Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Dɛn nti na seesei ɔbea bi a na n’abam abu wɔ nyamesom ho no de ne bere pii reboa afoforo ma wɔasua Onyankopɔn ho ade? Dɛn na ɛkaa ɔbarima bi a na n’ani gye agodi a basabasayɛ wom ho no ma ɔbɛyɛɛ obi a ɔpɛ asomdwoe? Ɛyɛɛ dɛn na ɔbarima bi a na ɔnom nnubɔne, ɔyɛ sadweam, na ɔpɛ ntɔkwaw no sesaa ne suban? Kenkan nsɛm a nkurɔfo yi mu biara kae no hwɛ.

NE HO NSƐM

EDIN: PENELOPE TOPLICESCU

MFE: 40

ƆMAN A OFI MU: AUSTRALIA

SƐNEA NA ƆTE: NÁ NYAMESOM AMA N’ABAM ABU

ME KAN ASETENA: Wɔwoo me wɔ Sydney, Australia, nanso yɛn abusua no tu kɔtenaa New Guinea bere a na madi mfe abien pɛ no. Yɛtenaa Rabaul bɛyɛ mfe abien, na yetu kɔɔ Bougainville kɔtenaa hɔ mfe awotwe. Saa bere no na TV nni New Guinea, enti me ne me nuabarima de yɛn bere pii kyinkyinii—ná yɛkɔ asuguare kɔdɔ asukɔ, na na yɛkɔda kwae mu de gyigye yɛn ani.

Bere a aka kakra ma madi mfe du no, m’ani fii ase gyee nyamesom ho. Ná Maame yɛ Katolekni, enti ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ ɔbea kokorani bi a ɔwɔ baabi a yɛte no hɔ mma ɔnkyerɛkyerɛ me Bible mu. Mebɛyɛɛ Katolekni, na bere a midii mfe du no, wɔbɔɔ me asu.

Nanso bere a yɛsan tu kɔtenaa Australia a na merenyin no, m’adwenem fii ase yɛɛ me naa wɔ nea na wɔakyerɛkyerɛ me wɔ nyamesom ho no ho. Bere a na mewɔ ntoaso sukuu mu no, misuaa tete abakɔsɛm ho ade, na na me ne me papa bɔ nea ɛyɛe a nyamesom bae ne Bible mu nsɛm a na yesusuw sɛ ɛyɛ anansesɛm no ho nkɔmmɔ. Awiei koraa no, migyaee Katoleksom.

Midii mfe 16 no, m’awofo gyaee aware. Asetena yɛɛ den maa me maame, enti me ne me papa ne ɔbea a na ɔrebɛware no no kɔtenae. Me nuabarima ne me maame kɔtenae, na wotu kɔɔ baabi foforo. Saa bere no, meyɛɛ ankonam paa. Mfe abien twaam ansa na meretumi akɔ me maame nkyɛn bio. Mifii ase wee nsã, nom nnubɔne, na na metaa de me ho hyɛ anigyede mu. Midii mfe 20 no, migyaee sukuu kɔpɛɛ adwuma yɛe, na mede me ho hyɛɛ abrabɔ bɔne mu.

Bere a midii mfe 25 no, mifii ase susuw Bible no ho bio. Minyaa adwuma foforo, na mikohyiaa ababaa hoɔfɛfo bi a wɔfrɛ no Liene wɔ hɔ. Ɛmfa ho sɛ na n’adwumam panyin no taa kasa n’anim no, na ɔkyerɛ obu ma no bere nyinaa. Bere a mibisaa no nea enti a sɛ n’adwumam panyin no kasa n’anim a ɔno nso nkeka bi nkyerɛ no no, ɔkae sɛ ɔne Yehowa Adansefo sua Bible no, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde nea ɔresua no bɛbɔ ne bra. Liene kae sɛ ɔne me besua Bible no. Esiane sɛ mante nea na ɔreka no ase yiye nti, na misusuw sɛ ɔrepɛ akyerɛ sɛ metumi ne no atena ase pɛnkoro de dɔnhwerew biako ahu nea na onim wɔ Bible mu no nyinaa. Saa anadwo no, Liene de dɔnhwerew abiɛsa buaa Bible mu nsɛmmisa a na mewɔ no. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mmuae a ɔde maa me no nyinaa fi Bible no mu.

