Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubenya Anigye wɔ Sigyadi Mu

Sɛnea Wubenya Anigye wɔ Sigyadi Mu

Sɛnea Wubenya Anigye wɔ Sigyadi Mu

WƆTAA de asɛm a edi so yi na ewie anansesɛm a wɔto kyerɛ mmofra no mu pii. Wɔka sɛ: “Na wɔwaree, na aware no akyi no, wɔtenaa ase anigye mu daa.” Wɔtaa da adwene a ɛte saa ara adi wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ho sini ne ayɛsɛm nhoma ahorow mu—a nea wɔkyerɛ ne sɛ sɛ obi ani begye ankasa a, ɛsɛ sɛ ɔware! Bio nso, wɔ aman dodow no ara mu no, wɔde aware guan mmerante ne mmabaa ho paa. Bere a na Debby adi bɛyɛ mfe 25 no, ɔkae sɛ: “Nkurɔfo ma wote nka sɛ aware nkutoo ne botae a ɛsɛ sɛ ababaa de si n’ani so. Wɔma wunya adwene sɛ sɛ woware a, na afei na woahyɛ ɔbra ase.”

Obi a onim Yehowa adwene wɔ aware ho renka asɛm a ɛte saa. Ɛwom sɛ Israelfo bere so no na aware ho hia wɔn paa de, nanso Bible ka mmarima ne mmea a na wɔyɛ asigyafo a wonyaa anigye paa wɔ wɔn asetena mu ho asɛm. Ɛnnɛ, Kristofo binom paw sɛ wobedi sigya, na afoforo pii nso wɔ hɔ a tebea ahorow bi nti na wodi sigya. Ɛmfa ho nea ɛma wodi sigya biara no, asɛmmisa yi ho da so ara hia sɛ: Dɛn na Kristoni betumi ayɛ na ama sigya a odi no ayɛ nea mfaso wɔ so?

Yesu ankasa anware, na ntease wom esiane adwuma a na wɔde ama no no nti. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ n’akyidifo binom nso ‘begye’ sigyadi “atom.” (Mat. 19:10-12) Yesu nam saa asɛm a ɔkae yi so kyerɛe sɛ sɛ yebetumi adi sigya ama ayɛ nea mfaso wɔ so a, gye sɛ yegye tom anaasɛ yɛyɛ saa wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu.

So afotu a Yesu de mae yi fa obi a wahyɛ da apaw sɛ obedi sigya wɔ ne nkwa nna nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ Onyankopɔn som adwuma no yiye nkutoo ho? (1 Kor. 7:34, 35) Ɛnte saa ankasa. Susuw Kristoni bi a ebia n’ani gye ho sɛ ɔbɛware nanso mprempren onnya ɔhokafo a ɔfata ho hwɛ. Onuawa bi a ɔyɛ sigyani a wadi boro mfe 30 a wɔfrɛ no Ana kae sɛ: “Nnansa yi, me yɔnko dwumayɛni bi a ɔnyɛ Ɔdansefo ka kyerɛɛ me sɛ ɔbɛware me bere a na menhwɛ kwan. Ɔkwan bi so no, ɛyɛɛ me dɛ, nanso miyii m’adwene fii so ntɛm ara, efisɛ mepɛ sɛ meware obi a ɔbɛma mabɛn Yehowa kɛse.”

“Awurade mu” a anuanom pɛ sɛ wɔware no boa anuanom mmea pii a wɔte sɛ Ana ma wɔnnware obi a ɔnyɛ gyidini. * (1 Kor. 7:39; 2 Kor. 6:14) Esiane sɛ wotie Onyankopɔn afotu nti, wosi gyinae sɛ wobedi sigya, anyɛ yiye koraa kosi bere bi. Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi ma ayɛ yiye?

Ma W’ani Nsɔ Mfaso a Ɛwom No

Su a yɛwɔ betumi aboa yɛn ma yɛagye tebea bi a yɛn ani nnye ho mpo atom. Onuawa bi a ɔyɛ sigyani a wɔfrɛ no Carmen a wadi boro mfe 40 no ka sɛ: “Mema m’ani gye nea mewɔ ho, na minnwinnwen nea minni ho.” Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛbɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam na yɛayɛ basaa de, nanso esiane sɛ yenim sɛ yɛn nuanom pii a wɔwɔ wiase nyinaa nso rehyia tebea a ɛtete saa ara nti, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛde ahotoso akɔ yɛn anim. Yehowa aboa anuanom pii ama wɔanya wɔn sigyadi no so mfaso, na wɔatumi adi ɔhaw afoforo so nso.—1 Pet. 5:9, 10.

