Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munsuasua Yesu—Monkyerɛkyerɛ Wɔ Ɔdɔ Mu

Munsuasua Yesu—Monkyerɛkyerɛ Wɔ Ɔdɔ Mu

Munsuasua Yesu—Monkyerɛkyerɛ Wɔ Ɔdɔ Mu

“Obiara nkasae saa da.”—YOH. 7:46.

1. Dɛn na nkurɔfo yɛe wɔ ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no ho?

HWƐ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔtee sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ no ani begye afa! Bible ma yehu sɛnea ne nkyerɛkyerɛ kaa nnipa a wotiee no no koma. Sɛ nhwɛso no, Asɛmpa kyerɛwfo Luka ka sɛ ‘nsɛm a ɛka koma a efi Yesu anom’ no maa ne kuromfo ‘ho fii ase dwiriw wɔn.’ Mateo bɔ amanneɛ sɛ wɔn a wotiee Yesu bere a na ɔrema Bepɔw so Asɛnka no ‘ho dwiriw wɔn wɔ ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe’ no ho. Yohane nso ka sɛ awɛmfo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu no san de nsapan bae bɛkae sɛ: “Obiara nkasae saa da.”—Luka 4:22; Mat. 7:28; Yoh. 7:46.

2. Akwan bɛn na Yesu faa so kyerɛkyerɛe?

2 Asɛm a saa awɛmfo no kae no yɛ nokware. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watena ase pɛn. Ná ne nkyerɛkyerɛ mu da hɔ, asete nyɛ den, na na obiara nni hɔ a obetumi abɔ agu. Ɔde mfatoho ne nsɛmmisa dii dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Ɔmaa ne nkyerɛkyerɛ no faa nnipa a ɔkasa kyerɛɛ wɔn no ho, ɛmfa ho sɛ na wɔwɔ dibea akɛse anaasɛ wɔyɛ mpapahwekwa no. Ɛwom sɛ, na ne nkyerɛkyerɛ no mu dɔ ankasa de, nanso anyɛ den sɛ nkurɔfo bɛte nokware a ɔkyerɛkyerɛe no ase. Ɛnyɛ saa nneɛma yi nkutoo na ɛmaa Yesu yɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse.

Ɔdɔ ne Su a Ɛho Hia Sen Biara

3. Ɔkwan bɛn so na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔyɛ soronko wɔ nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no ho?

3 Ɛbɛyɛ sɛ na akyerɛwfo ne Farisifo no bi yɛ nnipa a wɔn adwenem dɔ a wɔwɔ nimdeɛ na wonim akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ. Dɛn na ɛmaa Yesu nkyerɛkyerɛ yɛɛ soronko koraa wɔ wɔn de no ho? Ná nyamesom akannifo a wɔwɔ hɔ saa bere no nnɔ mpapahwekwa no. Mmom no, wobuu wɔn animtiaa, na wobuu wɔn sɛ “wɔn a wɔadome wɔn.” (Yoh. 7:49) Nanso Yesu de, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na “wɔayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ.” (Mat. 9:36) Ná Yesu yɛ obi a ɔpɛ nnipa, ɔwɔ ayamhyehye, na ne yam nso ye. Afei nso, na nyamesom akannifo no nni Onyankopɔn ho dɔ ankasa. (Yoh. 5:42) Nanso Yesu de, na ɔdɔ n’Agya, na na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde. Nyamesom akannifo no kyinkyim Onyankopɔn asɛm de yɛɛ nea wɔn ankasa pɛ, nanso Yesu de, na n’ani gye “Onyankopɔn asɛm” ho, ɔde kyerɛkyerɛe, ɔkyerɛkyerɛɛ mu, ɔkaa ho asɛmpa, na ɔde bɔɔ ne bra. (Luka 11:28) Nokwarem no, na Kristo yɛ ɔdɔ ankasa, na ɔdaa ɔdɔ adi kɛse wɔ ne nkyerɛkyerɛ, sɛnea ɔne nnipa dii, ne ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn no mu.

4, 5. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔ ɔdɔ mu? (b) Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, dɛn nti na nimdeɛ ne ahokokwaw nso ho hia?

