Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwuma A Wɔde Hyɛ Afoforo Nsa—Dɛn Ntia, na Wɔyɛ no Dɛn?

Adwuma A Wɔde Hyɛ Afoforo Nsa—Dɛn Ntia, na Wɔyɛ no Dɛn?

Adwuma A Wɔde Hyɛ Afoforo Nsa—Dɛn Ntia, na Wɔyɛ no Dɛn?

WOFII ase de nnwuma hyehyɛɛ afoforo nsa bere tenteenten ansa na wɔrebɔ yɛn Asase yi. Yehowa bɔɔ ne Ba a ɔwoo no koro no, na afei ɔne ne Ba no bɔɔ amansan no sɛ “odwumayɛni a ne ho akokwaw.” (Mmeb. 8:22, 23, 30; Yoh. 1:3) Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “monhyɛ asase so mã na munni so.” (Gen. 1:28) Ɔbɔadeɛ no maa nnipa adwuma sɛ wɔntrɛw Eden Paradise no mu nkɔ asase so nyinaa. Nokwarem no, efi mfiase pɛɛ na Yehowa ne wɔn a wɔsom no no de nnwuma ahyehyɛ afoforo nsa.

Adwuma a wɔde hyɛ afoforo nsa kyerɛ dɛn? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo sua sɛ wɔde asafo mu nnwuma bi bɛhyehyɛ afoforo nsa, na wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Adwuma a Wɔde Hyɛ Afoforo Nsa Kyerɛ Dɛn?

“Sɛ́ wɔde adwuma bɛhyɛ afoforo nsa” no kyerɛ sɛ obi bɛma ɔfoforo asi n’anan mu ayɛ adwuma bi, anaasɛ ɔde asɛyɛde anaa hokwan bi bɛma no. Enti adwuma a wode bɛhyɛ afoforo nsa hwehwɛ sɛ wobɛma ebinom aka wo ho na moayɛ nneɛma bi. Sɛ woyɛ saa a, woma afoforo nso nya hokwan bi.

Wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔama wɔn adwuma wɔ Kristofo asafo no mu bɛyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no, na wɔayɛ sɛnea dwumadi no rekɔ so ho kyerɛwtohɔ, na mpɛn pii no, wɔne onii a ɔde adwuma no maa wɔn no adi nkitaho. Nanso onua a wɔapaw no a ɔde dwumadi hyɛ obi nsa no na ɛho asɛyɛde da no so titiriw. Ɛsɛ sɛ ɔde n’ani di sɛnea adwuma no rekɔ so no akyi, na ɔde ho afotu ma bere a ɛho hia. Nanso ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Sɛ w’ankasa wubetumi ayɛ adwuma no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode hyɛ obi nsa?’

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wɔde Adwuma Hyɛ Afoforo Nsa?

Susuw sɛnea Yehowa bɔɔ ne Ba a ɔwoo no koro no na ɔma ɔne no bɔɔ nneɛma a aka no ho hwɛ. Nokwarem no, “[ɔno] so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so, . . . nea wohu ne nea wonhu.” (Kol. 1:16) Ná anka Ɔbɔadeɛ no ankasa betumi abɔ biribiara, nanso na ɔpɛ sɛ ne Ba no nso yɛ adwuma no bi na onya mu anigye. (Mmeb. 8:31) Eyi boaa Ɔba no ma osuaa Onyankopɔn su ho ade pii. Ɔkwan bi so no, Agya no de hokwan no tetee ne Ba a ɔwoo no koro no.

Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔde nnwuma hyehyɛɛ afoforo nsa de suasuaa n’Agya. Ɔtetee n’asuafo no nkakrankakra. Ɔsomaa n’asomafo 12 no, na akyiri yi ɔsomaa asuafo foforo 70 dii n’anim ma wɔkɔyɛɛ asɛnka adwuma no. (Luka 9:1-6; 10:1-7) Akyiri yi, bere a Yesu kɔɔ mmeae a ɛte saa no, na wɔato fapem pa a ɔbɛtoa so. Bere a Yesu refi asase so no, ɔde asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru a ebi ne asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa hyɛɛ n’asuafo a na watete wɔn no nsa.—Mat. 24:45-47; Aso. 1:8.

