Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Kristo Adwene Ntena Mo Mu

Momma Kristo Adwene Ntena Mo Mu

Momma Kristo Adwene Ntena Mo Mu

“Munnya adwenkoro no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi wɔ mo mu.”—ROM. 15:5.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya Kristo adwene?

YESU KRISTO kae sɛ: “Mommra me nkyɛn, . . . Munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mat. 11:28, 29) Sɛnea Yesu fi ɔdɔ mu too nsa frɛɛ yɛn yi ma yehu sɛnea na ɔwɔ ɔdɔ no yiye. Onipa a ɔyɛ nhwɛso pa sen biara a yebetumi asuasua no ne Yesu. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ɔwɔ tumi de, nanso ɔdaa tema ne ayamye adi kyerɛɛ nnipa, titiriw, wɔn a na wɔrehu amane no.

2. Yesu su ahorow bɛn na yebesusuw ho?

2 Yebesusuw sɛnea yebetumi anya adwenkoro no ara a na Yesu wɔ no bi na yɛama atena yɛn mu na yɛde “Kristo adwene” abɔ yɛn bra ho wɔ adesua asɛm yi ne abien a edi hɔ no mu. (1 Kor. 2:16) Yebesusuw emu anum ho: ɛno ne odwo ne ahobrɛase a Yesu wɔ, n’ayamye, osetie a ɔyɛ ma Onyankopɔn, n’akokoduru, ne ne dɔ a ɛto ntwa da.

Munsua Odwo a Kristo Wɔ no Bi

3. (a) Ahobrɛase ho asuade biako bɛn na Yesu kyerɛɛ n’asuafo no? (b) Bere a Yesu asuafo no yɛɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ mmerɛw no, dɛn na ɔyɛe?

3 Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no fi ne pɛ mu baa asase so bɛsomee wɔ nnipa a wɔtɔ sin na wɔyɛ abɔnefo mu. Ná wɔn mu bi na wobekum no akyiri yi. Nanso, Yesu hyɛɛ ne ho so, na n’ani gyei bere nyinaa. (1 Pet. 2:21-23) Sɛ ‘yegyen yɛn ani hwɛ’ nhwɛso a Yesu yɛe no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛn nso sɛ afoforo mfomso ne wɔn sintɔ haw yɛn a, yɛahyɛ yɛn ho so na yɛanya anigye. (Heb. 12:2) Yesu too nsa frɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɛhyɛ ne kɔndua ase na wonsua no. (Mat. 11:29) Dɛn na wotumi suae? Ade biako ne sɛ wohui sɛ na Yesu dwo, na na ɔwɔ n’asuafo no ho abotare ɛmfa ho sɛ na wodi mfomso no. Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔhohoroo n’asuafo no nan ho, na ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ ‘wɔbrɛ wɔn ho ase koma mu.’ Ná ɛno yɛ asuade a wɔn werɛ remfi da. (Monkenkan Yohane 13:14-17.) Akyiri yi, bere a Petro, Yakobo, ne Yohane antumi ‘anwɛn’ no, Yesu tee wɔn ase sɛ wɔyɛ mmerɛw. Obisae sɛ: “Simon, woada? . . . Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu. Nokwarem no, honhom no de, ɛpɛ, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.”—Mar. 14:32-38.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso betumi aboa yɛn ma yɛne afoforo adi wɔ wɔn mfomso ho?

4 Sɛ yɛn yɔnko gyidini bi pere pɛ mpanyinni, ne bo fuw ntɛmntɛm, anaasɛ ɔmfa afotu a asafo mu mpanyimfo anaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma nyɛ adwuma ntɛm a, yɛne no di no dɛn? (Mat. 24:45-47) Sɛ nnipa a wɔwɔ Satan wiase no mu da sintɔ ahorow bi adi a, ebia yɛbɛfa no sɛ ɛnyɛ hwee, nanso sɛ yɛn nuanom da su a ɛtete saa adi a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛte wɔn ase. Sɛ afoforo mfomso hyɛ yɛn abufuw ntɛmntɛm a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ada “Kristo adwene” adi yiye?’ Bɔ mmɔden ma ɛntena w’adwenem sɛ ɛmfa ho mpo sɛ Yesu asuafo no anna Kristo adwene adi no, ne bo amfuw wɔn.