Sɛ mɛkae a, bere a me ne Liene bɔɔ nkɔmmɔ wiei saa da no anadwo a na mereba fie no, me bo fuw Onyankopɔn sɛ wamma manhu ne ho nokwasɛm ntɛm. Ná minim sɛ Adansefo no bɔ bra pa, na misusuwii sɛ aka akyi dodow sɛ metumi asesa me suban. Mesan susuwii sɛ na merentumi nkɔ afie afie mu nkɔka asɛm no sɛnea Adansefo no yɛ no. Mekɔɔ so ne Adansefo no suaa Bible no, nanso adwene a mede yɛɛ saa ne sɛ mehu mfomso bi wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ ho na ama matumi anya biribi pa agyina so ne wɔn agyae fekubɔ. Da koro bi de, mihui sɛ merennya wɔn ho asɛm biara.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Dodow a misuaa Bible mu nsɛm a ɛfa abrabɔ ho no, dodow no ara na na m’ahonim haw me. Nea ɛbɛyɛ na m’ahonim renhaw me bio no, migyaee nnubɔnenom. Nanso ankyɛ na mituu kwan kɔɔ amannɔne kakra, na mesan de me ho kɔhyɛɛ anigyede ne nsawe mu. Ɛkame ayɛ sɛ bere biara a mɛbɔ mmɔden sɛ mede Bible mu asɛm bɛbɔ me bra no, na agye agu. Ná mede aniwu kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, nanso na m’ahonim kɔ so haw me.

Bere a mibehuu nea Ɔhene Dawid ne Bat-Seba yɛe, ne sɛnea Yehowa ne wɔn dii no mmɔborɔhunu so no, ɛboaa me paa. Bere a wotuu Dawid fo no, onyaa akokoduru gyee ne mfomso too mu, na wamfa biribiara anyi ne ho ano. Ɔde ahobrɛase gyee nteɛso a wɔde maa no no toom. (2 Samuel 12:1-13) Bere biara a mɛfom no, misusuw Dawid asɛm no ho, na ɛma ɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ mɛpa Yehowa kyɛw. Afei misii gyinae sɛ bere biara a mehyia sɔhwɛ no, medi kan abɔ mpae na manyɛ bɔne, sen sɛ mɛyɛ bɔne ansa na mabɔ mpae, na ɛno boaa me paa.

SƐNEA ABOA ME: Ná me bo taa fuw ntɛmntɛm. Nanso asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:29-31 no boaa me ma mihui sɛ, ɛsɛ sɛ migyae ‘menasepɔw ne abufuw ne bobɔne.’ Bere a misuae sɛ medi me ho so no, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhwɛ me kasa yiye. Afei nso, afotu a Yesu de mae a ɛka sɛ “momma mo Yiw nyɛ yiw” no boaa me ma misii pi wɔ me gyinaesi mu.—Mateo 5:37.

Akyiri yi, me maame a bere bi na ɔmpɛ sɛ me ne Adansefo no bɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, m’ahyɛ no anuonyam. Ɔkae mpo sɛ, “Ɛnyɛ ntetee a wunyae no na ama woayɛ sɛnea wo te yi, na mmom Yehowa ho ade a woasua no na ayɛ wo saa.” M’ani gyei paa sɛ ɔkaa saa.

Seesei mihu sɛ mewɔ atirimpɔw wɔ m’asetena mu. Mfe akorɔn ni na me ne me kunu de yɛn bere nyinaa akyerɛkyerɛ afoforo Bible no. Nokwasɛm ne sɛ, mekɔ afie afie mu kɔka asɛmpa no, na seesei mete nka sɛ eyi ne adwuma a mfaso wɔ so sen biara a mayɛ pɛn.

NE HO NSƐM

EDIN: DENIS BUSIGIN

MFE: 30

ƆMAN A OFI MU: RUSSIA

SƐNEA NA ƆTE: NÁ N’ANI GYE KARATEBƆ HO

ME KAN ASETENA: Wɔwoo me wɔ kurow a wɔfrɛ no Perm mu, na minyinii wɔ Furmanov, kurow a ɛwɔ Ivanovo wɔ Russia a emu nnipa bɛyɛ 40,000 no mu. Furmanov yɛ kurow a emu yɛ fɛ paa, na sɛ edu osutɔ bere a, emu nnua a ɛyɛ fɛ no nhaban sesa yɛ kɔkɔɔ ne akokɔsrade. Wɔ 1980 ne 1990 mfe no mu no, nsɛmmɔnedi kɔɔ so kɛse wɔ kurow no mu. Ná m’awofo nni sika pii, enti na yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ. Ná me ne m’awofo ne me nuabarima kumaa nyinaa te ɔdan biako mu, enti na yɛkyere so.

