Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Ademude A ‘Wɔakora So Wɔ No Mu’ No

Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Ademude A ‘Wɔakora So Wɔ No Mu’ No

Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Ademude A ‘Wɔakora So Wɔ No Mu’ No

“Ɔno mu na wɔakora ademude nyinaa, nyansa de ne nimdeɛ de.”—KOL. 2:3.

1, 2. (a) Nneɛma bɛn na wokohui wɔ afe 1922 mu, na saa nneɛma no wɔ he nnɛ? (b) Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ obiara sɛ ɔnyɛ?

NSƐM ho amanneɛbɔfo taa ka ademude a ahintaw a nkurɔfo akohu ho asɛm pii. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1922 mu no, Britaniani Howard Carter a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no de mfe pii yɛɛ adwumaden wɔ tebea a emu yɛ den mu kohuu biribi a ɛyɛ nwonwa paa. Ohuu Farao Tutankhamen ɔboda a ɛkame ayɛ sɛ na ɛho ntɔɔ kyima a na nneɛma a egu mu dodow bɛyɛ 5,000.

2 Ɛwom sɛ ademude a Carter hui no yɛ nwonwa de, nanso ɛnnɛ, nneɛma a ohui no mu dodow no ara gu tete nneɛma akorae, anaasɛ akodi ankorankoro bi nsam. Ebia nneɛma a ohui no bɛma yɛahu biribi afa abakɔsɛm ho, anaa ɛbɛma yɛanya adwinnidi ho nimdeɛ bi de, nanso ɛrentumi mmoa yɛn ahe biara wɔ nneɛma a yɛyɛ daa wɔ yɛn asetena mu no mu. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnhwehwɛ ademude a ebetumi aboa yɛn paa. Wɔka kyerɛ obiara sɛ ɔnhwehwɛ saa ademude no, na mfaso a yebenya wɔ so no sen nea yebenya wɔ honam fam ademude biara so koraa.—Monkenkan Mmebusɛm 2:1-6.

3. Mfaso ahorow bɛn na ɛwɔ ademude a Yehowa hyɛ n’asomfo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ no so?

3 Susuw mfaso a ɛwɔ ademude a Yehowa hyɛ n’asomfo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ no so no ho hwɛ. Ademude a ɛte saa no bi ne “Yehowa suro” a ebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no. (Dw. 19:9) “Onyankopɔn ho nimdeɛ” a yebenya no betumi ama yɛanya hokwan a ɛsen biara a onipa biara betumi anya, na ɛno ne abusuabɔ a emu yɛ den a ɔne Ɔsorosoroni no benya. Na sɛ yɛwɔ ademude a ɛne nyansa, nimdeɛ, ne nhumu a Onyankopɔn de ma a, yebetumi agyina ɔhaw ne asetena mu nsɛm a yehyia da biara da no ano yiye. (Mmeb. 9:10, 11) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ademude a ɛsom bo saa no?

Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Honhom Fam Ademude

4. Yɛbɛyɛ dɛn ahu ademude a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no?

4 Mpɛn pii no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne afoforo a wokyinkyin hwehwɛ nneɛma bi no brɛ ansa na wɔahu nea wɔrehwehwɛ no, nanso yɛn de yenim baabi pɔtee a yebehu honhom fam ademude no. Onyankopɔn Asɛm te sɛ asase mfonini bi a wɔde hwehwɛ baabi a ademude bi hyɛ, na ɛkyerɛ yɛn baabi pɔtee a yebetumi ahu ademude a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no. Bere a ɔsomafo Paulo reka Kristo ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔno mu na wɔakora ademude nyinaa, nyansa de ne nimdeɛ de.” (Kol. 2:3) Sɛ yɛrekenkan saa asɛm no a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ saa ademude no? Ɔkwan bɛn so na “wɔakora” so wɔ Kristo mu? Na yɛbɛyɛ dɛn ahu?’ Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yɛnhwehwɛ asɛm a ɔsomafo Paulo kae no mu nkɔ akyiri.

5. Dɛn nti na na Paulo rekyerɛw honhom fam ademude ho asɛm?

5 Paulo kyerɛw saa asɛm no kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ Kolose no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔredi apere ama wɔn na ama “wɔanya awerɛkyekye, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde biakoyɛ bɛbom wɔ ɔdɔ mu.” (Monkenkan Kolosefo 2:1, 2.) Dɛn nti na na odwen wɔn ho saa? Ɛda adi sɛ na Paulo nim sɛ ɛbɛyɛ sɛ na anuanom binom a wɔrehyɛ Hela nyansapɛ ahorow bi ho nkuran anaa wɔreka sɛ wɔnsan nkodi Mose Mmara no so no anya anuanom a wɔwɔ hɔ no so nkɛntɛnso. Ɔbɔɔ anuanom a wɔwɔ hɔ no kɔkɔ denneennen sɛ: “Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm ne wiase mu nneɛma so a ennyina Kristo so bɛfa mo nnommum.”—Kol. 2:8.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Paulo afotu no ho hia yɛn?