5 Susuw ɔsomafo Petro asɛm no ho hwɛ. Bere a Yesu frɛɛ Petro sɛ omfi ɔkorow no mu na ɔnnantew nsu no so mmra Ne nkyɛn no, Petro nantew nsu no so kakra. Afei bere a Petro huu sɛnea mframa no rebɔ no, ofii ase sɛ ɔremem. So Yesu bo fuwii ma ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ nea wubehu ni! Ɔkyena nso bio, wohwɛ ade a woapini ho”? Dabi! “Ɛhɔ ara na ɔteɛɛ ne nsa, na Yesu soo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo a wo gyidi sua, dɛn nti na womaa w’adwene hinhimii?’” (Mat. 14:28-31) Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ yɛne onua bi a yehu sɛ ne gyidi nyɛ den di a, sɛnea yɛbɛka no no, so yebeso no mu aboa no ma ne gyidi ayɛ den? Sɛ yɛyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua odwo a Yesu daa no adi kyerɛɛ Petro no bi.

6. Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asomafo no wɔ dibea a wɔhwehwɛ ho?

6 Ná Petro ho wɔ akasakasa a na ɛrekɔ so wɔ asomafo no mu sɛ wɔn mu hena na ɔyɛ ɔkɛseɛ no nso mu. Ná Yakobo ne Yohane pɛ sɛ wɔn mu biako tena Yesu nifa na obiako nso tena ne benkum wɔ n’Ahenni mu. Bere a Petro ne asomafo a wɔaka no tee no wɔn ani beree wɔn so. Ɛda adi sɛ na Yesu nim sɛ asomafo no nyaa saa su a ɛne mpanyinni a na wɔrepere no fii baabi a wɔtetee wɔn no. Ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munim sɛ amanaman sodifo no di wɔn so bakoma na atitiriw no di wɔn so tumi. Nanso ɛnte saa mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse mo mu no, ɔnyɛ ɔsomfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.” Afei Yesu de n’ankasa ho yɛɛ nhwɛso maa wɔn sɛ: “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”—Mat. 20:20-28.

7. Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de aboa ma biakoyɛ atena asafo no mu?

7 Sɛ yesusuw ahobrɛase a Yesu wɔ ho a, ebetumi aboa yɛn ma ‘yɛayɛ yɛn ho akumaa’ wɔ yɛn nuanom mu. (Luka 9:46-48) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛboa ma biakoyɛ tena yɛn mu. Yehowa a ɔte sɛ abusua kɛse bi agya no pɛ sɛ ne mma “bom tena biakoyɛ mu,” na wɔtena asomdwoe mu. (Dw. 133:1) Yesu bɔɔ n’Agya mpae sɛ nokware Kristofo nyinaa nyɛ biako. Ɔkae sɛ: “Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu sɛnea wɔn biakoyɛ bedi mũ, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.” (Yoh. 17:23) Enti, biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no boa ma nkurɔfo hu sɛ yɛne Kristo akyidifo. Sɛ yebenya biakoyɛ a ɛte saa wɔ yɛn mu a, ɛsɛ sɛ yebu afoforo sintɔ te sɛ nea Kristo buu no no. Ná Yesu de bɔne firi, na ɔkyerɛkyerɛe sɛ sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn nkutoo a, ɛnna wobetumi de yɛn nso yɛn de afiri yɛn.—Monkenkan Mateo 6:14, 15.

