Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wudi Ɔdɔ ‘Kwan A Ɛkyɛn So’ No Akyi?

So Wudi Ɔdɔ ‘Kwan A Ɛkyɛn So’ No Akyi?

So Wudi Ɔdɔ ‘Kwan A Ɛkyɛn So’ No Akyi?

“ONYANKOPƆN ne dɔ.” Saa asɛm a ɔsomafo Yohane kae no ma yehu Onyankopɔn su a ɛsen biara no. (1 Yoh. 4:8) Ɛyɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma adesamma no na ɛma yetumi bɛn no na yɛne no nya abusuabɔ. Ɔkwan foforo bɛn so na Onyankopɔn dɔ ka yɛn? Wɔaka ato hɔ sɛ: “Ɛyɛ nneɛma a yɛn ani gye ho na ɛkyerɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra.” Saa asɛm yi yɛ nokware. Na ɛyɛ nokware nso sɛ wɔn a yɛdɔ wɔn ne wɔn a wɔdɔ yɛn ka sɛnea yɛbɔ yɛn bra. Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so nti, yetumi da ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no bi adi wɔ yɛn asetena mu. (Gen. 1:27) Enti ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ yɛdɔ Onyankopɔn “efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.”—1 Yoh. 4:19.

Nsɛmfua Anan a Wɔde Kyerɛkyerɛ Ɔdɔ Mu

Ɔsomafo Paulo kae sɛ ɔdɔ yɛ “ɔkwan a ɛkyɛn so.” (1 Kor. 12:31) Dɛn nti na ɔkaa ɔdɔ ho asɛm saa? Ɔdɔ bɛn na na Paulo reka ho asɛm no? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, ma yɛnhwehwɛ nea asɛmfua a ɛne “ɔdɔ” kyerɛ mu nkɔ akyiri.

Ná tete Helafo de nsɛmfua anan kyerɛkyerɛ ɔdɔ mu wɔ akwan ahorow so: ɛno ne stor·geʹ, eʹros, phi·liʹa, ne a·gaʹpe. Wɔ ɔdɔ anan yi mu no, a·gaʹpe ne nea wɔde ka Onyankopɔn a ‘ɔne dɔ’ no ho asɛm. * Ɔbenfo William Barclay kaa saa ɔdɔ yi ho asɛm wɔ ne nhoma New Testament Words mu sɛ: “Agapē fi adwene mu: ɛnyɛ atenka bi a ɛba yɛn komam ara kɛkɛ; ɛyɛ nnyinasosɛm a yɛhyɛ da de bɔ yɛn bra. Agapē fa ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔbɛyɛ biribi ho kɛse.” Wɔ saa asɛm yi mu no, a·gaʹpe yɛ ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so, nanso mpɛn pii no nkate a emu yɛ den nso ka ho. Esiane sɛ nnyinasosɛm bi wɔ hɔ a eye na ebi nso wɔ hɔ a enye nti, ɛsɛ sɛ Kristofo ma nnyinasosɛm a eye a Yehowa Nyankopɔn ankasa ada no adi wɔ Bible mu no kyerɛ wɔn kwan. Sɛ yɛde sɛnea Bible kyerɛkyerɛ a·gaʹpe mu no toto nsɛm foforo a wɔde kyerɛkyerɛ ɔdɔ mu wɔ Bible mu no ho a, yebehu ɔdɔ kõ a ɛsɛ sɛ yɛda no adi no yiye.

Abusua Mu Dɔ

Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wubenya abusua a ɔdɔ ne biakoyɛ wom! Ná stor·geʹ yɛ Hela asɛmfua a wɔtaa de di dwuma de kyerɛ tema a abusua bi mufo wɔ ma wɔn ho wɔn ho. Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn abusuafo. Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ nna a edi akyiri mu no nnipa dodow no ara bɛyɛ wɔn a “wonni tema.” *2 Tim. 3:1, 3.

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔdɔ a ɛsɛ sɛ abusua mufo nya ma wɔn ho nni hɔ wɔ ɛnnɛ wiase mu. Dɛn nti na mmea pii tu wɔn nyinsɛn gu? Dɛn nti na mmusua mufo pii nhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim? Dɛn nti na nnipa pii regyae aware? Mmuae no ankasa ne sɛ, Wonni tema.

