Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Atew N’anim Ama Wɔn’

‘Yehowa Atew N’anim Ama Wɔn’

‘Yehowa Atew N’anim Ama Wɔn’

NTINI bɛboro 30 na ɛwɔ onipa anim. Emu 14 na ɛbom yɛ adwuma na ama woatumi aserew! Sɛ saa ntini yi nni hɔ a, hwɛ sɛnea anka wo nkɔmmɔbɔ bɛyɛ. Anka ɛbɛyɛ anigye? Dabi. Nanso, asotifo de, ɛnyɛ wɔn nkɔmmɔ kɛkɛ na ntini a ɛwɔ wɔn anim no ma ɛyɛ dɛ, na mmom ɛyɛ pii sen saa. Sɛ wɔde wɔn anim yɛbea ka sɛnkyerɛnne a wɔde wɔn nipadua yɛ ho a, ɛyɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so da wɔn nsusuwii adi. Sɛnea wotumi de mum kasa kyerɛkyerɛ nsɛm a asete yɛ den mpo mu, na wɔkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri no yɛ nnipa pii nwonwa.

Nnansa yi, asotifo a wɔwɔ wiase nyinaa abehu anim bi a ɛma wɔte nsɛm ase yiye sen onipa foforo biara anim. Sɛ yɛbɛka a, wɔaba abehu “Yehowa anim.” (Kwa. 2:19) Eyi amma kwa. Efi teteete na Yehowa ada ɔdɔ kɛse adi akyerɛ asotifo. Ɔyɛɛ saa mpo wɔ tete Israel man no bere so tɔnn. (Lev. 19:14) Wɔ yɛn bere yi so no, yehu ɔdɔ a ɔwɔ ma asotifo no yiye paa. Bible ka sɛ: “[Onyankopɔn] na ɔpɛ sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:4) Yebetumi aka sɛ asotifo pii a wɔanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ no abehu n’anim. Ɛyɛɛ dɛn na asotifo atumi ayɛ eyi bere a wɔnte kasa? Ansa na yebebua saa asɛm yi no, ma yɛnhwɛ nea enti a mum kasa ho hia ma asotifo.

Wɔde Wɔn Aniwa na Ɛte Asɛm

Nkurɔfo pii wɔ asotifo ne mum kasa ho adwene pii a ɛnyɛ nokware. Ma yɛmmoa wo na hu wɔn ho nsɛm a ɛyɛ nokware no bi. Asotifo tumi ka kar. Ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛhwɛ sɛnea obi rebuebue n’ano na wɔate nea onii no repɛ akyerɛ ase. Mum kasa ne Anifuraefo Nkyerɛwee nni hwee yɛ, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kɛkɛ na wɔde wɔn nipadua yɛ. Asotifo a wɔwɔ wiase nyinaa nka mum kasa biako. Bio nso, nsonsonoe kakra wɔ mum kasa a asotifo a wɔwɔ mmeae ahorow wɔ ɔman biako mu mpo ka no mu.

So asotifo tumi kenkan ade? Asotifo binom nim akenkan yiye, nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ den ma wɔn mu dodow no ara sɛ wɔbɛkenkan ade. Dɛn ntia? Efisɛ nsɛmfua a wɔakyerɛw wɔ krataa so no yɛ kasa a wɔde ano ka. Susuw sɛnea abofra a otumi te asɛm tumi sua kasa no ho hwɛ. Sɛ wonya wo abofra no pɛ a, nnipa a wɔka ne kurom kasa na ɔne wɔn te. Otumi keka nsɛmfua bom de ka asɛm wɔ bere tiaa bi akyi. Ɔnhyɛ da nsua kasa no, nea ɔte sɛ nkurɔfo ka no ara bi na ɔka. Enti, sɛ mmofra a wɔte asɛm fi ase kenkan ade a, nea wohu ne sɛ nsɛmfua a wɔakyerɛw wɔ krataa so ne ɛnne nnyigyei ne nsɛmfua a wonim dedaw no ara na wɔrekenkan no.

Afei, fa no sɛ wowɔ ɔman foforo bi so, na wote ɔdan bi a wɔde nhwehwɛ asi mu a wonte nea ɛrekɔ so wɔ abɔnten. Wontee ɛhɔfo kasa da. Da biara, kurom hɔfo ba ɔdan no ho, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wo bɛkasa afa ahwehwɛ no mu. Wonte nea wɔreka no. Wɔn ano nkutoo na wuhu sɛ wɔrebuebue. Bere a wohu sɛ wonte nea wɔreka ase no, wɔkyerɛw nsɛm no gu krataa bi so, na wogyina ahwehwɛ no akyi de nea wɔakyerɛw no kyerɛ wo. Wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ wutumi te ase. Wususuw sɛ wobɛte ase? Wubehu sɛ ɛbɛyɛ den sɛ wo ne wɔn bedi nkitaho wɔ tebea a ɛte saa mu. Dɛn ntia? Efisɛ nsɛm a wɔakyerɛw no yɛ kasa a wontee da. Tebea a ɛte saa ara na asotifo dodow no ara wom.

