Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So Yɛ Anidaso A Onyankopɔn De Ma

Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So Yɛ Anidaso A Onyankopɔn De Ma

Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So Yɛ Anidaso A Onyankopɔn De Ma

“Wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase . . . anidaso mu.”—ROM. 8:20.

1, 2. (a) Dɛn nti na anidaso a ɛne sɛ nnipa bɛtena ase daa wɔ asase so no ho hia yɛn? (b) Dɛn nti na nnipa pii nnye nni sɛ yebetumi atena ase daa wɔ asase so?

EBIA wokae anigye a wunyae bere a wudii kan hui sɛ ɛrenkyɛ nnipa remmɔ nkwakoraa ne mmerewa, wɔrenwuwu bio, na wɔbɛtena asase so daa no. (Yoh. 17:3; Adi. 21:3, 4) Ebia wode anigye ka saa anidaso a Kyerɛwnsɛm no ma yenya no ho asɛm kyerɛ afoforo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena ase daa no yɛ asɛmpa a yɛka no fã a ɛho hia paa. Saa anidaso no ka yɛn abrabɔ.

2 Kristoman mu asɔre dodow no ara abu wɔn ani agu anidaso a ɛne sɛ nnipa bɛtena ase daa wɔ asase so no so. Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra wu, nanso asɔre dodow no ara kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bi a ennyina Kyerɛwnsɛm so a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da a sɛ onipa no wu a ɛkɔ so tena ase wɔ ahonhom atenae. (Hes. 18:20) Enti ama nnipa pii nnye nni sɛ nnipa betumi atena ase daa wɔ asase so. Ɛno nti yebetumi abisa sɛ: So Bible ka anidaso a ɛte saa ho asɛm ankasa? Sɛ saa a, bere bɛn na Onyankopɔn dii kan maa nnipa hui?

‘Wɔde Ahyɛ Adehunu Ase Anidaso Mu’

3. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn maa nnipa huu atirimpɔw a ɔwɔ ma wɔn fi bere a ɔbɔɔ wɔn no?

3 Bere a wɔbɔɔ nnipa pɛ na Yehowa maa adesamma huu atirimpɔw a ɔwɔ ma wɔn no. Onyankopɔn ma ɛdaa adi pefee sɛ sɛ Adam yɛ osetie a, ɔbɛtena ase daa. (Gen. 2:9, 17; 3:22) Akyinnye biara nni ho sɛ Adam asefo a wodi kan no tee nea ɛyɛe a nnipa tɔɔ sin no ho asɛm, na wɔde wɔn ani huu ɛho adanse. Wosiw ɔkwan a na ɛda Eden turo no ano no, na nnipa bobɔɔ nkwakoraa ne mmerewa wuwui. (Gen. 3:23, 24) Bere kɔɔ so no, nnipa nkwa nna so tewee. Adam dii mfe 930. Sem a onyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no dii mfe 600, na ne ba Arfaksad dii mfe 438. Abraham papa Tera dii mfe 205. Abraham nkwa nna nyinaa sii mfe 175, ne ba Isak dii mfe 180, na Yakob dii mfe 147. (Gen. 5:5; 11:10-13, 32; 25:7; 35:28; 47:28) Ɛbɛyɛ sɛ nnipa pii hui sɛ nnipa nkwa nna a ɛso tewee no kyerɛ sɛ anidaso a na nnipa wɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no ayera! So wonyaa biribi a na ɛbɛma wɔanya anidaso sɛ nnipa betumi asan anya daa nkwa bio?

4. Dɛn na ɛmaa nnipa anokwafo a wɔtenaa ase tete no nyaa gyidi sɛ Onyankopɔn bɛsan ama nnipa anya nhyira a na Adam ama ayera no?

4 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wɔde abɔde no [nnipa] ahyɛ adehunu ase . . . anidaso mu.” (Rom. 8:20) Ɛyɛ anidaso bɛn? Nkɔmhyɛ a edi kan koraa wɔ Bible mu no kaa ‘aseni’ bi a na ‘ɔbɛbɔ ɔwɔ no ti’ ho asɛm. (Monkenkan Genesis 3:1-5, 15.) Saa Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no na ɛmaa nnipa anokwafo nyaa anidaso sɛ Onyankopɔn bɛma atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma no aba mu. Ɛmaa nnipa te sɛ Habel ne Noa nyaa gyidi sɛ Onyankopɔn bɛsan de nhyira a na Adam ama ayera no aba. Ɛbɛyɛ sɛ saa nnipa no hui sɛ ‘aseni no nantin a na wɔbɛka’ no bɛhwehwɛ sɛ wohwie mogya gu.—Gen. 4:4; 8:20; Heb. 11:4.

5. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Abraham gye owusɔre di?

5 Susuw Abraham ho hwɛ. Bere a wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, “ɔde Isak bɔɔ afɔre wiei koraa ne sa, . . . ne ba koro no.” (Heb. 11:17) Dɛn nti na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ eyi? (Monkenkan Hebrifo 11:19.) Ná ogye owusɔre di! Ná wɔama Abraham anya biribi a obegyina so agye owusɔre no adi. Nea enti a ɛte saa ne sɛ na Yehowa asan ama n’awo nkwaadɔm anya ahoɔden ma watumi ne ne yere Sara awo ɔbabarima bere a na wɔabɔ akwakoraa ne aberewa no. (Gen. 18:10-14; 21:1-3; Rom. 4:19-21) Ná Yehowa ahyɛ Abraham bɔ nso. Ná Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ: “Nea wɔbɛfrɛ no w’aseni no nam Isak so na ɔbɛba.” (Gen. 21:12) Enti na Abraham wɔ adanse a edi mũ a na ɛbɛma wanya anidaso sɛ Onyankopɔn benyan Isak.

6, 7. (a) Apam bɛn na Yehowa ne Abraham yɛe? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham no ma adesamma nya anidaso?

6 Esiane gyidi soronko a na Abraham wɔ nti, Yehowa ne no yɛɛ apam faa ‘n’aseni’ ho. (Monkenkan Genesis 22:18.) Yesu Kristo na ɔbɛyɛɛ ‘aseni’ no mu otitiriw. (Gal. 3:16) Ná Yehowa aka akyerɛ Abraham sɛ ‘n’asefo’ bɛyɛ bebree “sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea”—ná Abraham nnim nea wɔn dodow bɛyɛ. (Gen. 22:17) Nanso akyiri yi, wɔdaa wɔn dodow adi. Yesu Kristo ne 144,000 a wɔne no bedi ade wɔ n’Ahenni mu no na wɔbom yɛ ‘aseni’ no. (Gal. 3:29; Adi. 7:4; 14:1) Mesia Ahenni no so “na asase so aman nyinaa nam benya nhyira.”

7 Ɛbɛyɛ sɛ Abraham ante apam a Yehowa ne no yɛe no ase anwie. Nanso, Bible ka sɛ “na ɔretwɛn kurow a ɛwɔ fapem ankasa” no. (Heb. 11:10) Saa kurow no ne Onyankopɔn Ahenni. Sɛ Abraham benya nhyira wɔ saa Ahenni no mu a, gye sɛ ɔsan tena ase bio. Sɛ onya owusɔre a, ɛnna obetumi atena ase daa wɔ asase so. Wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon ne wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu no betumi atena ase daa.—Adi. 7:9, 14; 20:12-14.

“Honhom no Ahyɛ Me So”

8, 9. Dɛn nti na Hiob nhoma no mu nsɛm mfa sɔhwɛ ahorow a onipa biako bi hyiae ho kɛkɛ?

8 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiob tenaa ase wɔ Abraham nanankansowa Yosef wu akyi ne bere a wɔwoo odiyifo Mose no ntam hɔ. Bible mu nhoma a ɛne Hiob a ɛbɛyɛ sɛ Mose na ɔkyerɛwee no kyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa maa kwan ma Hiob huu amane ne nea n’amanehunu no kowiei mu. Nanso, nsɛm a ɛwɔ Hiob nhoma no mu mfa sɔhwɛ ahorow a onipa biako bi hyiae ho kɛkɛ; ɛfa nnipa ne abɔfo nyinaa ho. Nhoma no ma yehu sɛ Yehowa di tumi wɔ trenee mu, na ɛsan ma yehu sɛ asɛm a esii wɔ Eden turom no fa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so nyinaa nokwaredi ne nkwa a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya ho. Ɛwom sɛ na Hiob nnim saa asɛm no de, nanso wamma kwan amma ne nnamfo baasa no amma wannya adwene sɛ wantumi anni nokware. (Hiob 27:5) Ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn gyidi den na ɛboa yɛn ma yehu sɛ yebetumi akɔ so adi nokware na yɛagyina Yehowa tumidi akyi.

9 Bere a Hiob nnamfo baasa a wɔyɛ gyamserefo no kasa wiei no, “Busni Barakel ba Elihu buae.” Dɛn na ɛkaa no ma ɔkasae? Ɔkae sɛ, “Nsɛm ahyɛ me ma; honhom no ahyɛ me so wɔ me yam.” (Hiob 32:5, 6, 18) Ɛwom sɛ asɛm a Onyankopɔn honhom maa Elihu kae no baa mu wɔ Hiob sɔhwɛ no awiei de, nanso asɛm a ɔkae no fa afoforo nso ho. N’asɛm no ma wɔn a wodi nokware nyinaa nya anidaso.