Bere a midii mfe ason no, mifii ase suaa karate. Ná m’ani gye agumadi yi ho paa, na na mede me ho nyinaa ahyɛ mu. Mede me bere a na memfa nyɛ hwee no nyinaa kɔɔ agodibea, enti na me nnamfo nyinaa yɛ agodifo. Bere a midii mfe 15 no, na manya abomu kɔkɔɔ wɔ karatebɔ mu, na afe akyi no, minyaa abomu a ne kɔla yɛ nnodowee. Ná meka kuw bi a wɔbɔ karate a na wosi akan wɔ Russia no ho, na na yɛne akuw a wɔwɔ Europa ne Asia nso si akan. Ná mehwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ yiye daakye, nanso bere a midii mfe 17 no biribiara sesae.

Me ne me nnamfonom binom kɔyɛɛ bɔne ma wɔkyeree yɛn. Wɔde me kɔtoo afiase mfe abien. Ná afiasenna nnyɛ mmerɛw koraa. Nanso ɛyɛ bere a mewɔ afiase no na midii kan huu Bible. Mekenkanee Genesis, Dwom nhoma no, ne Apam Foforo no. Mekyeree Awurade Mpaebɔ no mpo guu me tirim, na anadwo biara na meka ansa na mada. Ná misusuw sɛ ɔkwan bi so no, ɛno bɛboa me.

Woyii me fii afiase wɔ afe 2000 mu, nanso na minhu nea menyɛ wɔ m’asetena mu. Mifii ase nom nnubɔne. Saa bere yi mu ara na me maame wui. Ná mepɛ n’asɛm paa ma enti ne wu no haw me kɛse. Nanso mebɔɔ mmɔden gyaee nnubɔne no nom, na mifii karatebɔ ase bio. Afei mitu kɔɔ Ivanovo. Minyaa adwuma yɛe wɔ sotɔɔ bi a wɔtɔn nnuan wom mu. Ná nea ɔhwɛ sotɔɔ no so abadiakyiri yɛ ɔbea bi a ɔyɛ Yehowa Dansefo. Ɔkyerɛkyerɛɛ me Bible mu nokwasɛm ahorow bi, na ɔyɛɛ nhyehyɛe ma Ɔdansefo foforo a ɔyɛ ɔbarima ne me suaa Bible no.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Bere a meresua Bible na mihuu Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma asase adan paradise no, m’ani gyei yiye na mepɛe sɛ mɛyɛ nea ɛfata na makɔ hɔ bi. Ankyɛ na mihui sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ gyinapɛn a ɛkorɔn a ɔpɛ sɛ nnipa de bɔ wɔn bra. Ná mede me bere mu fã kɛse no ara ayɛ nea m’ankasa me pɛ. Nanso mibehui sɛ na Yehowa pɛ sɛ misusuw afoforo ho na minya su ahorow a na minni, te sɛ ayamye ne asomdwoe.

Mifii ase susuw nea Yehowa ayɛ ama me nyinaa—te sɛ ne Ba a me bɔne nti ɔde no bɔɔ afɔre no—ho kɔɔ akyiri. Onyankopɔn dɔ ho anisɔ a minyae no kaa me ma meyɛɛ nsakrae wɔ m’asetena mu. Sɛ nhwɛso no, mihui wɔ Dwom 11:5 sɛ Yehowa kyi awudisɛm. Eyi nti migyaee TV so dwumadi a ɛhyɛ awudisɛm ne nitan ho nkuran no hwɛ. Na mimiaa m’ani gyaee karatebɔ. Asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15:33 no boaa me ma mihui sɛ nnipa a mɛpaw wɔn sɛ me nnamfo no betumi anya me so nkɛntɛnso kɛse. Afiase a mekɔdae no foa saa asɛm no so. Enti misii gyinae sɛ me ne wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ agodi a ɛhyɛ awudisɛm ho nkuran mu no remmɔ bio.

SƐNEA ABOA ME: Yehowa Adansefo a me ne wɔn bɔe, ne Bible no a misuae no aboa me ma mabɛyɛ ɔnokwafo. Sɛ nhwɛso no, mihui wɔ Hebrifo 13:5 sɛ, ɛsɛ sɛ mema m’ani sɔ nea mewɔ, na meko tia sikanibere. Afotu yi a mede abɔ me bra no aboa me ma magyae atorodi ne korɔnbɔ.

