Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mfe Aduɔkron Ni Na Mifii Ase ‘Kaee Me Bɔfo Kɛse No’

Mfe Aduɔkron Ni Na Mifii Ase ‘Kaee Me Bɔfo Kɛse No’

Mfe Aduɔkron Ni Na Mifii Ase ‘Kaee Me Bɔfo Kɛse No’

Sɛnea Edwin Ridgwell ka kyerɛe

NOVEMBER 11, 1918 yɛ ɛda a wɔyɛɛ nhyehyɛe de Ɔko Kɛse a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Wiase Ko I no baa awiei. Saa da no wɔmaa mmofra a wɔwɔ me sukuu hyiaam mpofirim dii ho ahurusi. Saa bere no, na madi mfe anum pɛ, enti na mente nea na wɔreyɛ no ase yiye. Nanso na nea m’awofo akyerɛkyerɛ me afa Onyankopɔn ho no ama mahu sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ nea na wɔreyɛ no bi. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae de, nanso me werɛ howee ma misui. Nanso manyɛ bi. Saa bere no na mifii ase ‘kaee me Bɔfo Kɛse no.’—Ɔsɛnk. 12:1.

Aka asram kakra ma saa asɛm yi asi wɔ sukuu no, na yɛn abusua no atu afi baabi a yɛte akɔtena beae bi a ɛbɛn Glasgow wɔ Scotland. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Paapa kotiee baguam ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” no. Ɔkasa no sesaa n’asetena. Paapa ne Maame fii ase suaa Bible no, na na wɔtaa ka Onyankopɔn Ahenni ne nhyira a ɛde bɛba no ho asɛm. Meda Onyankopɔn ase sɛ efi saa bere no m’awofo tetee me ma medɔɔ Onyankopɔn na mede me ho too no so.—Mmeb. 22:6.

Mifii Bere Nyinaa Som Adwuma Ase

Bere a midii mfe 15 no, na anka metumi atoa me nhomasua so akɔ akyiri, nanso na mepɛ sɛ meyɛ bere nyinaa som adwuma no denneennen. Ná Paapa te nka sɛ misua dodo, enti meyɛɛ adwuma kakra. Nanso, na ɔpɛ a mewɔ sɛ mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa no mu yɛ den araa ma da bi mekyerɛw krataa kɔmaa J. F. Rutherford a saa bere no na ɔhwɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma no so no. Mibisaa n’adwene wɔ botae a na mede asi m’ani so no ho. Onua Rutherford kyerɛw me sɛ: “Sɛ woanyin adu baabi a wutumi yɛ adwuma a, ɛnde na woanyin sɛ wobɛyɛ Awurade adwuma no nso. . . . Migye di sɛ sɛ wobɔ mmɔden de nokwaredi som Awurade a, obehyira wo.” Saa krataa a ɔkyerɛw no March 10, 1928 no kaa yɛn abusua no koma yiye. Ankyɛ koraa na me ne Paapa, Maame, ne me nuabea panyin bɛyɛɛ bere nyinaa asomfo.

Wɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ London, afe 1931 ase no, Onua Rutherford kae sɛ wɔrepɛ wɔn a wobetu wɔn ho ama akɔka asɛmpa no wɔ amannɔne. Mituu me ho mae, na wɔmaa me ne Andrew Jack dwumadi wɔ Kaunas a saa bere no na ɛyɛ Lithuania ahenkurow no mu. Saa bere no na madi mfe 18.

Mekɔkaa Ahenni no Ho Asɛm wɔ Amannɔne

Saa bere no na Lithuaniafo yɛ akuafo a ahia wɔn, na na ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ akɔka asɛm no wɔ nkuraase. Ná ɛyɛ den sɛ yebenya baabi atena, na mmeae a yɛtenae no bi wɔ hɔ a yɛn werɛ remfi da. Sɛ nhwɛso no, da koro anadwo me ne Andrew ani tewee wɔ nna mu, efisɛ na yɛn ho hyehye yɛn. Bere a yɛsɔɔ kanea a wɔde krasin gu mu no, yehui sɛ nsonkuronsuo ayɛ mpa no so ma twom. Wɔwee yɛn fi yɛn ti so kosii yɛn nan ase! Anɔpa biara na ɛsɛ sɛ mikogyina asubɔnten bi a ɛbɛn hɔ mu ma nsu no kɔka me kɔn mu ma ɛyaw no ano brɛ ase. Meyɛɛ saa ara nnawɔtwe. Nanso na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ ɔsom adwuma no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, bere a yehyiaa aberante ne ababaa bi a wɔyɛ awarefo a na wɔagye Bible mu nokware no atom no, yenyaa baabi papa tenae. Wɔne yɛn kɔtenaa wɔn fie, na ofie no sua koraa de, nanso na emu tew. Ɛwom sɛ na yɛda fam de, nanso yɛn ani gyei, na hwɛ sɛnea yɛn ho tɔɔ yɛn fae!