Kristofo mmarima ne mmea pii ahu mfaso a ɛwɔ sigyadi so. Onuawa bi a ɔyɛ sigyani a wɔfrɛ no Ester a wadi bɛyɛ mfe 35 no ka sɛ: “Misusuw sɛ nea ɛma wunya anigye ne sɛ wobɛma w’ani agye mfaso a ɛwɔ tebea biara a wowom ho.” Carmen nso de ka ho sɛ: “Migye di sɛ sɛ meware oo sɛ manware oo, sɛ mede Ahenni no ho adwuma di kan wɔ m’asetena mu a, Yehowa remfa adepa biara nkame me.” (Dw. 84:11) Ɔtoaa so sɛ: “Ebia ɛnyɛ nea mepɛ na manya wɔ asetena mu de, nanso m’ani gye, na m’ani bɛkɔ so ara agye.”

Asigyafo a Bible Ka Wɔn Ho Asɛm

Ná Yefta babea no nyɛɛ n’adwene sɛ obedi sigya. Nanso, ɛbɔ a ne papa hyɛe no ma ɔkɔsom wɔ asɔrefie fi ne baabunbere mu. Akyinnye biara nni ho sɛ saa adwuma a na ɔnhwɛ kwan no sesaa ne nhyehyɛe, na ɛma ɔyɛɛ biribi a na anka n’ani nnye ho sɛ ɔbɛyɛ. Bere a ohui sɛ ɔrenware nnya abusua no, odii awerɛhow asram abien. Nanso, ogyee tebea foforo a ɔkɔɔ mu no toom, na ofi ne pɛ mu som ne nkwa nna a aka nyinaa. Afe biara na Israelfo mmea foforo kɔkamfo no wɔ ahofama a ɔdaa no adi no ho.—Atem. 11:36-40.

Ɛbɛyɛ sɛ ebinom a na wɔyɛ ayitotofo wɔ Yesaia bere so no ani annye wɔn tebea no ho. Bible nka nea ɛmaa saafo yi bɛyɛɛ ayitoto no ho asɛm. Esiane wɔn tebea no nti, wɔantumi ammɛyɛ Israel asafo no mufo mapa, na saa ara nso na wɔantumi anware anwo mma. (Deut. 23:1) Nanso Yehowa tee wɔn ase, na ɔkamfoo wɔn wɔ ɔkra nyinaa mu a wofi dii n’apam so no ho. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wobenya “nkaedum” ne “edin a ɛwɔ hɔ daa” wɔ ne fie. Ɔkwan foforo so no, saa ayitotofo anokwafo yi benya anidaso a edi mu sɛ wobenya daa nkwa wɔ Yesu a ɔyɛ Mesia no nniso ase. Yehowa werɛ remfi wɔn da.—Yes. 56:3-5.

Ná Yeremia tebea no yɛ soronko koraa. Bere a Onyankopɔn yɛɛ Yeremia odiyifo akyi no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔware esiane mmere a emu yɛ den a na ɔte mu ne sɛnea na n’adwuma no te nti. Yehowa kae sɛ: “Nware yere, na nnya mmabarima ne mmabea wɔ ha.” (Yer. 16:1-4) Ɛwom sɛ Bible nka sɛnea Yeremia tee nka wɔ saa akwankyerɛ yi ho de, nanso ɛma yɛn awerɛhyem sɛ na ɔyɛ ɔbarima a n’ani gye Yehowa asɛm ho. (Yer. 15:16) Akyiri yi, bere a Yeremia nyaa ne ti didii mu wɔ asram 18 a wɔkaa Yerusalem hyɛɛ mu denneennen mu no, akyinnye biara nni ho sɛ, ohuu nyansa a ɛwom sɛ otiee Yehowa ahyɛde a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ ɔware no.—Kwa. 4:4, 10.

