Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”

“Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”

“Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”

“Momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, bere a motwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu a ɛkɔ daa nkwa mu no.”—YUDA 21.

1, 2. Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, na yɛyɛ dɛn hu sɛ gye sɛ yɛyɛ biribi ansa na ɔde yɛn asie ne dɔ mu?

YEHOWA NYANKOPƆN ada ne dɔ adi akyerɛ yɛn wɔ akwan pii so. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, agyede afɔre no ho nsiesiei a Yehowa yɛe no ne adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma adesamma no yɛ kɛse araa ma mpo ɔsomaa n’ankasa ne Dɔba ma ɔbaa asase so ha bewu maa yɛn. (Yoh. 3:16) Nea enti a Yehowa yɛɛ eyi maa yɛn ne sɛ, ɔpɛ sɛ yɛtena ase daa, na ɔpɛ sɛ yenya ne dɔ so mfaso daa nso!

2 So yebetumi afa no sɛ, Yehowa de yɛn besie ne dɔ mu ɛmfa ho nea yɛbɛyɛ biara? Dabi. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wotu yɛn fo wɔ Yuda nkyekyɛm 21 sɛ: “Momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, bere a motwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu a ɛkɔ daa nkwa mu no.” Asɛm a ɛne “momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu” no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatena Onyankopɔn dɔ mu?

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Atena Onyankopɔn Dɔ Mu?

3. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama watena n’Agya dɔ mu?

3 Asɛm bi a Yesu ankasa kae wɔ anadwo a ade rebɛkye ma wawu afi asase so no ma yenya saa asɛmmisa no ho mmuae. Ɔkae sɛ: “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.” (Yoh. 15:10) Ɛda adi pefee sɛ, na Yesu nim sɛ ɛho hia sɛ odi Yehowa ahyɛde so na ama ɔne n’Agya ntam ayɛ papa. Ɛnde, sɛ na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no yɛ saa a, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara?

4, 5. (a) Ade titiriw bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa? (b) Dɛn nti na yenni biribiara a yebegyina so aka sɛ yɛrenni Yehowa ahyɛde so?

4 Ade titiriw a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne sɛ yebetie no. Ɔsomafo Yohane kaa no saa kwan yi so sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yoh. 5:3) Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ no mu pii ani nnye ho sɛ wɔbɛyɛ osetie ama obi. Nanso, hyɛ saa asɛm yi nsow: “N’ahyɛde nyɛ den.” Yehowa renka nkyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biribi a ɛyɛ den dodoodo sɛ yɛbɛyɛ.

5 Mfatoho bi ni: So wobɛka akyerɛ w’adamfo bi a wodɔ no paa sɛ ɔnsoa biribi a wunim sɛ emu yɛ duru paa sɛ ɔbɛma so? Worenyɛ saa da! Yehowa yam ye sen yɛn koraa, na onim nea yebetumi ayɛ ne nea yentumi nyɛ sen onipa biara. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, Yehowa ‘kae sɛ yɛyɛ mfutuma.’ (Dw. 103:14) Yehowa renka nkyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biribi a yentumi nyɛ da. Enti biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yɛka sɛ yɛrenni Yehowa ahyɛde so. Mmom no, yehu sɛ sɛ yɛyɛ osetie a, ɛma yenya hokwan a ɛkyɛn so de kyerɛ yɛn soro Agya no sɛ yɛdɔ no ampa, na yɛpɛ sɛ yɛtena ne dɔ mu.

Akyɛde Titiriw a Efi Yehowa Hɔ

6, 7. (a) Dɛn ne ahonim? (b) Fa mfatoho kyerɛkyerɛ sɛnea ahonim betumi aboa yɛn ma yɛatena Onyankopɔn dɔ mu no mu.