Ntetee a wɔde ma afoforo ne nnwuma a wɔde hyɛ afoforo nsa bɛyɛɛ biribi a na ɛkɔ so wɔ Kristofo asafo no mu. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Nea wote fii m’anom [no], . . . fa hyɛ nnipa anokwafo nsa na ama wɔn nso wɔafata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo.” (2 Tim. 2:2) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no tete nnipa bi na wɔn nso tete afoforo.

Sɛ ɔpanyin bi de adwuma a wɔde ama no no bi hyɛ afoforo nsa a, obetumi ne wɔn anya nkyerɛkyerɛ ne nguanhwɛ adwuma no mu anigye. Esiane sɛ dua koro gye mframa a ebu nti, mpanyimfo no nim paa sɛ ɛsɛ sɛ wɔde asafo no mu nnwuma no bi hyehyɛ afoforo nsa. Bible ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmeb. 11:2) Sɛ obi gye tom sɛ ɔno nkutoo ntumi nyɛ nneɛma nyinaa a, na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ahobrɛase. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wo nkutoo wobɛyɛ biribiara a, ebia wobɛbrɛ, na ɛremma wunnya bere mma w’abusua. Enti nokwarem no, nyansa wom sɛ wobɛma afoforo ayɛ nnwuma no bi. Fa onua a ɔyɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo no sɛ nhwɛso. Ebia ɔbɛka akyerɛ mpanyimfo foforo sɛ wɔnhwehwɛ asafo no sikasɛm mu. Sɛ saa mpanyimfo no hwehwɛ sikasɛm no mu a, wɔn ankasa betumi ahu sɛnea asafo no sikasɛm te.

Sɛ obi de adwuma hyɛ afoforo nsa a, ɛma wɔn ho kokwaw na wonya osuahu, na ɛma nea ɔde adwuma hyɛɛ wɔn nsa no nso hu wɔn mmɔdenbɔ. Enti sɛ mpanyimfo no de asafo no mu nnwuma a ɛsɛ hyehyɛ afoforo nsa a, ɛbɛma wɔatumi asɔ wɔn a wobetumi apaw wɔn sɛ asafo mu asomfo no ahwɛ sɛ “wɔfata” anaa.—1 Tim. 3:10.

Nea etwa to no, sɛ mpanyimfo de nnwuma hyehyɛ afoforo nsa a, wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ wɔn mu ahotoso. Paulo ne Timoteo boom yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no de tetee no. Mmarima baanu yi benyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Paulo frɛɛ Timoteo “ɔba pa wɔ gyidi mu.” (1 Tim. 1:2) Saa ara na bere a Yehowa ne Yesu boom bɔɔ nneɛma a aka nyinaa no wobenyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Sɛ mpanyimfo de adwuma hyɛ afoforo nsa a, wɔne wɔn betumi anya abusuabɔ a emu yɛ den.

Nea Enti a Ebinom Twentwɛn Wɔn Nan Ase

Ɛwom sɛ mpanyimfo nim sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔde nnwuma bɛhyehyɛ afoforo nsa de, nanso ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wɔbɛyɛ saa, na ebia nea ɛma wɔtwentwɛn wɔn nan ase ne sɛ, wosusuw sɛ hokwan a wɔwɔ no so bɛtew. Ebia wosusuw sɛ wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wodi nneɛma anim bere nyinaa. Nanso kae sɛ ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔde adwuma kɛse bi hyɛɛ n’asuafo no nsa, na saa bere no nyinaa na onim sɛ wɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen no!—Mat. 28:19, 20; Yoh. 14:12.