Akwan a Wobɛfa so Anya Anigye

Ná nkurɔfo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a yɛaka wɔn ho asɛm no yɛ asigyafo, nanso Yehowa boaa wɔn, na wɔde wɔn ho nyinaa hyɛɛ ne som mu. Saa ara na ɛnnɛ nso sɛ yɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so a, ebetumi aboa yɛn ma yɛanya anigye wɔ yɛn asetena mu. Bible ka too hɔ sɛ mmea a wɔka asɛmpa no bɛyɛ asafodɔm kɛse. (Dw. 68:11) Anuanom mmea a wɔyɛ asigyafo mpempem pii ka saa asafodɔm kɛse yi ho. Esiane sɛ wɔn asɛnka adwuma no asow aba nti, wɔn mu pii anya mmabarima ne mmabea wɔ Onyankopɔn som mu.—Mar. 10:29, 30; 1 Tes. 2:7, 8.

Loli a ɔde mfe 14 ayɛ akwampae adwuma no ka sɛ: “Akwampae adwuma no ma mihu sɛnea ɛsɛ sɛ mebɔ me bra. Sɛ́ onuawa a meyɛ osigyani no, minni adagyew, na esiane sɛ mewɔ biribi yɛ da biara nti, ɛmma menyɛ ankonam. Esiane sɛ mitumi hu sɛ asɛnka adwuma a mereyɛ no boa nkurɔfo ankasa nti, da biara anwummere mete nka sɛ mewɔ akomatɔyam. Eyi ma m’ani gye paa.”

Anuanom mmea pii atumi asua kasa foforo, na wɔaka asɛm no akyerɛ nkurɔfo a wɔka ɔman foforo so kasa de atrɛw wɔn som adwuma mu. Onuawa Ana a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ahɔho mpempem pii wɔ kurow a mete mu no mu.” Ɔde anigye ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo a wɔka Franse kasa. Ɔde ka ho sɛ: “Kasa foforo a masua a ɛma mitumi ne wɔn mu pii bɔ nkɔmmɔ no ama manya asasesin foforo a meka asɛm no wom, na ama m’asɛnka adwuma no ayɛ anigye paa.”

Esiane sɛ mpɛn pii no sɛ obi yɛ osigyani a onni abusua mu asɛyɛde pii nti, ebinom de hokwan no akɔsom wɔ asasesin a wohia mmoa kɛse mu. Onuawa bi a wɔfrɛ no Lidiana a ɔyɛ sigyani a wadi bɛyɛ mfe 35 a wasom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse wɔ aman foforo so no ka sɛ: “Migye di paa sɛ sɛ woyɛ Yehowa som adwuma no pii a, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wubenya nnamfo pa na woate nka sɛ wɔdɔ wo. Enti manya nnamfo pa pii a wofi mmusua ne aman horow so, na saa nnamfo yi ama manya anigye paa wɔ m’asetena mu.”

Bible ka ɔsɛmpakafo Filipo a na ɔwɔ mmabea baanan a wɔhyɛ nkɔm a na wɔnwaree ho asɛm. (Aso. 21:8, 9) Ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ nsi wɔ ɔsom adwuma no mu te sɛ wɔn papa. So ebetumi aba sɛ wɔde nkɔm a na wɔhyɛ no boaa wɔn mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ Kaesarea no? (1 Kor. 14:1, 3) Ɛnnɛ, saa ara nso na anuanom mmea pii a wɔyɛ asigyafo kɔ Kristofo nhyiam daa, na wonya dwumadi no mu kyɛfa de hyɛ afoforo nkuran.

Lidia nso yɛ tete Kristoni a na ɔte Filipi a Bible kamfo no wɔ n’ahɔhoyɛ ho. (Aso. 16:14, 15, 40) Ná Lidia a ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ osigyani anaa okunafo no yɛ obi a ne yam ye, na ɛno ma otumi ne ahwɛfo akwantufo te sɛ Paulo, Silas, ne Luka nyaa fekubɔ a ɛyɛ anigye. Sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ afoforo a, yɛn nso yebenya nhyira a ɛte saa ara nnɛ.