4 Na yɛn nso ɛ? Esiane sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo nti, yɛpɛ sɛ yesuasua no wɔ yɛn asɛnka adwuma ne yɛn abrabɔ mu. (1 Pet. 2:21) Enti ɛnyɛ yɛn botae nkutoo ne sɛ yɛbɛma nkurɔfo anya Bible mu nimdeɛ, na mmom sɛ yɛbɛda Yehowa su ahorow nso adi, ne titiriw no, ne dɔ. Sɛ́ ebia yɛwɔ nimdeɛ pii anaasɛ yenni pii no, sɛ́ yɛn ho akokwaw pii wɔ nkyerɛkyerɛ mu anaasɛ yɛn ho nkokwawee pii no, ɔdɔ a yɛda no adi no bɛboa yɛn ma yɛn nkyerɛkyerɛ aka wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no koma. Sɛ yebetumi atu mpɔn wɔ asuafoyɛ adwuma no mu paa a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔ ɔdɔ mu de suasua Yesu.

5 Nokwarem no, sɛ yɛbɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa a, ɛsɛ sɛ yenya asɛm a yɛka no ho nimdeɛ na yehu ɔkwan a yɛbɛfa so ama afoforo anya saa nimdeɛ no. Yesu boaa n’asuafo no ma wonyaa abien no nyinaa, na Yehowa nam n’ahyehyɛde no so boa yɛn ma yɛyɛ saa nnɛ. (Monkenkan Yesaia 54:13; Luka 12:42.) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔanya nimdeɛ nkutoo, mmom no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn nso. Sɛ yɛde nimdeɛ, ahokokwaw, ne ɔdɔ kyerɛkyerɛ a, nea efi mu ba no ma akomatɔyam ankasa. Ɛnde, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, akwan bɛn na yebetumi afa so ada ɔdɔ adi? Ɔkwan bɛn na Yesu ne n’asuafo no faa so yɛɛ saa? Momma yɛnhwɛ.

Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa

6. Sɛ yɛdɔ obi a, yɛka ne ho asɛm dɛn?

6 Yɛde anigye ka nneɛma a ɛho hia yɛn ho asɛm, na sɛ yɛyɛ saa a, nkurɔfo tumi hu sɛ yɛn ani agye. Eyi yɛ nokware paa wɔ bere a yɛreka obi a yɛdɔ no ho asɛm no. Mpɛn pii no, yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛka nea yenim fa saa onipa no ho akyerɛ afoforo. Yɛkamfo no, yɛhyɛ no anuonyam, na yɛka ne ho asɛmpa. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo ani gye saa onipa no ne ne suban ho te sɛ nea yɛn nso yɛn ani gye ne ho no.

7. Dɛn na ɔdɔ a Yesu wɔ ma Onyankopɔn no kaa no ma ɔyɛe?

7 Sɛ yebetumi aboa afoforo ma wɔadɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa di kan hu no na yɛdɔ no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ na ɛma yɛsom no nokware mu. (Mat. 22:36-38) Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. Ofi ne koma, n’adwene, ne kra, ne n’ahoɔden nyinaa mu dɔɔ Yehowa. Esiane sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yesu ne ne soro Agya no atena mfe ɔpepepem pii nti, na onim no yiye. Dɛn na efii mu bae? Yesu kae sɛ: “Medɔ Agya no.” (Yoh. 14:31) Yesu daa ɔdɔ a ɛte saa adi wɔ ne kasa ne biribiara a ɔyɛe mu. Saa ɔdɔ no kaa no ma ɔyɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani bere nyinaa. (Yoh. 8:29) Ɛma onyaa akokoduru de kaa nyamesom akannifo a wɔyɛ nyaatwom a na wɔkyerɛ sɛ wogyina Onyankopɔn ananmu no anim. Ɛsan nso kanyan no ma ɔkaa Yehowa ho asɛm kyerɛɛ afoforo, na ɔboaa wɔn ma wohuu Onyankopɔn, na wɔdɔɔ no.

