Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woanya Ɔsom Hokwan Bi Pɛn? So Wubetumi Asom Bio?

So Woanya Ɔsom Hokwan Bi Pɛn? So Wubetumi Asom Bio?

So Woanya Ɔsom Hokwan Bi Pɛn? So Wubetumi Asom Bio?

SO WOANYA ɔsom hokwan bi wɔ Kristofo asafo no mu pɛn? Ebia na woyɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin. Ebia na woyɛ bere nyinaa somfo. Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gyee wo dwumadi no ho, na wunyaa akomatɔyam ankasa nso, nanso biribi nti ná ɛsɛ sɛ wode to hɔ.

Ebia wode ɔsom hokwan a na wowɔ no too hɔ na ama woatumi ahwɛ w’abusua. Ebi nso a ɛyɛ onyin anaa yare na ɛma wode too hɔ. Gyinae a ɛte saa a wusii no nkyerɛ sɛ na wuntumi nyɛ w’adwuma no yiye. (1 Tim. 5:8) Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Filipo yɛ ɔsɛmpatrɛwfo, nanso akyiri yi, ɔkɔtenaa Kaesarea hwɛɛ n’abusua wɔ hɔ. (Aso. 21:8, 9) Bere a Ɔhene Dawid a ɔtenaa ase wɔ tete Israel no bɔɔ akwakoraa no, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔde ne ba Solomon tenaa ahengua no so ma odii n’ade. (1 Ahe. 1:1, 32-35) Nanso, Yehowa kɔɔ so dɔɔ Filipo ne Dawid nyinaa, na n’ani sɔɔ wɔn, na ɛde besi nnɛ nyinaa nkurɔfo bu wɔn.

Nanso, ebetumi aba sɛ wogyee ɔsom hokwan a wowɔ no fii wo nsam. So nneyɛe a ɛmfata bi a woyɛe nti na ɛma wogyei? Anaasɛ na ɛyɛ abusua mu ɔhaw bi? (1 Tim. 3:2, 4, 10, 12) Ebi mpo a wo ne wɔn a wogyee hokwan a ɛte saa fii wo nsam no anyɛ adwene ma enti ebia ɛho abufuw da so ara hyɛ wo mu de besi nnɛ.

Wubetumi Apere Adu Ho Asom Bio

Sɛ ɔsom hokwan a wowɔ fi wo nsa a, so worentumi nsan nnya bio? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛte saa. Nanso, nea ɛbɛyɛ a wubetumi asan asom bio no, ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛpere adu ho. (1 Tim. 3:1) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ a ɛte saa? Ade a ɛma wuhyiraa wo ho so maa Onyankopɔn no ara bi nti na ɛsɛ sɛ woyɛ saa—Yehowa ne wɔn a wɔsom no no ho dɔ a wowɔ. Sɛ wopɛ sɛ wosan som bio de kyerɛ sɛ wowɔ saa ɔdɔ no a, eyi bɛma Yehowa de wo adi dwuma ma wode osuahu a na wowɔ ansa na hokwan no refi wo nsa ne nea wunyae bere a efii wo nsa no akyi no adi dwuma.

Bere a na ɛfata sɛ Yehowa gye hokwan soronko a na Israel man no wɔ wɔ n’anim na ogyei akyi no, kae awerɛhyem a ɔde maa wɔn no. N’Asɛm ka sɛ: “Mene Yehowa; mensakrae. Mone Yakob mma; monsae.” (Mal. 3:6) Ná Yehowa dɔ Israelfo no, na na ɔpɛ sɛ ɔkɔ so de wɔn di dwuma. Saa ara na Yehowa ani gye ho sɛ ɔde wo bɛyɛ adwuma daakye. Dɛn na wubetumi ayɛ wɔ tebea a wowom seesei no ho? Ɛnyɛ ɔdom akyɛde a obi wɔ na ɛma onya ɔsom hokwan wɔ Onyankopɔn som mu, na mmom ɛyɛ abusuabɔ pa a ɔne Yehowa wɔ. Enti, seesei a wunni asɛyɛde pii wɔ asafo no mu no, fa w’adwene si wo ne Yehowa ntam abusuabɔ a wobɛhyɛ mu den so.

Nea ɛbɛyɛ na ‘woayɛ den’ wɔ gyidi mu no, ‘hwehwɛ Yehowa ne n’ahoɔden.’ (1 Kor. 16:13; Dw. 105:4) Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wubefi wo komam abɔ mpae. Sɛ woreka wo tebea no ho asɛm akyerɛ Yehowa a, ka sɛnea wote nka no ho asɛm kyerɛ no, na srɛ ne honhom. Sɛ woyɛ saa a, wobɛbɛn Yehowa kɛse, na eyi bɛhyɛ wo den. (Dw. 62:8; Filip. 4:6, 13) Ɔkwan foforo a wubetumi afa so ahyɛ abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ mu den ne sɛ wubesua Onyankopɔn Asɛm no yiye. Seesei a wunni asɛyɛde pii no, wubetumi de bere pii ayɛ w’ankasa ne w’abusua adesua, na ebia woatumi akɔ so ayɛ nneɛma a wɔyɛ no daa a na anka ɛyɛ den sɛ wobɛkɔ so ayɛ no.