Mum kasa yɛ ɔkwan a eye paa a asotifo fa so di nkitaho. Obi a ɔreka mum kasa de ne nipadua yɛ sɛnkyerɛnne de kyerɛ nea ɔreka ho asɛm no. Sɛnkyerɛnne a ɔde ne nipadua ne n’anim yɛ no yɛ mum kasa ho kasa mmara. Saa kwan no na wotumi fa so ka kasa a wɔde aniwa te no.

Nokwasɛm ni, ɛkame ayɛ sɛ sɛnkyerɛnne biara a ɔsotifo de ne nsa, ne nipadua, ne n’anim yɛ wɔ bere a ɔreka mum kasa no kyerɛ biribi. Wɔmfa wɔn anim nyɛ sɛnkyerɛnne sɛnea nnipa ani begye wɔn ho kɛkɛ. Sɛnkyerɛnne a wɔde wɔn anim yɛ no yɛ mum kasa ho mmara no fã a ɛho hia paa. Nhwɛso bi ni: Sɛ wɔpa wɔn ani akyi de bisa asɛm a, ebetumi akyerɛ sɛ wɔrebisa asɛm bi a wonnye ho mmuae, anaa asɛmmisa a ɛho mmuae yɛ yiw anaa dabi. Sɛ wɔbrɛ wɔn ani ntɔn ase a, etumi kyerɛ asɛmmisa te sɛ hena?, dɛn?, ɛhe?, bere bɛn?, dɛn ntia?, anaa ɔkwan bɛn so? Sɛ wokyinkyim wɔn ano wɔ ɔkwan bi so a, ebetumi akyerɛ sɛnea ade bi kɛse te anaa sɛnea asɛm bi mu yɛ den fa. Sɛnea ɔsotifo dannan ne ti, moma n’abati so, kyinkyim n’afono, na obubu n’ani nyinaa ma wɔte asɛm biara a ɔreka ase yiye.

Nipadua a wɔde yɛ sɛnkyerɛnne yi boa nea ɔrehwɛ no ma ɔte asɛm no ase ma n’ani gye ho yiye. Sɛ asotifo a wonim mum kasa yiye fa akwan horow a ɛte saa so di nkitaho a, ɛma wotumi kyerɛ asɛm biara mu—efi anwensɛm so kosi nyansahu so, ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ so kosi aseresɛm so, efi nneɛma a aniwa hu so kosi nea aniwa nhu so.

Mum Kasa Nhoma Boa Kɛse

Sɛ wɔde mum kasa kyerɛkyerɛ Yehowa ho nimdeɛ a, sɛ yɛbɛka a, ɛma ɔsotifo tumi te asɛm no, na ‘ogye’ Onii a asɛm no fi ne hɔ no ‘di.’ Enti, Yehowa Adansefo abɔ mmɔden paa aka asɛm no akyerɛ asotifo a wɔwɔ wiase nyinaa, na wɔyɛ nneɛma a ɛbɛboa wɔn ma wɔn. (Rom. 10:14) Mprempren, yɛwɔ nsɛm asekyerɛfo akuw 58 a wɔkyerɛ mum kasa ase wɔ wiase nyinaa, na nhoma a wɔde agu DVD so wɔ mum kasa mu 40 na ɛwɔ hɔ seesei. So ade pa bi afi mmɔdenbɔ a ɛte saa mu aba?

Jeremy a n’awofo baanu nyinaa yɛ asotifo no ka sɛ: “Mekae sɛnea da bi me papa de nnɔnhwerew pii hyɛɛ ne piam yeree ne ho suaa Ɔwɛn-Aban nkyekyɛm kakraa bi na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ase no. Opue fii ɔdan no mu prɛko pɛ de mum kasa kaa no anigye so sɛ: ‘Mate ase! Mate ase!’ Afei ofii ase sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ me. Saa bere no na madi mfe 12 pɛ. Me de m’ani faa nea na wakenkan no mu ntɛm, na mede mum kasa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Papa, minnye nni sɛ saa na asɛm no kyerɛ. Ɛkyerɛ sɛ . . . ’ Onyam ne nsa kyerɛɛ me sɛ mintwa so, na ɔsan kɔɔ ne dan mu bio sɛ ɔrekɔhwɛ sɛ ɔno ankasa bɛte nea ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no mu ase anaa. Me werɛ remfi sɛnea n’abam bui ne sɛnea m’ani gyei kɛse bere a mihui sɛ ɔresan akɔ ne piam no da. Nanso, nhoma ahorow a ɛwɔ DVD so wɔ mum kasa mu no ama otumi te nsɛm ase yiye seesei sen kan no. Sɛ mihu sɛnea ɔde anigye kyerɛ sɛnea ɔte nka wɔ Yehowa ho no a, m’ani sɔ paa.”