8. Dɛn na yebetumi asua afi wɔn a wɔde mfe pii asom Onyankopɔn no nhwɛso mu?

8 Sɛ yesuasua wɔn a wɔde mfe pii asuasua Kristo gyidi no a, yebetumi asua nneɛma pii nso afi wɔn hɔ. Saafo yi taa nya afoforo ho abotare wɔ wɔn sintɔ ho te sɛ Yesu. Wɔahu sɛ sɛ yenya ayamhyehye ma afoforo sɛnea Kristo yɛe no a, ɛboa yɛn ma ‘yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ,’ na ɛsan nso boa ma biakoyɛ tena yɛn mu. Bio nso, ɛhyɛ asafo mũ no nyinaa nkuran ma wɔda Kristo adwene no bi adi. Wɔpɛ sɛ wɔn nuanom nya Kristo adwene no bi sɛnea na ɔsomafo Paulo pɛ sɛ Kristofo a na wɔwɔ Roma nya bi no. Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onyankopɔn a ɔma boasetɔ ne awerɛkyekye no mma munnya adwenkoro no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi wɔ mo mu, na moafi adwenkoro mu de nokoro ahyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya anuonyam.” (Rom. 15:1, 5, 6) Nokwarem no, biakoyɛ a yɛde som Yehowa no de ayeyi brɛ no.

9. Dɛn nti na ehia sɛ yenya honhom kronkron na ama yɛatumi asuasua Yesu nhwɛso no?

9 Yesu ma yehui sɛ obi a ‘ɔbrɛ ne ho ase komam’ no dwo, na odwo nso yɛ Onyankopɔn honhom aba no fã. Enti, Yesu nhwɛso a yebesuasua akyi no, ehia sɛ yenya Yehowa honhom kronkron nso na ama yɛatumi asuasua saa nhwɛso no yiye. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom kronkron na yɛbɔ mmɔden sow n’aba no—ɛno ne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” (Gal. 5:22, 23) Ɛno nti, sɛ yesuasua Yesu ahobrɛase ne sɛnea na odwo no a, yɛbɛsɔ yɛn soro Agya Yehowa ani.

Yesu ne Afoforo Dii no Ayamye So

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ayamye adi?

10 Ayamye nso yɛ honhom kronkron aba no fã. Yesu ne afoforo dii no ayamye so bere nyinaa. Wɔn a wɔde koma pa hwehwɛɛ Yesu nyinaa hui sɛ “ogyee wɔn fɛw so.” (Monkenkan Luka 9:11.) Dɛn na yebetumi asua afi ayamye a Yesu daa no adi no mu? Sɛ wɔka sɛ obi yam ye a, ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ nnipa, odwo, ɔwɔ tema, na n’anim tew nso. Saa ara na na Yesu te. Ohuu nkurɔfo no mmɔbɔ “efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ.”—Mat. 9:35, 36.

11, 12. (a) Ka biribi a Yesu yɛe de daa ayamhyehye adi bere bi ho asɛm. (b) Dɛn na wubetumi asua afi asɛm a yɛasusuw ho wɔ ha yi mu?

11 Ɛnyɛ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye kɛkɛ na Yesu daa no adi kyerɛɛ afoforo, mmom no, ɔyɛɛ biribi nso de boaa wɔn. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Mogya tuu ɔbea bi mfe pɔrepɔre 12. Ná onim sɛ ɛwɔ Mose Mmara no mu sɛ tebea a ɔwom no ama ne ho agu fĩ wɔ Onyankopɔn ani so, na na obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho begu fĩ. (Lev. 15:25-27) Nanso, ɛbɛyɛ sɛ din pa a na Yesu wɔ ne sɛnea ɔne nnipa dii no maa ɔbea no hui sɛ Yesu wɔ tumi a obetumi de asa no yare. Ɔbea no kɔɔ so kae sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’atade nguguso kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.” Enti onyaa akokoduru, na ɔde ne nsa kaa no, na amonom hɔ ara na ohui sɛ ne ho atɔ no.

12 Yesu hui sɛ obi de ne nsa aka no, na ɔtotoo n’ani hwehwɛe sɛ obehu nea ɔde ne nsa kaa no no anaa. Bere a ɔbea no hui sɛ watõ Mose Mmara no a na osuro sɛ ebia wɔbɛka n’anim no, ɔde ahopopo kɔhwee Yesu nan ase, na ɔkaa nea ɔyɛe no mu nokware nyinaa kyerɛɛ no. So Yesu kaa ɔbea a na ɔrehu amane a na n’asɛm yɛ mmɔbɔ no anim? Dabida! Ɔkaa ɔbea no koma too ne yam sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ.” (Mar. 5:25-34) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asɛm a ɛka koma saa a ɔbea no tee no kyekyee ne werɛ!