6 Ɛsɛ sɛ yesisi gyinae pii a ɛfa osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn ho wɔ wiase a emu yɛ den a yɛte mu yi mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asisi gyinae a ɛte saa ma ɛne nea Onyankopɔn pɛ ahyia? Yehowa ama yɛn akyɛde bi a ebetumi aboa yɛn kɛse paa wɔ osetie a yɛbɛyɛ yi mu. Saa akyɛde no ne ahonim. Dɛn ne ahonim? Ɛyɛ biribi titiriw a ɛma yehu sɛnea yɛte. Ɛyɛ adwuma te sɛ ɔtemmufo a ɔhyɛ yɛn mu, na ɛboa yɛn ma yehu gyinae a ɛsɛ sɛ yesisi wɔ yɛn asetena mu, anaa ɛma yesusuw nneɛma bi a yɛayɛ dedaw ho de hu sɛ ɛyɛ papa anaa ɛyɛ bɔne, ɛteɛ anaa ɛnteɛ.—Monkenkan Romafo 2:14, 15.

7 Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ahonim adi dwuma yiye? Momma yensusuw mfatoho yi ho nhwɛ. Fa no sɛ ɔkwantufo bi nam anadwo. Dɛn na ehia sɛ ɔfa na wanhwe ase anaa asɛmmɔne bi anto no? Ohia kanea a ɔde bɛhwɛ kwan mu. Sɛ wunni kanea a wode bɛhwɛ kwan mu a, wubetumi ahwe ase, na asɛmmɔne nso betumi ato wo. Kanea betumi ama woahu kwan mu na abɔ wo ho ban. Saa ara na sɛ onipa a onni ahonim rebɔ mmɔden sɛ obesi abrabɔ ne ade a ɛteɛ ho gyinae a, ɛtaa yɛ den ma no paa sɛ obesi gyinae pa.

8, 9. (a) Nneɛma a entumi mma yɛn ahonim nyɛ adwuma yiye bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛn ahonim ayɛ adwuma yiye?

8 Sɛnea biribi betumi ama kanea no renhyerɛn yiye no, saa ara na ahonim nso te. Sɛ krasin a ɛwɔ kanea no mu reyɛ asa a, ɛrenhyerɛn yiye mma wunhu ɔkwan mu. Sɛ yɛn nso yedi nea yɛn koma pɛ akyi pii a, dɛn na ɛbɛba? Nneɛma a yɛn koma pɛ betumi ama yɛn ahonim renyɛ adwuma yiye. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ “koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew.” (Yer. 17:9; Mmeb. 4:23) Bio nso, sɛ ɔkwantufo no nnim kwan no yiye a, kanea no rentumi mmoa no ahe biara. Saa ara nso na sɛ yɛamfa yɛn ho anto akwankyerɛ a ɛnsesa da a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no so a, ebetumi ama yɛn ahonim awu koraa. (Dw. 119:105) Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii a wɔwɔ wiase yi mu no yɛ nea wɔn koma pɛ, na wɔmmfa Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm nnyɛ adwuma ahe biara, anaasɛ wɔmmfa nnyɛ adwuma koraa. (Monkenkan Efesofo 4:17-19.) Ɛno nti na ɛmfa ho mpo sɛ nnipa pii wɔ ahonim nanso wɔyɛ nneɛma bɔne pii no.—1 Tim. 4:2.

9 Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma biribi a ɛte saa nto yɛn da! Mmom no, momma yɛnkɔ so mfa Onyankopɔn Asɛm ntete yɛn ahonim sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi ayɛ adwuma yiye. Ɛsɛ sɛ yetie nea yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no ka kyerɛ yɛn sen sɛ yɛbɛma yɛn ankasa akɔnnɔ adi yɛn so. Bere koro no ara nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenkasa ntia yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea wɔ nea wɔn ahonim ma wɔn kwan ma wɔyɛ ho. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛrento yɛn nuanom hintidua, na yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ ebia na yɛn nuanom ahonim haw wɔn paa wɔ nneɛma bi ho sen yɛn de.—1 Kor. 8:12; 2 Kor. 4:2; 1 Pet. 3:16.

10. Asetena mu nneɛma abiɛsa bɛn na yɛrebesusuw ho?

10 Afei, momma yensusuw nneɛma abiɛsa a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu a yebetumi ayɛ osetie wom de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa no ho nhwɛ. Nokwarem no, wɔ emu biara mu no, yɛn ahonim bɛkyerɛ yɛn kwan, nanso sɛ ebetumi ayɛ adwuma yiye a, nea edi kan koraa no, gye sɛ yɛma egyina abrabɔ ho nnyinasosɛm a Onyankopɔn ama wɔakyerɛw wɔ Bible mu no so. Nneɛma abiɛsa a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na edidi so yi: (1) Ɛsɛ sɛ yɛdɔ nnipa a Yehowa dɔ wɔn, (2) yebu wɔn a wodi tumi, na (3) yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn ho atew wɔ Onyankopɔn ani so.