Bio nso, Bible kyerɛkyerɛ sɛ “koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa.” (Yer. 17:9) Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn abusuafo no fi yɛn koma ne yɛn nkate mu. Nanso, nea ɛyɛ nwonwa no, Paulo de a·gaʹpe kaa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ okunu da no adi kyerɛ ne yere ho asɛm. Paulo de saa ɔdɔ no totoo ɔdɔ a Kristo da no adi kyerɛ asafo no ho. (Efe. 5:28, 29) Saa ɔdɔ yi gyina nnyinasosɛm a Yehowa a ɔno ne abusua Hyehyɛfo no de ama so.

Ɔdɔ kann a yɛwɔ ma yɛn abusuafo no na ɛka yɛn ma yɛhwɛ yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim, anaa ɛma yɛhwɛ yɛn mma. Ɛno ara na ɛka awofo nso ma wofi ɔdɔ mu teɛ wɔn mma so bere a ɛho hia sɛ wɔyɛ saa, na ɛmma wonnyina nkate so nyɛ ade. Sɛ awofo gyina nkate so yɛ ade a, mpɛn pii no, ɛma wɔyɛ abahyɛbɔne.—Efe. 6:1-4.

Ɔbarima ne Ɔbea Ntam Dɔ ne Bible Nnyinasosɛm

Ɔdɔ a ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ awarefo da no adi kyerɛ wɔn ho no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ ankasa. (Mmeb. 5:15-17) Nanso, wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛw Bible no amfa asɛmfua eʹros a ɛkyerɛ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ no anni dwuma. Dɛn ntia? Mfe bi a atwam no, Ɔwɛn-Aban no kaa asɛm a edi so yi sɛ: “Ɛnnɛ ɛte sɛ nea wiase no nyinaa redi mfomso koro no ara a tete Helafo no dii no bi. Ná wɔde Eros ayɛ onyame a wɔsom no, na wɔbɔ wɔn mu ase wɔ n’afɔremuka anim, na na wɔbɔ afɔre ma no. . . . Nanso abakɔsɛm ma yehu sɛ nea saa ɔbarima ne ɔbea nna ho som no de bae ara ne animguasede, ahohwibra, ne mpaapaemu. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Bible akyerɛwfo no amfa saa asɛmfua no anni dwuma no.” Nea ɛbɛyɛ na yɛannyina ahoɔfɛ nkutoo so annɔ ɔbarima anaa ɔbea bi no, ɛsɛ sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm ka ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ho di dwuma. Enti bisa wo ho sɛ, ‘So mede ɔdɔ kann ka ɔdɔ a mewɔ ma me kunu anaa me yere ho de di dwuma?’

Sɛ obi nyin du baabi a ‘ɔnyɛ abofra bio,’ bere a nnipa taa nya nna ho akɔnnɔ kɛse no a, mmabun a wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma no bɛkɔ so ama wɔn abrabɔ ho atew. (1 Kor. 7:36; Kol. 3:5) Yebu aware sɛ akyɛde kronkron a efi Yehowa hɔ. Yesu kaa awarefo ho asɛm sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:6) Sɛ́ anka yɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho nkutoo na aka yɛn abom no, yebu aware sɛ biribi a sɛ yɛde yɛn ho hyɛ mu a yɛnsan yɛn akyi bio. Sɛ ɔhaw sɔre wɔ aware mu a, ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ ɔkwan biara kɛkɛ gyina so tetew yɛn ho fi aware no mu, mmom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛda su pa ahorow adi na ama anigye aba yɛn abusua mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ saa a, ɛbɛma yɛanya anigye daa.—Efe. 5:33; Heb. 13:4.

Nnamfo Ntam Dɔ

Sɛ yenni nnamfo a, yɛn ani rennye wɔ asetena mu! Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Adamfo bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sen onua.” (Mmeb. 18:24) Yehowa pɛ sɛ yenya nnamfo pa. Yenim adamfofa a emu yɛ den a na Dawid ne Yonatan wɔ no yiye. (1 Sam. 18:1) Bible ka sɛ na Yesu “pɛ” ɔsomafo Yohane ‘asɛm.’ (Yoh. 20:2) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “pɛ obi asɛm” anaa “adamfofa” no ne phi·liʹa. Mfomso biara nni ho sɛ yebenya adamfo pa wɔ asafo no mu. Nanso, wɔhyɛ yɛn nkuran wɔ 2 Petro 1:7 sɛ yɛmfa ɔdɔ (a·gaʹpe) nka yɛn “nuadɔ” (phi·la·del·phiʹa a ɛyɛ nsɛmfua abien a wɔaka abom a ɛne phiʹlos a ɛyɛ Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “adamfo” ne a·del·phos,ʹ a ɛyɛ Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “onua”) ho. Ɛho hia sɛ yɛde saa afotu yi yɛ adwuma na ama yɛanya nnamfo a yɛne wɔn ntam ntetew. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So mede Bible nnyinasosɛm ka ɔdɔ a mewɔ ma me nnamfo ho?’

