Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ná Yesu aka asɛm no wɔ Israel asase so nyinaa. Ɛnde, dɛn nti na ɔsomafo Petro kae sɛ Yudafo ne wɔn atumfoɔ no ‘nnim nti na wɔyɛe’ ma wokum Yesu?—Aso. 3:17.

Bere a ɔsomafo Petro rekasa akyerɛ Yudafo bi wɔ nea wɔyɛe ma wokum Mesia no ho no, ɔkae sɛ: “Minim sɛ munnim nti na moyɛe, sɛnea mo atumfoɔ no nso yɛe no.” (Aso. 3:14-17) Ɛbɛyɛ sɛ Yudafo binom anhu sɛ Yesu ne Mesia no, anaasɛ wɔante ne nkyerɛkyerɛ ase. Afoforo de, nea amma wɔanhu sɛ Yesu ne Mesia no bi ne sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani, na wonni Yesu ho adwempa, na wɔn ani bere no, na na wɔtan no ankasa nso.

Susuw sɛnea esiane sɛ na nkurɔfo mpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti ɛkaa adwene a na nnipa pii kura wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ ho no ho hwɛ. Ná Yesu taa de mfatoho kyerɛkyerɛ, na na ɔkyerɛkyerɛ mu ma wɔn a wɔpɛ sɛ wosua pii no nyinaa te ase. Nanso ebinom a wɔtee Yesu nkyerɛkyerɛ no gyaw no hɔ kɔe, na wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛte ase. Bere bi, bere a Yesu de kasakoa bi dii dwuma no, n’asuafo no bi mpo bo fuwii. (Yoh. 6:52-66) Saa asuafo no anhu sɛ na mfatoho ahorow a Yesu de dii dwuma no resɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsesa wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe anaa. (Yes. 6:9, 10; 44:18; Mat. 13:10-15) Wobuu wɔn ani guu nkɔmhyɛ bi a ɛka sɛ Mesia no de mfatoho na ɛbɛkyerɛkyerɛ no nso so.—Dw. 78:2.

Afoforo nso, esiane sɛ na wonni Yesu ho adwempa nti na wɔantie ne nkyerɛkyerɛ no. Bere a ɔkyerɛkyerɛe wɔ hyiadan mu wɔ ne kurom Nasaret no, nkurɔfo no “ho dwiriw” wɔn. Nanso, sɛ́ anka wobegye Yesu atom sɛ ɔno ne Mesia no, wɔkyerɛɛ n’ase mmom. Wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nneɛma yi fii? . . . Ɛnyɛ oyi ne duadwumfo no, Maria ba a ne nuanom ne Yakobo ne Yosef ne Yuda ne Simon no? Na ɛnyɛ ne nuabeanom na yɛne wɔn wɔ ha yi?” (Mar. 6:1-3) Esiane sɛ na Yesu mfi abusua a wodi yiye mu nti, Nasaretfo no ammu ne nkyerɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ so.

Na nyamesom akannifo no nso ɛ? Nneɛma a amma nkurɔfo antie Yesu a yɛaka ho asɛm no ara bi nti na nyamesom akannifo mu dodow no ara nso antie no no. (Yoh. 7:47-52) Ade foforo nso a amma wɔantie Yesu nkyerɛkyerɛ ne sɛ na wɔn ani bere no, efisɛ na nkurɔfo no regye no tom. (Mar. 15:10) Bere a Yesu kasa tiaa nnipa a wɔyɛ atitiriw pii wɔ wɔn nyaatwom ne wɔn nnaadaa ho no, wɔn ani annye ho koraa. (Mat. 23:13-36) Ɛfata sɛ Yesu kasa tiaa wɔn wɔ wɔn ani a wɔhyɛɛ da bu guu no so no ho sɛ: “Munnue, mo a munim Mmara no, efisɛ mugyee nimdeɛ safe no; mo ankasa moankɔ [Ahenni no] mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso musiw wɔn kwan!”—Luka 11:37-52.

Yesu de mfe abiɛsa ne fã na ɛkaa asɛmpa no wɔ asase so. Ɔsan nso tetee nnipa pii ma wɔyɛɛ saa adwuma no bi. (Luka 9:1, 2; 10:1, 16, 17) Adwuma a Yesu ne n’asuafo no yɛe no nyaa nkɔso araa ma Farisifo no nwiinwii sɛ: “Hwɛ! Wiase atu di n’akyi.” (Yoh. 12:19) Enti na Yudafo dodow no ara wɔ nimdeɛ kakra. Nanso, wɔkɔɔ so ara yɛɛ wɔn ho sɛ ‘wonnim’ sɛ Yesu ne Mesia no. Ná anka wobetumi ama Mesia no ho nimdeɛ ne ɔdɔ a wɔwɔ ma no no mu ayɛ den, nanso wɔanyɛ saa. Wɔn mu bi ka ho na wɔma wokum Yesu. Ɛno nti ɔsomafo Petro tuu wɔn mu bebree fo sɛ: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho mma wɔmpopa mo bɔne, na ahosan mmere afi Yehowa ankasa nkyɛn aba na wasoma Kristo a wɔapaw no ama mo, a ɔne Yesu.” (Aso. 3:19, 20) Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yudafo mpempem pii a “asɔfo no mu pii” ka ho fii ase tiee Yesu. Wɔankɔ so anyɛ wɔn ho te sɛ nea wonnim hwee bio. Mmom no, wɔsakraa wɔn adwene, na wonyaa Yehowa anim dom.—Aso. 2:41; 4:4; 5:14; 6:7.