Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So

Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So

Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So

“Yenyaa akokoduru de kaa . . . asɛmpa no kyerɛɛ mo.”—1 TES. 2:2.

1. Dɛn nti na Ahenni no ho asɛmpa yɛ anigye saa?

SƐ WOTE asɛmpa a, hwɛ sɛnea w’ani gye fa! Asɛmpa a ɛsen biara ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Saa asɛmpa yi ma yenya awerɛhyem sɛ amanehunu, yare, ɛyaw, awerɛhow, ne owu befi hɔ. Ɛma yenya anidaso sɛ yebenya daa nkwa, ɛma yehu Onyankopɔn atirimpɔw, na ɛma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a ɔdɔ wom. Ebia w’adwene bɛyɛ wo sɛ obiara ani begye saa asɛmpa yi a Yesu ka kyerɛɛ adesamma no ho. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ saa na ɛte.

2. Kyerɛkyerɛ Yesu asɛm a ɛne: “Mede mpaapaemu na ɛbae” no mu.

2 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Munnnwen sɛ mede asomdwoe baa asase so; mamfa asomdwoe amma, na mmom nkrante. Na mede mpaapaemu na ɛbae na ɔbarima asɔre atia ne papa, na ɔbabea asɔre atia ne maame, na ɔbea warefo asɔre atia n’asebea. Nokwarem no, obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo.” (Mat. 10:34-36) Sɛ́ anka obiara de anigye betie asɛmpa no, nnipa dodow no ara na wontie. Nnipa binom tan wɔn a wɔka asɛmpa no, na wɔn abusuafo paa mpo ka ho.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yenya na ama yɛatumi aka asɛmpa no?

3 Nokware a Yesu kaa ho asɛm no ara bi na yɛn nso yɛka, na sɛ nkurɔfo te a, wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea nnipa pii yɛe wɔ Yesu bere so no ara pɛ. Ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ wɔyɛ saa. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’ahyɛde so a, mo nso wobedi mo de so.” (Yoh. 15:20) Wɔ aman pii so no, wɔmfa ɔtaa mma yɛn so tẽẽ de, nanso wobu yɛn animtiaa, na wɔnkyerɛ asɛm no ho anigye. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yenya gyidi ne akokoduru na ama yɛatumi akɔ so aka asɛmpa no a yensuro.—Monkenkan 2 Petro 1:5-8.

4. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Paulo ‘nya akokoduru’ de ka asɛm no?

4 Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ asɛnka adwuma no, anaa ebia wubesuro sɛ wobɛyɛ ne fã bi. Sɛ saa na ɛyɛ wo a, ɛnyɛ wo nkutoo ne ɔdawurubɔfo pa a wote nka saa. Ná ɔsomafo Paulo yɛ ɔsɛnkafo a ɔwɔ akokoduru a onsuro ade na ɔte nokware no ase yiye de, nanso ɔno mpo, ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛka asɛm no. Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Yɛn Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu, bere a yehuu amane mfiase, na wɔbɔɔ yɛn adapaa (sɛnea munim) wɔ Filipi no.” (1 Tes. 2:2) Ná atumfoɔ no abɔ Paulo ne Silas a na ɔka ne ho no mmaa wɔ Filipi de wɔn agu afiase, na wɔkyekyeree wɔn anan bɔɔ dua mu. (Aso. 16:16-24) Bere a wɔyɛɛ Paulo ne Silas saa mpo no, ‘wonyaa akokoduru’ kɔɔ so kaa asɛm no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa ara? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yensusuw nea ɛmaa Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase wɔ Bible mmere mu no tumi kaa Yehowa ho nokwasɛm no wɔ akokoduru so no ho, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi wɔn nhwɛso no mu.

