wobisabisa m’awofo nsɛm nso. Ná wotumi de me maame kɔhyɛ mu bere tenten, na na wɔkɔfa me papa ne me nuabea nso fi wɔn adwuma mu. Ná minni anidaso sɛ mefi sukuu aba fie no na Maame wɔ hɔ. Ɛtɔ da bi a, na yɛn fipamfo bi ka kyerɛ me sɛ: “Wɔabɛfa wo maame kɔ.” Sɛ ɛba saa a, na mekɔpɛ baabi tetɛw wɔ fie, na na mibisa me ho sɛ: ‘Wɔreyɛ no ayayade anaa? So mɛsan ahu no bio?’

Wotwaa Yɛn Asu

Wɔ January 28, 1943 no, Nasi polisifo no benyan yɛn ahemadakye nnɔnabiɛsa ne fã. Wɔkae sɛ sɛ me ne m’awofo ne me nuabea de yɛn ho hyɛ Nasi amanyɔkuw no mu a, wɔrentwa yɛn asu. Wɔmaa yɛn nnɔnhwerew abiɛsa sɛ yɛmfa mmoaboa yɛn ho. Ná Maame aboaboa ne ho ama saa tebea yi, na na ɔde yɛn ntade ne Bible ahyehyɛ yɛn bag mu, enti yɛde saa bere no bɔɔ mpae hyehyɛɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. Paapa kaee yɛn sɛ ‘biribiara nni hɔ a ebetumi atew yɛn afi Onyankopɔn dɔ ho.’—Rom. 8:35-39.

Nasi polisifo no san bae bio. Me werɛ remfi Onuawa Anglade a ne mfe akɔ anim a na ɔde nusu reyɛ yɛn baabae no da. Nasi polisifo no de yɛn kɔɔ keteke gyinabea wɔ Metz. Bere a yɛtenaa keteke mu nnansa no, yekoduu Kochlowice nneduaban a ɛbɛn Auschwitz nneduaban kɛse a ɛwɔ Poland no. Asram abien akyi no, wɔde yɛn kɔɔ Gliwice a na ɛyɛ nyamekyerɛ sukuu bi a wɔadan no adwumayɛban mu. Nasifo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛn mu biara de ne nsa hyɛ krataa ase sɛ yɛapa yɛn gyidi a, wobegyae yɛn na wɔasan de yɛn nneɛma a wɔagye nyinaa ama yɛn. Paapa ne Maame ampene so, na asraafo no kae sɛ, “Morensan nkɔ mo fie bio da.”

Wɔde yɛn kɔɔ Swietochlowice wɔ June mu, na ɛhɔ na minyaa tiyare bi a ɛda so ara haw me de besi nnɛ. Me nsateaa mmɔwerɛw porɔporɔwee, na oduruyɛfo bi tutuu me mmɔwerɛw dodow no ara a wamma me aduru biara a ɛremma mente yaw. Nea eye ne sɛ soma a na awɛmfo no somasoma me no ma mekɔɔ baabi a na wɔtõ paanoo mpɛn pii. Ná ɔbea bi a ɔwɔ hɔ ma me aduan di.

Ɛde besi saa bere yi na yɛn abusua no nkutoo na yɛte a nneduafo foforo mfra yɛn mu. Wɔ October 1943 mu no, wɔde yɛn kɔɔ nneduaban bi a ɛwɔ Ząbkowice mu. Ɛhɔ no, yɛne nneduafo foforo a wɔyɛ mmarima, mmea, ne mmofra bɛyɛ 60 daa mpa a ɛtoatoa so so wɔ ɔdan ketewa a esi ɔdan bi atifi mu. Nasi asraafo no hyɛɛ da ma wɔmaa yɛn aduan a asɛe a na ne di yɛ den.

Amanehunu yi nyinaa akyi no, yɛampa abaw da. Ná yɛakenkan asɛnka adwuma kɛse bi a yɛbɛyɛ wɔ ɔko no akyi ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Enti na yenim nea enti a yɛrehu amane no, na na yenim nso sɛ ɛrenkyɛ na yɛn amanehunu no to atwa.

Bere a yɛtee sɛ Aman a na wɔreko tia Germany asraafo reba no, yehui sɛ na Nasifo no redi nkogu wɔ ɔko no mu. Wɔ afe 1945 mfiase no, Nasi asraafo no sii gyinae sɛ wobefi yɛn nneduaban no mu. Wɔ February 19 no, wɔhyɛɛ yɛn ma yɛnantew twaa kwan bɛyɛ kilomita 240. Wɔ adapɛn anan akyi no, yeduu Steinfels a ɛwɔ Germany no, na asraafo no de yɛn kɔhyɛɛ amoa bi mu wɔ hɔ. Ná yɛn mu pii susuw sɛ wobekum yɛn. Nanso saa da no, Aman a na wɔreko tia Germany no duu hɔ, na Nasi asraafo no guanee, na yɛn amanehunu no baa awiei.