Mpanyimfo bi nso wɔ hɔ a, ebia bere bi a atwam no wɔde nnwuma hyehyɛɛ afoforo nsa nanso wɔanyɛ no sɛnea wɔpɛ. Ebia saa mpanyimfo no te nka sɛ wɔn ankasa betumi ayɛ adwuma no yiye na wɔayɛ no ntɛm nso. Nanso susuw Paulo nhwɛso no ho hwɛ. Ná onim sɛ mfaso wɔ so sɛ ɔde adwuma bɛhyɛ afoforo nsa, nanso ohui nso sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa a watete wɔn no bɛyɛ adwuma a ɔde hyɛ wɔn nsa no sɛnea ɔpɛ. Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan mu no, ɔtetee aberante Marko a na ɔka ne ho no. Ɛhaw Paulo yiye paa sɛ Marko gyaw ne dwumadi hɔ san kɔɔ fie. (Aso. 13:13; 15:37, 38) Nanso, eyi amma Paulo annyae sɛ ɔbɛtete afoforo. Sɛnea yɛaka dedaw no, ɔmaa Kristoni aberante Timoteo bɛkaa ne ho wɔ n’akwantu mu. Bere a Paulo hui sɛ Timoteo betumi adi asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma no, ogyaw no wɔ Efeso, na ɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔmpaw asafo mu ahwɛfo ne asomfo.—1 Tim. 1:3; 3:1-10, 12, 13; 5:22.

Saa ara na ɛnsɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ pa abaw sɛ wɔbɛtete anuanom esiane sɛ wɔn mu biako nhu adwuma no ani so yiye nti. Nyansa wom na ɛho hia nso sɛ wosua sɛ wobenya afoforo mu ahotoso na wɔatete wɔn. Nanso, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma ɛtena wɔn adwenem bere a wɔde nnwuma rehyɛ afoforo nsa no?

Sɛnea Wɔde Adwuma Hyɛ Afoforo Nsa

Sɛ wode adwuma rehyɛ afoforo nsa a, susuw nimdeɛ a anuanom a wopɛ sɛ wode wɔn di dwuma no wɔ ho. Bere a ɛho behiae sɛ wɔkyekyɛ aduan daa wɔ Yerusalem no, asomafo no paw ‘mmarima baason a wobetumi adi wɔn ho adanse, nnipa a honhom ne nyansa ayɛ wɔn mã.’ (Aso. 6:3) Sɛ woka kyerɛ obi a afoforo nni ne mu ahotoso sɛ ɔnyɛ adwuma bi a, ebia ɔrenyɛ. Enti di kan fa nnwuma nketenkete hyɛ ne nsa ansa. Na sɛ otumi yɛ adwuma no a, ebia obetumi adi asɛyɛde pii ho dwuma.

Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Ɛsono obiara su ne nea otumi yɛ. Saa ara na ɛsono sɛnea obiara ho akokwaw afa. Ebia onua bi a ɔwɔ adamfofa su, na n’anim tew betumi agye ahɔho yiye, bere a obi a ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ wɔanowɔano betumi aboa asafo mu ɔkyerɛwfo no. Wobetumi ama onuawa bi a onim adwini di de nhwiren asiesie baabi a wɔbɛyɛ Nkaedi.

Sɛ wode adwuma rehyɛ afoforo nsa a, ma wonhu nea wopɛ sɛ wɔyɛ no pefee. Ansa na Yohane Osuboni no resoma nkurɔfo akɔ Yesu hɔ no, ɔkaa nea na ɔpɛ sɛ ohu ne nsɛm pɔtee a na ɔpɛ sɛ wobisa no kyerɛɛ wɔn. (Luka 7:18-20) Nanso, bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnsesaw aduan a ɔnam anwonwakwan so de mae no ase no, wankyerɛ wɔn nea wɔmfa nyɛ. (Yoh. 6:12, 13) Akwankyerɛ a wɔde bɛma no gyina adwuma ko ne nimdeɛ a ɔboafo no wɔ so kɛse. Ɛsɛ sɛ nea ɔde adwuma no rehyɛ obi nsa ne onii a ɔde rehyɛ ne nsa no nyinaa hu nea wɔrebɛyɛ no, ɛne mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ nea wɔde adwuma ahyɛ ne nsa no ma nea ɔde hyɛɛ ne nsa no hu baabi a wayɛ adwuma no adu. Ɛsɛ sɛ wɔn baanu nyinaa hu nneɛma bi a wobegyaw ama nea ɔreyɛ adwuma no ma ɔde n’ankasa adwene ayɛ. Sɛ ɛsɛ sɛ wowie adwuma no da pɔtee bi a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wosusuw ɛda no ho, na wɔn nyinaa pene so sen sɛ ɔbɛka akyerɛ no kɛkɛ.