Ná Wohia Akokoduru a Wɔde Begyina Ɔtan Ano

5. Dɛn nti na ɛho abehia bere nyinaa sɛ wɔn a wodi Yehowa nokware no nya akokoduru?

5 Nokwarem no, Yesu Kristo ne obi a ɔyɛɛ akokoduru ho nhwɛso a ɛsen biara. Nanso, efi bere a wɔbɔɔ nnipa no, ɛho abehia bere nyinaa sɛ wɔn a wodi Yehowa nokware nyinaa nya akokoduru. Dɛn ntia? Bere a wɔtew atua wɔ Eden akyi no, Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ ɔtan bɛda wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔsom Satan no ntam. (Gen. 3:15) Saa ɔtan yi bɛdaa adi ntɛm ara bere a Habel a ɔyɛ ɔtreneeni no nua kum no no. Akyiri yi, wɔtan Enok a ɔno nso yɛ ɔnokwafo a ɔtenaa ase ansa na Nsuyiri no reba no. Enok hyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn de N’ahotefo mpempem pii bɛba abebu amumɔyɛfo atɛn. (Yuda 14, 15) Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii ani annye saa asɛm yi ho. Ná nkurɔfo tan Enok, na sɛ Yehowa antwa ne nna so a, anka ebia wokum no. Hwɛ akokoduru ara a Enok daa no adi!—Gen. 5:21-24.

6. Dɛn nti na na Mose hia akokoduru na ama watumi ne Farao akasa?

6 Afei nso, susuw akokoduru a Mose daa no adi bere a ɔne Farao a ɔyɛ sodifo no kasae no ho hwɛ. Ná wobu Farao sɛ ɔyɛ onyame a ne papa ne owia nyame a wɔfrɛ no Ra, na na wommu Farao sɛ ɔyɛ anyame no ananmusini bi kɛkɛ. Ebetumi aba sɛ na Farao ankasa som ɔno ara ne honi te sɛ nea na Farao afoforo yɛ no. Ná asɛm biara a Farao bɛka no yɛ mmara; na na odi tumi ɔhyɛ so. Ná Farao a ɔwɔ tumi, ɔyɛ ahantan, na wasen ne kɔn no mpɛ sɛ afoforo bɛkyerɛ no nea ɔnyɛ. Ɛyɛ saa ɔbarima yi na Mose a na ɔyɛ oguanhwɛfo a odwo no kɔɔ n’anim mpɛn pii bere a na ɔmfrɛɛ no na ɔmpɛ sɛ ohu n’anim nso no. Asɛm bɛn na Mose kae sɛ ebesi? Ɔkae sɛ ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu bɛba. Dɛn na ɔkae sɛ Farao nyɛ? Ɔkae sɛ Farao nnyae ne nkoa ɔpepem pii mma womfi ɔman no mu nkɔ! So na Mose hia akokoduru? Yiw, na ohia bi papaapa!—Num. 12:3; Heb. 11:27.

7, 8. (a) Sɔhwɛ ahorow bɛn na ɛtoo anokwafo a wɔtenaa ase tete no? (b) Dɛn na ɛmaa wɔn a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba no nyaa akokoduru de gyinaa nokware som akyi na wɔboa ma enyaa nkɔso?

7 Bere a Israelfo fii Egypt akyi mfehaha pii no, adiyifo ne Onyankopɔn asomfo anokwafo foforo de akokoduru gyinaa nokware som akyi. Satan wiase no ne wɔn anni no yiye. Paulo kae sɛ: “Wosiw wɔn abo, wɔsɔɔ wɔn hwɛe, wɔde sradaa paee wɔn mu, wɔde nkrante kunkum wɔn, wɔde nguan ne mmirekyi nhoma nantewee bere a wɔredi hia, wɔn ho hiahiaa wɔn, wodii wɔn ani.” (Heb. 11:37) Dɛn na ɛboaa saa Onyankopɔn asomfo anokwafo no ma wogyinaa pintinn? Ná ɔsomafo no adi kan aka ade a na ama Habel, Abraham, Sara, ne afoforo anya akokoduru de agyina pintinn no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Wɔanhu bɔhyɛ ahorow no mmamu, nanso wohui [wɔ gyidi mu] wɔ akyirikyiri gye toom.” (Heb. 11:13) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a adiyifo te sɛ Elia, Yeremia, ne anokwafo foforo a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba no nyae no na ɛboaa wɔn nso ma wɔde akokoduru gyinaa nokware som akyi pintinn.—Tito 1:2.

