Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

1. Srɛ Onyankopɔn Ma Ɔmmoa Wo

1. Srɛ Onyankopɔn Ma Ɔmmoa Wo

Nea Ɛbɛboa Wo ma Woate Bible no Ase

1. Srɛ Onyankopɔn Ma Ɔmmoa Wo

Ɔbea bi a ɔwɔ Italy a wɔfrɛ no Ninfa kae sɛ: “Bere bi, na mekenkan Bible no ansa na mada. Ná meyɛ saa efisɛ na minim sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɛwom sɛ na n’akenkan nyɛ me dɛ de, nanso na mepɛ sɛ mihu nea Onyankopɔn akyerɛw wɔ Bible no mu. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkenkan ne nyinaa awie. Mfiase no, na ɛnyɛ den, nanso bere a miduu baabi a n’akenkan yɛ me den no, migyaee.”

SO Ninfa tebea yi bi ato wo pɛn? Nnipa pii ahyia tebea a ɛte saa. Nanso sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, Yehowa Nyankopɔn a ɔne Bible no Kyerɛwfo no pɛ sɛ wote n’Asɛm no ase. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa wo ma woate Bible no ase? Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wobɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa.

Ná wobu Yesu asomafo no sɛ “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa,” efisɛ na wɔnkɔɔ rabifo sukuu a wɔde ɔsom ho ntetee ma no bi. (Asomafo Nnwuma 4:13) Nanso, Yesu maa wɔn awerɛhyem sɛ wobetumi ate Onyankopɔn Asɛm no ase ma ayɛ yiye. Ɔkwan bɛn so? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔboafo no, honhom kronkron no, a Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara.” (Yohane 14:26) Onyankopɔn de honhom kronkron no na ɛbɔɔ asase ne abɔde a nkwa wom a ɛwɔ so no nyinaa. (Genesis 1:2) Ɔsan de honhom kaa nnipa 40 ma wɔkyerɛw n’asɛm a ɛwɔ Bible mu no. (2 Petro 1:20, 21) Na honhom koro yi ara betumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔte Bible no ase no.

Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya Onyankopɔn honhom kronkron no bi? Ɛsɛ sɛ wufi gyidi mu bisa. Nokwarem no, ebehia sɛ wokɔ so ara bisa. Yesu kae sɛ: ‘Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo. Sɛ munim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!’ (Luka 11:9, 13) Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wofi koma mu bisa no no. Honhom kronkron no betumi aboa wo ma woate Onyankopɔn nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible mu mfe mpempem pii ni no ase. Afei nso, Onyankopɔn honhom no betumi aboa wo ma woatumi de Bible mu asɛm a tumi wɔ mu no abɔ wo bra.—Hebrifo 4:12; Yakobo 1:5, 6.

Ɛnde bere biara a wobɛkenkan Bible no, bɔ Onyankopɔn mpae, ma ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa wo na ama woate n’Asɛm no ase.