Susuw Adansefo bi a wɔyɛ awarefo a wɔne ababaa bi a ɔyɛ ɔsotifo a ɔwɔ Chile a wɔfrɛ no Jessenia bɔɔ nkɔmmɔ no asɛm no nso ho hwɛ. Bere a Jessenia maame maa awarefo no kwan ma woyii My Book of Bible Stories—On DVD a ɛwɔ Chile Mum Kasa mu kyerɛɛ Jessenia wiei no, wɔkae sɛ: “Bere a Jessenia fii ase sɛ ɔrehwɛ no, ofii ase serewee, na afei osui. Bere a ne maame bisaa no nea enti a ɔresu no, ɔkae sɛ, n’ani gye nea na ɔrehwɛ no ho. Enti, ne maame hui sɛ ɔte biribiara a na ɔrehwɛ wɔ DVD no so no ase.”

Ná ɔbea bi a ɔyɛ ɔsotifo a ɔte Venezuela akuraa bi ase wɔ ɔba biako, na na ɔbea no asan anyinsɛn. Ná ɔne ne kunu susuw sɛ wɔrennya sika mfa nhwɛ abofra foforo, enti na wɔredwen ho sɛ wobetu nyinsɛn no agu. Yehowa Adansefo a na wonnim ɔhaw a awarefo no wom no kɔɔ wɔn nkyɛn, na wɔde Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa a ɛwɔ Venezuela Mum Kasa mu no adesua a ɛto so 12 no kyerɛɛ wɔn. Adesua yi kyerɛkyerɛ adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nyinsɛn a wotu gu ne awudi ho. Akyiri yi, ɔbea no ka kyerɛɛ Adansefo no sɛ n’ani sɔɔ adesua a wɔne no yɛe no paa. Ɔbea no kae sɛ nea osuae no nti wɔasi gyinae sɛ wɔrentu nyinsɛn no ngu bio. Nhomawa no a wɔde agu DVD so wɔ mum kasa mu no ma wogyee obi nkwa!

Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Lorraine a ɔyɛ ɔsotifo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ den sɛ mesua Bible ate ase yiye. Nneɛma pii wɔ hɔ a na mintumi nte ase. Nanso, bere a wɔde Bible mu nsɛm pii baa mum kasa mu no, metee nsɛm no nyinaa ase.” George a ɔyɛ ɔsotifo na wayɛ Ɔdansefo mfe 38 no ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ w’ankasa wutumi te asɛm bi ase a, ɛma w’ani gye, na wunya ahotoso. Mete nka sɛ mum kasa a ɛwɔ DVD so no aboa me kɛse paa ma me ne Yehowa ntam ayɛ papa.”

“Wɔyɛ Nhyiam wɔ Me Kasa Mu!”

Nhoma a Yehowa Adansefo ayɛ a ɛwɔ mum kasa mu akyi no, wɔahyehyɛ asafo ahorow a wɔyɛ nhyiam wɔ mum kasa nkutoo mu. Seesei, asafo ahorow a wɔka mum kasa bɛboro 1,100 na ɛwɔ wiase nyinaa. Wɔde mum kasa na ɛkyerɛkyerɛ asotifo no, na wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm wɔ ɔkwan a ɔsotifo tumi te ase wɔ ne kasa mu so. Wɔkyerɛkyerɛ ɔsotifo ma ɔte nka sɛ wobu sɛnea ɔyɛ n’ade, na wodi no ni nso.

So asafo ahorow a wɔahyehyɛ a wɔka mum kasa no so aba mfaso? Susuw Cyril a wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Dansefo wɔ afe 1955 mu asɛm no ho hwɛ. Ɔde mfe pii suaa nhoma a wɔakyerɛw sɛnea obetumi, na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam daa. Ɛtɔ mmere bi a na onya nkurɔfo ma wɔkyerɛ nsɛm no ase kɔ mum kasa mu ma no, na ɛtɔ mmere bi nso a na obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ ase ama no. Ɛda a wannya obiara no, na Adansefo a wɔpɛ sɛ wofi ɔdɔ mu boa no no bɔ mmɔden kyerɛw nsɛm a wɔreka wɔ asɛnka agua so no gu krataa so ma no. Wɔ mfe 34 a na wayɛ Ɔdansefo nyinaa mu no, na wonni mum kasa asafo biara wɔ United States kosii sɛ wɔhyehyɛɛ nea edi kan wɔ New York City wɔ afe 1989 mu. Cyril a ɔwɔ saa asafo no mu tee nka dɛn? Ɔka sɛ: “Ná ɛte sɛ nea mafi kwae mu, amoa bi a emu yɛ sum kabii mu, aba hann mu. Wɔyɛ nhyiam wɔ me kasa mu!”