6 Ɛnnɛ, Satan ne ne wiase bɔne no de ɔhaw a ɛte saa ara ba yɛn so. Wiase nyansapɛ a ebi ne adannandi nkyerɛkyerɛ ne adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn nni hɔ no nya nkurɔfo nsusuwii, wɔn abrabɔ, ne wɔn suban so nkɛntɛnso. Atoro som di akoten wɔ nnapɔnna pii a wodi a agye din no mu. Nnwumakuw a wɔyɛ anigyede yɛ nneɛma a nkurɔfo de dwudwo wɔn akɔnnɔ bɔne ano, na saa ara na Intanɛt so nneɛma pii nso betumi asɛe mmofra ne mpanyin nyinaa abrabɔ. Sɛ yetie anaa yɛhwɛ nneɛma a ɛte saa ne wiase no mu nneɛma foforo bere nyinaa a, ɛnyɛ den koraa sɛ ebetumi aka sɛnea yɛte nka wɔ akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ho no, na ɛno remma yenso nkwa ankasa no mu denneennen bere nyinaa. (Monkenkan 1 Timoteo 6:17-19.) Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛmpɛ sɛ Satan mfiri yi yɛn a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛte asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Kolosefo no ase yiye, na yɛde n’afotu no yɛ adwuma.

7. Nneɛma abien bɛn na Paulo kae sɛ ɛbɛboa Kolosefo no?

7 Sɛ yɛsan susuw asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Kolosefo no ho a, yehu sɛ bere a ɔkaa nea ɛhaw no ho asɛm wiei no, ɔsan kaa nneɛma abien a ɛbɛboa wɔn ma wɔanya awerɛkyekye na wɔayɛ biako wɔ ɔdɔ mu ho asɛm. Nea edi kan, ɔkaa “wɔn ntease a esi pi” ho asɛm. Ná ɛsɛ sɛ wogye tom koraa sɛ Kyerɛwnsɛm mu ntease a wɔwɔ no yɛ nokware sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn gyidi benya nnyinaso a enhinhim. (Heb. 11:1) Afei, ɔsan kaa “Onyankopɔn ahintasɛm kronkron . . . ho nokware nimdeɛ” ho asɛm. Ná ɛho hia sɛ wonya nimdeɛ pii ka nokware no ho nimdeɛ a na wɔanya dedaw no ho, na wɔte Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no ase yiye. (Heb. 5:13, 14) Ná eyi yɛ afotu pa ankasa ma Kolosefo no ne yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso! Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi asi pi saa na ama yɛanya saa nokware nimdeɛ no? Paulo ma yehuu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ asɛm a emu dɔ a ɔka faa Yesu Kristo ho no mu sɛ: “Ɔno mu na wɔakora ademude nyinaa, nyansa de ne nimdeɛ de.”

Ademude a “Wɔakora” so wɔ Kristo Mu

8. Kyerɛkyerɛ asɛm a ɛne “wɔakora” so wɔ Kristo mu no mu.

8 Sɛ wɔka sɛ “wɔakora” nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa so wɔ Kristo mu a, ɛno nkyerɛ sɛ onipa biara rentumi nnya da. Mmom no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa, na yɛde yɛn adwene si Yesu Kristo so ansa na yɛanya saa ademude no. Saa asɛm no ne nea Yesu ankasa ka faa ne ho yi hyia sɛ: “Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yoh. 14:6) Nokwarem no, yehia Yesu mmoa ne n’akwankyerɛ na ama yɛanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.

9. Nnwuma bɛn na wɔde ahyɛ Yesu nsa?

9 “Ɔkwan no” a Yesu yɛ akyi no, ɔkae sɛ ɔno ne “nokware no ne nkwa.” Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ ne so a yɛfa kɔ Agya no nkyɛn nkutoo ne adwuma a ɔyɛ. Yesu san yɛ nnwuma foforo a ɛho hia a ɛma yɛte Bible mu nokware no ase na ɛma yenya daa nkwa. Nokwarem no, wɔrentumi mfa ademude biara ntoto honhom fam ademude a wɔakora so wɔ Yesu mu a wɔn a wɔtɔ wɔn bo ase sua Bible no betumi ahu no ho. Momma yensusuw ademude a ɛboa yɛn paa ma yenya daakye ho anidaso, na yɛne Onyankopɔn ntam nso yɛ papa no bi ho nhwɛ.

