Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Obi Ayɛ Wo Bɔne

Bere a Obi Ayɛ Wo Bɔne

Bere a Obi Ayɛ Wo Bɔne

NNIPA pii susuw sɛ sɛ obi yɛ wo bɔne na woyɛ no bi tua ka a, ɛma wo koma tɔ wo yam. Eyi te saa efisɛ sɛ obi fom yɛn anaa ɔyɛ biribi tia yɛn wɔ ɔkwan bi so a, yɛn bo betumi afuw. Esiane papa ne bɔne ho adwene a yefi awosu mu wɔ nti, sɛ obi fom yɛn a, yɛhwɛ kwan sɛ obenya ne bɔne no so akatua. Nanso asɛm no ne sɛ, hena na ɛsɛ sɛ otua no ka?

Nokwarem no, mfomso gu ahorow. Obi betumi abɔ wo sotɔre, apia wo, adidi wo atɛm, atwa wo adapaa, aboro wo, awia woade, anaa wayɛ wo biribi a ɛte saa. Sɛ obi bu wo animtiaa anaa ɔyɛ biribi a ɛte saa tia wo a, wote nka dɛn? Nnipa dodow no ara fam no, sɛ biribi a ɛte saa to wɔn a, nea wɔka ara ne sɛ ‘mɛyɛ no bi atua ka!’

Wɔ United States no, sukuufo pii hyɛ da twa atoro to wɔn akyerɛkyerɛfo a wɔde asotwe ama wɔn no so de di wɔn so werɛ. Brenda Mitchell a ɔyɛ Akyerɛkyerɛfo Nkabom Kuw a ɛwɔ New Orleans no titenani ka sɛ, “Sɛ wonya bɔ ɔkyerɛkyerɛfo no sobo saa a, ɛsɛe ne din.” Sɛ wɔhwehwɛ asɛm no mu na wohu sɛ ɛnyɛ nokware mpo a, ɛmpopa dinsɛe no.

Wɔ nnwuma ahorow mu no, adwumayɛfo a wɔn bo afuw wɔn adwumawuranom no mu dodow no ara tumi sɛe nneɛma wɔ adwuma no kɔmputa so anaa wɔpopa nsɛm a ɛho hia adwuma no paa fi so de ko tia wɔn. Afoforo nso wia adwuma no kokoam nsɛm tɔn anaa wɔde ma nkurɔfo. Kɔmputa so nsɛm a adwumayɛfo wia akyi no, The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔtaa wiawia adwuma mu nneɛma de tua bɔne a wosusuw sɛ adwumawuranom ayɛ wɔn no so ka.” Nea ɛbɛyɛ na nnwumakuw pii ako atia aweredi su a ɛte saa no, sɛ woyi obi adi fi adwuma mu a, wɔma ɔwɛmfo di onii no akyi kɔ baabi a ɔyɛ adwuma no kɔhwɛ ma ɔfa ne nneɛma nyinaa, na wadi n’akyi ma wafi adwuma no mu akɔ.

Wɔn a wɔtaa di yɛn so werɛ ne nnipa a wɔbɛn yɛn paa te sɛ yɛn nnamfo, wɔn a yɛne wɔn bɔ, ne abusuafo. Sɛ yɛyɛ biribi anaa yɛka asɛm bi ma ɛhaw wɔn a, mpɛn pii no, wobetumi ayɛ bi atia yɛn. Sɛ w’adamfo bi teɛteɛm gu wo so a, so woyɛ bi tua no ka? Sɛ w’abusua muni bi hyɛ wo abufuw a, wohwehwɛ kwan a wobɛfa so ahyɛ no ananmu? Sɛ nea wafom wo no bɛn wo paa a, hwɛ sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ no bi tua ka!

Aweredi de Ɔhaw Pii Ba

Mpɛn pii no, wɔn a wɔpɛ sɛ wodi were no yɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn bo bɛtɔ wɔn yam. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Hebrini agya panyin Yakob mma hui sɛ Kanaanni Sekem ato wɔn nuabea Dina mmonnaa no, “asɛm no yɛɛ wɔn yaw na wɔn bo fuwii denneennen.” (Genesis 34:1-7) Nea ɛbɛyɛ na Yakob mma no adi bɔne a Sekem yɛɛ wɔn nuabea no so were no, wɔbɔɔ pɔw bɔne tiaa Sekem ne ne fiefo. Simeon ne Lewi daadaa Sekem ne mmarima a wɔwɔ kurow no mu, na wɔkɔɔ hɔ kokunkum wɔn nyinaa.—Genesis 34:13-27.