Meyɛ obi a m’ani gye nnamfofa ho paa. Bere bi a twam no, me ne me nnamfonom binom ntam sɛee esiane anibere ne gye a na yennye yɛn ho nni nti. Yehowa Adansefo nyɛ pɛ nanso mahu sɛ wobu Onyankopɔn mmara na wɔbɔ mmɔden paa sɛ wɔde n’afotu bɛyɛ adwuma bere a wɔne afoforo di nsɛm no. Seesei manya nnamfo a metumi de me ho ato wɔn so wɔ Adansefo no mu.

Sɛ mansua sɛ mede Bible mu asɛm bɛbɔ me bra a, anka minnim sɛnea m’asetena bɛyɛ. Anka saa bere yi, ebia wɔasan de me akɔto afiase anaasɛ merehaw nkurɔfo adwene. Nanso seesei maware ɔbea hoɔfɛfo bi ne no awo mmabarima baanu. Sɛ́ abusua no, yɛn ani gye paa sɛ yɛreboa afoforo ma wɔasua Onyankopɔn ho nokwasɛm.

NE HO NSƐM

EDIN: JOSÉ CARLOS PEREIRA DA SILVA

MFE: 31

ƆMAN A OFI MU: BRAZIL

SƐNEA NA ƆTE: NTƆKWAPƐFO

ME KAN ASETENA: Wɔtetee me wɔ beae bi a ɛhɔ yɛ fĩ paa wɔ Americana a ɛwɔ São Paulo. Ná yennya nsu pa nnom, na na yenni baabi pa nso a yɛkɔ tiafi. Ná wonim mpɔtam hɔ sɛ baabi a basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi ahyɛ hɔ ma.

Mifi me mmofrase yɛ obi a m’ani gye basabasayɛ ne anuɔdensɛm ho. Ná meko ntɔkwaw bere nyinaa ma enti na nnipa a wɔwɔ me mpɔtam hɔ no suro me. Ntade a na mehyɛ, m’ahosiesie ne sɛnea na meyɛ m’anim no ma me ho yɛɛ hu. Ná metaa boro nsã ma ade tɔ me so, na na me ne me nuabarimanom nyinaa nom nnubɔne. Nokwarem no, me nuabarima biako nom nnubɔne boroo so ma owui.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Bere a mihuu Yehowa Adansefo no, wofi Bible no mu kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn bɛyɛ asase nyinaa paradise. (Luka 23:42, 43; Adiyisɛm 21:3, 4) Afei nso misuae sɛ awufo nnim biribiara, enti Onyankopɔn ntwe abɔnefo aso wɔ hellgya mu. (Ɔsɛnkafo 9:5, 6) Saa asɛm yi ma me koma tɔɔ me yam paa. Nea misua faa Onyankopɔn ho no ma minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛsesa m’abrabɔ. Nanso na ɛnyɛ mmerɛw sɛ mɛyɛ nsakrae, agyae nnubɔnenom, asabow, ntɔkwaw, ne kasafi a na metaa ka no.

Nanso, ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 6:9-11 no hyɛɛ me nkuran paa. Saa kyerɛwsɛm no ma mihui sɛ, bere bi na afeha a edi kan no mu Kristofo no mu binom wowɔ subammɔne yi a na mewɔ no bi. Saa kyerɛwsɛm no san ka sɛ: “Saa na na mo mu binom te. Nanso wɔaguare mo kama, wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem yɛn Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.” Nsɛm yi ma minyaa anidaso sɛ me nso metumi ayɛ nsakrae a ehia na ama m’abrabɔ asɔ Onyankopɔn ani.

Bere a mifii ase ne Yehowa Adansefo bɔe no, mibehui paa sɛ wɔn na wɔsom Onyankopɔn nokwarem. Ná wonim sɛnea kan no na meyɛ basabasa ne sɛnea na midi anuɔdensɛm no, nanso ne nyinaa akyi no, wofi ɔdɔ mu gyee me toom.

SƐNEA ABOA ME: Sɛ mansua Bible no ansakra me suban a, anka saa bere yi m’awu. Nanso seesei, manya hokwan reboa me nuabarima biako ma ɔresua Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a obegyae nnubɔnenom. Afei nso mahyɛ m’abusuafo afoforo nkuran ma wɔafi ase resua Bible no. Ɛyɛ me anigye paa sɛ matumi ahyira me ho so ama Onyankopɔn a odwen yɛn ho paa no!—w09 7/1-E.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Misii gyinae sɛ bere biara a mehyia sɔhwɛ no, medi kan abɔ mpae na manyɛ bɔne, sen sɛ mɛyɛ bɔne ansa na mabɔ mpae, na ɛno boaa me paa”