10. Dɛn na yebetumi asua afa Yesu ho wɔ Kolosefo 1:19 ne 2:9?

10 “Nyamesu ayɛ mã wɔ ne nipadua mu.” (Kol. 1:19; 2:9) Esiane sɛ Yesu ne ne soro Agya atena mfe mpempem pii nti, onim Onyankopɔn nipasu ne n’apɛde yiye sen obiara. Wɔ ɔsom adwuma a Yesu yɛe wɔ asase so nyinaa mu no, ɔde nea na n’Agya akyerɛkyerɛ no no kyerɛkyerɛɛ afoforo, na ɔdaa su a na n’Agya de akyerɛkyerɛ no no nso adi wɔ n’asetena mu. Ɛno nti na Yesu tumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:9) Wɔde Onyankopɔn nyansa ne ne nimdeɛ nyinaa asie Kristo mu anaa ɛwɔ ne mu. Enti ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so asua Yehowa ho ade ne sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase asua Yesu ho ade akɔ akyiri sɛnea yebetumi.

11. Dwuma bɛn na Yesu di wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu?

11 “Yesu ho adansedi na ɛma wɔhyɛ nkɔm.” (Adi. 19:10) Saa asɛm no kyerɛ sɛ Yesu ne onipa titiriw a nkɔmhyɛ pii a ɛwɔ Bible mu nam no so bɛbam. Sɛ yebetumi ate Bible nkɔmhyɛ ahorow ase, nea efi nkɔm a Yehowa dii kan hyɛe a ɛwɔ Genesis 3:15 kosi anisoadehu a anuonyam wom a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no so ase yiye a, gye sɛ yehu dwuma a Yesu di wɔ Mesia Ahenni no mu. Eyi ma yehu nea enti a wɔn a wonnye nni sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ no ho bɔ no nte nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu pii ase no. Ɛsan ma yehu nea enti a wɔn a wonnye Hebri Kyerɛwnsɛm a emu na Mesia no ho nkɔmhyɛ pii wɔ no ntom no bu Yesu sɛ ɔyɛ onipa kɛse bi ara kɛkɛ no. Yesu ho nimdeɛ boa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔte Bible nkɔmhyɛ a ennya nnyaa mmamu no ase.—2 Kor. 1:20.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ “wiase hann”? (b) Esiane sɛ Kristo akyidifo ade wɔn ho afi esum a ɛwɔ nyamesom mu ho nti, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

12 “Mene wiase hann.” (Monkenkan Yohane 8:12; 9:5.) Mfe pii ansa na wɔrewo Yesu wɔ asase so no, odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Nnipa a wɔnam sum mu no ahu hann kɛse bi, na wɔn a wɔte esum kabii bun mu no, hann apue wɔn so.” (Yes. 9:2) Ɔsomafo Mateo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yesu maa saa nkɔmhyɛ no baa mu bere a ofii asɛnka ase, na ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 4:16, 17) Asɛnka adwuma a Yesu yɛe no maa nkurɔfo no nyaa honhom fam hann ne ahofadi fii atoro som nkyerɛkyerɛ a na ɛde wɔn ayɛ nkoa no ho. Yesu kae sɛ: “Maba wiase sɛ hann na obiara a ogye me di no antena sum mu.”—Yoh. 1:3-5; 12:46.

13 Ɛno akyi mfe pii no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Kan no na moyɛ sum, nanso afei de moayɛ hann Awurade mu. Monkɔ so nnantew sɛ hann mma.” (Efe. 5:8) Esiane sɛ Kristofo ade wɔn ho afi esum a ɛwɔ nyamesom mu ho nti, ɛsɛ sɛ wɔnantew sɛ hann mma. Eyi ne asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo wɔ Bepɔw so Asɛnka mu no hyia sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mat. 5:16) So w’ani sɔ honhom fam ademude a woahu wɔ Yesu mu no araa ma wonam wo kasa ne ɔbra pa a wobɔ sɛ Kristoni no so bɛka ho asɛm akyerɛ afoforo?

14, 15. (a) Dwuma bɛn na na wɔde nguan ne mmoa foforo di wɔ nokware som mu wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no? (b) Dɛn nti na Yesu yɛ ademude a ɔsen biara wɔ dwuma a odi sɛ “Onyankopɔn Guammaa” no mu?

14 Yesu ne “Onyankopɔn Guammaa” no. (Yoh. 1:29, 36) Wɔ Bible mu nyinaa no, wɔde nguan dii dwuma titiriw wɔ bɔne fafiri ne Onyankopɔn anim a wɔkɔ mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Abraham daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne ba Isak bɔ afɔre no, wɔka kyerɛɛ no sɛ mma ɔnnyɛ Isak bɔne, na mmom wɔmaa no odwennini de sii Isak ananmu. (Gen. 22:12, 13) Bere a wogyee Israelfo fii Egypt no, wɔde nguan dii dwuma titiriw bio, saa bere no de, wɔde dii dwuma wɔ “Yehowa twam” no mu. (Ex. 12:1-13) Bio nso, Mose Mmara no ma wɔde mmoa ahorow bɔɔ afɔre a na nguan ne mmirekyi ka ho.—Ex. 29:38-42; Lev. 5:6, 7.