Ɛsɛ sɛ wɔma nea wɔde adwuma ahyɛ ne nsa no sika, nneɛma a obehia, ne mmoa a ɛho hia. Sɛ wɔma afoforo hu nhyehyɛe a wɔayɛ no a, ɛbɛboa. Bere a Yesu de “ɔsoro ahenni safe” no hyɛɛ Petro nsa no, ɔyɛɛ saa ma asuafo foforo hui. (Mat. 16:13-19) Saa ara na ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ papa sɛ wɔma asafo no hu nea ɔredi asɛyɛde bi ho dwuma.

Ɛho hia nso sɛ woyɛ ahwɛyiye. Sɛ wode adwuma hyɛ obi nsa na woda so ara kura mu a, na ɛte sɛ nea woreka akyerɛ no sɛ, “Minni wo mu ahotoso papa.” Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a ebia wɔrenyɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ sɛnea na wohwɛ kwan. Nanso, sɛ woma onua a wode adwuma ahyɛ ne nsa no kwan ma ɔno ankasa yɛ a, ɛda adi sɛ obenya ahotoso na ne ho akokwaw. Nanso eyi nkyerɛ sɛ sɛnea ɔbɛyɛ adwuma no biara mfa wo ho. Ɛwom sɛ Yehowa maa ne Ba no dwumadi bi wɔ adebɔ mu de, nanso wantwe ne ho amfi adwuma no ho koraa. Ɔka kyerɛɛ Odwumayɛni a ne ho Akokwaw no sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa yɛn suban so.” (Gen. 1:26) Enti fa wo kasa ne wo nneyɛe boa adwuma a onua no reyɛ no, na kamfo no wɔ ne mmɔdenbɔ ho. Sɛ wo ne no susuw baabi a wayɛ adwuma no adu ho tiawa a, ebetumi aboa no. Sɛ ɔnyɛ adwuma no yiye a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ so atu no fo na woaboa no. Kae sɛ wo a wode adwuma hyɛ obi nsa no na ɛho asɛyɛde da wo so titiriw.—Luka 12:48.

Anuanom pii anya asafo no mu nnwuma a mpanyimfo a wɔn ani ku wɔn ho paa de hyɛɛ wɔn nsa no so mfaso. Nokwarem no, ɛho hia sɛ mpanyimfo nyinaa sua sɛ wobehu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔde adwuma hyɛ afoforo nsa ne sɛnea wɔbɛyɛ no de suasua Yehowa.

[Adaka wɔ kratafa 29]

ADWUMA A WƆDE HYƐ AFOFORO NSA YƐ

• ɔkwan a wɔfa so ma afoforo nya adwuma bi yɛ mu anigye

• ɔkwan a wɔfa so yɛ nnwuma pii

• ɔkwan a wɔfa so da nyansa ne ahobrɛase adi

• ɔkwan a wɔfa so tete afoforo

• ɔkwan a wɔfa so kyerɛ sɛ wɔwɔ afoforo mu ahotoso

[Mfonini wɔ kratafa 30]

SƐNEA WƆDE ADWUMA HYƐ AFOFORO NSA

• Paw nnipa a wɔfata ma adwuma no

• Kyerkyerɛ mu yiye/wo ne wɔn nni nkitaho

• Ma wonhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ pefee

• Fa nneɛma a wobehia ma wɔn

• Ma adwuma no ho nhia wo, na ma wonhu sɛ wowɔ wɔn mu ahotoso

• Nya ɔpɛ sɛ wubegye ɛho asɛyɛde nyinaa ato wo ho so

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Adwuma a wɔde hyɛ obi nsa kyerɛ sɛ wɔbɛma no adwuma na wɔahwɛ sɛ ɛrekɔ so