Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommma Nneɛma Nnsɛe Mo Bere wɔ “Asɛmpa Da” Yi Mu

Mommma Nneɛma Nnsɛe Mo Bere wɔ “Asɛmpa Da” Yi Mu

Mommma Nneɛma Nnsɛe Mo Bere wɔ “Asɛmpa Da” Yi Mu

AKWATAFO baanan no susuw nea na wobetumi ayɛ ho. Ná obiara nkyɛɛ wɔn ade wɔ kurow no pon ano. Ná Siriafo a wɔatwa Samaria ho ahyia no ama ɔkɔm rekum kurow no mufo. Ná mfaso biara nni so sɛ obi bɛkɔ kurow no mu; na aduan bo ayɛ den paa. Ná wɔate sɛ wɔafi ase rewe nnipa nam dedaw.—2 Ahe. 6:24-29.

Akwatafo no nyaa adwene sɛ: ‘Dɛn nti na yɛnnkɔ Siriafo nsra no mu? Momma yɛnkɔ, owu biara dan owu.’ Saa da no anwummere, bere a esum bae no, wɔkɔɔ hɔ. Woduu nsra no mu no, na ɛhɔ ayɛ dinn. Ná awɛmfo biara nni hɔ. Ná wɔamantam apɔnkɔ ne mfurum, nanso na asraafo biara nni hɔ. Akwatafo baanan no hwɛɛ ntamadan bi mu. Wohui sɛ na obiara nni mu, nanso na aduan ne nsa abu so wɔ hɔ. Wodidi nomee. Akwatafo no san huu sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ntade, ne nneɛma foforo a ɛsom bo. Wɔfaa nea wɔpɛ de kosiei, na wɔsan bae bɛfaa pii. Ná Siriafo no aguan afi nsra no mu. Ná Yehowa afa anwonwakwan so ama Siriafo no ate asraafodɔm kɛse bi nka. Siriafo no nyaa adwene sɛ nkurɔfo rebɛtow ahyɛ wɔn so, enti woguanee. Wogyaw biribiara hɔ ma enti na obiara betumi akɔfa!

Ná akwatafo no resesaw nneɛma a ɛsom bo no de asie. Nanso, wɔn mfɛfo a wɔwɔ Samaria a na ɔkɔm rekum wɔn no ho adwene baa wɔn tirim, na wɔn ahonim fii ase haw wɔn. Enti, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Nea yɛreyɛ yi nye. Ɛnnɛ yɛ anigye da! [“Ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da,” Akuapem Twi Bible].” Akwatafo no san kɔɔ Samaria ntɛm ara kɔkaa nneɛma a na wɔahu no ho asɛmpa.—2 Ahe. 7:1-11.

Yɛn nso yɛte bere bi a yebetumi afrɛ no “asɛmpa da” mu. Nneɛma a Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne” no mu biako a ɛda nsow ne sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:3, 14) Ɛsɛ sɛ ɛno ka yɛn dɛn?

Nneɛma a Ɛho Hia Yɛn Betumi Ahyɛ Yɛn So

Akwatafo no ani gyee nea wohui no ho araa ma wɔn werɛ fii Samaria kakra. Wɔde wɔn adwene sii nneɛma a na wobetumi anya so. So biribi a ɛte saa betumi ato yɛn? “Aduankɔm” ka sɛnkyerɛnne a ɛma yehu sɛ yɛwɔ bere a ɛwɔ hɔ yi awiei mu no ho. (Luka 21:7, 11) Yesu bɔɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetena mu dadwen anhyɛ mo koma so da.” (Luka 21:34) Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no hwɛ yiye na yɛamma nneɛma a ɛho hia yɛn wɔ yɛn asetena mu da biara da no amma yɛn werɛ amfi sɛ yɛte “asɛmpa da” mu.

Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Blessing amma nneɛma a ɛho hia no wɔ n’asetena mu anhyɛ no so. Ɔyɛɛ akwampae adwuma bere a na ɔkɔ sukuu, na awiei koraa no, ɔwaree obi a ɔyɛ adwuma wɔ Betel, na ɔkɔkaa Betel abusua a ɛwɔ Benin no ho. Ɔka sɛ: “Misiesie adan mu, na m’ani gye adwuma a meyɛ no ho paa.” Seesei Blessing betumi de anigye asusuw mfe 12 a ɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no ho na ama n’ani agye sɛ wakɔ so de n’adwene asi “asɛmpa da” a yɛwom seesei no so.