So saa mogyahwiegu no maa asɛm no to twae? Bere a Yakob tee nea ne mma no ayɛ no, ɔkaa wɔn anim sɛ: “Moama mabɛyɛ abusude na me ho abɔn asase yi sofo, . . . na wɔbɛboaboa wɔn ano abekum me atɔre m’ase, me ne me fie.” (Genesis 34:30) Sɛ́ anka wɔn aweredi no bɛma asɛm no to atwa no, amma saa koraa; mmom na ɛsɛ sɛ Yakob ne n’abusua no hwɛ wɔn ho yiye wɔ afipamfo a na wɔn bo afuw wɔn no ho, na wɔammɛtow anhyɛ wɔn so. Ɛda adi sɛ, nea ɛbɛyɛ na asɛm a ɛte saa rento wɔn no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob ma ɔne n’abusua tu fii mpɔtam hɔ kɔɔ Betel.—Genesis 35:1, 5.

Mmonnaa a wɔtoo Dina no ma yenya asuade titiriw bi. Aweredi taa kowie aweredi afoforo mu, na ɛtoatoa so. Eyi ma Germanfo abebusɛm yi yɛ nokware: Sɛ obi yɛ wo bɔne na sɛ woyɛ no bi tua ka a, ɛmma asɛm no to ntwa.

Aweredi a Ɛtoatoa So

Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yebetua bɔne a obi ayɛ yɛn so ka ɔkwan biara so a, epira yɛn. Nhoma bi ka sɛ: “Abufuw betumi asɛe wo. Sɛ wode w’adwene si yaw bi a woafa mu so, na wunya wɔn a wɔafom wo no ho menasepɔw na wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wɔn bi atua ka a, wosɛe wo bere ne w’ahoɔden.” (Forgiveness—How to Make Peace With Your Past and Get On With Your Life) Sɛnea Bible ka no pefee no, “ahoɔyaw yɛ nnompe mu porɔw.”—Mmebusɛm 14:30.

Nokwarem no, sɛ obi ma nitan ne menasepɔw kɛntɛn no so a, ɔbɛyɛ dɛn anya anigye? Sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Sɛ ɛyɛ wo sɛ ‘aweredi ye’ a, hwɛ wɔn a wɔayɛ saa bere tenten no anim hwɛ.”

Susuw nea ɛrekɔ so wɔ wiase mmeae ahorow a mmusua ne ɔsom mu ntawntawdi rekɔ so kɛse no ho hwɛ. Mpɛn pii no, wokunkum wɔn ho wɔn ho, na saa a wɔyɛ no ma nitan a ɛwɔ wɔn ntam no yɛ kɛse na ɛto ntwa da. Sɛ nhwɛso no, bere a amumɔyɛfo bi tow ɔtopae ma ekunkum mmabun 18 no, ɔbea bi a na ɔrebɔ bena no kae sɛ, “Ɛsɛ sɛ yetua wɔn so ka mmɔho mmɔho!” Sɛ ɛba saa a, akunkumakunkum no kɔ so mmom, na ɛma nnipa pii de wɔn ho gye ɔhaw no mu.

“Aniwa Nsi Aniwa Ananmu”

Ebinom te nka sɛ Bible no foa aweredi so. Wɔka sɛ, “So Bible no nka sɛ ‘aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu’?” (Leviticus 24:20) Sɛ wohwɛ sɛnea mmara yi te a, wobɛka sɛ ɛhyɛ aweredi ho nkuran. Nanso nea ɛte ankasa ne sɛ, ɛtew aweredi a ntease nnim so. Ɔkwan bɛn so?

Sɛ Israelni bi boro ne yɔnko Israelni na otu n’aniwa a, na Mmara no ma kwan sɛ wotu ɔno nso aniwa hyɛ ananmu. Nanso, na ɛnyɛ nea wotuu n’aniwa no anaa ne busuani bi adwuma sɛ ɔbɛyɛ saa. Ná Mmara no hwehwɛ sɛ ɔde asɛm no kɔ atumfoɔ a wɔwɔ hɔ—atemmufo—no nkyɛn ma wodi ho dwuma sɛnea ɛsɛ. Nim a na wonim sɛ sɛ obi boapa di awu anaa opira obi a, wɔbɛyɛ no bi atua ka no ma wosuroe sɛ wɔn ankasa bedi were. Nanso, ɛnyɛ asɛm no nyinaa ni.

