Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Mmusua—Munsuasua Yesu Nhwɛso!

Kristofo Mmusua—Munsuasua Yesu Nhwɛso!

Kristofo Mmusua—Munsuasua Yesu Nhwɛso!

“Kristo . . . [gyaw] mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.”—1 PET. 2:21.

1. (a) Kyɛfa bɛn na Onyankopɔn Ba no nyae wɔ adebɔ mu? (b) Yesu te nka dɛn wɔ adesamma ho?

BERE a Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no, na n’Abakan no wɔ ne nkyɛn “sɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw.” Onyankopɔn Ba no boaa n’Agya nso bere a Yehowa yɛɛ mmoa ne afifide ahorow pii wɔ asase so ha, ne bere a osiesiee Paradise a na ɛbɛyɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn wɔ Yehowa suban so fie no. Ná Onyankopɔn Ba a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Yesu no dɔ adesamma paa. Bible ka sɛ: “Nnipa mma ho nsɛm na na ɛda [ne] koma so.”—Mmeb. 8:27-31; Gen. 1:26, 27.

2. (a) Dɛn na Yehowa de ama adesamma a wɔtɔ sin? (b) Nneɛma a Bible de ho akwankyerɛ ma wɔ asetena mu biako ne dɛn?

2 Bere a nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ bɔne no, adesamma a na wobegye wɔn afi bɔne mu bɛyɛɛ ade titiriw wɔ Yehowa atirimpɔw mu. Yehowa de Kristo agyede afɔre no mae na ama wɔatumi agye adesamma. (Rom. 5:8) Bio nso, Yehowa de n’Asɛm Bible a ɛde akwankyerɛ ma nnipa wɔ sɛnea wobetumi agyina sintɔ a wonya fii awo mu ano mae. (Dw. 119:105) Yehowa de akwankyerɛ ma wɔ n’Asɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa nnipa ma wɔanya mmusua a ɛyɛ den na anigye wom. Genesis nhoma no ka aware ho asɛm sɛ ɛsɛ sɛ onipa ‘de ne ho kɔfam ne yere ho na wɔyɛ ɔhonam koro.’—Gen. 2:24.

3. (a) Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛ faa aware ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm yi mu?

3 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, osii so dua sɛ wɔhyehyɛɛ aware sɛ ɛntena hɔ daa. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnyinasosɛm a sɛ mmusua de yɛ adwuma a ɛbɛboa wɔn ma wɔatwe wɔn ho afi su ne nneyɛe a ebetumi asɛe wɔn aware anaa anigye a ɛwɔ wɔn abusua mu no ho. (Mat. 5:27-37; 7:12) Yebesusuw sɛnea Yesu nkyerɛkyerɛ ne nhwɛso a ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no betumi aboa okununom, ɔyerenom, ne mmofra ma wɔanya asetena a anigye ne akomatɔyam wom ho wɔ adesua asɛm yi mu.

Sɛnea Okunu a Ɔyɛ Kristoni Di Ne Yere Ni

4. Asɛyɛde a Kristofo a wɔyɛ okununom wɔ bɛn na ɛte sɛ Yesu de no?

4 Onyankopɔn apaw okunu sɛ abusua no ti te sɛ nea Yesu nso yɛ asafo no Ti no ara pɛ. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua yi agyenkwa. Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no.” (Efe. 5:23, 25) Nokwarem no, sɛnea Yesu ne n’akyidifo dii no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ Kristofo mmarima hwɛ so ne wɔn yerenom di. Momma yensusuw akwan a Yesu faa so de tumi a Onyankopɔn de maa no no dii dwuma no bi ho nhwɛ.

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu dii tumi wɔ n’asuafo no so?