8 Saa anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba no hwɛɛ daakye a ɛyɛ anigye ne anika kwan. Sɛ wonyan wɔn fi awufo mu a, wɔnam asɔfodwuma a Kristo Yesu ne 144,000 a wɔyɛ asɔfo nkumaa no bɛyɛ so de nkakrankakra bɛyɛ pɛ, na ‘wobenya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu.’ (Rom. 8:21) Bio nso, nea ɛmaa Yeremia ne Onyankopɔn asomfo akokodurufo foforo a wɔtenaa ase wɔ tete mmere mu nyaa akokoduru ne sɛ Yehowa maa wɔn awerɛhyem, na saa awerɛhyem no da adi wɔ ɛbɔ a ɔhyɛɛ Yeremia no mu sɛ: “Wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo, ‘efisɛ midi w’akyi, na megye wo,’ Yehowa asɛm ni.” (Yer. 1:19) Ɛnnɛ, sɛ yesusuw nneɛma a Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn daakye ne ɛbɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛbɔ abusuabɔ a yɛne no wɔ ho ban no ho a, ɛhyɛ yɛn nso den.—Mmeb. 2:7; monkenkan 2 Korintofo 4:17, 18.

Ɔdɔ Kanyan Yesu Ma Ɔkaa Asɛm no Akokoduru So

9, 10. Akwan bɛn so na Yesu daa akokoduru adi wɔ (a) nyamesom akannifo no anim? (b) asraafokuw bi anim? (d) ɔsɔfopanyin no anim? (e) Pilato anim?

9 Yɛn Nhwɛsofo Yesu daa akokoduru adi wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ na wɔn a wɔwɔ tumi no tan Yesu de, nanso wangow asɛm a na Onyankopɔn pɛ sɛ nkurɔfo te no mu. Ɔpaa nyamesom akannifo a wɔwɔ tumi no nyaatwom ne wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no ho ntama akokoduru so. Yesu buu saa mmarima no fɔ, na ɔkaa no pefee kyerɛɛ wɔn. Bere bi ɔkae sɛ: “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ mote sɛ adamoa a wɔaka ho fitaa a ɛho yɛ fɛ, nanso emu de, awufo nnompe ne afide ahorow nyinaa ayɛ no mã. Saa ara na mo nso, nnipa ani so de, mote sɛ treneefo, nanso nyaatwom ne mmarato ayɛ mo mã.”—Mat. 23:27, 28.

10 Bere a asraafokuw bi kɔɔ Getsemane turom hɔ sɛ wɔrekɔkyere Yesu no, Yesu de akokoduru yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. (Yoh. 18:3-8) Akyiri yi, wɔde no kɔɔ Sanhedrin no anim, na ɔsɔfopanyin no bisabisaa no nsɛm. Ɛwom mpo sɛ na Yesu nim sɛ ɔsɔfopanyin no repɛ asɛm bi agyina so ama wɔakum no de, nanso ɔde akokoduru kae sɛ Ɔno ne Kristo ne Onyankopɔn Ba no. Ɔde kaa ho sɛ wobehu no sɛ “ɔte tumi nsa nifa so na ofi ɔsoro mununkum mu reba.” (Mar. 14:53, 57-65) Ɛno akyi bere tiaa bi no, woguu Yesu mpokyerɛ de no kɔɔ Pilato a na anka obetumi agyae no no anim. Nanso, bere a nkurɔfo kaa nsɛm guu Yesu so no, Yesu yɛɛ dinn. (Mar. 15:1-5) Ná eyi nyinaa gye akokoduru paa.

11. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ma yenya akokoduru?

11 Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yoh. 18:37) Ná Yehowa ahyɛ Yesu sɛ ɔnka asɛmpa no, na Yesu ani gyee ho sɛ ɔbɛyɛ saa adwuma no efisɛ na ɔdɔ ne soro Agya no. (Luka 4:18, 19) Ná Yesu dɔ nkurɔfo no nso. Ná onim sɛ asetena ayɛ den ama wɔn. Yɛn nso, esiane Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ho dɔ kɛse a yɛwɔ nti na yɛka asɛmpa no akokoduru so a yensuro.—Mat. 22:36-40.