Saa bere no, na Roma Katolek ne Russia Ortodɔks asɔfo no agye Lithuania man no afa. Asikafo nkutoo na na wotumi tɔ Bible. Ná yɛn botae titiriw ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ asasesin no fã kɛse no ara mu sɛnea yebetumi, na yɛama nnipa a wɔn ani gye asɛm no ho Bible ho nhoma pii. Sɛ yedu kurow bi mu a, na yedi kan hwehwɛ baabi a yɛbɛtena. Ɛno akyi no, na yɛde anifere ka asɛm no wɔ nkuraa a atwa kurow no ho ahyia mu, na afei yɛayɛ kurow no ankasa mu adwuma ntɛmntɛm. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛtaa wie adwuma no ansa na asɔfo a wɔwɔ hɔ no akɔfa ɔhaw bi abrɛ yɛn.

Gyegyeegye Bi Maa Nkurɔfo Tee Asɛm No

Wɔ afe 1934 mu no, wɔmaa Andrew kɔyɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Kaunas no, na wɔde John Sempey bɛkaa me ho. Nsɛm bi sisii a yɛn werɛ remfi da. Da bi, mekɔɔ mmaranimfo a ɔwɔ kurow ketewaa bi mu adwuma mu. Ɔbarima no bo fuwii ma ɔtwee tuo fii adaka bi mu, na ɔkae sɛ mimfi hɔ nkɔ. Mebɔɔ mpae wɔ me tirim, na mekaee Bible mu afotu a ɛka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa” no. (Mmeb. 15:1) Enti mekae sɛ, “Mebaa no asomdwoe mu, na mede asɛmpa na ɛnam, na meda wo ase sɛ woanya me ho abotare.” Ɔbarima no yii ne nsa fii otuo no funuma no so, na mekɔɔ m’akyi nkakrankakra fii n’adwumam hɔ kɔe.

Bere a mesan kohyiaa John no, ɔka kyerɛɛ me sɛ asɛm bi a ɛhaw adwene ato ɔno nso. Wɔde korɔn too no so sɛ wawia ɔbea bi a na ɔne no abɔ nkɔmmɔ krataa a wɔde yi sika wɔ sikakorabea a wɔakyerɛw sika kɛse wɔ so, enti wɔde no kɔɔ polisifo adwuma mu. Wɔde John duu hɔ no, wɔworɔw ne ntade nyinaa hwehwɛɛ ne ho. Nanso, na krataa no nni ne ho. Akyiri yi, wɔkyeree nea owiaa ade no ankasa.

Saa nsɛm abien yi maa gyegyeegye sɔree wɔ kurow a na anka emu yɛ dinn no mu, na ɛmaa nkurɔfo tee asɛm a na yɛreka no a yɛammrɛ ho!

Yɛyɛɛ Adwuma wɔ Esum Ase

Adwuma a ɛyɛ hu a na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛde Bible ho nhoma bɛkɔ Latvia a ɛbɛn yɛn a na wɔabara asɛnka adwuma no wɔ hɔ no. Ná yɛfa keteke anadwo kɔ Latvia bɛyɛ pɛnkoro ɔsram biara. Ɛtɔ bere bi na sɛ yeyi nhoma no wie a, na yɛtoa so kɔ Estonia kɔfa nhoma foforo wɔ hɔ, na sɛ yɛresan abɛsen akɔ a, na yeyi gu Latvia.

