Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• So akokoaa a owu wɔ yafunum betumi anya owusɔre?

Onipa nkwa fi ase bere a wɔanyinsɛn no no. Ɛmfa ho baabi a obi nyin kodu ansa na wawu no, Yehowa betumi anyan no, efisɛ “Onyankopɔn fam de ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” (Mar. 10:27) Nanso, Bible nka no tẽẽ sɛ Yehowa benyan nkokoaa a wowuwui wɔ yafunum no anaasɛ ɔrennyan wɔn.—4/15, kratafa 12, 13.

• Sɛ yɛhwɛ ntɛtea, nkukuban, mmoadabi, ne ɔdannena a, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

Saa mmoa anan yi da nyansa a wonya fi awo mu adi. Enti, wɔma Onyankopɔn nyansa da adi kɛse. (Mmeb. 30:24-28)—4/15, kratafa 16-19.

• So Yesu yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn?

Ɔsomafo Paulo kae yɛn sɛ, “Onyankopɔn di Kristo so tumi.” (1 Kor. 11:3, Today’s English Version) Bible ka sɛ daakye, “sɛ onya de nneɛma nyinaa gu Kristo nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase; na Onyankopɔn bedi nneɛma nyinaa so koraa.” (1 Kor. 15:28, TEV) Ɛda adi pefee sɛ Yesu nyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Ɛno nti na ɔfrɛɛ n’Agya sɛ “me Nyankopɔn” no. (Adi. 3:2, 12; 2 Kor. 1:3, 4)—4/1, kratafa 7.

• Dɛn nti na Bible ka sɛ kommyɛ yɛ ade pa?

Bible ma yehu sɛ sɛ yɛyɛ komm a ebetumi akyerɛ sɛ yebu ade, ɛboa ma yedwinnwen nsɛm ho, na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nyansa ne nhumu. (Dw. 37:7; 63:6; Mmeb. 11:12)—5/15, kratafa 3-5.

• Nneɛma a enti ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn mmom sen nnipa no bi ne dɛn?

Nneɛma no bi ne sɛ Yehowa ne Opumpuni no, na ɔbɛboa yɛn na wabɔ yɛn ho ban. Bio nso, Onyankopɔn dɔ wɔn a wɔbɛn no no. Yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no nyinaa. (Yak. 1:17; Dw. 40:5) Sɛ yesi yɛn bo denneennen sɛ yebedi Onyankopɔn ni na yɛadɔ no a, wɔn a wɔsɔre tia yɛn no mu bi betumi asesa. (1 Tim. 1:13)—4/1, kratafa 13, 14.

• Yuda ahemfo baahe na wɔdaa nnamyɛ soronko adi wɔ Onyankopɔn fie ho?

Ahemfo 19 na wodii Yuda a ɛno ne ahemman a na ɛwɔ anafo fam no so, na wɔn mu 4 na wɔdaa nnamyɛ soronko a ɛte saa adi. Saa ahemfo no ne Asa, Yehosafat, Hesekia, ne Yosia.—6/15, kratafa 7-11.

• So Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa a wɔwɔ asase so ka ho bi na wɔde honhom fam aduan ma?

Dabi. Wɔn a wɔde Onyankopɔn honhom asra wɔn nyinaa ka akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ho, nanso wɔn a wɔyɛ Sodikuw no mufo na wɔhwɛ de honhom fam aduan ma.—6/15, kratafa 22-24.

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ ne ade titiriw a ɛmaa sɛnea Yesu ne nnipa dii no yɛ soronko wɔ nyamesom akannifo no de ho?

Sɛ́ anka saa nyamesom akannifo no bɛdɔ mpapahwekwa no, wobuu wɔn animtiaa mmom. Bio nso, na wɔnnɔ Onyankopɔn. Ná Yesu dɔ n’Agya, na na nnipa no yɛ no mmɔbɔ. (Mat. 9:36) Ná Yesu pɛ nnipa no asɛm, na ne yam hyehye no ma wɔn, na ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn.—7/15, kratafa 15.

• So awo foforo no yɛ gyinae a obi ankasa si?

Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 3:7 no ma yehu sɛ obi ankasa ntumi nsi gyinae sɛ wɔnwo no foforo anaa mma wɔnnwo no foforo. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘wɔasan awo obi bio’ no kyerɛ sɛ, “ɛsɛ sɛ wofi ɔsoro wo obi.” Enti awo foforo no ‘fi Agya no nkyɛn.’ (1 Yoh. 3:9; Yak. 1:17) Sɛnea wo papa na ɔwoo wo no, saa ara na sɛ wɔbɛwo yɛn foforo a, egyina yɛn soro Agya, Onyankopɔn nkutoo so. (Yoh. 1:13; 1 Pet. 1:3)—7/1, kratafa 5, 6.