Yehowa Adansefo asafo ahorow a wɔka mum kasa yɛ mmeae a asotifo tumi hyiam daa sua Onyankopɔn ho ade na wɔsom no. Ɛyɛ mmeae a Onyankopɔn nkurɔfo betumi ne afoforo abɔ fekuw na wɔanya nkuranhyɛ. Wɔ wiase a ɛyɛ den ma asotifo sɛ wobetumi ne nkurɔfo adi nkitaho na wɔne wɔn abɔ fekuw mu no, saa asafo ahorow yi yɛ mmeae a asotifo no tumi ne afoforo di nkitaho na wɔbɔ fekuw ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Asotifo tumi sua ade, nya nkɔso, na wonya nkɔanim wɔ Yehowa som mu wɔ saa asafo ahorow yi mu. Adansefo a wɔyɛ asotifo pii atumi ayɛ bere nyinaa asɛmpakafo. Wɔn mu binom atu akɔ aman foforo so akɔboa asotifo a wɔwɔ hɔ no ma wɔasua Yehowa ho ade. Kristofo mmarima a wɔyɛ asotifo sua sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ yiye, atoto nneɛma yiye, na wɔayɛ ahwɛfo a wɔbɔ mmɔden, na sɛ wɔyɛɛ saa a, wɔn mu pii tumi fata ma wɔma wɔn asɛyɛde ahorow wɔ asafo no mu.

Asafo ahorow a wɔka mum kasa bɛboro 100 ne akuw bɛyɛ 80 na ɛwɔ United States. Asafo ahorow a wɔka mum kasa bɛyɛ 300 ne akuw bɛboro 400 na ɛwɔ Brazil. Asafo ahorow a wɔka mum kasa bɛyɛ 300 na ɛwɔ Mexico. Russia nso, asafo ahorow a wɔka mum kasa bɛboro 30 ne akuw 113 na ɛwɔ hɔ. Eyinom yɛ nkɔanim a aba wɔ wiase nyinaa no mu kakraa bi. *

Yehowa Adansefo san yɛ amansin ne amantam nhyiam wɔ mum kasa mu. Afe a etwaam no, wɔyɛɛ nhyiam bɛboro 120 wɔ wiase nyinaa wɔ mum kasa ahorow pii mu. Saa nhyiam ahorow yi ma Adansefo a wɔyɛ asotifo no tumi hu sɛ wɔka wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔrenya honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu no ho.

Leonard yɛ ɔsotifo, na bɛboro mfe 25 ni na ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Ɔka sɛ: “Ná minim daa nyinaa sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no. Nanso, mante nea enti a wama kwan ma amanehunu kɔ so no ase yiye da. Ɛtɔ mmere bi a na eyi ma me bo fuw no. Nanso, bere bi a wɔrema ɔkasa bi wɔ mum kasa ɔmantam nhyiam bi ase no, afei de metee biribiara ase. Bere a wɔmaa ɔkasa no wiei no, me yere de n’abatwɛw pem me, na obisaa me sɛ, ‘Afei de, woate ase?’ Mitumi kaa no pefee sɛ mate ase! Wɔ mfe 25 akyi no, meda Yehowa ase sɛ mannyae n’akyi di da. Ná medɔ Yehowa bere nyinaa, nanso na mente no ase yiye. Ɛnnɛ de, mete no ase!”

Wɔn Ani Sɔ Paa

“Nsɛnkyerɛnne” bɛn na ɛwɔ Yehowa anim a asotifo hu bere a wɔte ne ho asɛm no? Ɛyɛ ɔdɔ, ayamhyehye, atɛntrenee, nokwaredi, adɔe—ne nea ɛkeka ho pii.

Adansefo a wɔyɛ asotifo a wɔwɔ wiase nyinaa rehu Yehowa anim, na wɔbɛkɔ so ahu no yiye paa asen saa mpo. Esiane sɛ Yehowa fi ne komam dɔ asotifo nti, ‘Yehowa atew n’anim ama wɔn.’ (Num. 6:25) Hwɛ sɛnea saa asotifo no ani sɔ sɛ wɔabehu Yehowa!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 21 Mum kasa asafo ahorow 4 ne akuw 18 na ɛwɔ Ghana.

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Asafo ahorow a wɔka mum kasa bɛboro 1,100 na ɛwɔ wiase nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yehowa atew n’anim yiye ama asotifo