10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a asɛm a Yehowa ka kyerɛ onipa bi no tumi fa adesamma nyinaa ho?

10 Ɛtɔ mmere bi a asɛm bi a Yehowa ka kyerɛ onipa bi no tumi fa adesamma nyinaa nso ho. Yebetumi ahu eyi wɔ Babilon hene Nebukadnesar dae a ɔsoe a ɛfa dua kɛse bi a wotwae a ɛwɔ Daniel nkɔmhyɛ mu no ho. (Dan. 4:10-27) Ɛwom sɛ saa dae no baa mu wɔ Nebukadnesar so de, nanso na ɛfa biribi a ɛsen saa koraa ho. Ná ɛkyerɛ tumi a na Onyankopɔn nam Ɔhene Dawid asefo ahenni so di wɔ asase so a na ɔbɛsan de asi hɔ. Ná mfe 2,520 betwam ansa na ahenni no asan ada adi wɔ asase so, na na wobefi ase akan saa mfe no afi afe 607 A.Y.B. mu. * Onyankopɔn tumidi fii ase daa adi bio wɔ asase so fi bere a wɔde Yesu Kristo sii agua so wɔ ɔsoro sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu no. Wo de susuw sɛnea Ahenni nniso no bɛma anidaso a adesamma asoɔmmerɛwfo wɔ no aba mu nnansa yi ara no ho hwɛ!

“Gye No na Wankɔ Amoa Mu!”

11. Dɛn na asɛm a Elihu kae no ma yehu fa Onyankopɔn ho?

11 Bere a Elihu rebua Hiob no, ɔkaa “ɔbɔfo bi, ɔkasamafo bi, apem mu biako, a ɔbɛkyerɛ onipa nea ɛteɛ” ho asɛm. Na sɛ ɔbɔfo yi ‘pa Onyankopɔn kyɛw, na n’ani gye ne ho’ nso ɛ? Elihu kae sɛ: “Ɛma [Onyankopɔn dom] no, na ɔka sɛ, ‘Gye no na wankɔ amoa mu! Manya agyede! Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm nsen mmofra de; ma ɔnsan nkɔ ne mmeranteberem ahoɔden mu.’” (Hiob 33:23-26) Saa asɛm no ma yehu sɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ ogye “agyede” anaa biribi a ɛkata bɔne so ma nnipa a wɔanu wɔn ho.—Hiob 33:24.

12. Anidaso bɛn na asɛm a Elihu kae no ma adesamma nyinaa nya?

12 Ebia Elihu ante agyede no ho nsɛm ase anwie te sɛ nea adiyifo no ante biribiara a wɔkyerɛwee ase anwie no. (Dan. 12:8; 1 Pet. 1:10-12) Nanso asɛm a Elihu kae no maa nnipa nyaa anidaso sɛ ná da bi bɛba a Onyankopɔn begye agyede bi na ama nnipa ade wɔn ho afi nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ mu amanehunu ne owu ho. Asɛm a Elihu kae no maa nnipa nyaa daa nkwa ho anidaso a ɛyɛ anigye. Hiob nhoma no san ma yehu sɛ owusɔre bɛba.—Hiob 14:14, 15.

13. Ntease bɛn na Elihu asɛm no ma Kristofo nya?

13 Ɛnnɛ, asɛm a Elihu kae no da so ara boa Kristofo ɔpepem pii a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa bere a wɔasɛe nneɛma nhyehyɛe yi no ma wɔte nneɛma ase. Nkwakoraa ne mmerewa a wobenya nkwa no bɛsan akɔ wɔn mmerantebere ne wɔn mmabaabere ahoɔden mu. (Adi. 7:9, 10, 14-17) Bio nso, anidaso a nnipa anokwafo wɔ sɛ wobehu wɔn a wɔanyan wɔn ma wɔasan akɔ wɔn mmerantebere ne mmabaabere mu no ma wɔn ani gye. Nokwarem no, nkwa a owu nnim a Kristofo a wɔasra wɔn benya wɔ soro ne daa nkwa a Yesu “nguan foforo” no benya wɔ asase so no gyina Kristo agyede afɔre no mu gyidi a wobenya so.—Yoh. 10:16; Rom. 6:23.

Wɔbɛmene Owu Afi Asase So

14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Israelfo no hia biribi a ɛsen Mose Mmara no na ama wɔanya anidaso sɛ wobenya daa nkwa?