Sɛnea Miduu Me Botae Ahorow Ho

Wɔ May 5, 1945, bɛyɛ mfe abien ne fã akyi no, yeduu fie wɔ Yutz a na yɛn ho ayɛ fi na yɛadɔ dwiw twom. Efi February no, na yɛnsesaa yɛn ntade, enti yesii gyinae sɛ yɛbɛhyew yɛn ntade dedaw no. Mekae sɛ me maame ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Momma ɛnnɛ da yi nyɛ anigye da a ɛsen biara wɔ mo asetena mu. Yenni hwee. Ntade a ɛhyɛ yɛn mpo nyɛ yɛn dea. Nanso, yɛn baanan nyinaa asan aba a yekura yɛn gyidi mu. Yɛannyae yɛn gyidi mu.”

Bere a mekɔsaa me ho yare asram abiɛsa wɔ Switzerland akyi no, mesan kɔɔ sukuu a na minsuro sɛ wɔbɛpam me bio. Afei de na yetumi ne yɛn nuanom Kristofo hyiam, na na yɛka asɛm no wɔ baguam nso. Wɔ August 28, 1947 no, bere a na madi mfe 13 no, meyɛɛ bɔ a na mahyɛ Yehowa mfe pii a na atwam no ho sɛnkyerɛnne wɔ baguam. Me papa bɔɔ me asu wɔ Moselle Asubɔnten mu. Ná mepɛ sɛ meyɛ akwampae adwuma amonom hɔ ara, nanso Paapa kae sɛ minsua adwuma ansa. Enti, misuaa adepam. Wɔ afe 1951 mu bere a na madi mfe 17 no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo ma mekɔsomee wɔ Thionville a na ɛbɛn baabi a yɛte no.

Saa afe no, mekɔɔ nhyiam bi wɔ Paris, na mibisaa asɛmpatrɛw som adwuma hokwan. Ná minnyinii de, nanso Onua Nathan Knorr kae sɛ ɔde m’akwammisa krataa no bɛto hɔ na “akyiri yi” wahwɛ. Wɔ June 1952 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a na wɔyɛ wɔ South Lansing, New York, U.S.A., no adesuakuw a ɛto so 21 no bi.

Gilead ne Ɛno Akyi

Asɛm bɛn ni! Ná ɛtaa yɛ den ma me sɛ mɛka m’ankasa me kurom kasa wɔ baguam. Afei, me na na ɛsɛ sɛ meka Borɔfo yi. Nanso, akyerɛkyerɛfo no fi ɔdɔ mu boaa me. Onua biako too me din bi a na ɛkyerɛ sɛ mede serew kata me fɛre so.

Wɔ July 19, 1953 no, yɛyɛɛ yɛn adesua awiei dwumadi no wɔ Yankee Stadium a ɛwɔ New York no, na wɔmaa me ne Ida Candusso (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Seignobos) no dwumadi wɔ Paris. Ná ɛyɛ den ma me sɛ mɛka asɛm no akyerɛ Parisfo a wɔyɛ asikafo no, nanso mitumi ne wɔn a na wɔbrɛ wɔn ho ase no suaa Bible no. Ida waree, na ɔkɔɔ Africa wɔ afe 1956 mu, nanso me de, mekɔɔ so tenaa Paris.

Mewaree onua bi a na ɔwɔ Betel wɔ afe 1960 mu, na yɛkɔsomee sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Chaumont ne Vichy. Mfe anum akyi no, mebɔɔ nsamanwaw, enti na ɛsɛ sɛ migyae akwampae adwuma no. Ɛhaw me paa, efisɛ efi me mmofraase na mede yɛɛ me botae sɛ mɛyɛ bere nyinaa som adwuma no akosi awiei. Bere bi akyi no, me kunu gyaw me hɔ kɔfaa ɔbea foforo. Me nuanom Kristofo mmarima ne mmea boaa me wɔ saa mmere a na emu yɛ den no mu, na Yehowa kɔɔ so soaa m’adesoa maa me.—Dw. 68:19.

Seesei mete Louviers, Normandy, a ɛbɛn France Betel no. Ɛmfa ho yare a ɛhaw me nyinaa akyi no, m’ani agye sɛ mahu sɛ Yehowa aboa me wɔ m’asetena mu. Ntetee a minyae no boa me ɛnnɛ mpo ma mitumi nya adwene a ɛteɛ. M’awofo kyerɛkyerɛɛ me sɛ Yehowa yɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa a metumi adɔ no na me ne no akasa, na watie me mpaebɔ. Nokwarem no, “dɛn na mede betua Yehowa ka, papa a wayɛ me nyinaa ho?”—Dw. 116:12.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“M’ani agye sɛ mahu sɛ Yehowa aboa me wɔ m’asetena mu”

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ade a mede kata me hwene sɛn me kɔn mu bere a na madi mfe asia

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Me ne asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo kɔɔ Luxembourg kɔyɛɛ asɛnka adwuma titiriw bi bere a na madi mfe 16

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Me ne Paapa ne Maame wɔ nhyiam bi ase wɔ afe 1953 mu