Nokwasɛm ne sɛ, woda so ara gyina Yehowa ananmu sɛ ne Dansefo. (Yes. 43:10-12) Hokwan a ɛsen biara a yɛn mu biara betumi anya ne sɛ yɛbɛyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no mu biako. (1 Kor. 3:9) Asɛnka a wobɛkɔ no pii no yɛ ɔkwan a ɛkyɛn so a wobɛfa so ahyɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ mu den, na woaboa wɔn a wo ne wɔn kɔ asɛnka no nso ma wɔayɛ saa ara.

Sɛnea Wobɛhyɛ Wo Ho So

Sɛ ɔsom hokwan bi fi wo nsa a, ebetumi ahyɛ wo aniwu anaasɛ ayɛ wo yaw. Ebia wobɛka sɛ wunnii mfomso biara. Na sɛ anuanom a wodi asafo no anim no tie w’ano asɛm, nanso wɔda so ara te nka sɛ ɛsɛ sɛ wode ɔsom hokwan bi a wowɔ to hɔ nso ɛ? Ebia wubenya saa anuanom no ho adwene a ɛnteɛ ma enti ɛremma wommɔ mmɔden sɛ wobɛsan apere adu ɔsom hokwan ho, anaa mpo ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubesua biribi afi asɛm a ato wo no mu. Ma yensusuw sɛnea asɛm a ɛtoo Hiob, Manase, ne Yosef no betumi aboa obi ma wayi adwene a ɛnteɛ afi ne mu no ho.

Ná Hiob agyina afoforo ananmu abɔ Yehowa mpae ama wɔn, na na watena ase sɛ ɔpanyin ne ɔtemmufo wɔ tete agyanom bere so. (Hiob 1:5; 29:7-17, 21-25) Afei, bere a na nneɛma rekɔ yiye paa ma Hiob no, ɔhweree n’ahode ne ne mma, na ɔyaree. Bere a saa nsɛm yi too no no, na afoforo mmu no bio. Hiob kae sɛ: “Afei de nkurɔfo reserew me, nnipa a manyin sen wɔn.”—Hiob 30:1.

Ná Hiob susuw sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara, enti na ɔpɛ sɛ obu ne ho bem wɔ Onyankopɔn anim. (Hiob 13:15) Nanso, na Hiob pɛ sɛ ɔtwɛn Yehowa, na saa a ɔyɛe no ma onyaa nhyira. Ohui sɛ na ohia nteɛso, titiriw sɛnea ɔyɛɛ n’ade bere a ohyiaa sɔhwɛ no. (Hiob 40:6-8; 42:3, 6) Awiei koraa no, ahobrɛase a Hiob nyae no maa Onyankopɔn hyiraa no pii.—Hiob 42:10-13.

Sɛ mfomso bi na wudii na ɛmaa hokwan bi fii wo nsa a, ebia woredwen ho sɛ Yehowa ne wo nuanom Kristofo de befiri wo korakora na wɔama wɔn werɛ afi anaa. Wo de, susuw asɛm a ɛtoo Yuda hene Manase no ho hwɛ. “Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.” (2 Ahe. 21:6) Nanso, Manase wui sɛ ɔnokwafo bere a na ɔredi hene. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

Awiei koraa no, Manase gyee nteɛso toom. Bere a wantie kɔkɔbɔ no, Yehowa maa Asiriafo baa no so, na woguu no nkɔnsɔnkɔnsɔn de no kɔɔ Babilon a na ɛwɔ akyirikyiri no. Bere a Manase wɔ hɔ no, “ɔhwehwɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii n’agyanom Nyankopɔn anim. Na ɔbɔɔ no mpae daa.” Manase nuu ne ho wɔ ne komam, na ɔyɛɛ nnwuma a ɛkyerɛ sɛ wasakra n’adwene, na wɔde ne bɔne firii no.—2 Be. 33:12, 13.

Sɛ ɔsom hokwan a wowɔ fi wo nsa a, wɔntaa mfa ne nyinaa mma wo prɛko pɛ. Nanso, bere rekɔ so no, wɔde hokwan nketenkete bi bɛma wo. Sɛ wugye na woyere wo ho yɛ no yiye a, mpɛn pii no, ɛma wɔma wo nnwuma foforo ka ho. Eyi nkyerɛ sɛ wubenya nkɔso ntɛmntɛm sɛnea wohwɛ kwan no. Ebia w’abam bebu. Nanso, sɛ wunya ɔpɛ na wumia w’ani a, biribi pa befi mu aba.