Honhom Kronkron Ma Yenya Tumi De Ka Asɛm no Akokoduru So

12. Dɛn na ɛmaa tete asuafo no ani gyei?

12 Wɔ Yesu wu akyi adapɛn bi no, asuafo no ani gyei bere a Yehowa de asuafo bi bɛkaa wɔn ho no. Da koro pɛ, wɔbɔɔ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo bɛyɛ 3,000 a wofi aman pii so a na wɔaba Yerusalem rebedi Pentekoste afahyɛ no asu! Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yerusalemfo nyinaa kaa asɛm a na asi yi ho nsɛm pii! Bible ka sɛ: “Ehu kaa ɔkra biara, na anwonwade ne nsɛnkyerɛnne bebree nam asomafo no so sisii.”—Aso. 2:41, 43.

13. Dɛn nti na anuanom bɔɔ mpae hwehwɛɛ akokoduru, na dɛn na esii?

13 Nyamesom akannifo no bo fuwii ma wɔkyeree Petro ne Yohane de wɔn guu afiase ma ade kyee, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ mma wɔnnka Yesu ho asɛm. Bere a wogyaee asomafo baanu no, wɔkɔkaa asɛm a na asi no kyerɛɛ anuanom, na wɔn nyinaa bɔɔ ɔsɔretia a wohyiae no ho mpae srɛe sɛ: “Yehowa, . . . ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm.” Dɛn na esii? “Honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.”—Aso. 4:24-31.

14. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boa yɛn ma yɛka asɛm no?

14 Hyɛ no nsow sɛ ɛyɛ Yehowa honhom kronkron a ano yɛ den no na ɛboaa asuafo no ma wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no. Ɛnyɛ yɛn ankasa tumi na ɛma yetumi de akokoduru ka asɛm no kyerɛ afoforo a wɔn a wɔsɔre tia asɛm a yɛka no mpo ka ho. Sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mma yɛn a, obetumi de ama yɛn, na ɔde bɛma yɛn nso. Yehowa bɛboa yɛn ma yɛn nso yɛanya akokoduru de agyina ɔsɔretia biara a yebehyia ano.—Monkenkan Dwom 138:3.

Kristofo a Wɔwɔ Hɔ Nnɛ Ka Asɛm no Akokoduru So

15. Ɔkwan bɛn so na nokware no paapae nnipa mu nnɛ?

15 Nokware no da so ara paapae nnipa mu wɔ yɛn bere yi so te sɛ nea ɛyɛe tete no. Ebinom tie asɛm no, na afoforo nso de, wɔnte yɛn som no ase anaasɛ wɔn ani nnye ho. Ebinom kasa tia yɛn, wodi yɛn ho fɛw, anaasɛ wɔtan yɛn mpo sɛnea Yesu kae sɛ wɔbɛyɛ no ara pɛ. (Mat. 10:22) Ɛtɔ mmere bi a, wɔnam nsɛm ho amanneɛbɔfo so de wɔn ani si yɛn so keka yɛn ho nsɛmmɔne ne atosɛm. (Dw. 109:1-3) Nanso, Yehowa nkurɔfo de akokoduru ka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa.

16. Osuahu bɛn na ɛma yehu sɛ sɛ yɛka asɛm no akokoduru so a, ebetumi ama wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no asesa wɔn adwene?