Dɔ Wɔn a Yehowa Dɔ Wɔn

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn a Yehowa dɔ wɔn?

11 Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn a Yehowa dɔ wɔn. Nnipa te sɛ sapɔw wɔ fekubɔ mu. Sɛnea sapɔw nonom nsu no, saa ara na yesuasua wɔn a yɛbɛn wɔn no. Yɛn Bɔfo no nim sɛnea fekubɔ betumi aboa nnipa a yɛnyɛ pɛ, anaa sɛnea ebetumi ayɛ asiane ama yɛn no. Enti, ɔde saa afotu pa yi ma yɛn sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.” (Mmeb. 13:20; 1 Kor. 15:33) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ‘ewie no bɔne.’ Yɛn mu biara pɛ sɛ ‘ɔyɛ onyansafo.’ Obiara rentumi mma Yehowa nhu nyansa nsen sɛnea ɔte, na saa ara nso na obiara ntumi nsɛe n’adwene. Nanso, ɔyɛ nhwɛso pa ma yɛn wɔ fekubɔ mu. Wo de susuw ho hwɛ—nnipa bɛn na Yehowa fa wɔn nnamfo?

12. Nnipa bɛn na Yehowa fa wɔn nnamfo?

12 Yehowa frɛɛ tete agya Abraham “m’adamfo.” (Yes. 41:8) Ná saa ɔbarima yi yɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni paa, na na ɔyɛ osetie ankasa—ɔbarima a na ne gyidi di mũ. (Yak. 2:21-23) Onipa a ɔte saa na Yehowa fa no adamfo. Nnipa a wɔte saa ara na Yehowa fa wɔn nnamfo nnɛ. Sɛ nnipa a wɔte saa na Yehowa fa wɔn nnamfo a, ɛnde so ɛho nhia sɛ yɛn nso yɛhwɛ yɛn nnamfofa yiye, na yɛne anyansafo nantew na yɛyɛ anyansafo?

13. Sɛ yɛrehwehwɛ nnamfo a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya nnamfo pa?

13 Dɛn na ebetumi aboa wo ma woafa nnamfo pa? Sɛ wusua sɛnea ebinom faa nnamfo a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no ho ade a, ebetumi aboa wo paa. Susuw Rut ne n’asebea Naomi adamfofa, Dawid ne Yonatan adamfofa, anaa Timoteo ne Paulo de no ho hwɛ. (Rut 1:16, 17; 1 Sam. 23:16-18; Filip. 2:19-22) Ade a ɛmaa wɔn nnamfofa no mu yɛɛ den ne sɛ: Ná wɔn nnamfofa no gyina ɔdɔ kann a na wɔwɔ ma Yehowa no so. So wubetumi anya nnamfo a wɔdɔ Yehowa te sɛ nea wo nso wodɔ no no? Nya awerɛhyem sɛ wubetumi anya nnamfo a wɔte saa pii wɔ Kristofo asafo no mu. Nnamfo a wɔte saa remma wonyɛ biribi a ɛbɛsɛe wo ne Onyankopɔn ntam da. Mmom no, wɔbɛboa wo ma woayɛ osetie ama Yehowa, na wo ne Onyankopɔn ntam ayɛ papa, na ama woagu ama honhom no. (Monkenkan Galatifo 6:7, 8.) Wɔbɛboa wo ma woatena Onyankopɔn dɔ mu.

Ɛsɛ sɛ Yebu Wɔn a Wodi Tumi

14. Nneɛma bɛn na ɛtaa ma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebebu wɔn a wodi tumi no?

14 Ade a ɛto so abien a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa no fa tumidi ho. Ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wodi tumi no. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebebu wɔn a wodi tumi no? Ade biako ne sɛ, nnipa a wodi tumi no nyɛ pɛ. Bio nso, yɛn ankasa nso nyɛ pɛ. Ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebedi atuatew su a ɛwɔ yɛn mu no so.