Fa Yakob ba Yosef sɛ nhwɛso. Bere a Yosef dii mfe 17 no, ne nuanom tɔn no a na ɔnyɛɛ bɔne biara ma ɔkɔyɛɛ akoa. (Gen. 37:2, 26-28) Wanna anso dae da sɛ ne papa mma de asɛm a ɛte saa bedi no. Nanso, ogyee tebea a ɔkɔɔ mu no toom faa no saa ara, na Yehowa hyiraa no ma ‘ne wura de ne fie hyɛɛ ne nsa.’ (Gen. 39:2) Akyiri yi, wɔde Yosef too afiase. Nanso, odii nokware, na Yehowa dii n’akyi, na ewiee ase no, wɔde afiase hɔ hyɛɛ ne nsa.—Gen. 39:21-23.

Ná Yosef nnim sɛ mfe a odii wɔ afiase hɔ nyinaa so bɛba mfaso. Ɔkɔɔ so ara yɛɛ nea obetumi. Enti, Yehowa tumi faa Yosef so koraa abusua a na Aseni a na wɔahyɛ no ho bɔ no befi mu aba no so. (Gen. 3:15; 45:5-8) Ɛwom sɛ yɛn mu biara ntumi nhwɛ kwan sɛ wɔde no bedi dwuma titiriw bi te sɛ Yosef de, nanso Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa nsa wɔ ɔsom hokwan ahorow a N’asomfo nya no mu. Enti, suasua Yosef na ma kwan ma wɔmfa wo nni dwuma.

Sɛnea Wubesua Bibiri Afi Ɔhaw a Emu Yɛ Den Mu

Hiob, Manase, ne Yosef hyiaa tebea ahorow a ebu abam. Mmarima baasa no nyinaa gyee tebea a Yehowa maa kwan ma ɛtoo wɔn no toom, na wɔn mu biara suaa nneɛma pa bi fii mu. Dɛn na wubetumi asua?

Hu nea ebia Yehowa rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma woasua no. Bere a na abasamtu ama Hiob reteetee no, odwenee ne nkutoo ho, na obuu n’ani guu nneɛma a na ɛho hia paa so. Nanso, Yehowa teɛɛ no so wɔ ɔdɔ mu ma n’ani san baa ne ho so, na ɔkae sɛ: “Mekasae bere a mente ase.” (Hiob 42:3) Sɛ ɔsom hokwan bi afi wo nsa ma ayɛ wo yaw a, ‘mmu wo ho ntra nea ɛsɛ; na mmom dwen nya anidahɔ adwene.’ (Rom. 12:3) Ebia na Yehowa rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛteɛteɛ wo wɔ ɔkwan bi a wunyaa ntee ase nwiei so.

Gye nteɛso tom. Ebia mfiase no, Manase tee nka sɛ ɛmfata sɛ wɔteɛ no so denneennen saa. Nanso, ogye toom, onuu ne ho, na ɔsan fii ne kwammɔne no so. Ɛmfa ho sɛnea wote nka wɔ nteɛso a wɔde maa wo ho no, ‘brɛ wo ho ase wɔ Yehowa anim, na ɔbɛma wo so.’—1 Pet. 5:6; Yak. 4:10.

Si abotare na nya ɔpɛ. Ná anka ɛrenyɛ den koraa sɛ asɛm a ɛtoo Yosef no betumi ama wakɔ so anya ne nuanom no ho tan na watua wɔn so ka. Nanso, onyaa nhumu ne mmɔborɔhunu. (Gen. 50:15-21) Sɛ biribi ama w’abam abu a, si abotare. Ma kwan ma Yehowa ntete wo.

So woanya ɔsom hokwan bi wɔ Kristofo asafo no mu pɛn? Ma Yehowa kwan ma ɔmma wo ɔsom hokwan daakye. Hyɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ mu den. Fa abotare ne ahobrɛase hyɛ wo ho so. Fi wo pɛ mu yɛ adwuma biara a wɔde bɛma wo no. Nya awerɛhyem sɛ “Yehowa de, ɔremfa adepa biara nkame wɔn a wɔnantew teeyɛ mu no.”—Dw. 84:11.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

Fi wo komam bɔ mpae na ama ‘woayɛ den’ wɔ gyidi mu

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Asɛnka a wobɛkɔ no pii no yɛ ɔkwan a ɛkyɛn so a wobɛfa so ahyɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ mu den

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ma Yehowa kwan ma ɔmma wo ɔsom hokwan daakye