Onyankopɔn Asɛm boa yɛn ma sɛ yɛne yɛn nnamfonom redi a, yɛnyɛ animhwɛ. Yɛnyɛ nyaatwom: nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛne yɛn nnamfonom di no brɛbrɛ, na afei yɛne wɔn a wɔnyɛ yɛn nnamfo no adi no denneennen. Bio nso, yɛmfa adɛfɛdɛfɛ so nnya nnamfo. Nea ɛho hia sen biara no, sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm di dwuma a, ɛma yenya nhumu de paw nnamfo pa, na ɛma yɛtwe yɛn ho fi ‘fekubɔne a ɛsɛe ɔbra pa’ ho.—1 Kor. 15:33.

Ɔdɔ Soronko!

Ɔdɔ a ɛma Kristofo yɛ biako no yɛ soronko ampa! Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu. . . . Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.” (Rom. 12:9, 10) Nokwarem no, Kristofo wɔ ‘ɔdɔ (a·gaʹpe) a nyaatwom nnim.’ Saa ɔdɔ yi nyɛ nea yefi nkate nkutoo mu da no adi. Mmom no, egyina Bible mu nnyinasosɛm so pintinn. Nanso, Paulo san ka “onuadɔ” (phi·la·del·phiʹa) ne “ayamhyehye” (phi·loʹstor·gos, a ɛyɛ nsɛmfua abien, phiʹlos ne stor·geʹ a wɔaka abom) ho asɛm. Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, “onuadɔ” kyerɛ “yɔnkodɔ, ayamye a wɔda no adi, tema, ne mmoa a wɔde ma afoforo.” Sɛ Yehowa asomfo de a·gaʹpe ka onuadɔ ho yɛ adwuma a, ɛma wonya ayɔnkofa a emu yɛ den. (1 Tes. 4:9, 10) Asɛm foforo a wɔkyerɛ ase “ayamhyehye” no pue pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu, na ɛkyerɛ abusuabɔ a emu yɛ den te sɛ nea ɛwɔ abusuafo ntam. *

Ɔdɔ a ɛma nokware Kristofo yɛ biako no yɛ abusua mu dɔ, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nnamfo pa, ne abusuabɔ biara a ɔdɔ a egyina Bible nnyinasosɛm so ma yɛne afoforo nya no. Kristofo asafo no nyɛ ahyehyɛde a wɔde bɔ fekuw kɛkɛ anaasɛ wiase ahyehyɛde bi, mmom no, ɛyɛ abusua a wɔde biakoyɛ som Yehowa Nyankopɔn. Yɛfrɛ yɛn mfɛfo gyidifo sɛ anuanom ne anuawanom, na yebu wɔn sɛ wɔyɛ yɛn nuanom. Wɔka yɛn honhom fam abusua no ho, yɛdɔ wɔn sɛ yɛn nnamfo, na yɛne wɔn di bere nyinaa sɛnea Bible nnyinasosɛm kyerɛ. Momma yɛn nyinaa nkɔ so mmoa mma yennya ɔdɔ a ɛma yɛyɛ biako na ɛma wohu nokware Kristofo asafo no.—Yoh. 13:35.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Wɔde a·gaʹpe ka nneɛma bi a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nso ho asɛm.—Yoh. 3:19; 12:43; 2 Tim. 4:10; 1 Yoh. 2:15-17.

^ nky. 7 Asɛm a ɛne “wonni tema” no yɛ stor·geʹ nkyerɛase bi a sɛ wɔde nkyerɛwde a ɛne a hyɛ anim a, ɛkyerɛ biribi a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ, na nea ɛkyerɛ ne sɛ “wonni.”—Hwɛ Romafo 1:31 nso.

^ nky. 18Wiase Foforo Nkyerɛase mu no, Hela nsɛmfua foforo nso wɔ hɔ a wɔkyerɛ ase “ayamhyehye.” Enti wɔ saa nkyerɛase no mu no, ɛnyɛ Romafo 12:10 nkutoo na asɛmfua ‘ayamhyehye’ pue, na mmom, epue wɔ Filipifo 1:8 ne 1 Tesalonikafo 2:8 nso.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Dɛn na woyɛ de boa ma yenya ɔdɔ a ɛma yɛyɛ biako no?