13. (a) Ɔkwan bɛn so na na Yesu adwene yɛ soronko wɔ Farisifo no de ho? (b) Yesu ne mmofra dii no dɛn?

13 Kristo amfa ne tumi anhyɛ afoforo so amma wɔn nnesoa mu anyɛ duru te sɛ nea Farisifo a na wonni tema no yɛe no da. (Mat. 23:4) Mmom no, ofi ayamye mu kyerɛkyerɛɛ afoforo Yehowa akwan, na onyaa wɔn ho abotare. Ná Yesu pɛ n’akyidifo no asɛm paa, na ɔdaa ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛɛ wɔn bere nyinaa, na na ɔyɛ wɔn adamfo ankasa. (Mmeb. 17:17; Yoh. 15:11-15) Mmofra mpo de anigye kɔɔ Yesu nkyɛn, na ɛda adi sɛ na ɔno nso ani gye ho sɛ mmofra bɛba ne nkyɛn. Ná Yesu gyae biribiara a ɔreyɛ nya bere ma mmofra. Bere bi, n’asuafo a na wɔda so ara dwen sɛ wɔyɛ nnipa atitiriw te sɛ nea na nyamesom akannifo a na wɔwɔ wɔn mu no adwene yɛ wɔn no yɛe sɛ wɔbɛpam nkurɔfo a na wɔde wɔn mma nkumaa reba Yesu nkyɛn ma ɔde ne nsa agu wɔn so no. Yesu ani annye nea n’asuafo no yɛe no ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.” Afei, Yesu de mmofra no yɛɛ nhwɛso maa wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra kumaa no renkɔ mu ɔkwan biara so.”—Mar. 10:13-15.

14. Sɛ afoforo ma wɔn ani kũ mmofra ho a, mfaso ahorow bɛn na mmofra no nya?

14 Wo de, susuw sɛnea sɛ mfe bi akyi sɛ saa mmofra no nyinyin bɛyɛ mmarima ne mmea mpanyimfo na wɔn mu bi kae sɛ Yesu Kristo ‘bam wɔn, na ohyiraa wɔn’ a, wɔbɛte nka afa no ho hwɛ. (Mar. 10:16) Mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ nso a asafo mu mpanyimfo ne afoforo ma wɔn ani kũ wɔn ho ankasa no bɛkae wɔn paa bere a wɔanyinyin no. Nea ehia sen saa no, mmofra a asafo no mufo ma wɔn ani kũ wɔn ho ankasa saa no fi wɔn mmofraase pɛɛ hu sɛ Yehowa honhom wɔ ne nkurɔfo so.

Da Ayamye Adi wɔ Wiase a Wɔnna Ayamye Adi Mu

15. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ nkurɔfo nna ayamye adi nnɛ?

15 Ɛnnɛ, nnipa pii te nka sɛ wonni bere a wɔde bɛda ayamye adi akyerɛ afoforo. Enti, da biara da, ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo ko tia wiase honhom no wɔ sukuu mu, adwuma mu, bere a wɔretu kwan, ne bere a wɔreyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ nkurɔfo anna ayamye adi ankyerɛ yɛn a, ebetumi ahaw yɛn, nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Yehowa maa honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ wɔ “nna a edi akyiri” a asetena mu bɛyɛ den mu no, nokware Kristofo ne wɔn a wɔyɛ “ahopɛ, . . . wɔn a wonni tema” na ebedi akɔneaba.—2 Tim. 3:1-3.

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa ma wɔada ayamye a Kristo daa no adi no bi adi wɔ asafo no mu?