8. Dɛn na Onyankopɔn ho dɔ a na Yesu asuafo no wɔ no kaa wɔn ma wɔyɛe?

8 Ná Yesu asuafo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no dɔ Yehowa te sɛ Yesu ara pɛ, na saa ɔdɔ yi kaa wɔn ma wɔde akokoduru ne nsi kaa asɛmpa no. Ɛwom sɛ nyamesom akannifo a wɔwɔ tumi no sɔre tiaa asuafo no de, nanso wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ hyɛɛ Yerusalem ma. Ná asuafo no rentumi nnyae nea wɔate na wɔahu no ho asɛm ka. (Aso. 4:20; 5:28) Ná wonim sɛ Yehowa ka wɔn ho, na obehyira wɔn, na ohyiraa wɔn nso ampa! Nokwarem no, wɔ Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 30 no, ɔsomafo Paulo tumi kyerɛwee sɛ wɔaka asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.”—Kol. 1:23.

9. Yɛbɛyɛ dɛn ama Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ no mu ayɛ den?

9 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn ankasa a, ɛho hia sɛ yɛn nso yɛkɔ so ma Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ no mu yɛ den. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Sɛ yɛne Onyankopɔn kasa wɔ mpaebɔ mu mpɛn pii a, yebetumi ayɛ saa. Sɛ yesua n’Asɛm, yɛkenkan Bible ho nhoma, na yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow a, ɛno nso ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu yɛ den. Sɛ yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii a, ne ho dɔ bɛhyɛ yɛn koma ma. Afei sɛ yɛnam yɛn kasa ne yɛn nneyɛe so da Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ adi a, afoforo behu na ama wɔabɛn Yehowa.—Monkenkan Dwom 104:33, 34.

Ɛsɛ sɛ Yɛma Nea Yɛkyerɛkyerɛ Ho Hia Yɛn

10. Dɛn na ɛma obi yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa?

10 Ade a ɛma obi yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa ne sɛ ɔma nea ɔkyerɛkyerɛ no ho hia no. Ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ade a ɔrekyerɛkyerɛ no yɛ nokware, ɛho hia, na mfaso wɔ so. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi ma ade a ɔrekyerɛ no ho hia no a, anigye a ɔde kyerɛ ade no bɛda adi, na ebenya wɔn a ɔrekyerɛ wɔn ade no so tumi kɛse. Nanso, sɛ ade a ɔkyerɛkyerɛfo bi rekyerɛ no ho nhia no ankasa a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ kwan sɛ n’asuafo no behu sɛ mfaso wɔ ade a ɔrekyerɛ wɔn no so? Enti nhwɛso pa a wobɛyɛ sɛ obi a ɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no bɛboa wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no. Yesu kae sɛ: “Osuani biara a wɔatete no yiye bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.”—Luka 6:40, The New Berkeley Version in Modern English.

11. Dɛn nti na na nea Yesu kyerɛkyerɛ no ho hia no?

11 Ná nea Yesu kyerɛkyerɛ no ho hia no. Ná onim sɛ ɔwɔ biribi a ɛsom bo a ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo—ne soro Agya ho nokwasɛm ne “Onyankopɔn nsɛm” ankasa ne “daa nkwa nsɛm.” (Yoh. 3:34; 6:68) Nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no te sɛ kanea a ɛhyerɛn a ɛmaa nkurɔfo huu nea eye ne nea enye. Nokware a ɔkyerɛkyerɛe no maa ahobrɛasefo a na atoro som akannifo adaadaa wɔn na Ɔbonsam ahyɛ wɔn so no nyaa anidaso ne awerɛkyekye. (Aso. 10:38) Yehu sɛnea na nokware no ho hia Yesu no wɔ ne nkyerɛkyerɛ ne nea ɔyɛe nyinaa mu.

12. Ɔsomafo Paulo tee nka dɛn wɔ asɛmpa no ho?

12 Sɛnea Yesu maa nokware a ɔkyerɛkyerɛe no ho hiaa no no, saa ara na n’asuafo no nso maa Yehowa ne Kristo ho nokwasɛm ho hiaa wɔn araa ma wɔn atamfo antumi amma wɔannyae ho asɛm ka. Paulo kyerɛw ne mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Me ho pere me sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ mo . . . Na m’ani nwu asɛmpa no ho; nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi nkwa.” (Rom. 1:15, 16) Paulo buu no sɛ ɛyɛ hokwan na wanya sɛ ɔbɛka nokware no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me . . . na wɔde adom yi ama me sɛ menka Kristo ahonyade a enni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no.” (Efe. 3:8) Ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛnea Paulo de anigye kyerɛkyerɛɛ afoforo Yehowa ne N’atirimpɔw ho ade no.

13. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma asɛmpa no ho hia yɛn?

13 Asɛmpa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no boa yɛn ma yehu Ɔbɔadeɛ no, na yɛne no nya abusuabɔ a ɔdɔ wom. Saa asɛmpa no ma yenya asetena mu nsɛmmisa a ɛho hia ho mmuae a ɛtɔ asom, na tumi a ɛwom no tumi sesa yɛn asetena, ɛma yenya anidaso, na ɛhyɛ yɛn den wɔ ahohia bere mu. Bio nso, ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya asetena pa daa. Nimdeɛ biara nni hɔ a ɛsom bo anaa ɛho hia paa sen asɛmpa no. Ɛyɛ akyɛde a ɛso bi nni a wɔde ama yɛn, na ɛma yenya anigye kɛse. Na sɛ yɛka saa akyɛde no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛma yɛn ani gye pii.—Aso. 20:35.

14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama nea yɛkyerɛkyerɛ no ho ahia yɛn paa?

14 Dɛn na wubetumi ayɛ ama asɛmpa no ho ahia wo paa? Sɛ worekenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛyɛ a gyina na susuw nea worekenkan no ho. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wo ne Yesu na ɛreyɛ ne som adwuma no wɔ asase so, anaasɛ wo ne ɔsomafo Paulo retutu akwan. Fa no sɛ wowɔ wiase foforo no mu, na yɛ sɛnea asetena bɛyɛ soronko koraa wɔ hɔ no ho mfonini hwɛ. Susuw nhyira a asɛmpa no a wutiei no ama woanya no ho hwɛ. Sɛ woma asɛmpa no ho hia wo paa a, wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no nso behu. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yedwinnwen nea yɛasua no ho yiye, na yɛma yɛn ani ba nea yɛkyerɛkyerɛ no so.—Monkenkan 1 Timoteo 4:15, 16.

Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Nnipa

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo dɔ n’asuafo?

15 Ɔkyerɛkyerɛfo pa ma n’asuafo bo tɔ wɔn yam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani begye nea wɔresua no ho, na wɔde anigye akyerɛ wɔn adwene. Esiane sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ ɔdɔ dwen n’asuafo ho yiye nti, ɔboa wɔn ma wonya nimdeɛ. Ɔma nea ɔrekyerɛkyerɛ no fa wɔn ahiade ho, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔatumi ate ase so. Osusuw asuafo no mmɔdenbɔ ne wɔn nsɛm tebea ho. Sɛ akyerɛkyerɛfo nya ɔdɔ a ɛte saa ma wɔn asuafo a, asuafo no behu, na ɛbɛma adekyerɛ ne adesua ayɛ anigye.

16. Nneɛma bɛn na Yesu yɛe de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ nnipa?

16 Yesu daa ɔdɔ a ɛte saa adi. Ɔdɔ a ɛsen biara a ɔdaa no adi ne ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a na ɔde bɛto hɔ na ama wɔatumi agye afoforo nkwa no. (Yoh. 15:13) Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma no, na wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa afoforo na wakyerɛkyerɛ wɔn n’Agya ho asɛm. Sɛ́ anka ɔbɛtwɛn ma nkurɔfo aba ne nkyɛn no, ɔno mmom na ɔnantew twaa akwansin pii kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. (Mat. 4:23-25; Luka 8:1) Ná ɔwɔ abotare ne ntease. Bere a na ɛho hia sɛ ɔteɛ n’asuafo no so no, ɔyɛɛ saa wɔ ɔdɔ mu. (Mar. 9:33-37) Ɔma wohui sɛ ɔwɔ wɔn mu ahotoso sɛ wobetumi aka asɛmpa no yiye de hyɛɛ wɔn nkuran. Onipa biara nni hɔ a wakyerɛkyerɛ wɔ ɔdɔ mu sen Yesu da. Ɔdɔ a Yesu daa no adi kyerɛɛ n’asuafo no kaa wɔn ma wɔn nso dɔɔ no bi, na wodii n’ahyɛde so.—Monkenkan Yohane 14:15.