14 Bere a Onyankopɔn ne Abraham asefo yɛɛ apam no, wɔbɛyɛɛ ɔman a ade ne ho. Bere a Yehowa de Mmara no maa wɔn no, ɔkae sɛ: “Munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so, na moyɛ saa a, monam so benya nkwa.” (Lev. 18:5) Nanso, esiane sɛ Israelfo no antumi anni Mose Mmara no so pɛpɛɛpɛ nti, Mmara no buu wɔn fɔ, enti na ehia sɛ wogye wɔn fi afobu no mu.—Gal. 3:13.

15. Nhyira a ɛbɛba daakye bɛn na wɔde honhom kaa Dawid ma ɔkyerɛw ho asɛm?

15 Wɔ Mose akyi no, Yehowa de ne honhom kaa Bible akyerɛwfo foforo ma wɔkaa daa nkwa anidaso no ho asɛm. (Dw. 21:4; 37:29) Sɛ nhwɛso no, odwontofo Dawid kaa biakoyɛ a ɛwɔ nokware asomfo a wɔwɔ Sion mu ho asɛm de wiee dwom bi a ɔhyehyɛe sɛ: “Ɛhɔ na Yehowa ahyɛ sɛ nhyira ntena; nkwa a enni awiei nso.”—Dw. 133:3.

16. Dɛn na Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ “asase nyinaa so” daakye?

16 Yehowa de ne honhom kaa Yesaia ma ɔhyɛɛ daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so ho nkɔm. (Monkenkan Yesaia 25:7, 8.) Bɔne ne owu ateetee adesamma kɛse te sɛ nea wɔde “kuntu” akyekyere obi ho a ontumi nhome no. Yehowa ahyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ ɔbɛmene bɔne ne owu, anaa obeyi “afi asase nyinaa so.”

17. Dwuma a na Mesia no bedi a wɔhyɛɛ ho nkɔm bɛn na abue daa nkwa ho kwan?

17 Momma yensusuw akwankyerɛ a wɔde mae wɔ Mose Mmara no mu a na ɛfa abirekyi a na wɔde no ma Asasel no nso ho nhwɛ. Afe biara, sɛ edu Mpata Da no a, na ɔsɔfo panyin no ‘de ne nsa abien gu abirekyi no mpampam, na ɔka Israelfo mfomso nyinaa gu abirekyi no ti so ma abirekyi no soa wɔn bɔne nyinaa kɔ anhwea pradada so.’ (Lev. 16:7-10, 21, 22) Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Mesia no bɛba abedi dwuma koro no ara bi, na wasoa “nyarewa,” “yaw,” ne “nnipa pii bɔne,” na ɔnam so abue daa nkwa ho kwan.—Monkenkan Yesaia 53:4-6, 12.

18, 19. Anidaso bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 26:19 ne Daniel 12:13?

18 Yehowa nam Yesaia so ka kyerɛɛ ne man Israel sɛ: “W’awufo benya nkwa. Na m’afunu [me nkurɔfo a wɔakunkum wɔn] bɛsɔre. Mo a mote mfutuma mu, monsɔre mmɔ ose! Wo bosu te sɛ ɛfan ho bosu, na asase bɛsan awo awufo.” (Yes. 26:19) Hebri Kyerɛwnsɛm no ma yehu pefee sɛ owusɔre bɛba, na nnipa bɛtena asase so. Sɛ nhwɛso no, bere a Daniel dii bɛyɛ mfe 100 no, Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ: “Wobɛhome, na woasɔre abenya wo kyɛfa, nna no awiei.”—Dan. 12:13.

19 Esiane owusɔre anidaso no nti, Marta tumi kaa ne nuabarima a na wawu no ho asɛm kyerɛɛ Yesu sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, ɔbɛsɔre.” (Yoh. 11:24) So Yesu nkyerɛkyerɛ ne nhoma a Onyankopɔn de ne honhom kaa Yesu asuafo ma wɔkyerɛwee no sesaa saa anidaso yi? So daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so da so ara yɛ anidaso a Yehowa de hyɛ adesamma bɔ? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi mmuae ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Wɔde nnipa “ahyɛ adehunu ase” wɔ anidaso bɛn mu?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Abraham gye owusɔre di?

• Anidaso bɛn na asɛm a Elihu ka kyerɛɛ Hiob no ma adesamma nya?

• Ɔkwan bɛn so na Hebri Kyerɛwnsɛm no si owusɔre ho anidaso ne daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so no so dua?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Asɛm a Elihu ka kyerɛɛ Hiob no ma nnipa nya anidaso sɛ wɔbɛma wɔade wɔn ho afi onyin mu amanehunu ne owu ho

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Wɔhyɛɛ Daniel bɔ sɛ ‘ɔbɛsɔre abenya ne kyɛfa wɔ nna no awiei’