5 Ná Yesu ‘dwo, na na ɔbrɛ ne ho ase koma mu.’ (Mat. 11:29) Ná ɔyɛ n’ade nnam so nso. Wammu n’ani angu n’asɛyɛde ahorow so da. (Mar. 6:34; Yoh. 2:14-17) Ofi ayamye mu de afotu maa n’asuafo, na ɔyɛɛ saa mpɛn pii wɔ bere a ohui sɛ ɛho hia no. (Mat. 20:21-28; Mar. 9:33-37; Luka 22:24-27) Nanso, Yesu ankasa antia wɔn anaa wangu wɔn anim ase, na saa ara nso na wamma wɔante nka sɛ ɔnnɔ wɔn anaasɛ wontumi nyɛ adwuma a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn ma wɔakɔyɛ no. Mmom no, ɔkamfoo n’asuafo no, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran. (Luka 10:17-21) Esiane sɛ Yesu ne n’asuafo no dii no ɔdɔ ne ayamhyehye so nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wonyaa obu maa no!

6. (a) Dɛn na okunu betumi asua afi sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii no mu? (b) Nkuranhyɛ bɛn na Petro de ma okununom?

6 Yesu nhwɛso no ma okununom hu sɛ sɛ wɔpɛ sɛ wosuasua Yesu tiyɛ a, ɛnsɛ sɛ wodi wɔn yerenom so atirimɔden so, na mmom ɛsɛ sɛ wobu wɔn, na wofi wɔn komam ne wɔn di no ɔdɔ mu. Ɔsomafo Petro hyɛɛ okununom nkuran sɛ wɔne wɔn yerenom “ntena saa ara,” na ‘wonni wɔn ni’ mfa nsuasua akwan a Yesu faa so daa ɔdɔ adi no. (Monkenkan 1 Petro 3:7.) Ɛnde, okunu bɛyɛ dɛn adi ne tiyɛ ho dwuma na bere koro no ara nso wabu ne yere sɛ obi a ɔfata sɛ odi no ni?

7. Dɛn na okunu betumi ayɛ de adi ne yere ni? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Ɔkwan biako a okunu betumi afa so adi ne yere ni ne sɛ obetie n’adwenkyerɛ na wasusuw sɛnea ne yere te nka ho ansa na wasisi gyinae a ɛfa wɔn abusua no ho. Ebia na ɛsɛ sɛ wosi gyinae wɔ baabi a wɔpɛ sɛ wotu kɔ ho, anaa wɔn mu bi pɛ sɛ ɔsesa n’adwuma, anaa nneɛma a wɔyɛ no da biara da te sɛ baabi a wɔbɛkɔ akogye wɔn ahome, anaa sɛnea wɔbɛtew nneɛma a abusua no totɔ so bere a nneɛma bo ayɛ den no. Esiane sɛ gyinae a okunu no besi no bɛka abusua no nti, ɛbɛyɛ papa ne nea ayamye wom sɛ obesusuw ne yere adwenkyerɛ ho. Sɛ okunu no yɛ saa a, ebetumi aboa no ma wasi gyinae a ɛfata paa, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama ne yere sɛ ɔbɛboa no. (Mmeb. 15:22) Sɛ okununom a wɔyɛ Kristofo di wɔn yerenom ni a, ɛma wɔn yerenom dɔ wɔn na wobu wɔn, na nea ɛho hia sen saa no, ɛma okununom no nya Yehowa anim dom.—Efe. 5:28, 29.

Sɛnea Ɔyere Bu Ne Kunu Kɛse

8. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuasua Hawa nhwɛso no?

8 Ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo betumi asuasua sɛnea Yesu brɛɛ ne ho ase hyɛɛ tumidi ase no. Hwɛ sɛnea adwene a Yesu wɔ wɔ tumidi ho no yɛ soronko koraa wɔ su a ɔyere a odi kan no daa no adi no ho! Hawa anyɛ nhwɛso pa a ɔyerenom besuasua. Onyankopɔn maa Hawa okunu a ɔyɛ ne ti a na Yehowa nam no so de akwankyerɛ ma no. Nanso, Hawa ammu ne kunu tumidi. Wantie akwankyerɛ a Adam de maa no no. (Gen. 2:16, 17; 3:3; 1 Ko 11:3) Ɛwom sɛ wɔdaadaa Hawa de; nanso na anka ɛsɛ sɛ obisa ne kunu sɛ ɛyɛ papa sɛ ogye onii a ɔka kyerɛɛ no sɛ onim nea “Onyankopɔn nim” no asɛm no di anaa. Mmom no, Hawa yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ ne kunu nea ɔnyɛ.—Gen. 3:5, 6; 1 Tim. 2:14.