Bere bi, odwumayɛni bi a ogyigye tow a na obi ayi no asotiw wɔ yɛn adwuma no ho kae sɛ yensi mfi keteke no mu na yɛmfa nhoma no nkɔkyerɛ ne panyin. Me ne John nyinaa bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn. Anwonwasɛm ne sɛ, odwumayɛni no anka dekode a na ɛwɔ yɛn ho no ho asɛm ankyerɛ ne panyin no, na mmom nea ɔkae ara ne sɛ, “Saa mmarima yi wɔ biribi a wɔde bɛkyerɛ wo.” Mekaa nhoma no ho asɛm sɛ ɛbɛboa nkurɔfo a wɔwɔ sukuu ne kɔlege ma wɔate nea ɛrekɔ so wɔ wiase a ɔhaw pii wom no ase “kyerɛɛ” no. Odwumayɛni panyin no ma yɛkɔe, na yekoyii nhoma no guu mmeae a yɛde gu no a yɛanhyia ɔhaw biara.

Bere a Baltic Aman no amanyɔsɛm sɛee koraa no, nnipa dodow no ara sɔre tiaa Adansefo no, na wɔbaraa asɛnka adwuma no wɔ Lithuania nso. Wɔpam Andrew ne John fii ɔman no mu, na bere a Wiase Ko II repenpɛn so no, wɔkae sɛ Britainfo nyinaa mfi ɔman no mu. Me nso mede awerɛhow kɔɔ bi.

Hokwan ne Nhyira Horow a Minyae wɔ Northern Ireland

Saa bere no, na m’awofo atu akɔtena Northern Ireland, na mekɔkaa wɔn ho wɔ afe 1937 mu. Esiane ɔko no nti, na wɔabara yɛn nhoma no wɔ Northern Ireland nso, nanso yɛkɔɔ so kaa asɛm no wɔ ɔko bere no mu nyinaa. Bere a Wiase Ko II no baa awiei no, yetumi san yɛɛ yɛn adwuma no a na mmara biara nsiw yɛn kwan. Harold King a na ɔyɛ ɔkwampaefo a ne ho akokwaw a akyiri yi ɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ China no dii anim ma yɛmaa baguam ɔkasa wɔ mmɔnten so. Ɔkae sɛ, “Memeneda a ɛreba yi, me na mɛma baguam ɔkasa a edi kan no wɔ abɔnten so.” Ɔhwɛɛ m’anim kae sɛ, “Memeneda a edi hɔ no, wo na wobɛma ɔkasa no.” Me ho dwiriw me.

Mekae ɔkasa a edi kan a memae no paa. Nnipa pii betiei. Migyinaa adaka bi so na ɛmaa ɔkasa no, na memaa ɔkasa no a mamfa akasam biara anni dwuma. Bere a memaa ɔkasa no wiei no, ɔbarima bi baa me nkyɛn bekyiaa me nsam, na ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔfrɛ no Bill Smith. Ɔkae sɛ nnipadɔm a ohuu wɔn no nti na ogyinae sɛ ɔrebɛhwɛ nea ɛrekɔ so no. Mibehui sɛ sɛɛ na me papa aka asɛm no akyerɛ Bill bere bi a atwam, nanso bere a Paapa ne ne yere tuu kɔɔ Dublin kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ hɔ no, Bill anhu wɔn bio. Yefii ase suaa Bible no. Bere bi akyi no, Bill abusuafo baakron bɛyɛɛ Yehowa asomfo.

Akyiri yi, mekɔkaa asɛm no wɔ asikafo adan akɛseakɛse a ɛwɔ Belfast kurotia no mu. Na mihyiaa Russiani bea bi a na watena Lithuania pɛn wɔ hɔ. Bere a mede nhoma ahorow bi kyerɛɛ no no, ɔde ne nsa kyerɛɛ biako so kae sɛ: “Mewɔ bi. Me wɔfa a ɔkyerɛ ade wɔ sukuupɔn mu wɔ Kaunas na ɔde maa me.” Ɔbea no de Creation nhoma no a ɛwɔ Poland kasa mu kyerɛɛ me. Ná wɔakyerɛkyerɛw nhoma no nkratafa no anoano. Hwɛ sɛnea ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ me na mede nhoma no maa ne wɔfa bere a mihyiaa no wɔ Kaunas no!—Ɔsɛnk. 11:1.

Bere a John Sempey tee sɛ merekɔ Northern Ireland no, ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔhwehwɛ ne nuabea kumaa Nellie, efisɛ na n’ani gye ho sɛ obesua Bible no. Me ne me nuabea Connie ne no suaa Bible no. Nellie nyaa nkɔso ntɛmntɛm, na ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa. Bere bi akyi no, me ne no nantew de hwɛe sɛ yebetumi aware anaa, na yɛwaree.