16 Sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm akokoduru so a, ebetumi ama nkurɔfo asesa adwene a wɔwɔ wɔ ho no. Onuawa bi a ɔwɔ Kyrgyzstan ka sɛ: “Da bi a mekɔɔ asɛnka no, ofiewura bi ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Migye Onyankopɔn di, nanso ɛnyɛ Kristofo Nyankopɔn no. Sɛ wosan ba me fie ha bio a, mɛma me kraman no awe wo!’ Ná ɔkraman kɛse bi da ahama mu gyina n’akyi. Nanso, bere a yɛrekyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 a n’asɛmti ne Atoro Som Awiei Abɛn!’ no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsan akɔ saa fie hɔ sɛ ebia mɛkɔ akɔto owura no abusua no muni foforo bi anaa. Nanso, saa owura no ara na obebuee pon no. Ntɛm ara na mebɔɔ Yehowa mpae, na mekae sɛ: ‘Owura mema wo akye, mekae nkɔmmɔ a me ne wo bɔe nnansa ne nnɛ no, na mekae wo kraman no nso. Nanso, esiane sɛ me nso migye nokware Nyankopɔn koro no di te sɛ wo ara nti, merentumi ntwa wo nnya a meremma wo kratawa yi bi. Onyankopɔn bɛtwe ɔsom ahorow a wonni no ni no aso nnansa yi ara. Sɛ wokenkan saa kratawa yi a, ɛbɛma woahu ho nsɛm pii.’ Owura no gyee Ahenni Asɛm no ma ɛyɛɛ me nwonwa. Afei mifii hɔ kɔɔ ofie foforo mu. Simma kakraa bi akyi no, owura no tuu mmirika bɛhwehwɛɛ me a na okura Ahenni Asɛm no. Ɔkae sɛ, ‘Makenkan kratawa no. Dɛn na ehia sɛ meyɛ na Onyankopɔn abufuw amma me so?’” Wɔne owura no fii ase suaa ade, na ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam.

17. Ɛyɛɛ dɛn na akokoduru a onuawa bi de kasae no hyɛɛ Bible suani bi a na ehu aka no no nkuran?

17 Sɛ yɛka asɛm no akokoduru so a, ebetumi nso ahyɛ afoforo nkuran ma wɔanya akokoduru. Wɔ Russia no, onuawa bi a na ɔte bɔs mu de nsɛmma nhoma kyerɛɛ obi wɔ bɔs no mu. Ɔyɛe sɛ ɔde rema no ara pɛ na owura bi sɔre fii n’agua so hwim nsɛmma nhoma no fii onuawa no nsam moamoaa no tow kyenee fam. Ɔteɛteɛɛm yeyaw onuawa no, na ɔkae sɛ ɔnkyerɛ no baabi a ɔte, na ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ mma ɔnnka asɛm no wɔ akuraa no ase hɔ. Onuawa no bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no, na ɔkaee Yesu asɛm yi sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum nipadua.” (Mat. 10:28) Onuawa no sɔre gyinaa hɔ ne owura no kasae bɔkɔɔ sɛ, “Merenkyerɛ wo baabi a mete, na mɛkɔ so ara aka asɛm no wɔ akuraa ase ha nso.” Ɛno akyi no, onuawa no si fii bɔs no mu. Ná onuawa no nnim sɛ sɛɛ na ɔbea bi a ɔne no sua Bible te saa bɔs no mu. Ná saa ɔbea no ama nnipa ho suro ahyɛ no so ma enti ɔnkɔ Kristofo nhyiam. Nanso, bere a Bible suani no huu sɛnea onuawa no de akokoduru kasae no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obefi ase akɔ Kristofo nhyiam.

18. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woaka asɛm no akokoduru so sɛnea Yesu yɛe no?

18 Wɔ wiase a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho yi mu no, ehia sɛ obi nya akokoduru na ama watumi aka asɛm no sɛnea Yesu yɛe no. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woayɛ saa? Fa w’ani to nea ɛbɛba daakye no so. Kɔ so ma Onyankopɔn ne wo yɔnko nnipa ho dɔ a wowɔ no mu nyɛ den. Bɔ Yehowa mpae hwehwɛ akokoduru. Na kae bere nyinaa sɛ Yesu ka wo ho, ɛnkaa wo nkutoo. (Mat. 28:20) Honhom kronkron bɛhyɛ wo den. Na Yehowa behyira wo na waboa wo. Enti, momma yennya akokoduru na yɛnka sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”—Heb. 13:6.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nya akokoduru?

• Akokoduru ho ade bɛn na yɛasua afi . . . 

anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Kristo reba no hɔ?

Yesu Kristo hɔ?

tete Kristofo no hɔ?

yɛn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yesu paa nyamesom akannifo no ho ntama akokoduru so

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yehowa ma yɛn akokoduru de ka asɛm no