9. Ahobrɛase ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛ?

9 Nanso, Yesu de, ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ nea ɔyɛ ne Ti no ase de yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ. Ne su ne sɛnea ɔbɔɔ ne bra da no adi sɛ “wannya adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.” Mmom no, “ogyaa biribiara mu faa akoa tebea” too ne ho so. (Filip. 2:5-7) Ɛnnɛ, Yesu yɛ Ɔhene a ɔredi ade de, nanso ɔda so ara da saa su no adi. Ɔbrɛ ne ho ase ma n’Agya wɔ biribiara mu, na ɔde ne ho hyɛ Ne tiyɛ ase nso.—Mat. 20:23; Yoh. 5:30; 1 Kor. 15:28.

10. Dɛn na ɔyere betumi ayɛ de abrɛ ne ho ase ahyɛ ne kunu tiyɛ ase?

10 Ɔyere a ɔyɛ Kristoni bɔ mmɔden brɛ ne ho ase hyɛ ne kunu tiyɛ ase de suasua Yesu. (Monkenkan 1 Petro 2:21; 3:1, 2.) Momma yensusuw tebea bi a ɛbɛma ɔyere anya hokwan de ayɛ eyi ho nhwɛ. Fa no sɛ ne babarima asrɛ kwan wɔ ne hɔ sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔyɛ biribi a ɛsɛ sɛ obisa hokwan fi n’awofo hɔ. Esiane sɛ awofo no nnii kan nsusuw asɛm no ho nti, ɛbɛyɛ papa sɛ maame no bisa ne ba no sɛ, “Woasrɛ kwan wɔ wo papa hɔ?” Sɛ abofra no nyɛɛ saa a, ɛsɛ sɛ maame no ne ne kunu susuw asɛm no ho ansa na wɔasi ho gyinae biara. Bio nso, ɛnsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni ka asɛm bi de bɔ ne kunu de gu anaasɛ ɔne no gye akyinnye wɔ wɔn mma anim. Sɛ ɔbea no ne ne kunu nyɛ adwene wɔ asɛm bi ho a, ɛsɛ sɛ ɔne no susuw ho wɔ kokoam.—Efe. 6:4.

Nhwɛso a Yesu Yɛ Maa Awofo

11. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa awofo?

11 Ɛwom sɛ Yesu anware anaasɛ wanwo mma de, nanso ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara a Kristofo a wɔyɛ awofo betumi asuasua. Dɛn na ɔyɛe? Ɔnam ne kasa ne ne nhwɛso so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no wɔ ɔdɔ ne ntoboase mu. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ adwuma a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no. (Luka 8:1) Sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii ne ɔkwan a ɔfaa so ne wɔn tenae no ma wohuu sɛnea wɔn nso ne wɔn ho wɔn ho bedi.—Monkenkan Yohane 13:14-17.

12, 13. Sɛ awofo betumi atete wɔn mma ma wɔasuro Onyankopɔn a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

12 Mmofra taa suasua wɔn awofo nhwɛso, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne. Enti awofo, mummisa mo ho sɛ: ‘Dɛn na yɛnam bere dodow a yɛde hwɛ TV na yɛde gye yɛn ani, ne bere dodow a yɛde sua Bible na yɛde kɔ asɛnka no so rekyerɛkyerɛ yɛn mma? Dɛn na ɛho hia yɛn abusua no paa? So yɛma nokware som ho hia yɛn paa wɔ yɛn asetena ne gyinae a yesisi mu de yɛ nhwɛso pa?’ Sɛ awofo pɛ sɛ wɔtete wɔn mma ma wosuro Onyankopɔn a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔn ankasa di kan ma Onyankopɔn mmara da wɔn koma so.—Deut. 6:6.