15, 16. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebu wɔn a Yehowa de ne nkurɔfo ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so no? (b) Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yenya fi sɛnea Yehowa buu atua a Israelfo no tew tiaa Mose no mu?

15 Ɛnde, ebia wubenya adwene sɛ, ‘Sɛ obu a yebenya ama wɔn a wodi tumi no yɛ den paa saa a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yebu wɔn?’ Nea enti a ɛsɛ sɛ yebu wɔn no fa tumidi ho. Hena na wode no bɛyɛ wo sodifo? Sɛ yɛde Yehowa yɛ yɛn Sodifo a, ɛsɛ sɛ yebu ne tumidi. Sɛ yɛammu Yehowa tumidi a, so yebetumi aka paa sɛ ɔno ne yɛn Sodifo? Bio nso, Yehowa taa fa nnipa a wɔnyɛ pɛ a ɔde ne nkurɔfo hyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so no so na edi tumi. Sɛ yɛtew nnipa a wɔte saa no so atua a, Yehowa bebu nea yɛreyɛ no dɛn?—Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:12, 13.

16 Sɛ nhwɛso no, bere a Israelfo no nwiinwii hyɛɛ Mose na wɔtew no so atua no, Yehowa faa nea wɔyɛe no sɛ ɛyɛ ɔno na wɔretew no so atua. (Num. 14:26, 27) Onyankopɔn nsesae. Sɛ yɛtew wɔn a wɔama wɔn tumi no so atua a, ɛnde na ɛyɛ ɔno na yɛretew no so atua!

17. Su pa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden da no adi wɔ wɔn a wɔde asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no ho?

17 Ɔsomafo Paulo ma yehu su pa a ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ wɔn a wɔde asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa wɔ Kristofo asafo no mu no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.” (Heb. 13:17) Nokwarem no, egye mmɔdenbɔ paa na ama yɛatumi anya su a ɛma yɛyɛ osetie na yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ wɔn a wodi tumi no ase. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛtena Onyankopɔn dɔ mu. So ɛmfata sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yebedu botae a ɛte saa ho?

Momma Yɛn Ho Ntew wɔ Yehowa Ani So

18. Dɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛn ho tew?

18 Ade a ɛto so abiɛsa a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn ho atew wɔ n’ani so. Awofo taa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn mma ho atew. Dɛn nti na wɔyɛ saa? Ade biako ne sɛ sɛ abofra ho tew a, ɛma onya apɔwmuden, na ɛboa no. Bio nso, sɛ abofra ho tew a, ɛma wɔka abusua a ofi mu no ho asɛm pa, na ɛma afoforo hu sɛ n’awofo dɔ no, na wɔhwɛ no yiye. Saa nneɛma yi nti na Yehowa pɛ sɛ yɛn ho tew no. Onim sɛ sɛ yɛma yɛn ho tew a, ɛbɛboa yɛn. Yɛn soro Agya no nim nso sɛ sɛ yɛma yɛn ho tew a, ɛhyɛ no anuonyam. Ɛno ho hia paa, efisɛ sɛ nkurɔfo hu sɛnea yɛda nsow wɔ nnipa a wɔwɔ wiase a aporɔw yi mu no ho a, ebia ɛbɛka wɔn ma wɔabɛsom Onyankopɔn.

19. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛho hia sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ honam fam?

19 Nneɛma bɛn mu na ehia sɛ yɛma yɛn ho tew? Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ asetena mu biribiara mu. Wɔ tete Israel no, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ho tew wɔ honam fam. (Lev. 15:31) Mose Mmara no kaa nneɛma bi te sɛ nwura a wɔtow gu, nkyɛnsee mu a wotwitwiw, nsa ne nan ho a wɔhohoro, ne ntade a wɔhoro ho asɛm. (Ex. 30:17-21; Lev. 11:32; Num. 19:17-20; Deut. 23:13, 14) Wɔkaee Israelfo no sɛ wɔn Nyankopɔn Yehowa yɛ kronkron—a nea ɛkyerɛ ne sɛ, “ne ho tew,” na ‘efĩ ne nkekae biara nni ne ho.’ Enti, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no asomfo nyinaa nso yɛ kronkron saa ara.—Monkenkan Leviticus 11:44, 45.

20. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ nneɛma bɛn mu?

20 Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn koma mu ne yɛn honam ani nyinaa tew. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn adwenem atew. Ɛmfa ho sɛnea nna mu ɔbrasɛe abu so wɔ wiase no mu no, yedi abrabɔ pa ho akwankyerɛ a Yehowa de ama no so bere nyinaa. Nea ehia sen saa koraa no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn som ho atew a yɛremfa yɛn ho nhyehyɛ atoro som mu nneyɛe biara mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de ama wɔ Yesaia 52:11 no. Ɛka sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho, mumfi hɔ nkɔ, mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho ntew; mumfi ne mu, montew mo ho.” Ɛnnɛ, nea yɛyɛ de ma yɛn ho tew wɔ honhom fam ne sɛ yɛtwe yɛn ho fi atoro som mu nneyɛe biara a yɛn soro Agya no bu no sɛ ɛho ntew no ho. Ɛno nti na sɛ nhwɛso no, yɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa yɛn ho nhyehyɛ atoro som afahyɛ ne nnapɔnna ahorow a agye din wɔ wiase nnɛ no mu no. Nokwarem no, ɛyɛ den sɛ obi bɛma ne ho atew. Nanso Yehowa nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn ho atew, efisɛ saa a wɔyɛ no boa wɔn ma wɔtena Onyankopɔn dɔ mu.

21. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛatena Onyankopɔn dɔ mu?

21 Yehowa pɛ sɛ yɛtena ne dɔ mu daa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara na ama watena Onyankopɔn dɔ mu. Nea ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa ne sɛ yebedi Yesu nhwɛso akyi, na yɛama Yehowa ahu sɛ yɛdɔ no denam N’ahyɛde a yebedi so no so. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara nni hɔ a ‘ebetumi atew yɛn afi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.’—Rom. 8:38, 39.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn ahonim betumi aboa yɛn ma yɛatena Onyankopɔn dɔ mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn a Yehowa dɔ wɔn no?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebu wɔn a wodi tumi no?

• Ahotew ho hia Onyankopɔn nkurɔfo dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/​Mfonini wɔ 20]

NHOMA A ƐMA YƐBƆ ƆBRA PA

Woyii nhoma a ekura nkratafa 224 a wɔato din “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” adi wɔ afe 2008/2009 ɔmantam nhyiam ase. Dɛn nti na wɔyɛɛ nhoma foforo yi? Wɔyɛe sɛ ɛmmoa Kristofo mma wonhu Yehowa gyinapɛn na wɔn ani nnye ho, na ɛka Kristofo abrabɔ ho asɛm titiriw. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma yi a, ɛbɛma yɛahu paa sɛ Yehowa gyinapɛn a yɛde bɛbɔ yɛn bra ne nea eye sen biara nnɛ, na ɛbɛma yɛanya daa nkwa daakye.

Nea ɛsen saa no, wɔayɛ nhoma yi sɛ ɛmmoa yɛn mma yenhu sɛ osetie a yɛbɛyɛ ama Yehowa no nyɛ adesoa. Mmom no, ɛyɛ ɔkwan a yɛnam so ma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no paa. Enti, nhoma yi bɛkanyan yɛn ma yɛabisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn nti na mitie Yehowa?’

Sɛ ebinom di mfomso twe wɔn ho fi Yehowa dɔ ho a, mpɛn pii no, ɛyɛ wɔn nneyɛe na ɛma wɔyɛ saa, na ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ bi a wɔante ase nti. Ɛnde, hwɛ hia a ehia sɛ yɛhyɛ ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow a ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ asetena mu no mu den! Yɛwɔ ahotoso sɛ nhoma foforo yi bɛboa Yehowa nguan a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔayɛ nea ɛteɛ bere nyinaa, na wɔama Satan ayɛ ɔtorofo, na nea ɛsen ne nyinaa no, wɔatena Onyankopɔn dɔ mu!—Yuda 21.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

“Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu no”