17. Dɛn na Yesu asuafo no yɛe de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ afoforo?

17 Sɛnea Yesu yɛe no, n’asuafo no nso daa ɔdɔ a emu yɛ den ne ayamhyehye adi kyerɛɛ wɔn a wɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no. Wogyinaa ɔtaa ano, na wɔde wɔn nkwa too asiane mu de som afoforo, na wotumi kaa asɛmpa no. Hwɛ ɔdɔ ara a wonya maa wɔn a wotiee asɛmpa no! Ɔsomafo Paulo asɛm a edi so yi ka koma paa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛyɛɛ mo brɛbrɛ sɛnea ɔbaatan ma n’ani kũ n’ankasa mma ho no. Enti, esiane sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma mo nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yiye sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ mobɛyɛɛ yɛn adɔfo.”—1 Tes. 2:7, 8.

18, 19. (a) Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre de yɛ asɛnka adwuma no? (b) Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛ afoforo hu ɔdɔ a yɛda no adi no.

18 Saa ara na ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo ka asɛm no wɔ wiase nyinaa de hwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu Onyankopɔn na wɔsom no no. Nokwarem no, mfe 17 a atwam no, yɛde nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako na ɛyɛɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no afe biara, na yɛda so ara yɛ saa adwuma no. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode bɔ afɔre de yɛ asɛnka adwuma no de, nanso yefi yɛn pɛ mu na ɛyɛ saa. Sɛnea na Yesu nim no, yɛn nso yenim sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ nkurɔfo nya nimdeɛ a ɛbɛma wɔanya daa nkwa. (Yoh. 17:3; 1 Tim. 2:3, 4) Ɔdɔ a yɛwɔ ka yɛn ma yɛboa nnipa komapafo ma wobehu Yehowa na wɔdɔ no te sɛ nea yɛn nso yɛdɔ no no.

19 Afoforo hu ɔdɔ a yɛda no adi no. Sɛ nhwɛso no, onuawa ɔkwampaefo bi a ɔwɔ United States kyerɛw nkrataa kɔkyekye wɔn a wɔn adɔfo awu werɛ. Owura bi kyerɛw onuawa no kae sɛ: “Mfiase no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obi bɛhaw ne ho akyerɛw krataa akɔma obi a onnim no koraa da de aboa no ma wagyina tebea a emu yɛ den a ɔwom ano. Nea metumi aka ara ne sɛ wowɔ ɔdɔ ma wo yɔnko nipa ne Onyankopɔn a ɔkyerɛ onipa kwan a ɔbɛfa so anya nkwa no.”

20. Ɔdɔ mu a yɛbɛkyerɛkyerɛ no ho hia dɛn?

20 Wɔaka sɛ sɛ wode ɔdɔ ne ahokokwaw yɛ adwuma bi a, wubetumi ahwɛ kwan sɛ nea ebefi mu aba no bɛyɛ nea edi mũ paa. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa yɛn asuafo ma wɔahu Yehowa, na wɔadɔ no. Nokwarem no, sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ ma atu mpɔn ankasa a, ehia sɛ yenya Onyankopɔn ho dɔ, yɛma nokware no ho hia yɛn, na yenya nnipa ho dɔ. Sɛ yenya saa ɔdɔ no na yɛda no adi wɔ asɛnka mu a, yebenya ɔma mu anigye, na yɛanya akomatɔyam nso sɛ yenim sɛ, yɛresuasua Yesu na yɛreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani.

Wubebua Dɛn?

• Sɛ yɛde asɛmpa no rekyerɛkyerɛ afoforo a, dɛn nti na ɛho hia sɛ . . . 

yenya Onyankopɔn ho dɔ?

yɛma nea yɛkyerɛkyerɛ no ho hia yɛn?

yenya wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no ho dɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dɛn na ɛmaa Yesu nkyerɛkyerɛ yɛɛ soronko wɔ akyerɛwfo ne Farisifo no de ho?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehia nimdeɛ, ahokokwaw, ne nea ɛsen ne nyinaa no, ɔdɔ, na ama yɛakyerɛkyerɛ yiye