13 Sɛ awofo bɔ mmɔden de Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma wɔ nneɛma a wɔyɛ no da biara da mu a, mmofra no behu. Awofo no kasa ne wɔn nkyerɛkyerɛ benya wɔn mma so nkɛntɛnso pa. Nanso, sɛ mmofra no hu sɛ wɔn awofo ankasa nyɛ nea wɔka no a, ebia wobenya adwene sɛ mfaso biara nni Bible nnyinasosɛm so, anaasɛ ɛho nhia ahe biara. Ɛno nti, ɛrenyɛ den koraa sɛ wiase no benya mmofra no so nkɛntɛnso bɔne.

14, 15. Su pa bɛn na ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wonya, na ɔkwan biako bɛn na wobetumi afa so ayɛ saa?

14 Awofo a wɔyɛ Kristofo nim sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ka honam fam nneɛma a wɔde bɛma wɔn ba ho. Enti ɛbɛyɛ nea nyansa nnim koraa sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ abofra sɛ ɔmfa botae a ɛbɛma wadi yiye wɔ honam fam nkutoo nsisi n’ani so. (Ɔsɛnk. 7:12) Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan. (Mat. 6:33) Enti ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo bɔ mmɔden nso sɛ wɔbɛboa wɔn mma ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu de asuasua Yesu.

15 Ɔkwan biako a awofo betumi afa so ayɛ saa ne sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama wɔn mma anya hokwan ne wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no abɔ fekuw. Susuw sɛnea sɛ mmerante ne mmabaa ne akwampaefo anaa ɔmansin sohwɛfo ne ne yere nya fekubɔ a ebetumi ahyɛ wɔn nkuran afa no ho hwɛ. Asɛmpatrɛwfo, Betelfo, ne wɔn a wɔyɛ amanaman ntam adansi adwuma a awofo bɛma wɔabɛsra wɔn no betumi de ahokeka aka anigye a ɛwɔ Yehowa som mu ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ anuanom a wɔte saa no wɔ osuahu a ɛhyɛ nkuran a wɔbɛka akyerɛ wɔn. Ahofama a saa anuanom yi de som no betumi aboa wo mma yiye ma wɔasisi gyinae a nyansa wom ma wɔde Onyankopɔn som mu botae asisi wɔn ani so, na wɔasua nhoma adu baabi a ɛfata a ɛbɛma wɔatumi ahwɛ wɔn ho bere a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no.

Mmofra—Dɛn na Ɛbɛboa Mo ma Moasuasua Yesu Nhwɛso?

16. Dɛn na Yesu yɛe de dii n’awofo a na wɔwɔ asase so ne ne soro Agya no ni?

16 Mmofra, mo nso, Yesu yɛ nhwɛso a ɛkyɛn so ma mo. Wɔde Yesu hyɛɛ Yosef ne Maria nsa sɛ wɔnhwɛ no so, na otiee wɔn. (Monkenkan Luka 2:51.) Yesu hui sɛ ɛmfa ho sɛ na n’awofo no tɔ sin no, na ɛyɛ wɔn na Onyankopɔn de no ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ no so. Ɛno nti, na ɛsɛ sɛ Yesu di wɔn ni. (Deut. 5:16; Mat. 15:4) Bere a Yesu nyinii no, ɔyɛɛ nneɛma a ne soro Agya no ani gye ho bere nyinaa. Ná ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔko tia sɔhwɛ. (Mat. 4:1-10) Ɛtɔ da bi a, ebia wɔbɛsɔ mo a moyɛ mmofra no ahwɛ sɛ monyɛ mo awofo so asoɔden. Enti dɛn na ɛbɛboa mo ma moasuasua Yesu nhwɛso?