Monhwɛ Yiye wɔ Nneɛma a Ɛsɛe Bere Pii Ho

Bere a Yesu resoma asuafo 70 no, ɔkae sɛ: “Nokwarem ni, otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa Wura no na ɔnsoma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Luka 10:2) Sɛnea sɛ wɔantwa nnɔbae ntɛm wɔ otwabere mu a, nnɔbae no bi betumi asɛe no, saa ara na sɛ yebu yɛn ani gu asɛnka adwuma no so a, ebetumi ama nnipa bi ahwere wɔn nkwa. Enti Yesu de kaa ho sɛ: “Munnnyina nnkyia obiara wɔ kwan so.” (Luka 10:4) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘nkyia’ no nkyerɛ “maakye” anaa “maaha” kɛkɛ. Ebetumi nso akyerɛ sɛnea sɛ yehyia yɛn adamfo a ebia yɛbɛyɛ no atuu na yɛabɔ nkɔmmɔ tenten no. Enti, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma biribiara a ɛho nhia sɛe wɔn bere, na mmom ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma yiye. Ná asɛm a ɛsɛ sɛ wɔka no gye ntɛmpɛ.

Susuw sɛnea nneɛma a ɛsɛe bere betumi agye yɛn bere pii no ho hwɛ. Mfe pii ni na television ayɛ ade a nnipa ama asɛe wɔn bere paa sen biribi foforo biara wɔ mmeae pii. Na telefon a wokura kyin ne kɔmputa nso ɛ? Bere a wobisabisaa nnipa 1,000 nsɛm wɔ Britain no, wobehui sɛ “da biara da, wɔn mu fã kɛse no ara di simma 88 wɔ telefon a esi faako so, wodi simma 62 wɔ telefon a wokura kyin so, wɔde simma 53 kyerɛw nkrataa fa kɔmputa so, na wɔde simma 22 kyerɛw nsɛm wɔ telefon so mena nkurɔfo.” Sɛ wɔka bere dodow a wɔsɛe no yi nyinaa bom a, ɛboro nnɔnhwerew dodow a akwampaefo boafo de yɛ asɛnka adwuma da biara da no mmɔho abien! Nnɔnhwerew dodow ahe na wode di nkitaho wɔ saa mfiri yi so?

Ná Ernst ne Hildegard Seliger hwɛ sɛnea wɔde wɔn bere di dwuma no yiye. Wɔn baanu nyinaa dii bɛboro mfe 40 wɔ Nasi nneduaban ne Komunis afiase. Bere a woyii wɔn no, wɔyɛɛ akwampae adwuma araa kosii sɛ wowiee wɔn asase so som adwuma.

Ná nnipa pii pɛ sɛ wɔne Seliger ne ne yere di nkitaho. Ná anka awarefo no betumi de nnɔnhwerew a wɔwɔ wɔ ɛda no mu dodow no ara akenkan nkrataa na wɔakyerɛw bi. Nanso, Yehowa som na wɔde dii kan wɔ wɔn asetena mu.

Nokwarem no, yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛn adɔfo bɛkyerɛw yɛn anaasɛ wɔbɛfrɛ yɛn wɔ telefon so, na mfomso biara nni ho. Sɛ yɛsesa nneɛma a yɛyɛ no da biara da mu wɔ ɔkwan a ɛfata so a, ɛboa yɛn. Nanso, nyansa wom sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛamma nneɛma a ɛsɛe bere pii annye yɛn bere wɔ ɛda a yɛde ka asɛmpa yi mu.

Monka Asɛmpa no Nwie Koraa

Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛte “asɛmpa da” mu. Mommma nneɛma nnsɛe yɛn bere te sɛ nea akwatafo baanan no yɛe mfiase no. Kae sɛ wɔkae sɛ: “Nea yɛreyɛ yi nye.” Saa ara na yɛn nso enye sɛ yɛbɛma nneɛma a ɛho hia yɛn anaa nneɛma a ɛsɛe bere pii asiw yɛn kwan a ɛremma yɛnyɛ asɛnka adwuma no pii.

Yɛwɔ obi a ɔyɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua no wɔ eyi mu. Bere a ɔsomafo Paulo susuw mfe 20 a edi kan a ɔde yɛɛ asɛnka adwuma no ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Maka Kristo asɛmpa no awie koraa.” (Rom. 15:19) Paulo amma biribiara ansɛe nsi a na ɔyɛ no. Momma yɛn nso yɛnyɛ nsi te sɛ Paulo bere a yɛreka Ahenni no ho asɛm wɔ “asɛmpa da” yi mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Blessing amma nneɛma a ɛho hia no antwitware bere nyinaa som adwuma a ɔyɛ no mu

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ná Seliger ne ne yere hwɛ sɛnea wɔde wɔn bere di dwuma no yiye