Me ne Nellie de mfe 56 boom som Yehowa, na yenyaa hokwan boaa nnipa bɛboro ɔha ma wohuu Bible mu nokware no. Ná yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛbom atwa Harmagedon akɔ Yehowa wiase foforo no mu, nanso ɔtamfo owu otirimɔdenfo no faa no kɔe wɔ afe 1998 mu. Ebubuu me koraa—ɛyɛ sɔhwɛ a ɛyɛ den sen biara a mahyia wɔ m’asetena mu no mu biako.

Mesan Kɔɔ Baltic Aman no Mu

Bɛyɛ afe biako wɔ Nellie wu akyi no, metee anigyesɛm bi. Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Tallinn, Estonia no. Anuanom a wɔwɔ Estonia no kae wɔ krataa a wɔkyerɛwee no mu sɛ: “Wo nkutoo ne anuanom du a wɔde wɔn baa Baltic Aman no mu wɔ afe 1920 mfe no awiei ne afe 1930 mfe no mfiase mu no nea ɔda so te ase.” Wɔsan kae wɔ krataa no mu sɛ baa dwumadibea no rekyerɛw Estonia, Latvia, ne Lithuania asɛnka adwuma no ho abakɔsɛm, na afei wobisae sɛ: “Wubetumi abɛboa anaa?”

Hwɛ hokwan ara a minyae sɛ mɛka osuahu pii a na me ne m’ahokafo anya wɔ saa mfe a atwam no mu akyerɛ wɔn! Mekɔɔ Latvia no, mekyerɛɛ anuanom ɔdan a yedii kan de yɛɛ baa dwumadibea ne ɔdan a na esi adan no atifi a yɛde yɛn nhoma siee mu a polisifo anhu da no. Bere a mekɔɔ Lithuania no, wɔde me kɔɔ kurow ketewa bi a wɔfrɛ no Šiauliai a na mayɛ akwampae adwuma wɔ hɔ pɛn mu. Onua bi ka kyerɛɛ me wɔ nhyiam bi a yɛyɛe wɔ hɔ ase sɛ: “Mfe pii a atwam no, me ne me maame tɔɔ ofie bi wɔ kurow no mu. Bere a yɛreprapra nwura a ɛwɔ ɔdan ketewa a esi ɔdan no atifi mu no, mihuu The Divine Plan of the Ages ne The Harp of God nhoma no wɔ hɔ. Bere a mekenkanee no, mihui sɛ mahu nokware no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ wo na wugyaw saa nhoma no wɔ ofie hɔ mfe pii abɛsen kɔ no!”

Mesan kɔɔ ɔmansin nhyiam wɔ kurow bi a na mayɛ akwampae adwuma wɔ hɔ pɛn mu. Ná makɔ ɔmansin nhyiam bi wɔ hɔ mfe 65 a na atwam no. Saa bere no, nnipa 35 na wɔbaa nhyiam no bi. Nanso hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ saa bere yi de mihui sɛ nnipa bɛboro 1,500 na wɔbaa nhyiam no! Hwɛ sɛnea Yehowa ahyira adwuma no so!

‘Yehowa Annyaw Me’

Nnansa yi, minyaa nhyira bi a na menhwɛ kwan koraa bere a onuawa Kristoni bi a ne ho yɛ anika a ne din de Bee penee so sɛ ɔbɛware me no. Yɛwaree wɔ November 2006 mu.

Metumi ama ɔbabun biara a ɔresusuw nea ɔbɛyɛ wɔ n’asetena mu ho awerɛhyem sɛ nyansa wom paa sɛ obetie asɛm a wɔde Onyankopɔn honhom kyerɛwee yi sɛ: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.” Metumi adi ahurusi mprempren te sɛ nea odwontofo a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu yɛe no: “O Onyankopɔn, wufi me mmofraase na akyerɛkyerɛ me, maka w’anwonwadwuma ho asɛm de abesi nnɛ. O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen mpo a, nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo basa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso, na mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ nkyirimma.”—Dw. 71:17, 18.

[Asase mfonini wɔ kratafa 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Adwuma a ɛyɛ hu a na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛde Bible ho nhoma bɛkɔ Latvia

ESTONIA

TALLINN

Riga Faka

LATVIA

RIGA

LITHUANIA

VILNIUS

Kaunas

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Mifii ase yɛɛ colporteur (akwampae) adwuma wɔ Scotland bere a midii mfe 15

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne Nellie wɔ yɛn ayeforohyia da, 1942