17, 18. (a) Nhyɛso bɛn na mmofra hyia wɔ sukuu? (b) Dɛn na sɛ mmabun ma ɛtena wɔn adwenem a, ebetumi aboa wɔn ma wɔagyina sɔhwɛ ahorow ano?

17 Ebia wo sukuufo dodow no ara mfa Bible mu akwankyerɛ nyɛ hwee. Ebetumi aba sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wode wo ho ahyɛ nneɛma a ɛmfata mu, na sɛ woanyɛ a wɔadi wo ho fɛw. So ɛyɛ a wo sukuufo toto wo din esiane sɛ womfa wo ho nhyɛ nneɛma bi a wɔpɛ sɛ wo ne wɔn yɛ mu nti? Sɛ wɔyɛ saa a, dɛn na woyɛ? Wunim sɛ sɛ woma wohunahuna wo na woyɛ nea nnipadɔm no reyɛ no bi a, wobɛma w’awofo ne Yehowa adi yaw. Sɛ wudi wo sukuufo akyi a, ebewie wo dɛn? Ebia wode botae bi asisi w’ani so sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo anaa asafo mu ɔsomfo, sɛ wobɛkɔ akɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni no ho adawurubɔfo pii, anaasɛ wobɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Betel. Sɛ wo ne wo sukuufo bɔ fekuw a, so ɛbɛboa wo ma woadu wo botae ahorow ho?

18 Mmabun a mowɔ Kristofo asafo no mu, so ɛyɛ a muhyia tebea a ɛsɔ mo gyidi hwɛ? Dɛn na moyɛ wɔ ho? Munsusuw Yesu a ɔyɛ mo nhwɛsofo no ho nhwɛ. Bere a ohyiaa sɔhwɛ no wanyɛ bɔne, na mmom ogyinaa pintinn yɛɛ nea na onim sɛ ɛteɛ. Sɛ moma eyi tena mo adwenem a, ɛbɛboa mo ma moanya akokoduru de aka akyerɛ mo sukuufo pefee sɛ mompɛ sɛ mo ne wɔn kɔyɛ biribi a munim sɛ ɛyɛ bɔne. Sɛnea Yesu yɛe no, momfa mo ani nsi hokwan a mubenya de asom Yehowa daa wɔ anigye mu no so, na monyɛ osetie mma no.—Heb. 12:2.

Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba

19. Dɛn na yɛyɛ wɔ asetena mu a ɛma yenya anigye ankasa?

19 Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo pɛ sɛ esi adesamma yiye paa. Ɛnnɛ mpo a yɛtɔ sin no, yɛn ani betumi agye. (Yes. 48:17, 18; Mat. 5:3) Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no nokware a ɛno ne nneɛma titiriw a ɛma adesamma ani gye, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Yesu san kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔbɛbɔ wɔn bra yiye. Nea ɛsen saa no, ɔbɔɔ ne bra sɛnea ɛfata, na ɔdaa suban a ɛfata nso adi de yɛɛ nhwɛso pa. Enti ɛmfa ho dwuma a yɛn mu biara di wɔ abusua no mu no, yebetumi anya Yesu nhwɛso a yebesuasua no so mfaso. Ɛno nti, okununom, ɔyerenom, awofo, ne mma, munsuasua Yesu nhwɛso no! Yesu nkyerɛkyerɛ a yebegye atom, na yɛasuasua ne nhwɛso no ne ade a ɛma abusua nya akomatɔyam ne anigye ankasa.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okununom de tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no di dwuma?

• Dɛn na ɔyere betumi ayɛ de asuasua Yesu nhwɛso?

• Dɛn na awofo betumi asua afi sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii mu?

• Dɛn na mmofra betumi asua afi Yesu nhwɛso mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Dɛn na okunu a ɔwɔ ɔdɔ bɛyɛ ansa na wasi gyinae a ɛfa abusua no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Tebea bɛn na ɛma ɔyere nya hokwan brɛ ne ho ase hyɛ ne kunu tiyɛ ase?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mmofra suasua wɔn awofo suban pa