Ansa na Yehowa Nyankopɔn de aweredi ho mmara a yɛaka ho asɛm yi resi hɔ no, ɔnam Mose so ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Nnya wo nua ho tan wo komam. . . . Na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw.” (Leviticus 19:17, 18) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wogyina sɛnea Yesu bɔɔ Mmara apam no nyinaa mmua no so susuw ahyɛde a ɛne sɛ “aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu” no ho. Yesu kae sɛ Mmara no nyinaa gyina ahyɛde abien yi so: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,” na “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:37-40) Ɛnde sɛ wobu nokware Kristofo atɛnkyea a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

Monhwehwɛ Asomdwoe

Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ “asomdwoe Nyankopɔn,” na ɛhyɛ n’asomfo nkuran sɛ ‘wɔnhwehwɛ asomdwoe na wonni akyi.’ (Hebrifo 13:20; 1 Petro 3:11) Nanso, so eyi betumi ayɛ yiye?

Bere a Yesu wɔ asase so no, wɔtetee ntasu guu no so, wɔhwee no, n’atamfo dii n’ani, obi a ɔbɛn no paa yii no mae, na n’akyidifo no mpo guan gyaw no. (Mateo 26:48-50; 27:27-31) Yesu yɛɛ n’ade dɛn? Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Bere a wɔsopaa no no, wanyɛ bi antua ka. Bere a ɔrehu amane no, wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.”—1 Petro 2:23.

Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Kristo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.’ (1 Petro 2:21) Nokwarem no, wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wonsuasua Yesu, ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade bere a ohuu amane no. Ɛdefa eyi ho no, Yesu ankasa kae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo, na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.”—Mateo 5:44, 45.

Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ Kristo dɔ no yɛ wɔn ade wɔ bɔne a obi ayɛ wɔn anaa nea wosusuw sɛ obi ayɛ wɔn no ho? Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase, na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu bɔne so.” Afei nso wotie afotu yi: “Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.” (Romafo 12:21) Hwɛ nsonsonoe ara a ɛwɔ eyi ne sɛnea nnipa a wɔwɔ wiase no mu nnɛ yɛ wɔn ade de tua afoforo bɔne so ka no mu! Nokware Kristofo dɔ betumi aboa yɛn ma yɛadi su a ɛma yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yetua afoforo bɔne so ka no so, na ɛbɛma ‘yɛabu yɛn ani agu wɔn bɔne so’ efisɛ ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne mu.’—1 Korintofo 13:5.

So eyi kyerɛ sɛ sɛ obi yɛ yɛn bɔne anaa ohunahuna yɛn wɔ ɔkwan bi so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ dinn na yɛfa no saa ara? Ɛnte saa koraa! Bere a Paulo kae sɛ, ‘Yɛnkɔ so mfa papa nni bɔne so nkonim’ no, na ɛnyɛ nea ɔrekyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni ani gye ho sɛ wɔbɛtaa no. Mmom no, sɛ wɔtow hyɛ yɛn so a, yɛwɔ hokwan sɛ yetwitwa gye yɛn ho. Sɛ obi yɛ biribi tia wo anaa ɔsɛe w’agyapade bi a, wubetumi afrɛ polisifo. Sɛ asɛm no fa obi a wo ne no yɛ adwuma anaa wo ne no kɔ sukuu ho a, wubetumi abɔ atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no amanneɛ.—Romafo 13:3, 4.

Nanso, eye paa sɛ wobɛma atena w’adwenem sɛ ebetumi ayɛ den sɛ wobebu atɛntrenee ama yɛn wɔ saa wiase yi mu. Nokwasɛm ne sɛ, ebinom de wɔn nkwa nna nyinaa ahwehwɛ atɛntrenee, nanso esiane sɛ wɔanni wɔn asɛm amma wɔn nti, yawdi ne menasepɔw ahyɛ wɔn ma.

Nea Satan pɛ ara ne sɛ nnipa bedi wɔn ho were na wɔatentan wɔn ho wɔn ho. (1 Yohane 3:7, 8) Eye paa sɛ yɛbɛma Bible mu nsɛm yi atena yɛn adwene mu: “Adɔfo, munnni mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” (Romafo 12:19) Sɛ yegyaw nsɛm ma Yehowa a, ɛbɛma yɛade yɛn ho afi yaw, abufuw, ne nsɛmmɔnedi ho.—Mmebusɛm 3:3-6.—w09 9/1-E.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]

“Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,” na “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne mu.’ —1 Korintofo 13:5