15 Nokwarem no, saa afɔre a wɔbɔe no ne afɔre a nnipa bɔe biara nni hɔ a na ebetumi agye nnipa afi bɔne ne owu mu korakora. (Heb. 10:1-4) Nanso, Yesu ne “Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no.” Saa asɛm yi nkutoo ma Yesu yɛ ademude a ɛsen ademude foforo biara a nnipa ahu pɛn. Enti ɛsɛ sɛ yegye bere sua agyede no ho ade yiye, na yenya saa nsiesiei a ɛyɛ nwonwa no mu gyidi. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yenya anidaso sɛ yebenya nhyira ne akatua kɛse—“nguankuw ketewa” no ne Kristo benya anuonyam ne nidi wɔ soro, na “nguan foforo” no nso benya daa nkwa wɔ Paradise asase so.—Luka 12:32; Yoh. 6:40, 47; 10:16.

16, 17. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu dwuma a Yesu di sɛ “Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo” no?

16 Yesu ne “Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo.” (Monkenkan Hebrifo 12:1, 2.) Paulo de gyidi ho nkyerɛkyerɛmu a etu mpɔn mae wɔ Hebrifo ti 11, na ɔma yehuu nea gyidi kyerɛ, na afei ɔbobɔɔ mmarima ne mmea a wɔbɔɔ wɔn bra wɔ gyidi mu te sɛ Noa, Abraham, Sara, ne Rahab din. Bere a na eyinom nyinaa ho asɛm wɔ Paulo adwenem no, ɔhyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ “yennyen yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo Yesu.” Dɛn nti na ɔtwee adwene sii Yesu so?

17 Ɛwom sɛ na saa anokwafo a wɔabobɔ wɔn din wɔ Hebrifo ti 11 no wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi a ɛyɛ den de, nanso na wonnim sɛnea Onyankopɔn nam Mesia no ne Ahenni no so bɛma ne bɔhyɛ abam no ho nsɛm nyinaa. Ɛno nti, na wɔn gyidi nni mũ nwie. Nokwarem no, wɔn a Yehowa ma wɔkyerɛw Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow pii no mpo ante nea wɔkyerɛwee no nyinaa ase yiye. (1 Pet. 1:10-12) Yesu mu nkutoo na yɛn gyidi betumi awie pɛyɛ anaasɛ adi mũ koraa. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛte dwuma a Yesu di sɛ “Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo” no ase yiye na yegye tom!

Monkɔ so Nhwehwɛ

18, 19. (a) Kyerɛ honhom fam ademude foforo a wɔakora so wɔ Kristo mu. (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ Yesu mu na yebenya honhom fam ademude?

18 Yɛasusuw nnwuma a ɛsom bo a Yesu yɛ wɔ nea Onyankopɔn ayɛ a ɔde begye adesamma nkwa no mu kakra bi pɛ ho. Honhom fam ademude foforo pii da so ara wɔ hɔ a wɔakora so wɔ Kristo mu. Sɛ yehu a, ɛbɛma yɛn ani agye na yɛanya so mfaso bebree. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Petro frɛɛ Yesu sɛ “nkwa Safohene” ne “adekyee nsoromma” a apue. (Aso. 3:15; 5:31; 2 Pet. 1:19) Bible san frɛ Yesu “Amen.” (Adi. 3:14) So wunim nea saa nsɛm a wɔde frɛ Yesu yi kyerɛ ne sɛnea ɛho hia? Yesu ankasa kae sɛ “monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu.”—Mat. 7:7.

19 Onipa biara nni hɔ a watena asase so pɛn a n’asetena so aba mfaso, na nea ɔyɛe nyinaa bɛma yɛanya asetena pa daa te sɛ Yesu. Ɔno mu na honhom fam ademude a ɛnyɛ den koraa sɛ obiara a ofi ne koma nyinaa mu hwehwɛ no betumi ahu no wɔ. Ɛmmra sɛ wubehu ademude a ‘wɔakora so wɔ no mu’ no, na ama w’ani agye na woanya nhyira.

So Wokae?

• Ademude bɛn na wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ?

• Dɛn nti na afotu a Paulo de maa Kolosefo no da so ara yɛ nea ɛso wɔ mfaso ma yɛn nnɛ?

• Kyerɛ honhom fam ademude a “wɔakora” so wɔ Kristo mu no bi na kyerɛkyerɛ mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bible te sɛ asase mfonini bi a ɛma yehu ademude a “wɔakora” so wɔ Kristo mu