Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔahu Ademude Bi a Wɔde Siei

Wɔahu Ademude Bi a Wɔde Siei

Wɔahu Ademude Bi a Wɔde Siei

SO WOAHU ademude bi a wɔde asie wɔ baabi a na wonhwɛ kwan sɛ wubehu wɔ hɔ pɛn? Yehowa Dansefo bi a wɔfrɛ no Ivo Laud a ɔwɔ Estonia huu biribi a ɛte saa wɔ March 27, 2005. Ná ɔreboa Alma Vardja a ɔyɛ Ɔdansefo bi a ne mfe akɔ anim ma wabubu ne dan ketewa bi a ayɛ dedaw. Bere a wobubuu ɔdan no, wohuu ntaboo bi a ɛfam odum bi ho. Bere a wɔwaee ntaboo no, wohuu tokuru bi a ɛda odum no mu a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛntimita 10, ne tenten bɛyɛ mita 1.2, na sɛnea tokuru no mu dɔ nso bɛyɛ sɛntimita 10, na na dua bi kata tokuru no ano pɛpɛɛpɛ. (1) Ademude paa a wɔde asie ni! Ná ɛyɛ ademude bɛn? Hena na ɔde siee hɔ?

Ná wɔde krataa a emu yɛ duru akyekyere nneɛma bi ho yiye ahyehyɛ tokuru no mu. (2) Ná nneɛma a wɔakyekyere ho no bi yɛ Yehowa Adansefo nhoma, titiriw, Ɔwɛn-Aban adesua nsɛm a ebi mpo yɛ afe 1947 de. (3) Ná ɛyɛ nsɛm a wɔato wɔn bo ase de wɔn nsa akyerɛw wɔ Estonia kasa mu. Ná nsɛm bi wɔ nneɛma a wɔakyekyere ho no bi mu a ebetumi ama wɔahu onipa a ɔde saa nneɛma no siee hɔ. Ná ɛno yɛ nsɛm a polisifo bisabisaa Alma kunu Villem Vardja ho kyerɛwtohɔ. Wɔsan nso huu mfe dodow a odii wɔ afiase ho nsɛm wom. Dɛn nti na wɔde no too afiase?

Ná Villem Vardja yɛ Ɔdansefo a ɔwɔ asɛyɛde pii wɔ Tartu Asafo mu, na akyiri yi, obenyaa pii nso wɔ Otepää Asafo a ɛwɔ Estonia a na ɛka Soviet Socialist Republics ho no mu. Ɛbɛyɛ sɛ aka kakra ma Wiase Ko II afi ase no na ohuu nokware no. Mfe kakra akyi, wɔ December 24, 1948 no, esiane Onua Vardja som nti Komunis aban no ma wɔkyeree no. Polisifo a wɔyɛ wɔn adwuma wɔ sum ase bisabisaa no nsɛm yɛɛ no ayayade bere a na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ no ma ɔbobɔ ne mfɛfo Adansefo foforo din no. Wɔde no too afiase mfe du wɔ Russia a wɔantie n’ano asɛm wɔ asɛnnibea.

Villem Vardja dii Yehowa nokware kosii sɛ owui wɔ March 6, 1990. Ná ne yere nnim sɛ ɔde saa nhoma no asie wɔ hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ saa na sɛ ɛkɔba sɛ polisifo bisabisa ne yere nsɛm a, abɔ ne yere ho ban. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ ɔde nhoma no sie? Nea enti a ɔde siei ne sɛ na Soviet Man Bammɔ Bagua a wɔfrɛ no KGB no ma wɔtaa kɔ Yehowa Adansefo afie mu kɔhwehwɛ wɔn som ho nhoma a wɔmmɔ wɔn nkae. Ɛbɛyɛ sɛ Onua Vardja de nhoma no siei sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɛkɔba sɛ KGB no ma wɔn nkurɔfo kɔfa nhoma a aka nyinaa a, ne nuanom a wɔaka benya honhom fam aduan bere nyinaa. Ná wɔadi kan ahu nhoma a wɔde siei no bi wɔ afe 1990 ahohuru bere mu. Wohuu bi wɔ Tartu a ɛwɔ Estonia anafo fam no. Villem Vardja na ɔde ɛno nso siei.

Dɛn nti na yɛfrɛ saa nhoma yi ademude? Efisɛ nhoma a wɔato wɔn bo ase paa de wɔn nsa akyerɛw yi a wɔde asie yiye no ma yehu sɛnea na honhom fam aduan a na Adansefo no nya saa bere no som bo ma wɔn. (Mat. 24:45) So w’ani sɔ honhom fam aduan a wo nsa tumi ka seesei wɔ baabi a wowɔ no? Emu bi ne Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Estonia kasa mu ne kasa foforo bɛboro 170 mu no.