16 Nanso, su a wɔda no adi wɔ nokware Kristofo asafo no mu no ma yɛn ho dwo yɛn, ɛnte sɛ nea ɛkɔ so wɔ wiase a wɔnna ayamye adi wɔ mu no. Sɛ yesuasua Yesu a, yɛn mu biara betumi aboa ma asomdwoe a edi mũ atena asafo no mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Nea edi kan, asafo no mufo pii hia yɛn mmoa ne yɛn nkuranhyɛ, efisɛ yare haw wɔn anaasɛ wohyia tebea ahorow a ɛhaw adwene. Ebia ɔhaw a ɛtete saa redɔɔso wɔ “nna a edi akyiri” yi mu, nanso ɛnyɛ ade foforo. Wɔ asomafo no bere so no, Kristofo hyiaa ɔhaw a ɛtete saa ara. Enti, ɛfata sɛ yɛyɛ nneɛma de boa wɔn a wɔrehyia ɔhaw a ɛte saa ara nnɛ no te sɛ nea wɔyɛ maa Kristofo a na wɔwɔ hɔ tete no. Sɛ nhwɛso no, Paulo tuu Kristofo fo sɛ “monkyekye akra a wɔahaw werɛ, mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, munnya abodwokyɛre mma nnipa nyinaa.” (1 Tes. 5:14) Eyi hwehwɛ sɛ yɛda ayamye a Kristo daa no adi no bi adi kyerɛ wɔn.

17, 18. Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de asuasua ayamye a Yesu daa no adi no bi?

17 Kristofo wɔ asɛyɛde sɛ ‘yegye yɛn nuanom fɛw so,’ na yɛne wɔn di sɛnea anka Yesu ne wɔn bedi, na yedwen wɔn a ebia yenim wɔn dedaadaw ne wɔn a ebia afei na yɛahyia wɔn no ho ankasa. (3 Yoh. 5-8) Sɛnea Yesu dii kan daa ayamhyehye adi kyerɛɛ afoforo no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ, na yɛma afoforo ho dwo wɔn bere nyinaa.—Yes. 32:2; Mat. 11:28-30.

18 Yɛn mu biara betumi ama n’ani akũ afoforo yiyedi ho de ada ayamye adi akyerɛ wɔn. Hwehwɛ akwan a wobɛfa so ayɛ saa. Yɛ biribi pɔtee fa boa wɔn! Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.” Ɔde kaa ho sɛ, “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Rom. 12:10) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi Kristo nhwɛso akyi, yɛne afoforo redi no ɔdɔ ne ayamye mu, na yɛresua sɛnea yɛbɛda “ɔdɔ a nyaatwom nnim” adi. (2 Kor. 6:6) Paulo kyerɛkyerɛɛ ɔdɔ a ɛte saa a Kristo daa no adi no mu wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman.” (1 Kor. 13:4) Sɛ́ anka yebenya yɛn nuanom mmarima ne mmea ho menasepɔw no, momma yentie saa afotu yi sɛ: “Mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo koraa no.”—Efe. 4:32.

19. Sɛ yɛda ayamye a Kristo daa no adi no bi adi a, adepa bɛn na ɛde ba?

19 Sɛ yɛbɔ mmɔden nya ayamye a Kristo daa no adi no bi, na yɛda no adi bere nyinaa wɔ tebea biara mu a, yebenya nhyira pii. Ɛbɛma Yehowa honhom ayɛ adwuma wɔ asafo no mu yiye, na aboa obiara ma wasow honhom no aba. Bio nso, sɛ yesuasua nhwɛso a Yesu yɛe na yɛboa afoforo ma wɔn nso yɛ saa ara a, anigye ne biakoyɛ a yɛde som no bɛma Onyankopɔn ankasa nso ani agye. Enti, momma yɛnkɔ so nyere yɛn ho nna odwo ne ayamye a Yesu daa no adi no bi adi wɔ sɛnea yɛne afoforo di mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu’?

• Dɛn na Yesu yɛ de daa ayamye adi?

• Nneɛma a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yedwo na yɛda ayamye adi te sɛ Kristo wɔ wiase a ayamye nnim yi mu no bi ne dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Sɛ onua bi gyidi yɛ mmerɛw sɛnea ɛtoo Petro no a, so yebeso no mu aboa no?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa ma wɔada ayamye adi wɔ asafo no mu?