Nea Wobɛyɛ Ma Afoforo Adɔ Wo

Adwuma a mfaso wɔ so a yɛbɛyɛ wɔn yɛn asetena mu akyi no, yɛn nyinaa hia sɛ afoforo da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn na wɔkyerɛ yɛn ho anigye. Ɛbɛyɛ dɛn na asigyafo atumi anya ɔdɔ a ɛte saa? Nea edi kan, Yehowa wɔ hɔ a ɔbɛdɔ yɛn, ɔbɛhyɛ yɛn den, na watie yɛn bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a na Ɔhene Dawid te nka sɛ wayɛ “ankonam” na ‘wayɛ mmɔbɔ,’ nanso na onim sɛ obetumi ahwehwɛ mmoa afi Yehowa hɔ bere nyinaa. (Dw. 25:16; 55:22) Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ me papa ne me maame mpo gyaw me a, Yehowa de, obegye me.” (Dw. 27:10) Onyankopɔn ka kyerɛ n’asomfo nyinaa sɛ wɔmmɛn no, na wɔmmɛyɛ ne nnamfo a ɔne wɔn di atirimsɛm.—Dw. 25:14; Yak. 2:23; 4:8.

Bio nso, wɔ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa mu no, yebetumi anya agyanom, ɛnanom, nuabarimanom, ne nuabeanom a wɔbɛdɔ yɛn ma yɛanya anigye wɔ yɛn asetena mu. (Mat. 19:29; 1 Pet. 2:17) Kristofo a wɔyɛ asigyafo pii a wosuasua Dorka a na “nnwuma pa ne adɔe ayɛ no ma” nhwɛso no nya akomatɔyam kɛse. (Aso. 9:36, 39) Onuawa Loli ka sɛ: “Baabiara a mɛkɔ biara no, mehwehwɛ nnamfo pa a wɔbɛdɔ me na wɔaboa me bere a m’abam abu wɔ asafo no mu. Nea ɛbɛyɛ na mahyɛ nnamfofa a ɛte saa mu den no, mebɔ mmɔden sɛ mɛda ɔdɔ adi akyerɛ afoforo na makyerɛ wɔn ho anigye. Matena asafo ahorow awotwe mu, na manya nnamfo pa bere nyinaa. Mpɛn pii no, wɔnyɛ anuanom mmea a wɔne me bɔ tipɛn, ɛtɔ mmere bi a ebinom te sɛ me nananom, na ebinom nso yɛ mmabaa.” Anuanom a wohia sɛ afoforo dɔ wɔn na wɔne wɔn bɔ fekuw wɔ asafo biara mu. Sɛ yefi yɛn komam kyerɛ saafo no ho anigye a, ebetumi aboa wɔn kɛse, na ebetumi aboa yɛn ankasa ma yɛadɔ afoforo na wɔn nso adɔ yɛn bi.—Luka 6:38.

Onyankopɔn Werɛ Remfi

Bible ma yehu sɛ esiane sɛ yɛte mmere a emu yɛ den mu nti, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa de biribi bɔ afɔre. (1 Kor. 7:29-31) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yenya obu soronko ma wɔn a wɔkɔ so di sigya esiane sɛ wosi wɔn bo sɛ wobetie Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ Awurade mu nkutoo na yɛnware no nti no, na yesusuw wɔn ho yiye. (Mat. 19:12) Nanso, afɔre a ɛfata nkamfo saa a wɔbɔ no nkyerɛ sɛ wontumi nnya anigye ankasa wɔ wɔn asetena mu.

Lidiana ka sɛ: “Abusuabɔ a me ne Yehowa anya ne ɔsom a mede ma no no na ɛma minya akomatɔyam wɔ m’asetena mu. Minim awarefo a wɔwɔ anigye ne awarefo nso a wonni anigye. Saa nokwasɛm yi ma mihu sɛ anigye a menya nnyina ware a mɛware daakye anaasɛ merenware no so.” Sɛnea Yesu kae no, nea ɛma yenya anigye titiriw ne sɛ yɛbɛma afoforo ade na yɛasom wɔn, na ɛno yɛ biribi a Kristofo nyinaa betumi ayɛ.—Yoh. 13:14-17; Aso. 20:35.

Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɛma yɛn ani gye kɛse paa ne nim a yenim sɛ Yehowa behyira yɛn wɔ biribiara a yɛde bɔ afɔre na ama yɛayɛ n’apɛde no ho. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.”—Heb. 6:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Ɛwom sɛ Kristofo mmea ho asɛm na yɛreka wɔ ha de, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no fa mmarima nso ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Mema m’ani gye nea mewɔ ho, na minnwinnwen nea minni ho.”—Carmen

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Loli ne Lidiana ani gye sɛ wɔresom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Onyankopɔn ka kyerɛ n’asomfo nyinaa sɛ wɔmmɛn no