Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Aba No Adu Akyirikyiri

Nokware Aba No Adu Akyirikyiri

Nokware Aba No Adu Akyirikyiri

TUVA REPUBLIC a ɛwɔ Russia no wɔ Siberia anafo fam tɔnn, na ɛne Mongolia bɔ hye wɔ anafo ne apuei fam. Tuvafo pii tete nkurow a ɛwɔ akyirikyiri mu, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkɔ akɔka Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn wɔ hɔ. Nanso bere bi a atwam no, nnipakuw bi a wofi Tuva nkurow a ɛwɔ akyirikyiri pii mu kɔɔ Kyzyl a ɛyɛ Tuva ahenkurow mu kɔyɛɛ nhyiam bi. Maria a ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ Kyzyl no tee sɛ nkurɔfo no aba kurom hɔ, na ohui sɛ wanya hokwan paa sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wɔntaa nte asɛm no.

Maria ka nea esii no ho asɛm sɛ: “Sukuu a mekyerɛ ade wɔ mu no yɛɛ nhyiam bi a na wɔde rebɛyɛ nnubɔnenom ho nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe. Ná nnipa bɛyɛ 50 a wɔte Tuva nkurow a ɛwɔ akyirikyiri paa mu no bɛba nhyiam no bi. Ná akyerɛkyerɛfo, adwene ne nneyɛe ho animdefo, wɔn a wɔhwɛ mmofra yiyedi ho nsɛm so, ne afoforo ka ho.” Maria hui sɛ nhyiam yi bɛma wanya hokwan de aka asɛm no, nanso na ɛbɛyɛ den ama no. Ɔkae sɛ: “Meyɛ obi a mefɛre ade, na ɛyɛ den ma me nso sɛ mɛyɛ bɔnnɔ so adansedi. Nanso mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me akokoduru mfa nni ehu no so, na memfa saa hokwan yi nni adanse.” So otumi dii adanse no?

Maria san kae sɛ: “Minyaa Awake! nsɛmma nhoma bi a na ɛka nneɛma a nkurɔfo suro ho asɛm. Minyaa adwene sɛ, ‘Ebia obi a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho nimdefo ani begye ho,’ enti mede nsɛmma nhoma no kɔɔ sukuu. Saa da no, akyerɛkyerɛfo a na wɔreba nhyiam no mu biako baa me sukuu dan mu, na mede nsɛmma nhoma no maa no. Ɔde anigye gyei. Nokwarem no, ɔkae sɛ na ɔno nso wɔ biribi a osuro. Ade kyee no, mede Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no Po 1 no brɛɛ no. Ɔde anigye gyee ɛno nso. Anigye a ɔde gyee nhoma no ma minyaa adwene sɛ ebia akyerɛkyerɛfo a wɔaka no nso ani begye ho. Ɛno nti mede Young People Ask nhoma no adaka biako ne nhoma ahorow kɔɔ sukuu.” Ankyɛ na nhoma no nyinaa sae. Maria ka nea esii no ho asɛm sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo a memaa no Young People Ask nhoma no mfɛfo akyerɛkyerɛfo binom baa me sukuu dan mu bebisae sɛ, ‘Ɛhe na wɔrekyekyɛ nhoma no?’” Nanso, na ɛhɔ ara na wogyina no!

Ná nhyiam no da a etwa to yɛ Memeneda. Ná ɛyɛ ɛda a Maria mfa nkɔ adwuma, enti ɔde nhoma guguu apon bi so wɔ ne sukuu dan mu hɔ. Ɔkyerɛw guu kyerɛwpon bi so sɛ: “Me Mfɛfo Akyerɛkyerɛfo! Mubetumi afa nhoma no bi na mode bi akɔma mo nnamfo. Nhoma a emu nsɛm yɛ anigye yi bɛboa mo ma moayɛ mo adwuma yiye na aboa mo mmusua nso.” Dɛn na efii mu bae? Maria kae sɛ: “Mekɔɔ m’adwuma mu hɔ saa da no, na mihui sɛ na wɔafa nhoma dodow no ara. Enti ɛhɔ ara na mebɔɔ hwii kɔfaa nhoma ne nsɛmma nhoma foforo beguu hɔ.” Bere a wowiee nhyiam no, na Maria ama nsɛmma nhoma 380, nhoma 173, ne nhomawa 34. Bere a wɔn a wɔbaa nhyiam no san kɔɔ nkurow a ɛwɔ akyirikyiri a wɔte hɔ na wɔyɛ wɔn nnwuma no, wɔde nhoma no kɔe. Maria ka sɛ, “M’ani agye paa sɛ afei de nokware aba no adu Tuva nkurow a ɛwɔ akyirikyiri paa no mu!”—Ɔsɛnk. 11:6.

[Asase mfonini wɔ kratafa 32]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

RUSSIA

TUVA REPUBLIC